Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ nokware Kristoni bɛkɔ ayi anaa ayeforohyia wɔ asɔredan mu?

Atoro som ho ade biara a yɛde yɛn ho bɛhyem no nsɔ Yehowa ani, na ɛsɛ sɛ yɛkwati. (2 Korintofo 6:14-17; Adiyisɛm 18:4) Ayi a wɔyɛ wɔ asɔredan mu no yɛ ɔsom mu adeyɛ a ɛda adi sɛ wɔbɛka nsɛm de agyina nsusuwii a ennyina Kyerɛwnsɛm so te sɛ ɔkra a enwu da ne nnipa pa nyinaa a wɔkɔ soro no akyi. Adeyɛ te sɛ mmeamudua ho sɛnkyerɛnne a wɔbɛyɛ ne mpae a ɔsɔfo no bɛbɔ betumi aka ho. Wobetumi abɔ mpae ayɛ ɔsom mu nneɛma foforo a ɛne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia nso aka ayeforohyia a ɛkɔ so wɔ asɔredan mu ho. Sɛ Kristoni bi wɔ kuw bi a emufo nyinaa de wɔn ho rehyɛ atoro som adeyɛ mu a ebetumi ayɛ den ama no sɛ ɔremfa ne ho nhyɛ mu bi. Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ obi begyae ne ho mu ama nhyɛso a ɛte saa!

Na sɛ Kristoni bi te nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ ayi anaa ayeforohyia wɔ asɔredan bi mu ɛ? Sɛ nhwɛso no, ebia okunu a onnye nni bɛhyɛ ne yere Kristoni sɛ ɔnka ne ho ma wɔnkɔ biribi a ɛte saa ase. So obetumi aka ne ho akɔ na wakɔtra hɔ ayɛ komm ahwɛ nea ɛrekɔ so? Ebia esiane obu a ɔyere wɔ ma ne kunu nti, obesi gyinae sɛ ɔne no bɛkɔ, nanso obesi ne bo sɛ ɔremfa ne ho nhyɛ ɔsom mu adeyɛ biara mu. Ebi nso a, obesi gyinae sɛ ɔrenkɔ, bere a osusuw sɛ nkate fam nhyɛso a tebea no bɛma wakɔ mu no betumi aboro ne so araa ma ebia wagyae nnyinasosɛm pa mu asiesie no. Ɛyɛ n’ankasa gyinaesi. Ɛsɛ sɛ ne koma si no pi ɔkwan biara so, na onya ahonim pa.—1 Timoteo 1:19.

Sɛnea ɛte biara no, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ ne kunu sɛ n’ahonim remma no kwan mma ɔmfa ne ho nhyɛ ɔsom mu adeyɛ biara mu, ɔremfa ne ho nhyɛ nnwonto mu anaa ɔrensi ne ti ase bere a wɔrebɔ mpae no. Sɛ ɔkyerɛkyerɛ mu saa a, ne kunu no betumi ahu sɛ kɔ a ne yere no bɛkɔ bi no betumi ama tebea bi asɔre a n’ani rennye ho. Ebia ɔbɛpaw sɛ ne nkutoo bɛkɔ esiane ɔdɔ a ɔwɔ ma ne yere, obu a ɔwɔ ma ne gyidi ahorow, anaa aniwu a ebetumi ato no a ɔpɛ sɛ ɔkwati nti. Nanso sɛ ɔbarima no kɔ so hyɛ no sɛ ɔne no nkɔ a, obetumi ne no akɔ na watra hɔ komm ahwɛ nea ɛrekɔ so kɛkɛ.

Ade a ɛnsɛ sɛ yebu ani gu so nso ne nkɛntɛnso a ɔsom mu adeyɛ bi a yɛbɛkɔ ase wɔ asɔredan mu no benya wɔ yɛn mfɛfo gyidifo so no. So ebetumi apira ebinom ahonim? So ebetumi abrɛ mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛkwati abosonsom no ase? Ɔsomafo Paulo tu fo sɛ: ‘Monsɔ nneɛma a eye koraa no nhwɛ na moayɛ kurennyenn ne nnipa a hintiduato nni wɔn mu akosi Kristo da no.’—Filipifo 1:10.

Sɛ adeyɛ no fa obusuani bi a wobɛn no paa ho a, ebia wubehyia abusuafo nhyɛso nso. Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ Kristoni susuw nneɛma ho yiye. Wɔ tebea ahorow bi mu no obetumi ahu sɛ nsɛnnennen biara nsɔre bere a ɔkɔ ayi anaa ayeforohyia wɔ asɔredan mu sɛ bɛhwɛadeni no. Nanso, tebea no betumi ayɛ sɛ sɛ ɔkɔ a, akyinnye biara nni ho sɛ sɛnea ɛbɛhaw n’ankasa anaa afoforo ahonim no bɛyɛ kɛse asen ɔhaw a obehyia bere a wankɔ no. Sɛnea tebea no te biara no, ɛsɛ sɛ Kristoni hwɛ hu sɛ gyinae a obesi no rensɛe n’ahonim pa wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.