Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkɔso a Ɛba Ntɛmntɛm Ma Ntrɛwmu a Egye Ntɛmpɛ Ho Hia

Nkɔso a Ɛba Ntɛmntɛm Ma Ntrɛwmu a Egye Ntɛmpɛ Ho Hia

“Mommra Me Nkyɛn, Na Mɛma Moahome”

Nkɔso a Ɛba Ntɛmntɛm Ma Ntrɛwmu a Egye Ntɛmpɛ Ho Hia

YESU KRISTO kae sɛ: “Mommra me nkyɛn, na mɛma moahome.” (Mateo 11:28) Ɔfrɛ a ɛyɛ anigye a efi Kristofo asafo no Ti nkyɛn bɛn ara ni! (Efesofo 5:23) Sɛ yesusuw saa nsɛm no ho a, yɛrentumi mmu yɛn ani ngu biribi titiriw a ɛma yenya ahome—yɛne yɛn honhom fam anuanom mmarima ne mmea fekubɔ wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase—no so. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛne odwontofo a ɔtoo dwom yi yɛ adwene: “Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako.”—Dwom 133:1.

Nokwarem no, nkurɔfo a yɛne wɔn hyiam wɔ nhyiam a yɛde som ase no ye sen biara, na honhom fam tebea a ɛwɔ hɔ no ma yenya ahobammɔ ne anigye. Enti ntease pa bi nti na Kristoni abeawa bi kae sɛ: “Mede da mũ nyinaa na ɛkɔ sukuu, na ɛhyɛ me brɛ. Nanso nhyiam ahorow no te sɛ sare so onwini, baabi a minya ɔhome a ɛbɛma matumi akɔ sukuu da a edi hɔ no.” Nigeriani abeawa bi kae sɛ: “Mahu sɛ fekubɔ a emu yɛ den a mene afoforo a wɔdɔ Yehowa nya no boa me ma mebɛn no.”

Yehowa Adansefo Ahenni Asa di dwuma titiriw sɛ beae a wɔde ɔsom kronn ma wɔ mpɔtam a ɛwɔ no. Wɔ mmeae dodow no ara no, anyɛ yiye koraa wɔyɛ nhyiam abien dapɛn biara wɔ Ahenni Asa so, na wɔhyɛ Bible asuafo nkuran sɛ wɔnkɔ hɔ ntɛm pa ara sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya fekubɔ a ɛma abotɔyam.—Hebrifo 10:24, 25.

Ahiade a Egye Ntɛmpɛ

Nanso ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ Yehowa Adansefo nyinaa na wɔwɔ Ahenni Asa a ɛfata. Nkɔso a ɛba ntɛmntɛm wɔ Ahenni adawurubɔfo mu wɔ wiase nyinaa no ama abehia sɛ yedi ahiade bi ho dwuma ntɛmpa ara. Yɛda so ara hia Ahenni Asa mpempem pii, titiriw wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu.—Yesaia 54:2; 60:22.

Sɛ nhwɛso no, na asafo horow 290 a ɛwɔ Democratic Republic of Congo ahenkurow mu no Ahenni Asa yɛ du pɛ. Ná saa man no hia Ahenni Asa horow denneennen. Wɔ Angola no, asafo horow dodow no ara hyia wɔ petee mu esiane sɛ wonni Ahenni Asa a ɛdɔɔso nti. Ahiade a ɛte saa ara na ɛwɔ aman afoforo pii mu.

Enti efi 1999 mu no, wɔayɛ nhyehyɛe a wɔde bɛboa ma wɔasisi Ahenni Asa wɔ nsase a wɔn ho nso no mu. Nea ɛbɛboa ma wɔadi adansi ho dwuma wɔ aman a ɛte saa mu no, Adansefo a wɔn ho akokwaw atu wɔn ho ama sɛ wɔbɛyɛ adwuma de aboa. Sɛ wɔde mmɔden a anuanom yi bɔ ka anuanom a wɔwɔ hɔ a wɔatu wɔn ho ama reyɛ adwuma no de ho a, nea wotumi yɛ no hyɛ nkuran paa. Ɛma Adansefo a wɔwɔ hɔ no nso nya mfaso fi ntetee a wɔde ma wɔn no mu. Eyinom nyinaa reboa ma wɔadi Ahenni Asa a ehia sɛ wosisi wɔ wɔn man mu no ho dwuma.

Wɔnam saayɛ so de mmoa a ehia ma wɔ ɔkwan a ɛyɛ fakaa a wɔfa so si Ahenni Asa so bere a wɔde nneɛma a wɔde si adan wɔ hɔnom ne ɔkwan a wɔfa so si adan wɔ hɔ di dwuma no. Ɛnyɛ botae no ara ne sɛ yebedi hia a Ahenni Asa hia denneennen no ho dwuma, na mmom sɛ yɛbɛyɛ nhyehyɛe a yɛde bɛhwɛ dan no so sɛnea ɛhɔnom tebea te.—2 Korintofo 8:14, 15.

Nkɔso a Ɛhyɛ Nkuran

Dɛn na afi mmɔden a wɔbɔ sɛ wobenya mmeae a wɔsom no mu aba? Wɔ 2001 mfiase no, amanneɛbɔ bi a efi Malawi kae sɛ: “Nea wɔayɛ wɔ ɔman yi mu no hyɛ nkuran paa. Wɔ asram abien a edi yɛn anim mu no, yebesi Ahenni Asa afoforo bi awie.” (Mfonini 1 ne 2) Wɔ Togo no, anuanom a wɔatu wɔn ho ama tumi sisii Ahenni Asa a ɛnyɛ kyenkyerenn wɔ asram kakra a atwam no mu. (Mfonini 3) Adwuma a ɛho tew a anuanom a wofi wɔn pɛ mu atu wɔn ho ama ayɛ no nso reboa ma wɔanya Ahenni Asa horow a ɛfata wɔ Mexico, Brazil, ne aman foforo so.

Asafo horow no hu sɛ sɛ wosi Ahenni Asa wɔ baabi a, ɛhɔnomfo no hu sɛ Yehowa Adansefo ase atim wɔ hɔ. Ɛte sɛ nea nnipa pii twentwɛnee wɔn nan ase sɛ wɔne Adansefo no bɛbɔ kosii sɛ wonyaa baabi a ɛfata a wɔsom. Nafisi Asafo a ɛwɔ Malawi no bɔ amanneɛ sɛ: “Mprempren a yɛanya Ahenni Asa a ɛfata no, ɛredi adanse kɛse. Ne saa nti, ɛnyɛ den sɛ yebefi Bible adesua ase.”

Ná nkurɔfo serew asafo a ɛwɔ Krake, Benin, no mufo esiane sɛ kan no na wɔde Ahenni Asa no toto asɔredan ahorow bi ho a, na ɛyɛ dedaw paa nti. (Mfonini 4) Afei de asafo no anya Ahenni Asa a ɛyɛ fɛ nanso ɛnyɛ kyenkyerenn a ɛfata ɔsom kronn. (Mfonini 5) Ná asafo yi wɔ Ahenni adawurubɔfo 34 na sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, nnipa 73 na na wɔba wɔn nhyiam ahorow ase Kwasida biara, nanso bere a wɔrehyira Ahenni Asa no so no, nnipa 651 na wɔbae. Na wɔn mu dodow no ara yɛ kurom hɔfo a wɔn ani gyei bere a wohuu sɛ Adansefo no atumi de bere tiaa bi asi asa no. Bere a Zimbabwe baa dwumadibea no reka nkɔso a wonyae bere bi a atwam ho asɛm no, wɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ wosi Ahenni Asa wie a, nnipa a wɔba nhyiam no dodow taa bu bɔ ho ɔsram biako pɛ ntam.”—Mfonini 6 ne 7.

Akyinnye biara nni ho sɛ Ahenni Asa foforo pii no boa ma wonya mmeae a Kristofo a wɔahyira wɔn ho so ne anigyefo nyinaa benya honhom fam ɔhome. Bere a asafo bi a ɛwɔ Ukraine fii ase kɔɔ wɔn Ahenni Asa foforo mu no, Ɔdansefo bi kae sɛ: “Yɛn ani agye paa.” Ɔkae nso sɛ: “Yɛn ankasa de yɛn aniwa huu sɛnea Yehowa boa ne nkurɔfo no. Mprempren, yɛanya ahotoso a emu yɛn den sɛ Yehowa bɛkɔ so aboa yɛn.”

[Adaka/Mfonini ahorow wɔ kratafa 10, 11]

Wɔakyerɛ Mmoa a Wofi Ayamye Mu De Ma Ho Anisɔ

Yehowa Adansefo ani gye sɛ wohu nkɔso kɛse a wɔanya de redi hia a ehia sɛ wosisi Ahenni Asa foforo wɔ wiase nyinaa ho dwuma no ho. Nkɔso a ɛkɔ so ba wɔ Yehowa asomfo dodow mu wɔ aman pii so no hwehwɛ sɛ wosisi Ahenni Asa foforo pii wɔ aman horow so daakye. Hwɛ, sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, yɛhyehyɛɛ asafo horow 32 dapɛn biara wɔ 2001 ɔsom afe no mu! Asafo horow a ɛtete saa no hia baabi a wobehyiam asom.

Ebia obi bebisa sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na yenya sika sisi adan te sɛ Ahenni Asa foforo, titiriw wɔ aman a anuanom no nni sika pii no?’ Mmuae no gyina Onyankopɔn mmoa ne nnipa ayamye so.

Nea ɛne Yehowa bɔhyɛ hyia no, ohwie ne honhom kronkron gu n’asomfo so ma ‘wɔyɛ adɔe, nya wɔn ho nnwuma pa fam, kyɛ ade fɛw so, na wɔn nsa teɛ.’ (1 Timoteo 6:18) Onyankopɔn honhom kanyan Yehowa Adansefo ma wɔboa Ahenni asɛnka adwuma no wɔ akwan nyinaa so—wɔde wɔn bere, wɔn ahoɔden ne nneɛma afoforo boa ma wɔyɛ Kristofo nnwuma.

Ayamye su na ɛkanyan Adansefo ne nnipa foforo a woyi sika boa ntrɛwmu ne adansi adwuma a wɔyɛ no. Sika a woyi de boa ma wotua asafo no ho aka horow akyi no, woyi sika de boa adansi adwuma a wɔyɛ wɔ asase so mmeae foforo no.

Wɔ asafo biara mu no, nnaka a wɔakyerɛw ho “Ntoboa Ma Wiase Nyinaa Adwuma—Mateo 24:14” sisi hɔ. Obiara a ɔwɔ hɔ a ɔpɛ betumi ayi ntoboa. (2 Ahene 12:9) Wɔkyerɛ ntoboa biara a woyi, sɛ esua anaasɛ ɛdɔɔso ho anisɔ. (Marko 12:42-44) Wɔde sika yi di dwuma wɔ akwan pii so sɛnea ɛho hia, a Ahenni Asa a wosisi nso ka ho. Wɔmfa sika a ɛte saa ntua mpanyimfo bi a wɔhwɛ adwuma so ka, efisɛ Yehowa Adansefo nni saafo no bi.

So ntoboa horow a wɔde ma wiase nyinaa adwuma no di n’atirimpɔw ho dwuma? Yiw, edi ho dwuma. Baa dwumadibea a ɛwɔ Liberia—ɔman a ɔmanko asɛe hɔ—bɔ amanneɛ sɛ anuanom a wɔwɔ hɔ no mu dodow no ara nnya adwuma nyɛ na wohyia sika fam ahokyere paa. Ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ saa man yi mu atumi anya mmeae a ɛfata a wɔbɛsom? Baa dwumadibea no ka sɛ: “Ntoboa a anuanom a wɔwɔ aman foforo so fi ayamye mu yi no na yɛde betua adwuma no ho ka. Nhyehyɛe a ɛda nyansa ne ɔdɔ adi bɛn ara ni!”

Ɛmfa ho sɛ ahia anuanom a wɔwɔ hɔ no, wɔn nso, woyi ntoboa. Sierra Leone a ɛwɔ Afrika no bɔ amanneɛ sɛ: “Anuanom a wɔwɔ ha no boa dwumadi no na wɔn ani gye sɛ wɔbɛyɛ adwuma na wɔayi ntoboa biara a wobetumi de aboa ma wɔasi Ahenni Asa horow.”

Awiei koraa no, adansi dwumadi yi de ayeyi brɛ Yehowa. Anuanom a wɔwɔ Liberia no de anigye ka sɛ: “Mmeae a wɔsom a ɛfata a yebesisi wɔ ɔman no mu nyinaa no bɛma nkurɔfo ahu sɛ nokware som ase atim wɔ ha na ebedi yɛn Nyankopɔn no ni na ahyɛ ne din kɛse no anuonyam.”