Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adɔe So Mfaso A Yebenya

Yehowa Adɔe So Mfaso A Yebenya

Yehowa Adɔe So Mfaso A Yebenya

“Hena na ɔyɛ onyansafo? Obenya Yehowa adɔe mu ahuye.”—DWOM 107:43, NW.

1. Bere bɛn na wodii kan de Hebri asɛmfua “adɔe” dii dwuma wɔ Bible no mu, na nsɛmmisa a ɛfa saa su yi ho bɛn na yebesusuw ho?

BƐYƐ mfe 4,000 a abɛsen kɔ no, Abraham wɔfase Lot ka faa Yehowa ho sɛ: “Woama w’adɔe a woayɛ me yi asõ.” (Genesis 19:19) Eyi ne bere a edi kan a Hebri asɛmfua “adɔe” pue wɔ Bible no mu. Yakob, Naomi, Dawid, ne Onyankopɔn asomfo afoforo nso kaa Yehowa su yi ho asɛm. (Genesis 32:10; Rut 1:8; 2 Samuel 2:6) Nokwasɛm ni, saa Hebri asɛmfua “adɔe” yi pue mpɛn 250 wɔ New World Translation of the Holy Scriptures no mu. Nanso dɛn ne Yehowa adɔe? Henanom na wɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn wɔ tete mmere no mu? Na ɔkwan bɛn so na yenya so mfaso nnɛ?

2. Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ yɛbɛkyerɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “adɔe” no ase, na dɛn ne nkyerɛase foforo a ɛfata?

2 Wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, “adɔe” yɛ Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase, a ɛkɔ akyiri ara ma kasa dodow no ara nni asɛmfua biako a etumi kyerɛ ase wie. Enti, nsɛmfua te sɛ “ɔdɔ,” “mmɔborohunu,” ne “nokwaredi” ntumi nwie ase kyerɛ. Nanso, sɛnea Theological Wordbook of the Old Testament kyerɛ no, bere a “adɔe” asekyerɛ kɔ akyiri no, “ɛnyɛ nea ɛmmɛn asɛmfua no asekyerɛ ankasa.” New World Translation of the Holy Scriptures—With References de “nokware dɔ” di dwuma sɛ Hebri asɛmfua “adɔe” no asekyerɛ foforo.—Exodus 15:13; Psalm 5:7; NW asehɔ asɛm.

Ɛyɛ Soronko Wɔ Ɔdɔ ne Nokwaredi Ho

3. Ɔkwan bɛn so na ɛsono adɔe ne ɔdɔ?

3 Adɔe anaa nokware dɔ, bɛn ɔdɔ ne nokwaredi paa. Nanso, nsonsonoe wom wɔ akwan titiriw bi so. Susuw sɛnea ɛsono adɔe ne ɔdɔ no ho hwɛ. Wɔ kasa bi mu no, wotumi ka sɛ wɔdɔ nneɛma ne nsusuwii ahorow. Bible no ka “nea ɔdɔ nsã ne ngo” ne ‘nea ɔdɔ nyansa’ ho asɛm. (Mmebusɛm 21:17; 29:3) Nanso nnipa na wɔtaa de adɔe di dwuma fa wɔn ho, na ɛnyɛ nsusuwii anaa nneɛma a nkwa nnim. Sɛ nhwɛso no, bere a Exodus 20:6 ka sɛ Yehowa ‘yɛ mpem a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so no adɔe’ no na ɔreka afa nnipa nso ho.

4. Ɔkwan bɛn so na ɛsono adɔe ne nokwaredi?

4 Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase “adɔe” no nso asekyerɛ mu dɔ sen asɛmfua “nokwaredi.” Wɔ kasa horow bi mu no, wɔtaa de “nokwaredi” di dwuma wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ ɔsomfo bi yɛ n’ade wɔ ne wura ho. Nanso sɛnea nhwehwɛmufo bi ka no, Bible no kyerɛ sɛ, adɔe “taa kyerɛ biribi foforo koraa wɔ abusuabɔ mu: obi a ɔwɔ tumi no di wɔn a wɔyɛ mmerɛw, anaa wɔn a ahia wɔn, anaa wɔn a wɔdan afoforo no nokware.” Enti na Ɔhene Dawid betumi asrɛ Yehowa sɛ: “Tew w’anim kyerɛ w’akoa, fa w’adɔe so gye me nkwa.” (Dwom 31:16) Wɔka kyerɛɛ Yehowa, nea ɔwɔ tumi no, sɛ ɔnna adɔe anaa nokware dɔ adi nkyerɛ Dawid a ohia mmoa no. Esiane sɛ wɔn a ahia wɔn no nni atumfoɔ so tumi biara nti, adɔe a wɔda no adi saa kwan yi no so no fi ɔpɛ mu, na ɛnyɛ ɔhyɛ mu.

5. (a) Onyankopɔn adɔe ho ade bɛn na wosi so dua wɔ N’asɛm no mu? (b) Nsɛm a ɛfa Yehowa adɔe ho bɛn na yebesusuw ho?

5 Odwontofo no bisae sɛ: “Hena na ɔyɛ onyansafo? Obenya Yehowa adɔe mu ahuye.” (Dwom 107:43, NW) Yehowa adɔe betumi akyerɛ ogye ne nkwa so a wɔkora. (Dwom 6:4; 119:88, 159) Ɛyɛ ahobammɔ na ɛma obi de ne ho fi ɔhaw ahorow mu. (Dwom 31:16, 21; 40:11; 143:12) Esiane saa su yi nti, yetumi de yɛn ho fi bɔne ho. (Dwom 25:7) Sɛ yɛhwehwɛ Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bi mu na yɛhyɛ Bible mu nsɛm foforo nsow a, yebehu sɛ Yehowa da adɔe adi (1) wɔ nneyɛe pɔtee bi mu na (2) ɔda no adi kyerɛ ne nokware asomfo.

Ogye—Adɔe a Wɔda no Adi

6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa n’adɔe adi kɛse wɔ Lot asɛm no mu? (b) Bere bɛn na Lot kaa Yehowa adɔe ho asɛm?

6 Ebia ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so ahu sɛnea Yehowa adɔe te ne sɛ yɛbɛhwehwɛ Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛfa saa su yi ho no mu. Yehu wɔ Genesis 14:1-16 sɛ, atamfo bi bɛfaa Lot a ɔyɛ Abraham wɔfase kɔɔ nnommum mu. Nanso Abraham gyee Lot. Lot nkwa nso ho baa asɛm bere a Yehowa sii gyinae sɛ ɔbɛsɛe kurow bɔne Sodom, baabi a na Lot ne n’abusua te no.—Genesis 18:20-22; 19:12, 13.

7 Aka kakra ma wɔasɛe Sodom no, Yehowa abɔfo dii Lot ne n’abusuafo anim fii kurow no mu. Saa bere no, Lot kae sɛ: “W’akoa anya w’anim dom, na woama w’adɔe a woayɛ me yi asõ sɛ woregye me nkwa.” (Genesis 19:16, 19) Lot nam saa nsɛm yi so gye toom sɛ Yehowa ada adɔe soronko adi akyerɛ no denam gye a ogyee no no so. Wɔ saa asɛm yi mu no, Onyankopɔn daa n’adɔe adi denam ogye ne nkwa a ɔkoraa so no so.—2 Peter 2:7.

Yehowa Adɔe ne N’akwankyerɛ

8, 9. (a) Adwuma bɛn na wɔde hyɛɛ Abraham akoa no nsa? (b) Adɛn nti na akoa no bɔɔ mpae srɛɛ Onyankopɔn adɔe, na dɛn na esii bere a ɔrebɔ mpae no?

8 Yɛkenkan Onyankopɔn adɔe anaa nokware dɔ foforo ho asɛm wɔ Genesis ti 24. Kyerɛtohɔ no ka sɛ Abraham hyɛɛ n’akoa sɛ ontu kwan nkɔ n’abusua mu nkɔhwehwɛ yere mma ne ba Isak. (Nkyekyɛm 2-4) Na dwumadi a wɔde ahyɛ akoa no nsa no yɛ den, nanso wɔmaa no awerɛhyem sɛ Yehowa bɔfo bɛkyerɛ no kwan. (Nkyekyɛm 7) Akoa no de nkrakrankakra duu asubura bi a ɛwɔ “Nahor kurow” kurotia ho (ebetumi ayɛ Haran anaasɛ baabi a ɛbɛn hɔ) bere a na mmea no rebɛsaw nsu no. (Nkyekyɛm 10, 11) Bere a ohui sɛ mmea no rebɛn no, ohui sɛ na bere adu ankasa sɛ odi dwuma a na wɔde ahyɛ ne nsa no. Nanso na ɔbɛyɛ dɛn atumi apaw ɔbea a ɔfata no?

9 Bere a Abraham akoa no hui sɛ ohia Onyankopɔn mmoa no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW] me wura Abraham Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma emmehyia me nnɛ, na yɛ me wura Abraham adɔe.” (Nkyekyɛm 12) Ɔkwan bɛn so na na Yehowa bɛda n’adɔe adi? Akoa no bisaa sɛnkyerɛnne pɔtee bi a ɔde behu ababaa ko a Onyankopɔn apaw no no. (Nkyekyɛm 13, 14) Ɔbea biako yɛɛ nea obisa fii Yehowa hɔ no pɛpɛɛpɛ. Yiw, ɛte sɛ nea ɔbea no tee ne mpaebɔ no! (Nkyekyɛm 15-20) Nea ɛyɛ nwonwa no, “akoa no de ahodwiriw hwɛɛ no.” Nanso na aka nokwasɛm ahorow bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ohu. So na ɔbea hoɔfɛfo yi yɛ Abraham busuani? Na so ɔda so ara yɛ osigyani? Na ɔbarima no ‘yɛɛ komm sɛ obehu sɛ Yehowa ama ne kwankɔ no ayɛ dwoodwoo anaasɛ ɛnte sa.’—Nkyekyɛm 16, 21.

10. Dɛn nti na Abraham akoa no kae sɛ Yehowa ayi n’adɔe adi akyerɛ ne wura?

10 Ɛno akyi bere tiaa bi no, ababaa no daa ne ho adi sɛ ɔyɛ “Betuel, Milka ba a ɔwoo no maa Nahor [Abraham nua] no ba.” (Genesis 11:26; 24:24) Wɔ saa bere no mu no akoa no hui sɛ Yehowa abua ne mpaebɔ no. Ɔde ahodwiriw bɔɔ ne mu ase kae sɛ: “Nhyira nka [Yehowa, NW], me wura Abraham Nyankopɔn a wamma n’adɔe ne ne nokware ammɔ ne wura. Na me nso, [Yehowa, NW] akyerɛ me me wura ne nuanom fi kwan.” (Nkyekyɛm 27) Onyankopɔn daa n’ahobammɔ adi denam adɔe a ɔdaa no adi kyerɛɛ ne wura Abraham no so.

Onyankopɔn Adɔe De Ahotɔ ne Ahobammɔ Ba

11, 12. (a) Sɔhwɛ ahorow bɛn mu na Yosef nyaa Yehowa adɔe? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn adɔe daa adi wɔ Yosef asɛm no mu?

11 Nea edi hɔ no, ma yensusuw Genesis ti 39 ho. Ɛka Abraham nanakanso Yosef a wɔtɔn no kɔɔ nkoasom mu wɔ Misraim no ho asɛm. Nanso, Yehowa dii Yesef akyi. (Nkyekyɛm 1, 2) Nokwarem no, Yosef wura Potifar a ɔyɛ Misrini no mpo hui sɛ ‘na Yehowa di n’akyi.’ (Nkyekyɛm 3) Nanso Yosef hyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den. Wɔbɔɔ no atoro sobo sɛ ɔpɛe sɛ ɔne Potifar yere da ma ɛno nti wɔde no too afiase. (Nkyekyɛm 7-20) Ná ɛyɛ afiase “amoa mu” na “wɔde mpokyerɛ miaa ne nan, de no too dade [nkɔnsɔnkɔnsɔn] mu.”—Genesis 40:15; Dwom 105:18.

12 Dɛn na esii bere a na ɔrehyia ɔtaa a ɛte saa no? ‘Yehowa dii Yosef akyi, na ɔdom no.’ (Nkyekyɛm 21a) Adɔe pɔtee bi a Yosef yɛe fii nsɛm bi a akyiri yi ɛma onyaa ahotɔ fii ɔhaw ahorow a na ɔrehyia mu no ase. Yehowa maa Yosef anim “yɛɛ nyam wɔ afiasehwɛfo no anim.” (Nkyekyɛm 21b) Ne saa nti afiasehwɛfo no de dwumadi titiriw bi hyɛɛ Yosef nsa. (Nkyekyɛm 22) Nea edi hɔ no, Yosef hyiaa ɔbarima bi a ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Farao, Misraim sodifo no. (Genesis 40:1-4, 9-15; 41:9-14) Nea efii mu bae ne sɛ, ɔhene no maa Yosef dibea a ɛkorɔn sɛ sodifo a ɔto so abien wɔ Misraim na ɛma ɔbɛyɛɛ nkwagye adwuma wɔ Misraim asase a na ɔkɔm aba so no so. (Genesis 41:37-55) Yosef amanehunu no fii ase bere a na wadi mfe 17, na edi boroo mfe dumien! (Genesis 37:2, 4; 41:46) Nanso wɔ saa ahohia ne amanehunu yi nyinaa mu no, Yehowa Nyankopɔn daa n’adɔe adi kyerɛɛ Yosef denam ne ho ban a ɔbɔ fii bɔne kɛse a na ɛbɛto no ho ne kora a ɔkoraa ne so maa Onyankopɔn atirimpɔw titiriw no so.

Onyankopɔn Adɔe Nni Huammɔ Da

13. (a) Yehowa adɔe ho nsɛm bɛn na yehu wɔ Dwom 136? (b) Dɛn ankasa ne adɔe?

13 Yehowa kɔɔ so daa n’adɔe adi kyerɛɛ Israelfo no sɛ ne man. Dwom 136 da no adi sɛ ɔnam n’adɔe so ma wonyaa ogye (Nkyekyɛm 10-15), akwankyerɛ (Nkyekyɛm 16), ne ahobammɔ. (Nkyekyɛm 17-20) Onyankopɔn ada n’adɔe adi akyerɛ ankorankoro nso. Obi a ɔyɛ ne mfɛfo nnipa adɔe no fi ne pɛ mu na ɔyɛ ma edi atirimpɔw a ɛho hia bi ho dwuma. Ɛdefa adɔe ho no, Bible mu nhwehwɛmu bi ka sɛ: “Ɛyɛ adeyɛ bi a ɛbɔ nkwa ho ban anaasɛ ɛma enya nkɔso. Ɛyɛ obi ho a ɔde gye asɛm mu ma obi a ɔwɔ asiane anaa ahohia mu.” Nhomanimfo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ “nneyɛe a wɔde da ɔdɔ adi.”

14, 15. Dɛn nti na yebetumi agye atom sɛ na Lot yɛ Onyankopɔn akoa a wɔapene ne so?

14 Genesis kyerɛwtohɔ a yɛasusuw ho no kyerɛ yɛn sɛ Yehowa mfa adɔe nkame wɔn a wɔdɔ no no da. Lot, Abraham, ne Yosef traa ase wɔ mmere ahorow mu na wohyiaa sɔhwɛ ahorow. Na wɔyɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ, nanso na wɔyɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ n’anim dom, na na wohia Onyankopɔn mmoa. Yebetumi anya awerɛkyekye afi nim a yenim sɛ yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no da adɔe adi kyerɛ ankorankoro a wɔte saa no mu.

15 Lot sisii gyinae ahorow bi a nyansa nnim ma ɛde no kɔɔ ahokyere mu. (Genesis 13:12, 13; 14:11, 12) Nanso, ɔdaa su horow bi a ɛfata nkamfo adi. Bere a Onyankopɔn abɔfo baanu baa Sodom no, Lot daa ahɔhoyɛ adi kyerɛɛ wɔn. (Genesis 19:1-3) Ofi gyidi mu bɔɔ ne nsenom kɔkɔ wɔ Sodom sɛe a na abɛn ho. (Genesis 19:14) Yebehu Onyankopɔn adwene a ɔwɔ wɔ Lot ho no wɔ 2 Petro 2:7-9, faako a yɛkenkan sɛ: ‘Yehowa, yii Lot a ɔteɛ a amumɔyɛfo no de wɔn ahohwi abrabɔ haw no;—na nea onipa trenee no traa wɔn mu hui na ɔtee no, mmarato nnwuma no yɛɛ ne kra trenee no ayayade daa nyinaa;—Yehowa nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu.’ Yiw, na Lot yɛ ɔbarima a ɔteɛ, na asɛm a wɔada no adi wɔ ha no kyerɛ sɛ na ɔyɛ obi a ɔda onyamesom pa adi. Te sɛ Lot no, Onyankopɔn da adɔe adi kyerɛ yɛn bere a yɛda “abrabɔ kronkron ne onyamesom pa” adi no.—2 Petro 3:11, 12.

16. Nsɛm a ɛfata bɛn na Bible no ka fa Abraham ne Yosef ho?

16 Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis ti 24 no kyerɛ abusuabɔ pa a na ɛda Abraham ne Yehowa ntam no mu pefee. Nkyekyɛm a edi kan no ka sɛ: “[Yehowa, NW] ahyira Abraham ade nyinaa mu.” Abraham akoa no frɛɛ Yehowa sɛ “me wura Abraham Nyankopɔn.” (Nkyekyɛm 12, 27) Na osuani Yakobo kae sɛ ‘wobuu Abraham treneeni’ na “wɔfrɛɛ no Onyankopɔn adamfo.” (Yakobo 2:21-23) Saa ara nso na wobuu Yosef. Wɔasi abusuabɔ pa a ɛda Yehowa ne Yosef ntam no so dua wɔ Genesis ti 39 mu nyinaa. (Nkyekyɛm 2, 3, 21, 23) Bio nso, ɛdefa Yosef ho no, osuani Stefano kae sɛ: “Onyankopɔn dii n’akyi.”—Asomafo no Nnwuma 7:9.

17. Dɛn na yebetumi asua afi Lot, Abraham, ne Yosef nhwɛso no mu?

17 Nkurɔfo a Onyankopɔn daa adɔe adi kyerɛɛ wɔn a yɛasusuw wɔn ho no yɛ ankorankoro a wɔne Yehowa Nyankopɔn nyaa abusuabɔ pa na wodii Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma wɔ akwan horow so. Wohyiaa akwanside ahorow a anka wɔn ankasa rentumi nni ho dwuma. Nea na ɛho aba asɛm ne Lot nkwa a wɔbɛkora so, Abraham anato a na ɛbɛtoa so ne Yosef ho ban a na wɔbɛbɔ. Yehowa nkutoo na na obetumi adi nnipa a wosuro Onyankopɔn yi ahiade ho dwuma ama wɔn, na saa ara nso na ɔyɛe denam n’adɔe a ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn no so. Sɛ Yehowa Nyankopɔn bɛyɛ yɛn adɔe akosi daa a, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛne no nya abusuabɔ pa na yɛkɔ so yɛ n’apɛde.—Esra 7:28; Dwom 18:50.

Wɔdom Onyankopɔn Nkoa

18. Dɛn na Bible mu nsɛm ahorow ka fa Yehowa adɔe ho?

18 Yehowa adɔe “ahyɛ asase ma,” na hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ Onyankopɔn su a ɛte sɛɛ yi! (Dwom 119:64) Yefi koma nyinaa mu ne odwontofo no yɛ adwene sɛ: “Wɔnkamfo [Yehowa, NW], n’adɔe ho, ne n’anwonwade, nnipa mma mu.” (Dwom 107:8, 15, 21, 31) Yɛn ani gye sɛ Yehowa trɛw n’adɔe mu ma ɛka n’asomfo a wɔanya n’anim dom nyinaa—sɛ ankorankoro anaasɛ kuw. Odiyifo Daniel kaa Yehowa ho asɛm wɔ mpaebɔ mu sɛ “Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a ɔkora apam ne adɔe so ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara so.” (Daniel 9:4) Ɔhene Dawid bɔɔ mpae sɛ: “Ma w’adɔe nkyɛ mma wɔn a wonim wo.” (Dwom 36:10) Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ sɛ Yehowa da n’adɔe adi kyerɛ ne nkoa!—1 Ahene 8:23; 1 Beresosɛm 17:13.

19. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Nokwarem no, sɛ́ Yehowa nkoa no, wɔadom yɛn! Nea ɛka mfaso a yenya fi ɔdɔ a Onyankopɔn ayi no adi akyerɛ adesamma ho no, yenya nhyira soronko nso fi yɛn soro Agya adɔe, anaa ne nokware dɔ no mu. (Yohane 3:16) Yenya Yehowa su a ɛsom bo yi so mfaso titiriw wɔ ahohia bere mu. (Dwom 36:7) Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Yehowa Nyankopɔn adɔe no? Sɛ ankorankoro no, so yɛreda su a ɛda nsow yi adi? Yebesusuw eyi ne nsɛmmisa a ɛte saa ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

So Wokae?

• Kyerɛwnsɛm mu asɛm a ɛda nsow bɛn na ɛkyerɛ “adɔe” ase?

• Ɔkwan bɛn so na adɔe yɛ soronko wɔ ɔdɔ ne nokwaredi ho?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa adɔe adi kyerɛɛ Lot, Abraham, ne Yosef?

• Awerɛhyem bɛn na yebetumi anya afi Yehowa nsɛm bi a ɛfa adɔe ho a atwam mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Wunim sɛnea Onyankopɔn daa adɔe adi kyerɛɛ Lot?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Yehowa kyerɛɛ Abraham akoa no kwan wɔ n’adɔe mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

Yehowa yii adɔe adi kyerɛɛ Yosef denam ne ho ban a ɔbɔe so