Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokwaredi Di Teefo Anim

Nokwaredi Di Teefo Anim

Nokwaredi Di Teefo Anim

BIBLE ka sɛ: “Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no.” (Hiob 14:1) Ɛte sɛ nea yaw ne amanehunu nkutoo na nnipa hyia wɔ asetram. Hwɛ, da biara da asetra betumi ayɛ dadwen ne basabasayɛ nkutoo! Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina tebea a emu yɛ den ano na yɛakura gyinabea pa mu wɔ Onyankopɔn anim?

Susuw ɔbarima defo bi a wɔfrɛ no Hiob a ɔtraa ase bɛyɛ mfirihyia 3,500 a atwam ni wɔ baabi a nnɛ wɔfrɛ hɔ Arabia no nhwɛso no ho hwɛ. Hwɛ amanehunu ara a Satan de baa barima a osuro Nyankopɔn yi so! Ɔhweree ne nyɛmmoa nyinaa na ne mma a ɔdɔ wɔn no wuwui. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Satan maa Hiob ho nyinaa tutuu akuru fi ne ti so kosi ne nan ase. (Hiob, atiri 1, 2) Ná Hiob nnim nea enti a ɔhaw no reto no. Ne nyinaa mu no, “Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.” (Hiob 2:10) Ɔkae sɛ: “Meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu.” (Hiob 27:5) Yiw, Hiob mudi mu a okurae no wowaw no ne sɔhwɛ nyinaa mu.

Wɔkyerɛ mudi mu kura ase sɛ abrabɔ pa a edi mu, na nea ɛhwehwɛ ne sɛ obi ho bɛtew na ne ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim. Nanso, ɛnkyerɛ sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ bedu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ho korakora wɔ kasa ne nneyɛe mu. Mmom no, nea obi mudi mu a obekura kyerɛ ne sɛ obefi koma nyinaa mu de ne ho ama Yehowa apɛdeyɛ ne n’atirimpɔw. Onyamesom pa ahofama a ɛte saa no kyerɛ teefo kwan wɔ tebea biara mu bere nyinaa. Bible mu nhoma Mmebusɛm no ti 11 no fã a edi kan no kyerɛ sɛnea yɛn mudi mu a yebekura betumi akyerɛ yɛn kwan wɔ asetram afã ahorow mu ne nhyira a ebefi mu aba no. Ɛnde, ma yɛmfa anigye kɛse nnan nkɔ nea wɔakyerɛw wɔ hɔ no so.

Yɛn Mudi Mu a Yekura no Ma Yedi Nokware Wɔ Adwumasɛm Mu

Bere a tete Israel Hene Salomo resi nokwaredi ho nnyinasosɛm so dua no, ɔde kasakoa dii dwuma mmom sen mmara mu nsɛmfua, na ɔkae sɛ: “Nsisi nsenia yɛ [Yehowa, “NW”] akyide, na abrammokwanmu yɛ no anisɔ.” (Mmebusɛm 11:1) Eyi ne mpɛn anan a wɔde nsenia di dwuma wɔ Mmebusɛm nhoma no mu de kyerɛ pɛ a Yehowa pɛ sɛ n’asomfo di nokware wɔ adwumasɛm mu no mu nea edi kan.—Mmebusɛm 16:11; 20:10, 23.

Nkɔso a wɔn a wosisi nkurɔfo—anaasɛ wonni nokware—nya no betumi atwetwe adwene. Nanso so yɛbɛpɛ ankasa sɛ yebebu yɛn ani agu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛfa papa ne bɔne ho no so de yɛn ho ahyɛ adwuma mu nneyɛe a ɛmfata mu? Sɛ yekura yɛn mudi mu a, yɛrenyɛ saa. Yɛkwati atorodi efisɛ abrammɔ nsenia a edi mu, nsenia a ɛho tew a egyina hɔ ma nokwaredi no sɔ Yehowa ani.

“Ahobrɛasefo na Nyansa Ne Wɔn Te”

Ɔhene Salomo toa so sɛ: “Ahantan ba a, na aniwu ba, na ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” (Mmebusɛm 11:2) Ahantan—sɛ́ ebia ɛda ne ho adi wɔ ahomaso kwan so, asoɔden anaa anibere kwan so no—de animguase ba. Nanso, ahobrɛase mu a yebefi agye yɛn sintɔ ahorow atom no yɛ biribi a nyansa wom. Hwɛ sɛnea Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso kyerɛkyerɛ nokwasɛm a abebusɛm yi yɛ mu ma ɛfata!

Lewini oniberefo Kora dii atuatewfo kuw bi anim ma wɔsɔre tiaa Yehowa asomfo a wapaw wɔn, Mose ne Aaron, tumidi. Dɛn na efii saa ahantan adeyɛ no mu bae? ‘Asase buee n’anom menee’ atuatewfo no bi, na ogya hyew wɔn a wɔaka, a na Kora ka ho no. (Numeri 16:1-3, 16-35; 26:10; Deuteronomium 11:6) Animguasesɛm bɛn ara ni! Susuw Usa a ofi ahantan mu soo apam adaka no mu na antɔ fam no nso ho hwɛ. Wɔbɔɔ no kum no prɛko pɛ. (2 Samuel 6:3-8) Hwɛ sɛnea ehia sɛ yɛbɛkwati ahantan!

Sɛ onipa a odwo na ɔbrɛ ne ho ase di mfomso mpo a, n’anim ngu ase. Ɛmfa ho sɛ Hiob yɛɛ nhwɛso pa akwan pii so no, na ɔnyɛ pɛ. Ne sɔhwɛ ahorow no daa sintɔ kɛse bi adi wɔ ne nsusuwii mu. Bere a na Hiob reyi ne ho ano wɔ n’anototofo anim no, wankari pɛ ɔkwan bi so. Ɔkyerɛe mpo sɛ ɔteɛ sen Onyankopɔn. (Hiob 35:2, 3) Ɔkwan bɛn so na Yehowa teɛteɛɛ Hiob nsusuwii no?

Bere a Yehowa twee adwene sii asase, ɛpo, ɔsoro a nsoromma ayɛ hɔ ma, mmoa bi, ne abɔde foforo a ɛyɛ nwonwa so no, ɔmaa Hiob hui sɛ sɛ wɔde onipa toto Onyankopɔn kɛseyɛ ho a, ɔnsɛ hwee. (Hiob, ti 38-41) Yehowa anka biribiara amfa ankyerɛ nea enti a na Hiob rehu amane no. Ná ɛho nhia sɛ ɔyɛ saa. Ná Hiob brɛ ne ho ase. Ofi ahobrɛase mu huu nsonsonoe kɛse a ɛda ɔne Nyankopɔn ntam, nsonsonoe kɛse a ɛda n’ankasa sintɔ ne ne mmerɛwyɛ ne Yehowa trenee ne ne tumi ntam no. Ɔkae sɛ: “M’ani wu na minu me ho, dɔte ne nsõ mu.” (Hiob 42:6) Hiob nokwaredi maa ogyee animka no toom ntɛm ara. Yɛn nso ɛ? Esiane yɛn nokwaredi nti, so yebegye animka anaa nteɛso atom ntɛm ara bere a ehia sɛ yɛyɛ saa no?

Ná Mose nso yɛ obi a odwo na ɔbrɛ ne ho ase. Bere a na ɔbrɛ ne ho dodo sɛ obedi afoforo haw ho dwuma no, n’ase barima, Yetro, de afotu a edi mu mae sɛ: Fa asɛyɛde no bi hyehyɛ mmarima foforo a wɔfata nsa. Bere a Mose huu n’ankasa mmerɛwyɛ no, ofi nyansam tiee nyansahyɛ no. (Exodus 18:17-26; Numeri 12:3) Obi a odwo rentwentwɛn ne nan ase sɛ ɔde tumi bɛhyɛ afoforo nsa, na saa ara na ɔrensuro sɛ ɔbɛhwere tumi ɔkwan bi so esiane sɛ ɔne afoforo a wɔfata kyɛ asɛyɛde ahorow a ɛfata nti. (Numeri 11:16, 17, 26-29) Mmom no, ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔanyin wɔ honhom mu. (1 Timoteo 4:15) So ɛnyɛ saa na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ?

‘Ɔtreneeni Kwan Yɛ Tẽẽ’

Esiane sɛ na Salomo nim sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ɔtreneeni mudi mu a obekura bɛbɔ ne ho ban afi asiane ho nti, ɔka sɛ: “Tẽefo pɛyɛ begya wɔn, na nkontompofo nnaadaa bɛsɛe wɔn.” (Mmebusɛm 11:3) Nokwarem no, ɔtreneeni mudi mu a okura no ma ɔyɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so, ɛmfa ho sɛ ɔwɔ tebea a emu yɛ den mpo mu no, na awiei koraa no, onya nhyira. Hiob annyae ne mudi mu kura, na Yehowa “hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase.” (Hiob 42:12) Nkontompofo betumi ate nka sɛ wɔnam afoforo a wosisi wɔn so di yiye, na ebetumi ayɛ sɛ nea wɔrenya nkɔso mpo. Nanso awiei koraa no, wɔn nnaadaa no bɛsɛe wɔn ankasa.

Ɔhene nyansafo no ka sɛ: “Adedodow nye mma hwee abufuw da, na trenee gye onipa fi owu mu.” (Mmebusɛm 11:4) Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ obi bɛdan akoa ama honam fam adedodow nanso ɔnyɛ nsiesiei mma kokoam adesua, mpaebɔ, nhyiamkɔ, ne asɛnka—nneɛma titiriw a ɛhyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa mu den na ɛma yenya ahofama kɛse ma no no! Ahode dodow biara ntumi nnye obi wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu. (Mateo 24:21) Teefo treneeyɛ nkutoo na ebegye wɔn. (Adiyisɛm 7:9, 14) Enti, nyansa wom sɛ yebetie Sefania adesrɛ yi: “Mommma [Yehowa, NW] abufuw da no mmma mo so ansa. Monhwehwɛ [Yehowa, NW], asase sofo a mobrɛ mo ho ase na moyɛ n’atemmude nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase.” (Sefania 2:2, 3) Ɛnkosi saa bere no, momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ ‘yɛde yɛn ahonyade bɛhyɛ Yehowa anuonyam.’—Mmebusɛm 3:9.

Bere a Salomo resan asi mfaso a ɛwɔ adetreneeyɛ mu so dua no, ɔde nea efi treneefo nneyɛe mu ba no totoo amumɔyɛfo de ho sɛ: “Pɛyɛfo trenee bɛteɛ ne kwan, na ɔbɔnefo bɛhwe ase n’abɔnefosɛm mu. Teefo trenee begye wɔn, na nkontompofo mmusubɔ mu na wɔbɛkyere wɔn. Onipa bɔne wu a, n’anidaso yera, na amumɔyɛfo kwanhwɛ yera. Wobeyi ɔtreneeni afi ahohia mu, na ɔbɔnefo abesi n’ananmu.” (Mmebusɛm 11:5-8) Teefo nhwe ase wɔ n’ankasa akwan mu, na saa ara na n’ankasa nneyɛe nkyekyere no. N’akwan teɛ. Awiei koraa no, woyi treneefo fi ahohia mu. Ebia ɛbɛyɛ sɛ nea amumɔyɛfo wɔ tumi, nanso ogye a ɛte saa nni hɔ ma wɔn.

“Ɔman Ho Sãn Wɔn”

Teefo mudi mu kura ne abɔnefo amumɔyɛsɛm nya afoforo so nkɛntɛnso nso. Israel hene no ka sɛ: “Nyaatwomni de n’ano sɛe ne yɔnko, na treneefo nimdeɛ na wɔde beyi wɔn.” (Mmebusɛm 11:9) Hena na obegye kyim sɛ ntwiri, nseku bɔne, kasafĩ, ne kasa tenten nsɛe afoforo? Nanso, ɔtreneeni kasa ho tew, osusuw ho yiye, na edwen afoforo ho. Wɔnam nimdeɛ so gye no efisɛ ne mudi mu a okura no ma onya adanse a ehia na ɔde ahu sɛ n’asɔretiafo redi atoro.

Ɔhene no toa so sɛ: “Treneefo di yiye a, ɔman ho sãn wɔn, na abɔnefo sɛe a, wohuro.” (Mmebusɛm 11:10) Mpɛn pii no, afoforo pɛ atreneefo asɛm, na wɔma wɔn fipamfo ho sãn wɔn—wɔn ani gye. Obiara nni hɔ a n’ani gye “abɔnefo” ho. Mpɛn pii no, sɛ amumɔyɛfo wu a, nkurɔfo nsu wɔn. Sɛ Yehowa ‘gu abɔnefo ase fi asase so, na otu nkontompofo fi so’ a, ɛda adi sɛ obiara renni awerɛhow. (Mmebusɛm 2:21, 22) Mmom no, anigye bɛba esiane sɛ wɔayi wɔn afi hɔ nti. Na yɛn nso ɛ? Ɛbɛyɛ papa sɛ yebebisa yɛn ho sɛ ebia sɛnea yɛyɛ yɛn ade no ma afoforo ani gye anaa.

“Ɛma Kurow So”

Bere a Salomo resan de nkɛntɛnso a treneefo nya wɔ wɔn mamfo so atoto nkɛntɛnso a amumɔyɛ nya ho no, ɔka sɛ: “Teefo nhyira na ɛma kurow so, na abɔnefo anom nsɛm na ɛbɔ no.”Mmebusɛm 11:11.

Kuromfo a wɔn akwan teɛ no ma asomdwoe ne yiyedi ba, na wɔhyɛ afoforo a wɔte kurow no mu den. Denam saayɛ so no, wɔma kurow so—etu mpɔn. Wɔn a wotwiri afoforo, sɛe ade, na wɔyɛ nneɛma bɔne foforo no de basabasayɛ, awerɛhow, mpaapaemu, ne ɔhaw ba. Eyi te saa titiriw bere a saa nkurɔfo no wɔ gyinabea bi a ɛkorɔn no. Basabasayɛ, ɔporɔw, ɔbrasɛe ne ebia sikasɛm mu ahokyere ba kurow a ɛte saa mu.

Nnyinasosɛm a wɔada no adi wɔ Mmebusɛm 11:11 no fa Yehowa nkurɔfo nso ho bere a wɔne wɔn ho wɔn ho nya fekubɔ wɔ wɔn asafo horow a ɛte sɛ kurow mu no. Asafo a honhom mufo—teefo a wokura wɔn mudi mu—wɔ nkɛntɛnso pa no yɛ asafo a wɔwɔ anigye, wɔyɛ hyew, wɔboa afoforo, na wɔde nidi brɛ Onyankopɔn. Yehowa hyira asafo no, na enya honhom fam nkɔso. Bere ne bere mu no, emufo kakraa bi a wɔn bo fuw na biribiara nsɔ wɔn ani, wɔn a wonya ɔkwan a yɛfa so yɛ nneɛma ho mfomso na wɔkasa tia yayaayaw no te sɛ “awɔnwene ntini” a ebetumi atrɛw aka ntini a kan no na ɛnyɛ nwene no. (Hebrifo 12:15) Mpɛn pii no, saafo no hwehwɛ tumi ne anuonyam. Wɔkeka sɛ atɛnkyea, abusua mu nyiyim, anaa nea ɛte saa rekɔ so wɔ asafo no mu anaa mpanyimfo no fam. Nokwarem no, wɔn ano betumi de mpaapaemu aba asafo no mu. So ɛnsɛ sɛ yesiw yɛn aso wɔ wɔn nsɛm no ho na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ honhom mufo na asomdwoe ne biakoyɛ atra asafo no mu?

Salomo retoa so no, ɔka sɛ: “Nea oyi ne yɔnko ahii nni ti, na ɔbadwemma mua n’ano. Osekufo nenam yi ahintasɛm adi, na nokware honhom kata asɛm so.”Mmebusɛm 11:12, 13.

Hwɛ adesɛe ara a obi a onni atɛmpa anaasɛ ‘onni ti’ de ba! Ɔka nsɛnhuhuw de kosi sɛ obetwiri anaa ɔbɛsopa obi. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn no yɛ ntɛm yi nkɛntɛnso bɔne a ɛte saa fi hɔ. Nea ɛnte sɛ ‘obi a onni ti’ no, nhumu nipa nim bere a ɛsɛ sɛ omua n’ano. Sɛ́ anka ɔbɛka ahintasɛm bi akyerɛ no, ɔkata so. Esiane sɛ onim sɛ tɛkrɛma a wɔnto no nnareka betumi asɛe ade kɛse nti, nhumu nipa nya “nokware honhom.” Odi mfɛfo gyidifo nokware na ɔmfa kokoam nsɛm a ebetumi apira afoforo nto gua. Hwɛ nhyira ara a mudi mu kurafo a wɔte saa yɛ ma asafo no!

Nea ɛbɛboa ma yɛanantew treneefo kwan so no, Yehowa ma yɛn honhom fam aduan pii a wosiesie no wɔ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no akwankyerɛ ase. (Mateo 24:45) Yɛn ankasa nso nya mmoa denam Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ yɛn asafo ahorow a ɛte sɛ kurow mu no so. (Efesofo 4:11-13) Yɛn ani sɔ eyinom ankasa efisɛ “nea akwankyerɛ nni no, ɔman hwe ase, na ɔmannwoee wɔ agyinatufo dodow mu.” (Mmebusɛm 11:14) Ɛmfa ho nea ɛbɛba biara no, momma yensi yɛn bo daa sɛ ‘yebekura yɛn mudi mu.’—Dwom 26:1.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]

Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yɛbɛdan nkoa ama honam fam adedodowpɛ na yɛabu yɛn ani agu teokrase dwumadi ahorow so!

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24]

Hiob mudi mu a okurae no wowaw no, na Yehowa hyiraa no

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Usa wui esiane ahantan nti