Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adwene Bɛn na Wukura Wɔ Owu Ho?

Adwene Bɛn na Wukura Wɔ Owu Ho?

Adwene Bɛn na Wukura Wɔ Owu Ho?

OWU de ehu bi ba yɛn so bere a yɛyɛ yɛn da biara da nnwuma no, ɛmfa ho sɛnea yesi pi wɔ nipaduam anaasɛ yɛyɛ adefo no. Ebetumi ato yɛn bere foforo a yetwam wɔ ɔkwan mu anaasɛ yɛda yɛn mpa so no. Atoyerɛnkyɛm te sɛ amumɔyɛfo ntua a esii September 11, 2001, wɔ New York City ne Washington, D.C., no ma yehu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ “ɔtamfo a odi akyiri,” owu, tumi to onipa biara, na ɛtɔ da a, ɛfa nnipa mpempem pii simma biako pɛ mu.—1 Korintofo 15:26.

Ɛno mpo no, ɛte sɛ nea ɔkwan bi so no owu ho asɛm nhaw nkurɔfo. Biribiara nni hɔ a ɛma wɔtɔ atesɛm krataa kɛse anaasɛ ɛma wɔhwɛ television kɛse sen owu ho amanneɛbɔ, titiriw nea ɛfa nnipa dodow pii a wowu wɔ tebea a ɛyɛ hu mu ho no. Ɛte sɛ nea owu ho amanneɛbɔ mfono nkurɔfo, sɛ́ efi akodi, asiane, nsɛmmɔnedi, anaa ɔyare no. Owu ho nsɛm a egye nkurɔfo adwene tra so yi da adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa a wɔfa so da nkate adi wɔ ɔmanfo a wɔwɔ din ne nnipa atitiriw bi wu ho no so.

Eyinom nyinaa yɛ nea wonnye ho kyim. Owu—afoforo wu—ho asɛm nhaw nkurɔfo ɔkwan bi so. Nanso, sɛ ɛto wɔn ankasa a, wɔmpɛ sɛ wosusuw ho koraa. Yɛn ankasa wu ne ade biako a yɛn mu dodow no ara mpɛ sɛ yesusuw ho.

So Owu Ma Wobɔ Hu?

Wu a yɛn ankasa bewu no yɛ biribi a yɛmpɛ sɛ yesusuw ho bere nyinaa, na saa na yɛbɛte nka daa. Dɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn de daa nkwa ho akɔnnɔ a ano yɛ den ahyɛ yɛn mu. Ɔsɛnkafo 3:11 ka wɔ Anchor Bible mu sɛ: “Ɔde nkwa a enni awiei nso ahyɛ wɔn komam.” Enti, owu a yentumi nkwati no de ntawntawdi bi aba nnipa komam, akameakame a ɛkɔ so daa. Nea ɛbɛyɛ na saa akameakame yi to atwa na nnipa adi ɔpɛ a yefi awosu mu wɔ sɛ yɛbɛtra ase daa ho dwuma no, wɔabɔ wɔn tirim ahyehyɛ gyidi ahorow pii, efi ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ so kosi obi a owu ma wɔsan wo no bio ho gyidi so.

Sɛnea ɛte biara no, owu yɛ biribi a ɛhaw adwene ankasa, na owu ho hu wɔ mmaa nyinaa. Enti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ adesamma abusua no nyinaa bu owu sɛ akwanhwɛ a ɛyɛ hu. Ade biako ne sɛ owu ma yehu sɛnea obi nkwa a ɔde bɛpere ahonyade ne tumidi no yɛ ade hunu fa.

So Owu Tetew Yɛn Ntam?

Mmere bi a atwam no, sɛ na owuyare bɔ obi anaasɛ opira sɛnea obetumi awu a, mpɛn pii no, na wɔma owu wɔ n’ankasa fie a onim hɔ na n’ani ka hɔ no. Saa na na ɛte bere nyinaa wɔ Bible mmere mu, na ɛda so ara te saa wɔ mmeae bi. (Genesis 49:1, 2, 33) Wɔ mmere a ɛte saa mu no, abusuafo no hyiam di nkɔmmɔ, a mmofra no ka ho bi. Eyi ma abusua no muni biara te nka sɛ ɛnyɛ ne nko na ɔredi awerɛhow na ɛma wonya awerɛkyekye sɛ wɔn nyinaa abom redi asɛyɛde no ho dwuma na wɔn nyinaa redi awerɛhow.

Eyi yɛ soronko koraa wɔ mmusua a ɛyɛ akyide sɛ wɔbɛka owu ho asɛm, wobu no awerɛhosɛm koraa, na wɔmfa mmofra nka ho, a adwene no ne sɛ “ɛboro” wɔn so no mu. Ɛnnɛ, wu a obi bewu no yɛ soronko wɔ akwan pii so, na mpɛn pii no, ɛtaa to onii no bere a obiara nni ne ho. Ɛwom sɛ nnipa mu dodow no ara bɛpɛ sɛ wowu asomdwoe mu wɔ fie, a abusuafo fi ɔdɔ mu hwɛ wɔn de, nanso wɔ pii fam no, asɛm a ɛyɛ yaw ne sɛ wowu wɔ ayaresabea, a mpɛn pii no obiara nni wɔn ho a wɔte yaw nka, na wɔde nnɛyi mfiri bebree asisi wɔn so. Ɔkwan foforo so no, nnipa ɔpepem pii wuwu a afoforo nte ho hwee—okunkɛse, ɔkɔm, AIDS, ɔmanko, anaa ohia buruburoo na ekunkum wɔn.

Asɛm a Ɛsɛ sɛ Yesusuw Ho

Bible nkasa ntia sɛ yebesusuw owu ho. Nokwarem no, Ɔsɛnkafo 7:2 ka sɛ: “Nkɔmmɔdi fi kɔ ye sen asanom fi kɔ, efisɛ ɛno ne nnipa nyinaa awiei.” Sɛ owu to yɛn a, ebia yɛn adwene befi nneɛma anaa dwumadi ahorow a yedwen ho daa no so na yɛasusuw nea nkwa kyerɛ ankasa ho. Eyi betumi aboa yɛn ma yɛabɔ yɛn bra wɔ ɔkwan a atirimpɔw kɛse wom so sen sɛ yɛbɛtra ase a yenni atirimpɔw biara.

Adwene bɛn na wukura wɔ owu ho? So woapɛɛpɛɛ wo nkate, wo gyidi, w’anidaso, ne osuro a wowɔ wɔ wo nkwa awiei ho no mu ahwɛ?

Owu ne nkwa nyinaa yɛ biribi a nnipa nte ase na wontumi nkyerɛkyerɛ mu. Nea ne nkutoo wɔ tumi koraa a obetumi akyerɛkyerɛ asɛm yi mu ne yɛn Bɔfo no. Ne nkyɛn na “nkwa nsuti wɔ,” na ɔno na “owu mu fi wɔ no.” (Dwom 36:9; 68:20) Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea ɛyɛ nwonwa de, nanso owu ho gyidi ahorow bi a agye din no mu nhwehwɛmu a yɛnam Onyankopɔn Asɛm so bɛyɛ no bɛma yɛanya awerɛkyekye ne abotɔyam. Ɛbɛma ada adi sɛ owu nyɛ biribiara awiei.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

Wu a yebetumi awu no boa yɛn ma yɛbɔ yɛn bra wɔ ɔkwan a atirimpɔw kɛse wom so