Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokyerɛ Onyankopɔn Dɔ Ho Anisɔ?

So Wokyerɛ Onyankopɔn Dɔ Ho Anisɔ?

So Wokyerɛ Onyankopɔn Dɔ Ho Anisɔ?

BERE bi, ɔbarima Hiob de nsɛm a edi so yi kaa tebea a adesamma a wɔnyɛ pɛ wom ho asɛm sɛ: “Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no; opue sɛ nhwiren, na wotwa; oguan sɛ sunsuma, na onnyina.” (Hiob 14:1, 2) Ná yaw ne awerɛhow ahyɛ Hiob asetra ma saa bere no. So wo nso woate nka saa pɛn?

Nanso, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a yehyia nyinaa akyi no, nokware anidaso bi wɔ hɔ, anidaso a egyina Onyankopɔn mmɔborohunu ne ne dɔ so. Nea edi kan koraa no, yɛn soro Agya no de agyede afɔrebɔ no ama a ɔde begye adesamma afi wɔn asehwe ne bɔne tebea no mu. Sɛnea Yohane 3:16, 17 kyerɛ no, Yesu Kristo kae sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa. Na Onyankopɔn ansoma ɔba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase.”

Afei nso, susuw ayamye a Onyankopɔn da no adi kyerɛ yɛn nnipa a yɛnyɛ pɛ no ho hwɛ. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Ɔmaa nnipa aman nyinaa fi [onipa] biako mu traa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmere horow ne wɔn trabea hye ato hɔ ama wɔn sɛ wɔnhwehwɛ [Onyankopɔn, NW] sɛ ebia wɔbɛte ne nka na wɔahu no, nso ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.” (Asomafo no Nnwuma 17:26, 27) Susuw ho hwɛ! Ɛmfa ho sɛ yɛtɔ sin no, yɛn mu biara betumi ne yɛn Bɔfo a ɔwɔ dɔ, Yehowa Nyankopɔn, anya abusuabɔ daa.

Ɛnde, yebetumi de ahotoso ahwɛ daakye kwan, a yenim sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho na ofi ɔdɔ mu ayɛ nsiesiei a yebenya so mfaso daa. (1 Petro 5:7; 2 Petro 3:13) Ɛnde, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yesua ɔdɔ Nyankopɔn no ho ade pii denam N’asɛm, Bible, a yebesua so.