Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So ɛyɛ ahwehwɛde sɛ wɔde obi a ɔpɛ sɛ ogye asubɔ nanso esiane dɛmdi a emu yɛ den anaa yare a ɔyare denneennen nti ɛbɛma ayɛ den sɛ wɔde no bɛhyɛ nsu mu no, hyɛ nsu mu koraa?

Asɛmfua “asubɔ” fi Hela adeyɛ asɛm baʹpto, a ɛkyerɛ sɛ ‘wɔde hyɛ mu’ no mu. (Yohane 13:26) Wɔ Bible mu no, sɛ “wɔbɛbɔ asu” ne sɛ “wɔde hyɛ nsu mu” no yɛ ade koro. Ɛdefa Etiopiani piani a Filipo bɔɔ no asu no ho no, The Emphasised Bible a Rotherham kyerɛwee no ka sɛ: “Wɔn baanu sian kɔɔ nsu no mu, Filipo ne opiani no,—na ɔde no hyɛɛ nsu no mu.” (Asomafo no Nnwuma 8:38) Enti, wɔde nipa a wɔrebɔ no asu no hyɛ nsu ase ankasa.—Mateo 3:16; Marko 1:10.

Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu.” (Mateo 28:19, 20) Saa ara na Yehowa Adansefo yɛ nhyehyɛe bɔ asu wɔ nsubura, atare, nsubɔnten, anaa mmeae foforo a nsu bebree wɔ a wobetumi de obi ahyɛ mu koraa no. Esiane sɛ asubɔ a wɔde obi hyɛ nsu mu koraa yɛ Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde nti, nnipa nni tumi sɛ woyi obi fi asubɔ mu. Enti, sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe soronko koraa esiane sɛnea obi tebea te nti ansa na wɔabɔ no asu a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Sɛ nhwɛso no, asu a wɔbɔ wɔ guasɛn akɛse mu aboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim anaa ne titiriw no wɔn a wɔyare paa. Wobetumi aka guasɛn no mu nsu no hyew, na wɔde asubɔhwehwɛfo no asi nsu no mu bɔkɔɔ, na afei bere a ɛne ne ho agye no, wɔde no ahyɛ nsu no mu ankasa.

Wɔabɔ nnipa a wɔwɔ dɛmdi a emu yɛ den mpo asu. Sɛ nhwɛso no, wɔde nnipa a wɔayɛ wɔn dwɛɛdwɛɛwa mu oprehyɛn, na ɛno nti, wɔwɔ menewam tokuru a aka hɔ, anaa wɔn a ɛsɛ sɛ wɔde afiri a ɛma wotumi home di dwuma, ahyɛ nsu mu. Nokwarem no, ɛho behia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe yiye paa wɔ asubɔ a ɛte saa ho. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wonya ɔyarehwɛfo anaa oduruyɛfo bi wɔ hɔ. Sɛnea ɛte no, sɛ wɔyɛ ahwɛyiye paa a, ɛkame ayɛ sɛ wobetumi abɔ asu wɔ tebea biara mu. Ɛno nti, sɛ ɛyɛ onii no pɛ paa, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ obegye asiane a ɛwom no ho asodi ato ne ho so a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden biara a ɛfata na wɔbɔ no asu.