Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ehia sɛ Yehu Onii Ko a Onyankopɔn Yɛ

Ehia sɛ Yehu Onii Ko a Onyankopɔn Yɛ

Ehia sɛ Yehu Onii Ko a Onyankopɔn Yɛ

SO WIM a nsoromma ahyɛ hɔ ma a wuhu no anadwo a wim da hɔ no mma w’ani nnye kɛse? So nhwiren a ɛyɛ fɛ hua nyɛ wo dɛ? Nnomaa su ne nhaban a mframa ma edi ahim nnyigyei mma w’ani nnye? Na hwɛ sɛnea abonsu a wɔn ho yɛ den ne mmoa foforo a wɔwɔ po mu no ho yɛ anika fa! Ɛno da nkyɛn a, nnipa a wɔwɔ ahonim a ɛyɛ adwuma ne amemene a etumi yɛ nneɛma pii ma ɛyɛ nwonwa no nso wɔ hɔ. Wususuw nneɛma a ɛyɛ nwonwa a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa ho dɛn?

Ebinom susuw sɛ eyinom nyinaa bae ara kwa. Nanso sɛ eyi te saa a, dɛn nti na nnipa gye Onyankopɔn di? Dɛn nti na nnuru ahorow a edii afra no ama yɛanya abɔde a wɔpɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn?

“Nyamesom adidi nnipa mu na ɛda adi wɔ sikasɛm ne nhomasua mu tebea biara mu.” Asɛm yi na ɛbɔɔ nhwehwɛmu a Ɔbenfo Alister Hardy kaa ho asɛm wɔ ne nhoma The Spiritual Nature of Man mu no mua. Amemene mu nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no nnansa yi ama amemene ho nyansahufo aka sɛ ɛbɛyɛ sɛ “wɔnwenee” nnipa na ama wɔatumi de wɔn ho ahyɛ nyamesom mu. Nhoma bi a wɔato din, Is God the Only Reality? no kae sɛ: “Nyamesom so a wɔnam hwehwɛ atirimpɔw . . . yɛ ade a akɔ so wɔ aman nyinaa so fi bere a nnipa bae.”

Susuw nea nhomanimfo bi kae mfe 2,000 a atwam ni no ho hwɛ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ofi biara, obi na osi, na nea osiesie nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” (Hebrifo 3:4) Nokwarem no, Bible mu nkyekyem a edi kan pɛɛ no ka sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.”—Genesis 1:1.

Nanso, hena ne Onyankopɔn? Adesamma adwene nhyia wɔ asɛmmisa yi ho. Bere a wobisaa Japanni aberante a wɔfrɛ no Yoshi, onii ko a Onyankopɔn yɛ no, ɔkae sɛ: “Mintumi nkyerɛ. Meyɛ Buddhani, na onii ko a Onyankopɔn yɛ no ho asɛm nhiaa me.” Nanso Yoshi gye toom sɛ nnipa pii abu Buddha sɛ onyame bi. Nick a ɔyɛ oguadini a ɔwɔ ne mfe 60 mu no gye Onyankopɔn di, na obu no sɛ nea ɔwɔ tumi sen biara. Bere a wobisaa Nick nea onim fa Onyankopɔn ho no, ɔtwɛn kyɛe kakra ansa na ɔrebua sɛ: “M’adamfo, ɛyɛ asɛmmisa a ɛyɛ den paa. Nea metumi aka ara ne sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ɔwɔ hɔ.”

Nnipa binom “som nneɛma a Onyankopɔn abɔ no mmom sen sɛ wɔbɛsom Ɔbɔadeɛ no ankasa.” (Romafo 1:25, Today’s English Version) Nnipa ɔpepem pii som nananom a wɔawuwu, bere a wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ akyiri dodo sɛ wobetumi abɛn no no. Anyame ne anyamewa pii wɔ Hindusom mu. Na wɔsom anyame horow bi te sɛ Seus ne Hermes wɔ Yesu Kristo asomafo no bere so. (Asomafo no Nnwuma 14:11, 12) Kristoman asɔre horow no kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro, na emu na Onyame Agya, Onyame Ɔba, ne Onyame Honhom Kronkron wɔ.

Nokwarem no, Bible ka sɛ “anyame pii ne awurade pii wɔ hɔ.” Nanso ɛde ka ho sɛ: “Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, agya no a nneɛma nyinaa fi no mu.” (1 Korintofo 8:5, 6) Yiw, nokware Nyankopɔn koro pɛ na ɔwɔ hɔ. Nanso, ɔne hena? Ɔte dɛn? Ehia sɛ yebehu nsɛmmisa yi ho mmuae. Yesu ankasa kae wɔ mpae bi a ɔbɔɔ Onii yi mu sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Ntease wom sɛ yebegye adi sɛ yɛn daakye yiyedi gyina hu a yebehu nokwasɛm a ɛfa Onyankopɔn ho no so.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Ɛyɛɛ dɛn na wɔbae?

[Asɛm Fibea]

Whale: Courtesy of Tourism Queensland

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

COVER: Index Stock Photography © 2002