Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Ne Onyankopɔn?

Hena Ne Onyankopɔn?

Hena Ne Onyankopɔn?

THE Encyclopedia Americana ka sɛ: “Onyankopɔn ne din a wɔtaa de frɛ amansan nyinaa tumi fibea kɛse a nyamesomfo nyinaa de ɔsom ma no no.” Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ asɛm “Onyankopɔn” ase sɛ “opumpuni.” Onii a ɔkorɔn sen biara yi su te dɛn?

So Onyankopɔn yɛ tumi bi a enni nipasu anaa obi a ɔwɔ nipasu ankasa? So ɔwɔ din? So ɔyɛ anyame baasa a wɔbom, Baasakoro, sɛnea nnipa pii gye di no? Yɛbɛyɛ dɛn ahu Onyankopɔn? Bible no ma nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛyɛ nokware na ɛtɔ asom. Nokwarem no, ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhwehwɛ Onyankopɔn, bere a ɛka sɛ: “Ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware” no.—Asomafo no Nnwuma 17:27.

Tumi Bi a Enni Nipasu Anaa Obi a Ɔwɔ Nipasu Ankasa?

Nnipa a wogye Onyankopɔn di no pii bu no sɛ ɔyɛ tumi bi, na ɛnyɛ sɛ obi ankasa. Wɔ aman bi so sɛ nhwɛso no, wobu adebɔ mu tumi sɛ anyame. Nnipa binom a wɔahwehwɛ adanse ahorow a wɔanya afi nyansahu mu nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ amansan no mu ne sɛnea nkwa a ɛwɔ asase so te mu no aka sɛ ɛsɛ sɛ obi wɔ hɔ a Nneɛma Nyinaa Fi No. Nanso wɔmpɛ sɛ wɔka sɛ Nneɛma Nyinaa Fibea yi yɛ obi ankasa.

Nanso, so abɔde mu nneɛma a ɛdɔɔso no nkyerɛ sɛ Nea Nneɛma Nyinaa Fi No no wɔ nyansa a emu dɔ? Adwene mu na nyansa fi. Adwene kɛse a ɛbɔɔ nneɛma nyinaa no fi Onyankopɔn tirim. Yiw, Onyankopɔn wɔ nipadua, ɛnyɛ honam nipadua te sɛ yɛn de no, na mmom honhom nipadua. Bible ka sɛ: “Ɔkra nipadua wɔ hɔ, na honhom nipadua wɔ hɔ.” (1 Korintofo 15:44) Bere a Bible no rekyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn te mu no, ɛka ma emu da hɔ pefee sɛ: “Onyankopɔn yɛ honhom.” (Yohane 4:24) Honhom wɔ nkwa a ɛyɛ soronko koraa wɔ yɛn de ho, na onipa aniwa ntumi nhu. (Yohane 1:18) Honhom abɔde a aniwa ntumi nhu wɔn nso wɔ hɔ. Wɔyɛ abɔfo—‘nokware Nyankopɔn no mma.’—Hiob 1:6; 2:1.

Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ honhom abɔde a wɔammɔ no nti, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ, ɔwɔ trabea. Bere a Bible no reka honhom atrae ho asɛm no, ɛka kyerɛ yɛn sɛ ɔsoro yɛ Onyankopɔn “trabea.” (1 Ahene 8:43) Afei Bible kyerɛwfo Paulo ka sɛ: ‘Kristo hyɛn ɔsoro ankasa sɛ ɔrekoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.’—Hebrifo 9:24.

Wɔde asɛmfua “honhom” di dwuma ɔkwan foforo so nso wɔ Bible no mu. Bere a odwontofo no rebɔ mpae no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Wosoma w’ahome ba, na wode bɔ wɔn.” (Dwom 104:30) Saa honhom yi nyɛ Onyankopɔn ankasa, na mmom ɛyɛ tumi a Onyankopɔn soma, anaa ɔde di dwuma ma ɛyɛ biribiara a ɔpɛ. Onyankopɔn nam so na ɔbɔɔ ɔsoro, asase ne abɔde a nkwa wom nyinaa. (Genesis 1:2; Dwom 33:6) Wɔfrɛ ne honhom no honhom kronkron. Onyankopɔn de ne honhom kronkron no na ɛkaa nnipa a wɔkyerɛw Bible no. (2 Petro 1:20, 21) Enti, honhom kronkron no yɛ adeyɛ tumi a aniwa ntumi nhu a Onyankopɔn de di n’atirimpɔw ahorow ho dwuma.

Onyankopɔn Wɔ Din a Ɛda Nsow

Bible kyerɛwfo Agur bisae sɛ: “Hena na okura mframa ne nsam? Hena na ɔbɔ nsu boaa, ntama mu? Hena na ɔde asase ano nyinaa sisii hɔ? Sɛ wunim a, ne din de dɛn? Na ne ba din de dɛn?” (Mmebusɛm 30:4) Ɛdenam saayɛ so no, na Agur rebisa sɛ: ‘Wunim onipa bi a ɔyɛɛ saa nneɛma yi din anaa abusua a ofi mu?’ Onyankopɔn nkutoo na ɔwɔ tumi a obetumi de adi abɔde mu tumi so. Bere a abɔde no de adanse a edi mu ma sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no, ɛnka Onyankopɔn din ho hwee. Nea ɛte ne sɛ sɛ Onyankopɔn ankasa anna ne din adi ankyerɛ yɛn a, yɛrentumi nhu da. Na wada no adi. Ɔbɔadeɛ no se: “Mene Yehowa, me din ne no.”—Yesaia 42:8, NW.

Onyankopɔn din, Yehowa, no pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no nkutoo mu. Yesu Kristo maa afoforo huu saa din no, na ɔkamfo kyerɛɛ wɔn. (Yohane 17:6, 26) Edin no pue wɔ Bible nhoma a etwa to no mu sɛ nea ɛka asɛmfua “Haleluia,” a ɛkyerɛ “munyi Yah ayɛ” no ho. Na “Yah” yɛ Yehowa a wɔatwa no tiaa. (Adiyisɛm 19:1-6) Nanso, wɔntaa mfa saa din no nni dwuma wɔ nnɛyi Bible pii mu. Wɔtaa de asɛmfua “AWURADE” anaa “ONYANKOPƆN,” a wɔde nkyerɛwde akɛse akyerɛw di dwuma na ama ada nsow wɔ abodin “Awurade” ne “Onyankopɔn” a obiara nim no ho. Nhomanimfo binom kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ na wɔbɔ Onyankopɔn din no, Yahwe.

Dɛn nti na nnipa adwene nhyia saa wɔ Onii a ɔsen biara wɔ amansan yi mu din ho? Asɛnnennen no fii ase mfehaha bi ni bere a Yudafo no nam gyidihunu so gyaee Onyankopɔn din no bɔ na wofii ase de Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “Amansan Hene” sii ananmu bere biara a wobehu Onyankopɔn din wɔ Kyerɛwnsɛm mu no. Esiane sɛ na ɛnne nkyerɛwde nni Hebri a wɔde kyerɛw Bible no mu nti, ɔkwan biara nni hɔ a yebetumi afa so ahu sɛnea Mose, Dawid, ne afoforo a wɔtraa ase tete no bɔɔ nkyerɛwee a ɛkabom yɛ Onyankopɔn din no. Nanso wɔde sɛnea wɔbɔ edin no wɔ Twi mu, Yehowa no adi dwuma mfehaha pii ni, na wogye sɛnea wɔka no wɔ kasa horow pii mu no tom wɔ mmeae pii nnɛ.—Exodus 6:3; Yesaia 26:4, King James Version.

Ɛwom sɛ yennim sɛnea na wɔbɔ Onyankopɔn din wɔ tete Hebri mu ankasa de, nanso nea edin no kyerɛ no nyɛ biribi a yennim. Ne din no kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Ne saa nti, Yehowa Nyankopɔn da ne ho adi sɛ Atirimpɔw Wura. Ɔma n’atirimpɔw ne ne bɔhyɛ ahorow bam bere nyinaa. Nokware Nyankopɔn a ɔwɔ tumi a ɔde bɛyɛ eyi no nkutoo na ɔfata sɛ saa din no da no so.—Yesaia 55:11.

Akyinnye biara nni ho sɛ edin Yehowa no ma Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn no da nsow wɔ anyame afoforo nyinaa ho. Ɛno nti na saa din no pue mpɛn pii wɔ Bible mu no. Bere a nkyerɛase pii mfa Onyankopɔn din nni dwuma no, Dwom 83:18 ka no pefee sɛ: “Na wonhu sɛ wo a wo din de [Yehowa, NW] no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” Wɔ Yesu Kristo som adwuma mu no, ɔkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Enti sɛ yɛbɔ mpae, yɛka Onyankopɔn ho asɛm, na yeyi no ayɛ kyerɛ afoforo a, ɛsɛ sɛ yɛde ne din di dwuma.

So Yesu Yɛ Onyankopɔn?

Yehowa Nyankopɔn ankasa mfa sɛnea ne Ba no te no nsie. Mateo Asɛmpa kyerɛwtohɔ no ka sɛ bere a wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, “ɛnne bi fi soro kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.” (Mateo 3:16, 17) Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba.

Nanso, nyamesomfo binom kyerɛ sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn. Afoforo ka sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro. Sɛnea nkyerɛkyerɛ yi kyerɛ no, “Agya no yɛ Onyankopɔn, Ɔba no yɛ Onyankopɔn, na Honhom Kronkron no yɛ Onyankopɔn, nanso wɔnyɛ Anyame baasa, na mmom Onyankopɔn biako.” Wɔkyerɛ sɛ baasa no “nyinaa te hɔ daa, na obi nsen ne yɔnko.” (The Catholic Encyclopedia) So adwene horow a ɛte saa no teɛ?

Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no ka fa Yehowa ho sɛ: “Wufi tete akyirikyiri kosi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn.” (Dwom 90:2) Ɔyɛ “mmeresanten hene”—a onni mfiase anaa awiei. (1 Timoteo 1:17) Nea ɛne no bɔ abira no, Yesu yɛ “abɔde nyinaa abakan,” “Onyankopɔn abɔde mfiase.” (Kolosefo 1:13-15; Adiyisɛm 3:14) Bere a Yesu reka Onyankopɔn ho asɛm sɛ N’agya no, ɔkae sɛ: “M’agya no yɛ kɛse sen me.” (Yohane 14:28) Afei nso Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a ɔno anaasɛ abɔfo no nnim, gye Onyankopɔn nkutoo. (Marko 13:32) Bio nso, Yesu bɔɔ N’agya mpae sɛ: “Ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ nyɛ.” (Luka 22:42) Sɛ ɛnyɛ Obi a ɔkorɔn sen no a, ɛnde hena na na ɔrebɔ no mpae no? Na ɛyɛ Onyankopɔn na onyanee Yesu fii awufo mu no, ɛnyɛ Yesu ankasa.—Asomafo no Nnwuma 2:32.

Enti Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ, Yehowa ne Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn, na Yesu yɛ ne Ba. Na wɔn baanu nyɛ pɛ ansa na Yesu reba asase so, anaa bere a na ɔwɔ asase so no; na saa ara nso na Yesu ne N’agya anyɛ pɛ bere a wonyan no fii awufo mu kɔɔ soro no. (1 Korintofo 11:3; 15:28) Sɛnea yɛahu no, nea wɔkyerɛ sɛ ɔto so abiɛsa wɔ Baasakoro no mu, honhom kronkron no, nyɛ onipa. Mmom no, ɛyɛ tumi a Onyankopɔn de yɛ biribiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ. Enti Baasakoro no nyɛ nkyerɛkyerɛ a efi Kyerɛwnsɛm no mu. * Bible ka sɛ: “[Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn ne [Yehowa, NW] koro.”—Deuteronomium 6:4.

Hu Onyankopɔn Yiye

Nea ɛbɛyɛ na yɛadɔ Onyankopɔn na yɛasom no ɔkwan a edi mũ ma ɛfata no so no, ehia sɛ yehu sɛnea ɔte ankasa. Yɛbɛyɛ dɛn ahu Onyankopɔn yiye? Bible ka sɛ: “Efi wiasebɔ so beeme na n’ade a wonhu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho, enti na wonni anoyi biara.” (Romafo 1:20) Ɔkwan biako a yebetumi afa so ahu Onyankopɔn yiye ne sɛ yebefi anisɔ mu asusuw nneɛma a wɔabɔ no ho.

Nanso, abɔde nkutoo ntumi nkyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yehu fa Onyankopɔn ho nyinaa. Sɛ nhwɛso no, sɛ yebetumi ahu sɛ ɔyɛ honhom Muni ankasa a ɔwɔ din a ɛda nsow a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Bible no mu. Nokwarem no, Bible no a yebesua ne ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so ahu Onyankopɔn yiye. Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn Onyankopɔn ko a ɔyɛ ho nsɛm pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Afei ɔda n’atirimpɔw adi kyerɛ yɛn, na ɔkyerɛkyerɛ yɛn n’akwan. (Amos 3:7; 2 Timoteo 3:16, 17) Hwɛ anigye ara a yebetumi anya sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ‘yenya nokware nimdeɛ,’ sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya ne dɔ nsiesiei mu mfaso! (1 Timoteo 2:4) Ɛnde momma yɛmmɔ mmɔden nsua Yehowa ho biribiara sɛnea yɛn ahoɔden bɛma yɛn kwan.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 19 Sɛ wopɛ asɛm yi mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro No Di? nhomawa a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 5]

Onyankopɔn de ne honhom kronkron no na ɛbɔɔ asase na ɔde kaa nnipa ma wɔkyerɛw Bible no

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Ɛnne bi a efi soro kae sɛ: ‘Oyi ne me ba’

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yesu bɔɔ Onyankopɔn—Onii a ɔkorɔn sen no—mpae

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yesu maa afoforo huu Onyankopɔn din

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Yebetumi ahu Onyankopɔn yiye