Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Minyaa Onyamesom Pa So Mfaso

Minyaa Onyamesom Pa So Mfaso

Asetram Nsɛm

Minyaa Onyamesom Pa So Mfaso

SƐNEA WILLIAM AIHINORIA KA KYERƐE

Paapa pene a na ɔtaa pene no nyanee me ɔdasu mu. Na ɔde ne nsa aso ne yafunu mu rebu fa so wɔ fam hɔ. Me ne Maame, ne me nuabea panyin no twaa ne ho hyiae. Bere a ɛyɛɛ sɛ yaw no regyae kakra no, ɔsɔre traa ase, guu ahome kae sɛ: “Yehowa Adansefo nkutoo na wɔwɔ asomdwoe wɔ asase yi so.” Na asɛm no asete yɛ den nanso enyaa me so nkɛntɛnso kɛse efisɛ na mentee Yehowa Adansefo ho asɛm da. Na minhu nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ.

SAA asɛm no sii wɔ 1953 mu bere a na madi mfe asia no. Na mifi aware dodow abusua bi a ɛwɔ Ewossa, akuraa bi a ɛwɔ Nigeria atɔe fam mfinimfini a adwuma titiriw a wɔyɛ ara ne kua mu. Na me ne abofra a ɔto so abien, nanso na me ne ɔbabarima a odi kan wɔ abusua a akyiri yi na Paapa yerenom 3 ne mmofra 13 wom no mu. Na yɛn nyinaa gu Nanabarima dɔte dan a emu adan yɛ anan no mu. Na Nanabea ne Paapa nuabarimanom baasa ne wɔn mmusua nso ka abusua no ho.

Na me mmofraase yɛ awerɛhow. Nea ɛma ɛbaa saa titiriw ne Paapa akwahosan a na enye no. Na ɔwɔ yafunyare bi a enni sabea a ɛtraa no so kyɛe kosii ne wuda mfe pii akyi. Aduru biara—sɛ́ ɛyɛ ahabannuru anaa abibiduru a Afrikani hiani betumi atɔ antumi ansa ne yare a na yenhu faako a efi no. Anadwo pii wɔ hɔ a na yɛtra Paapa nkyɛn su bere a obu fa so kosi sɛ akokɔ bɛbɔn adekyee no. Na ɔtaa ne Maame tu kwan gyaw me ne me nuanom no ma Nanabea, kɔhwehwɛ ne yare no ano aduru.

Na bayerɛ, bankye, ne bese ho kua na abusua no yɛ de didi. Na yɛsan bɔ amane tɔn de ka sika kakra a yenya no ho. Na aduan titiriw a yedi ne bayerɛ. Na yedi bayerɛ anɔpa, wɔw bi fufu awia, san di bi anwummere. Sɛ ɛwom ara a yedi brɔde a wɔatõtõ de sakra mu.

Na nananom som di akoten wɔ yɛn asetra mu. Na abusua no de aduan gu ade mu kosi nnua a wɔde sedeɛ abobɔ ho anim. Na Paapa nso som bosom de pam ahonhommɔne ne abayifo.

Bere a midii mfe anum no, yetu fii yɛn akuraa ase hɔ kɔtraa beae bi a wɔyɛ afuw a ne tenten bɛyɛ kilomita 11 bere tiaa bi. Mfã yɛɛ Paapa, na ɛma ohuu amane pii kaa ne yafun yare no ho. Sɛ edu anɔpa a ontumi nyɛ adwuma, edu anwummere nso a na ne yafunu no yɛ no yaw. Yare bi te sɛ atiridiinini bɔɔ me. Ne saa nti, na abusuafo na wɔhwɛ yɛn wɔ yɛn adidi ne biribiara mu. Sɛnea ɛbɛyɛ na ohia ankum yɛn no, yɛsan kɔɔ yɛn akuraa ase hɔ wɔ Ewossa. Sɛ́ abakan no, na Paapa pɛ sɛ minya adwuma pa bi yɛ sen sɛ mɛyɛ okuafo hiani ara kwa. Ɔtee nka sɛ sɛ minya adesua a etu mpɔn a, ɛbɛboa me ma manya asetra pa na matumi ahwɛ me nuanom no yiye.

Nkitaho a Me Ne Ɔsom Ahorow Dii

Bere a yɛsan baa yɛn akuraa ase hɔ no, mitumi fii sukuu ase. Eyi ma me ne ɔsom ahorow a ɛwɔ Kristoman mu benyaa nkitahodi. Wɔ 1950 mfe no mu no na Atɔe fam adesua ne atubrafo sodifo wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Esiane sɛ na mekɔ Katolekfo sukuu nti na ɛsɛ sɛ mɛkɔ Roma Katolek asɔre.

Wɔ 1966 mu bere a midii mfe 19 no, wogyee me wɔ Pilgrim Baptist Ntoaso Sukuu a ɛwɔ Ewohinmi a efi hɔ kɔ Ewossa bɛyɛ sɛ kilomita 8 no mu. Mekɔɔ hɔ no, me nyamesom ho adesua sesãe. Esiane sɛ afei de mekɔ Protestantfo sukuu nti, Katolek asɔfo no ampene sɛ medi Kwasida Mass no bi.

Bere a mekɔɔ Baptistfo sukuu ne bere a edi kan a mekenkanee Bible. Ɛwom sɛ na meda so ara kɔ Katolek asɔre de, nanso na Kwasida biara sɛ mifi Katolek asɔre ba a, m’ankasa mekenkan Bible no. M’ani gyee Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ no ho, na ɛkanyan me ma mibenyaa ɔpɛ sɛ mede Onyamesom pa bɛbɔ me bra. Dodow a mekenkanee Bible no, dodow no ara na nyaatwom adeyɛ a na nyamesom akannifo bi yɛ ne brabɔne a ɔsɔfo pii bɔ no haw me. Nea mihui wɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo ho no ne nea Yesu ne n’asuafo no kyerɛkyerɛe no bɔ abira koraa.

Nsɛm bi a esisii maa me ho dwiriw me. Da koro bi a mekɔɔ ɔsɔfo bi sotɔɔ ano sɛ merekɔtɔ rosary no, mihuu suman bi sɛ ɛsɛn pon no ano. Bere foforo nso, Baptist sukuu no panyin bɔɔ mmɔden sɛ ɔne me bɛda. Akyiri yi mibehui sɛ ɔyɛ obi a ɔne mmarima da. Misusuw eyinom ho na mibisaa me ho sɛ: ‘So Onyankopɔn pene ɔsom ahorow a emufo ne mpo akannifo yɛ bɔne a emu yɛ duru na wɔnka wɔn hwee no so?’

Ɔsom a Mesesa

Nanso, m’ani gyee nea mekenkan fii Bible no mu no ho na misii gyinae sɛ mɛkɔ so akenkan. Saa bere no na mifii ase susuw asɛm bi a Paapa ka kyerɛɛ me mfe 15 a atwam ni no ho sɛ: “Yehowa Adansefo nkutoo na wɔwɔ asomdwoe wɔ asase yi so.” Nanso na misuro efisɛ, na wodi Adansefo mmofra a wɔwɔ me sukuu hɔ no ho fɛw na ɛtɔ mmere bi a wɔtwe wɔn aso esiane sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ yɛn anɔpasɔre no mu nti. Na ná wɔn gyidi no bi wɔ hɔ a emu nna hɔ papa. Sɛ nhwɛso no, na ɛyɛ den sɛ megye adi sɛ 144,000 nkutoo na wɔrekɔ soro. (Adiyisɛm 14:3) Esiane sɛ na ɛyɛ me pɛ sɛ mekɔ soro nti, medwenee ho sɛ ebia wɔpaw nnipa dodow yi wiei ansa na wɔrewo me anaa.

Na ɛda adi pefee sɛ Adansefo no abrabɔ ne wɔn nneyɛe yɛ soronko. Wɔmfa wɔn ho nhyɛ brabɔne ne basabasayɛ a mmofra afoforo a wɔwɔ sukuu mu yɛ no mu. Me de, na mihu no sɛ, wɔatwe wɔn ho afi wiase no ho, sɛnea makenkan afi Bible no mu sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom nokware som yɛ no.—Yohane 17:14-16; Yakobo 1:27.

Misii gyinae sɛ mɛyɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri. Wɔ September 1969 mu no, mitumi nyaa “Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu” no bi. Ɔsram a edi hɔ no mu no, ɔkwampaefo bi, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa somfo no, ne me fii ase suaa ade. Bere a adesua a edi kan no kaa me koma no, mifii ase kenkanee Nokware nhoma no Memeneda anwummere bi na miwiee kenkan da a edi hɔ no awia. Ntɛm ara na mifii ase kaa nneɛma a ɛyɛ anigye a makenkan no ho asɛm kyerɛɛ me mfɛfo sukuufo no. Sukuufo no ne akyerɛkyerɛfo no susuwii sɛ me gyidi foforo a manya no rebɔ me dam. Nanso, na minim sɛ ɛnyɛ dam na merebɔ.—Asomafo no Nnwuma 26:24.

Wɔkɔbɔɔ ɔsom foforo a meredi ho adanse no ho amanneɛ kyerɛɛ m’awofo. M’awofo too me nkra sɛ memmra fie ntɛm na wɔnhwehwɛ dekode a ɛreyɛ me. Na obiara nni hɔ a metumi akɔ ne nkyɛn akogye afotu, efisɛ na Adansefo no nyinaa kɔ wɔn nhyiam akɛse no biako wɔ Ilesha. Bere a mikoduu fie no me maame ne m’abusuafo a aka no de nsɛmmisa ne kasatia pii puapuaa me. Mebɔɔ mmɔden sɛnea metumi biara sɛ meyi me ho ano wɔ nea meresua afi Bible mu no ho.—1 Petro 3:15.

Bere a me wɔfa bɔɔ mmɔden nanso wantumi ankyerɛ sɛ Yehowa Adansefo yɛ atoro akyerɛkyerɛfo no ɔfaa kwan foforo so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Kae sɛ wokɔɔ sukuu sɛ worekosua ade. Sɛ wugyae w’adesua no de yɛ asɛnka a, worenwie wo sukuu no da. Dɛn nti na wonwie wo sukuu no ansa na wode wo ho akɔbɔ ɔsom foforo yi.” Saa bere no na ɛte sɛ nea ntease wɔ n’asɛm no mu, enti me ne Adansefo no gyaee adesua no.

Bere a miwiee sukuu wɔ December 1970 mu no, mekɔɔ Ahenni Asa so tẽẽ, na makɔ Yehowa Adansefo nhyiam fi saa da no de besi nnɛ. Wɔ August 30, 1971 mu no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne maa Onyankopɔn. Saa adeyɛ no yɛɛ m’awofo ne kurow mũ no nyinaa nwonwa. Wɔkae sɛ madi wɔn huammɔ efisɛ me nkutoo na mifi Ewossa anaa nkurow a ɛbɛn hɔ mu a manya nimdeɛ ho abasobɔde afi aban hɔ. Ná nnipa pii hwɛ kwan sɛ mɛyɛ biribi pa. Na wɔhwɛ kwan sɛ mede me nimdeɛ no bɛboa ɔman no.

Nea Efi Ɔsom a Mesesae no mu Bae

M’abusuafo ne kurow no mu mpanyimfo tuu abɔfo sɛ wɔne me mmɛkasa na minnyae me gyidi no mu. Ná nnome frafra nsɛm a wɔne me bɛkae no mu. Wɔkae sɛ: “Sɛ woannyae ɔsom yi a, daakye wobɛbrɛ. Worennya adwuma nyɛ. Worentumi nsi w’ankasa wo dan. Worentumi nware nwo mma.”

Nea ɛne nkɔm huhuuhu a wɔhyɛe no bɔ abira no, bere a miwiee sukuu asram du akyi no, minyaa adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo. Wɔ October 1972 mu no, mewaree me yere a medɔ no, Veronica. Akyiri yi, aban tetee me sɛ kuayɛ ho mpɔntu kwankyerɛfo. Metɔɔ me kar a edi kan, na mifii ase sii fie a yɛbɛtra mu. Wɔ November 5, 1973 mu no, yɛwoo yɛn abakan, Victory, na mfe a edii hɔ no nso mu no yɛwoo Lydia, Wilfred, ne Joan. Yɛwoo yɛn kaakyiri, Micah wɔ 1986 mu. Wɔn nyinaa ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ mma a wɔsom bo, agyapade a efi Yehowa hɔ.—Dwom 127:3.

Sɛ mibu kɔmpɔ a, metumi aka sɛ nneɛma bɔne a ɔmanfo no kae sɛ ɛbɛba me so no nyinaa adan nhyira. Ɛno nti na metoo me babea a odi kan no din sɛ Victory no. Nnansa yi, ɔman no mufo kyerɛw krataa bi brɛɛ me kae sɛ: “Yɛsrɛ wo sɛ, afei a Onyankopɔn rehyira wo yi bra fie na bɛboa ma ɔman no ntu mpɔn.”

Mmofra a Yɛtete Wɔn Wɔ Onyankopɔn Akwan So

Na me ne me yere nim sɛ yɛrentumi mfa yɛn asɛyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛntete mmofra no mfra honam fam ahonyade. Enti, yɛasua sɛ yɛremma yɛn asetra nkyere so. Yɛpɛ sɛ yɛtra ase saa kwan yi so sen sɛ yɛbɛpaw asetra kwan foforo ahyia mu haw ahorow.

Wɔ beae a yɛte no, yetumi ne mmusua afoforo tra fie biako mu guara wɔ aguare biako, noa aduan wɔ gyaade biako, ne nea ɛkeka ho. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ baabiara a wɔde me bɛkɔ sɛ aban odwumayɛni biara no, yetumi gye fie a yɛn nkutoo na yɛte mu tua ho ka. Ɛwom, afie a ɛtete saa no bo yɛ den de, nanso, ɛno mu a na yɛtra no boaa mmofra no ma wɔanhyia nkɛtɛnso bɔne pii, ɛboa mmofra no ma wonnya nkɛntɛnso bɔne biara. Meda Yehowa ase sɛ bɛyɛ mfe bebree ni no, yɛatumi atete yɛn mma no wɔ honhom fam tebea a eye mu.

Bio nso, me yere ne mmofra no atra fie sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne wɔn bɛtra na wahwɛ wɔn so. Sɛ mepɔn adwuma ba fie a, yɛbɔ mmɔden yɛ biribi bom sɛ abusua. Nea yɛyɛ biara no, yɛyɛ bom sɛ abusua. Nea ɛka eyi ho ne abusua Bible adesua, yɛn ho a yesiesie ma asafo nhyiam ne ne kɔ, yɛn ho a yɛde hyɛ Kristofo asɛnka kɔ, ne fekubɔ ahorow mu.

Yɛabɔ mmɔden sɛ yebedi afotu a ɛwɔ Deuteronomium 6:6, 7 a ɛhyɛ awofo nkuran sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma wɔ fie ne bere biara a wobenya hokwan no akyi. Eyi ama mmofra no fa nnamfo wɔ asafo no mu sen sɛ anka wobefi asafo no mu akɔfa nnamfo. Wɔadi yɛn nhwɛso akyi wɔ nnamfo a wɔfa mu efisɛ me ne Veronica nsɛe yɛn bere wɔ wɔn a yɛne wɔn nni gyidi biako no ho.—Mmebusɛm 13:20; 1 Korintofo 15:33.

Ɛwom sɛ ɛnyɛ ahobammɔ ne nkyerɛkyerɛ a yɛde ma mmofra no nkutoo na anya wɔn asetra so nkɛntɛnso pa. Yɛn fie da so ara yɛ baabi a Kristofo a wɔyɛ nsi, a wɔn mu dodow no ara yɛ Yehowa Adansefo ahwɛfo akwantufo taa soɛ. Mmere dodow a saa Kristofo a wɔn ho akokwaw yi ne yɛn abusua no dii no ama yɛn mma no anya hokwan asua biribi afi wɔn asetra kwan a wɔde abɔ afɔre no mu. Eyi ahyɛ yɛn nkyerɛkyerɛ mu den, na ama mmofra no agye Bible mu nokware no atom.

Manya Onyamesom Pa So Akatua

Ɛnnɛ, me ne me yere ne yɛn mma no mu baanan yɛ bere nyinaa asomfo. Me na midii kan yɛɛ akwampae adwuma no wɔ 1973 mu. Mfe a abɛsen kɔ no mu no, esiane sikasɛm mu tebea nti, ɛwom a na magyae bere nyinaa som adwuma no na akyiri yi masan ayɛ. Na metaa nya hokwan bi nso kɔkyerɛ ade wɔ Ahenni Som Sukuu a wɔde tete Yehowa Adansefo Kristofo mpanyimfo mu. Nnansa yi ara nso m’ani agye hokwan a manya sɛ mesom sɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no muni, na mesan nso yɛ kuropɔn sohwɛfo wɔ Uhonmora no ho.

Me mmabea baanu a wodi kan, Victory ne Lydia, aware Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ anigye. Wɔne wɔn kununom som sɛ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Igieduma, Nigeria no mufo. Yɛn ba barima panyin Wilfred som sɛ asafo mu somfo, na yɛn ba kumaa Micah, taa de ne ho hyɛ akwampaefo aboafo adwuma no mu. Wɔ 1997 mu no, Joan wiee ntoaso sukuu na ɔde ne ho hyɛɛ daa akwampaefo adwuma no mu.

Nneɛma a ama m’anya anigye wɔ m’asetram no mu biako ne sɛ mereboa afoforo ma wɔasom Yehowa Nyankopɔn. Eyinom mu bi ne m’abusua santen no mufo. Me papa bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsom Yehowa, nanso aware dodow antumi amma no ansom. Efi me mmofra ase pɛɛ na madɔ nnipa. Sɛ mihu sɛ afoforo rebrɛ a, mibu m’ani gu me haw ahorow so te sɛ nea ɛho nhia biara. Ɛyɛ me sɛ wohu sɛ mifi nokwaredi mu pɛ sɛ meboa wɔn, na ɛno ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔne me bɛkasa.

Wɔn a meboaa wɔn ma wohuu Onyankopɔn atirimpɔw no mu biako ne aberante bi a waka mpa mu. Na ɔyɛ adwuma wɔ anyinam ahoɔden adwumayɛbea, a da bi anyinam ahoɔden de no hwee hɔ ma efi ne soro kosi ne nan ase dwudwoe. Ɔpenee so ma yɛyɛɛ Bible adesua na ankyɛ na ɔde nea osua no dii dwuma. Bere a edi kan koraa wɔ mfe 15 a atwam ni a ɔsɔre fii mpa so ne n’asubɔ da wɔ October 14, 1995 mu wɔ asuten bi a ɛbɛn yɛn fie hɔ mu. Ɔkae sɛ saa bere no ne bere a n’ani gyei wɔ asetram sen biara. Mprempren ɔyɛ asafo mu somfo.

Metumi aka sɛ minnuu me ho sɛ mede mfe bɛyɛ 30 ne nnipa a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa no abom asom. Mahu sɛnea wɔda ɔdɔ adi ankasa wɔ wɔn mu. Sɛ mpo daa nkwa ho anidaso nka akatua a Yehowa de bɛma n’asomfo anokwafo ho a, mɛkɔ so ara de Onyamesom pa atra ase. (1 Timoteo 6:6; Hebrifo 11:6) Ɛyɛ ade a asiesie me na ama manya nnyinaso wɔ m’asetram, ama me ne m’abusua anya anigye ne akomatɔyam.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Me ne me yere ne me mma wɔ 1990 mu

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Me ne me yere ne me mma ne me nsewnom baanu