Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Na Ɛsɛ Sɛ Wɔbɔ No Sobo—Wo Anaa W’awosu?

Hena Na Ɛsɛ Sɛ Wɔbɔ No Sobo—Wo Anaa W’awosu?

Hena Na Ɛsɛ Sɛ Wɔbɔ No Sobo—Wo Anaa W’awosu?

NYANSAHUFO reyɛ adwuma denneennen de ahu awosu a ɛma obi dan kɔwensani, ɔde ne ho hyɛ bɔbeasu koro ntam nna mu, ne bra sɛe, ɔdan basabasayɛfo, na ɔda nneyɛe foforo a ɛmfata adi, ne nea ɛde owu mpo ba no. So ɛrenyɛ abotɔyam sɛ yebehu sɛ ɛnyɛ yɛn ankasa na yɛhyɛ da yɛ nneɛma bi na mmom ɛyɛ biribi a wɔde woo yɛn ara kwa? Ɛyɛ nnipa su sɛ wɔde wɔn mfomso ho asodi bɛto obi anaa biribi foforo so.

Sɛ yɛde sobo no to awosu so a, ɛnde na nyansahufo betumi asesa no, na wɔnam awosu no mu nsakrae a wɔyɛ so ayi suban a ɛmfata biara afi hɔ. Tumi a wɔatumi ayɛ awosu nyinaa ho mfonini no na ama wɔn anidaso no mu ayɛ den kɛse.

Nanso, saa anidaso yi gyina nsusuwii a ɛne sɛ ɔkwan biara so no, yɛn awosu na ɛma yedi bɔne ne mfomso ahorow nyinaa so. So nyansahu mu nhwehwɛmufo ahu adanse a edi mu a ɛbɛma yɛatumi de asodi ato yɛn awosu so? Ɛda adi sɛ, mmuae no benya sɛnea yehu yɛn ho ne yɛn daakye so nkɛntɛnso kɛse. Nanso, ansa na yɛbɛyɛ adanse no mu nhwehwɛmu no, adesamma mfiase ho mpɛsɛmpɛsɛmu a yɛbɛyɛ no bɛma yɛate nneɛma ase yiye.

Sɛnea Ne Nyinaa Fii Ase

Nnipa dodow no ara nim, anaasɛ anyɛ yiye koraa no, wɔate kyerɛwtohɔ a ɛfa nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, bɔne wɔ Eden turom ho no ho asɛm. So wɔde awosu mu dɛmdi bi, dɛmdi a ɛma wɔtɔ kɔ bɔne ne asoɔden so, na ɛbɔɔ wɔn mfiase no?

Wɔn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, a ne nnwuma nyinaa yɛ pɛ no, kaa n’asase so abɔde nyinaa ho asɛm sɛ “eye papa.” (Genesis 1:31; Deuteronomium 32:4) Adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ na n’ani gye n’adwuma ho ne sɛ ohyiraa nnipa baanu a wodi kan no na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnwo nhyɛ asase so ma, na wonni n’asase so abɔde so—obi a onni ne nsa ano adwuma mu ahotoso renyɛ n’ade saa.—Genesis 1:28.

Ɛdefa nnipa baanu a wodii kan bɔɔ wɔn ho no, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.” (Genesis 1:27) Eyi nkyerɛ sɛ wɔbɔɔ nnipa ma wɔsɛɛ Nyankopɔn wɔ nipaduam, efisɛ “Onyankopɔn yɛ honhom.” (Yohane 4:24) Mmom no, ɛkyerɛ sɛ wɔde nipasu pa, ne abrabɔ ne ahonim bɔɔ nnipa. (Romafo 2:14, 15) Na wɔyɛ nnipa a wotumi paw nea wɔpɛ, a wotumi susuw nsɛm ho hu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ nso.

Nanso, wɔanto yɛn awofo a wodi kan no asaworam a wɔamma wɔn akwankyerɛ biara. Mmom no, wɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ nea sɛ wɔyɛ bɔne a, ebefi mu aba ho. (Genesis 2:17) Enti adanse no kyerɛ sɛ bere a Adam hyiaa abrabɔ ho gyinaesi no, ɔpaw sɛ ɔbɛyɛ nea osusuw sɛ ɛfata anaa eye ma no saa bere no. Odii ne yere akyi wɔ ne bɔneyɛ mu mmom sen sɛ anka obesusuw ɔne ne Bɔfo no ntam abusuabɔ anaa ɔhaw a ebefi ne nneyɛe mu aba bere tenten no ho. Akyiri yi, ɔbɔɔ mmɔden nso sɛ ɔde asodi no bɛto Yehowa so, na ɔkae sɛ ɔbea a Ɔde no maa no no na ɔdaadaa no.—Genesis 3:6, 12; 1 Timoteo 2:14.

Ade a Onyankopɔn yɛe wɔ Adam ne Hawa bɔne ho no kyerɛkyerɛ nneɛma mu pefee. Wammɔ mmɔden sɛ obesiesie ‘wɔn bɔ mu dɛmdi bi’ a ɛwɔ wɔn awosu mu no. Mmom no, ɔyɛɛ nea ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ebefi wɔn nneyɛe mu aba no, ade a ɛma wowui awiei koraa no. (Genesis 3:17-19) Saa asɛm yi ma yɛte sɛnea nnipa da nneyɛe bi adi no ase. *

Adanse a Etia Awosu

Bere tenten ni no, nyansahufo ayɛ adwumaden sɛ wobehu awosu mu nneɛma a ɛma nnipa yare ne wɔn nneyɛe ano aduru. Bere a nhwehwɛmufo akuw asia de mfirihyia du yɛɛ nhwehwɛmu akyi no, wohuu awosu mu ade a ɛde Huntington yare ba, ɛwom sɛ nhwehwɛmufo no nnim ɔkwan a awosu mu ade no fa so de ɔyare no ba de. Nanso, bere a Scientific American rebɔ nhwehwɛmu yi ho amanneɛ no, ɛfaa abɔde a nkwa wom ho nimdefo Evan Balaban a ɔwɔ Harvard no asɛm kae sɛ, “ɛkame ayɛ sɛ ɛbɛyɛ den kɛse ama yɛn daa sɛ yebehu awosu mu nneɛma a ɛma nnipa yɛ nneɛma a ɛmfata.”

Nokwarem no, nhwehwɛmu a wɔayɛ de abɔ mmɔden sɛ wɔde bɛkyerɛ sɛ awosu mu nneɛma pɔtee bi na ɛma nnipa da nneyɛe bi adi no adi nkogu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Psychology Today mu no, amanneɛbɔ bi a ɛfa mmɔden a wɔrebɔ de ahu awosu mu nneɛma a ɛma obi nya adwenemhaw ho no ka sɛ: “Nyarewa ho akontaabu a ɛfa adwenem nyarewa a emu yɛ den ho no da no adi pefee sɛ ɛnyɛ awosu mu nneɛma na ɛde nyarewa a ɛte saa ba.” Amanneɛbɔ no de nhwɛso bi ma sɛ: “Amerikafo a wɔwoo wɔn ansa na 1905 reba no mu ɔha mu 1 na wonyaa adwenemhaw bere a wodii mfe 75 no. Amerikafo a wɔwoo wɔn wɔ mfe 50 akyi no ɔha mu 6 na wonyaa adwenemhaw bere a wodii mfe 24 no!” Enti ɛkyerɛ sɛ nneɛma bi a enni nipadua no mu anaa asetram nsɛmnsɛm nkutoo na ebetumi de nsakrae kɛse a ɛte saa aba wɔ saa bere tiaa no mu.

Dɛn na saa nhwehwɛmu yi ne afoforo pii a wɔayɛ no kyerɛ yɛn? Ɛwom sɛ awosu aka sɛnea yɛn nipasu bɛyɛ de, nanso ɛda adi pefee sɛ nneɛma foforo nso wɔ hɔ a ɛyɛ saa. Ade titiriw biako ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, a nsakrae kɛse abam nnansa yi no. Ɛdefa anigyede a agye din a woyi kyerɛ nnɛ mmofra ho no, Boys Will Be Boys nhoma no ka sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ mmofra benya abrabɔ ho nnyinasosɛm horow a edi mu bere a “wonyin, na wɔde nnɔnhwerew ɔpedudu pii ahwɛ TV ne sini ahorow a wɔtow hyɛ nkurɔfo so wom, tow wɔn atuo, wowɔ wɔn sekan, tutu wɔn nsono, twitwa wɔn mu, worɔw wɔn were, anaa wotwitwa wɔn akwaa; bere a mmofra nyin, na wotie nnwom a ɛkamfo mmonnaato, ahodɔmdi, nnubɔne, asabow, ne kateeyɛ kyerɛ no.”

Ɛda adi pefee sɛ Satan, “wi yi ase sodifo no,” ahyehyɛ tebea bi a edi nnipa akɔnnɔbɔne ho dwuma no. Na hena na obetumi agye kyim wɔ nkɛntɛnso a emu yɛ den a tebea a ɛte saa de ba yɛn nyinaa so no ho?—Yohane 12:31; Efesofo 6:12; Adiyisɛm 12:9, 12.

Ade Titiriw a Ɛde Adesamma Haw Aba

Sɛnea yɛahu dedaw no, adesamma haw fii ase bere a nnipa baanu a wodi kan yɛɛ bɔne no. Dɛn na efi mu bae? Ɛwom sɛ ɛnyɛ Adam asefo na wɔyɛɛ bɔne a Adam yɛe no de, nanso wɔde bɔne, sintɔ, ne owu awo wɔn nyinaa. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Eyi nti, sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”—Romafo 5:12.

Onipa sintɔ ma ohyia tebea bɔne daa. Nanso ɛno mma ɔnne ne ho mfi abrabɔ ho asodi biara ho. Bible kyerɛ sɛ wɔn a wonya Yehowa nkwa nsiesiei mu gyidi na wɔde Onyankopɔn gyinapɛn ahorow di dwuma wɔ wɔn asetram no benya n’anim dom. Yehowa nam n’adɔe so yɛɛ nsiesiei a mmɔborohunu wom a ɔde begye adesamma, na sɛnea yɛbɛka no no, wasan atɔ nea Adam hweree no. Saa nsiesiei no ne agyede afɔrebɔ a ne Ba a ɔyɛ pɛ, Yesu Kristo, a ɔkaa nea edi so yi de mae no: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16; 1 Korintofo 15:21, 22.

Ɔsomafo Paulo daa anisɔ kɛse adi wɔ saa nsiesiei yi ho. Ɔkae sɛ: “Me manehunufo! Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu? Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!” (Romafo 7:24, 25) Ná Paulo nim sɛ, sɛ ɔyɛ bɔne esiane mmerɛwyɛ nti a, obetumi afa Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no so asrɛ Onyankopɔn hɔ fafiri. *

Te sɛ afeha a edi kan mu no, ɛnnɛ, nnipa pii a kan no na wɔn bra asɛe anaa ɛte sɛ nea wonni anidaso biara no abenya Bible mu nokware nimdeɛ, wɔayɛ nsakrae a ehia, na wɔafata ama Onyankopɔn nhyira. Ná ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ saa nsakrae no, na ɛsɛ sɛ wɔn mu pii kɔ so ko tia suban horow a ɛmfata. Nanso ɛdenam Onyankopɔn mmoa so, wotumi kura wɔn mudi mu na wonya anigye sɛ wɔresom no. (Filipifo 4:13) Susuw nhwɛso biako pɛ a ɛfa obi a ɔyɛɛ nsakrae kɛse na ama watumi asom Onyankopɔn ho no ho hwɛ.

Osuahu a Ɛhyɛ Nkuran

“Bere a na meyɛ abarimaa a na mekɔ sukuu a sukuufo no te hɔ no, mede me ho hyɛɛ bɔbeasu koro ntam nna mu, ɛwom sɛ mansusuw ho da sɛ mɛyɛ obi a ɔde ne ho hyɛ saa adeyɛ no mu. Ná m’awofo agyae aware, na m’ani gyinaa awofo dɔ a me nsa anka bi da no. Bere a miwiee sukuu no, wɔhyɛɛ me de me kɔɔ sraadi. Ná kuw bi a wɔde wɔn ho hyɛ bɔbeasu koro ntam nna mu te asraafo atrae a ɛtoa yɛn de so no hɔ. M’ani gyee wɔn asetra kwan no ho, enti mifii ase ne wɔn bɔe. Bere a mede me ho bɔɔ wɔn afe biako no, mifii ase buu me ho sɛ obi a mede me ho hyɛ bɔbeasu koro ntam nna mu. Mekae sɛ: ‘Saa na mete, na mintumi nyɛ ho hwee.’

“Mifii ase suaa kasa a nnipa a wɔde wɔn ho hyɛ bɔbeasu koro ntam nna mu ka no, na mekɔɔ baabi a wohyiam, beae a na yɛnom nnubɔne ne mmosa kwa no. Ɛwom sɛ honam mu de na ɛte sɛ nea ɛyɛ anigye ankasa de, nanso na ɛyɛ abofono koraa. Metee nka wɔ me mu sɛ saa abusuabɔ yi mfata na enni daakye pa.

“Wɔ kurow ketewaa bi mu no, mihuu Yehowa Adansefo Ahenni Asa bere a na wɔreyɛ nhyiam no. Mekɔɔ hɔ kotiee ɔkasa a na ɛfa daakye Paradise tebea ho no. Ɛno akyi no, mihyiaa Adansefo no bi na wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra ɔmansin nhyiam bi. Mekɔe, na na wobɛka sɛ adaeso bi—mihuu mmusua a wɔwɔ anigye a wɔabom resom. Mifii ase ne Adansefo no suaa Bible no.

“Ɛwom sɛ na ɛyɛ den ma me de, nanso mifii ase de nea meresua afi Bible mu no dii dwuma. Mitumi twee me ho fii afide a na meyɛ no nyinaa ho. Misuaa ade asram 14 akyi no, mihyiraa me nkwa so maa Yehowa na wɔbɔɔ me asu. Bere a edi kan wɔ m’asetram no, minyaa nokware nnamfo. Matumi aboa afoforo ma wɔn nso asua Bible mu nokware no, na mprempren mesom sɛ asafo mu somfo wɔ Kristofo asafo no mu. Yehowa ahyira me ankasa.”

Asodi no Da Yɛn Ankasa So

Ɛnyɛ ano aduru no ne sɛ yɛde yɛn nneyɛe bɔne ho asodi nyinaa bɛto yɛn awosu nkutoo so. Psychology Today ka sɛ, sɛ́ anka saayɛ bɛboa yɛn ma yɛadi yɛn haw ho dwuma, adi so nkonim mmom no, “ɛbɛkyerɛ yɛn mmom sɛ ɛyɛ biribi a yentumi nyɛ ho hwee na ɛde yɛn haw ahorow no pii ba titiriw. Sɛ́ anka ɛbɛtew ɔhaw dodow a esisi so no, ɛte sɛ nea ama anya nkɔanim mmom.”

Ɛwom, ɛsɛ sɛ yɛne tumi bɔne ahorow a ano yɛ den di asi, a nea ɛka ho ne yɛn ankasa bɔne su ahorow ne mmɔden a Satan bɔ sɛ ɔremma yɛnyɛ osetie mma Onyankopɔn. (1 Petro 5:8) Ɛwom nso sɛ yɛn awosu betumi anya yɛn so nkɛntɛnso wɔ akwan horow so. Nanso wɔntoo yɛn asaworam. Nokware Kristofo wɔ aboafo a wɔyɛ den—Yehowa, Yesu Kristo, Onyankopɔn honhom kronkron, N’asɛm Bible no, ne Kristofo asafo no.—1 Timoteo 6:11, 12; 1 Yohane 2:1.

Ansa na Israel man no rehyɛn Bɔhyɛ Asase no so no, Mose kaee nkurɔfo no asɛyɛde a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim no sɛ: ‘Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa, na dɔ Yehowa wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho.’ (Deuteronomium 30:19, 20) Saa ara na nnɛ, ankorankoro biara wɔ asɛyɛde sɛ obesi gyinae sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn na wadu n’ahwehwɛde ahorow ho anaasɛ ɔnyɛ saa. Ɛyɛ w’ankasa wo gyinaesi.—Galatifo 6:7, 8.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 Hwɛ October 8, 1996 Nyan!, nkratafa 15-20.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 9]

So wɔhyehyɛ too hɔ sɛ Adam ne Hawa bɛyɛ bɔne denam wɔn awosu mu dɛmdi bi so?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

So ɛsɛ sɛ obiara gye n’ankasa gyinae ho asodi to ne ho so?

[Asɛm Fibea]

Drug user: Godo-Foto

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Mmɔden a wɔabɔ sɛ wobehu sɛ awosu na ɛma nnipa da nneyɛe bi adi no adi nkogu

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Nea Bible ka a nnipa komapafo de bedi dwuma no betumi aboa wɔn ma wɔasakra