Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Owu Ho Atosɛm Bi Ho Nhwehwɛmu a Ɛkɔ Akyiri a Yɛbɛyɛ

Owu Ho Atosɛm Bi Ho Nhwehwɛmu a Ɛkɔ Akyiri a Yɛbɛyɛ

Owu Ho Atosɛm Bi Ho Nhwehwɛmu a Ɛkɔ Akyiri a Yɛbɛyɛ

ABAKƆSƐM nyinaa mu no, onipa nhu nea ɔnyɛ na ɔbɔ hu wɔ owu ho akwanhwɛ a ɛyɛ awerɛhow no ho. Bio nso, atoro nyamesom nsusuwii ahorow, amanne a agye din, ne ankorankoro gyidi horow a ase atim ama owu ho hu no ayɛ kɛse. Ade a ɛhaw adwene wɔ owu ho suro ho ne sɛ ebetumi ama obi ahwere anigye wɔ asetram na asɛe ahotoso a ɔwɔ sɛ asetra wɔ atirimpɔw no.

Nyamesom a agye din titiriw na ama owu ho atosɛm pii asɔre no. Bere a yɛde Bible mu nokware no yɛ eyinom mu kakra ho nhwehwɛmu no, hwɛ sɛ ebetumi ama adwene a wukura wɔ owu ho no mu ada hɔ pefee anaa.

Atosɛm 1: Owu yɛ nkwa awiei.

Death—The Final Stage of Growth nhoma no ka sɛ: “Owu . . . yɛ yɛn asetra fã titiriw.” Nsɛm a ɛtete saa no da gyidi a ɛne sɛ wɔde owu bɔɔ yɛn, na ɛyɛ ade a ɛde abɔde a nkwa wom nyinaa asetra ba awiei no adi. Enti, gyidi a ɛte saa no ama nnipa pii anya adwene sɛ ɛnsɛ sɛ wogye biribiara di na wɔde hokwan ahorow a wonya yɛ nea wɔpɛ.

Na so owu yɛ asetra awiei ankasa? Ɛnyɛ nhwehwɛmufo nyinaa na wogye tom saa. Sɛ nhwɛso no, Calvin Harvey, abɔde a nkwa wom ho nimdefo a ɔyɛ onyin ho nhwehwɛmu no kae wɔ nsɛm a wobisabisaa no mu sɛ onnye nni sɛ “wɔahyehyɛ sɛ” nnipa “nwu.” Nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa ho nimdefo William Clark kae sɛ: “Owu nka nkwa ho nkyerɛkyerɛmu ho koraa.” Seymour Benzer a ɔwɔ California Mfiridwuma Asuae no ka sɛ “yebetumi aka onyin ho asɛm ma afata sɛ ɛnyɛ wɔɔkye, na mmom ɛte sɛ tebea bi a yɛwɔ anidaso sɛ ebetumi asesa.”

Sɛ nyansahufo sua sɛnea wɔbɔɔ nnipa ho ade a, wɔn ho dwiriw wɔn. Wohu sɛ wɔama yɛn nneɛma ne tumi a ɛboro nea yehia wɔ yɛn nkwa nna a ɛne mfirihyia 70 kosi 80 no mu no so koraa. Sɛ nhwɛso no, nyansahufo ahu sɛ onipa amemene no wɔ tumi kɛse a ɛde kora nsɛm so. Nhwehwɛmufo biako buu akontaa sɛ yɛn amemene betumi akora nsɛm a “ebetumi akɔ nhoma apo bɛyɛ ɔpepem aduonu mu, a ne dodow te sɛ nea ɛwɔ wiase nhomakorabea ahorow a ɛsõsõ sen biara mu no.” Amemene ho nyansahufo binom bu akontaa sɛ wɔ onipa nkwa nna nyinaa mu no, ɔde tumi a n’amemene wɔ ankasa no mu ɔha mu 1 mu nkyem 100 pɛ na edi dwuma. Ɛfata sɛ yebebisa sɛ, ‘dɛn nti na yɛwɔ amemene a etumi kora nsɛm pii saa bere a yɛde emu ketewaa bi pɛ na edi dwuma wɔ yɛn nkwa nna mu?’

Afei nso, susuw sɛnea nnipa yɛ wɔn ade wɔ owu ho, a ɛnyɛ wɔn awosu no ho hwɛ! Wɔ nnipa dodow no ara fam no, ɔyere, okunu, anaa ɔba wu betumi ayɛ osuahu a ɛyɛ yaw sen biara wɔ asetram. Sɛ ebinom dɔfo paa wu a, wɔtaa haw kɛse bere tenten. Ɛyɛ den ma wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔde owu bɔɔ onipa no mpo sɛ wobegye atom sɛ wɔn ankasa wu bɛkyerɛ sɛ biribiara aba awiei. British Medical Journal kaa “adwene a animdefo pii kura a ɛne sɛ obiara pɛ sɛ ɔtra ase bere tenten sɛnea obetumi” no ho asɛm.

Esiane nea onipa yɛ wɔ owu ho ankasa, sɛnea otumi kae nsɛm, na osua ade ma ɛyɛ nwonwa, ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛtra ase daa no nti, so ɛnna adi pefee sɛ wɔbɔɔ no sɛ ɔntra ase daa? Nokwarem no, Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ ɔkwan biara so no, wonwu, na mmom, ɔbɔɔ wɔn sɛ wɔntra ase daa. Hyɛ ade a Onyankopɔn de sii nnipa baanu a wodi kan anim sɛ wɔn daakye no nsow: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.” (Genesis 1:28) Daakye a ɛyɛ anigye na enni awiei bɛn ara ni!

Atosɛm 2: Onyankopɔn nam owu so fa nkurɔfo kɔ ne nkyɛn.

Ɛna bi a wadi mfe 27 a na ɔrewu agyaw ne mma baasa hɔ no ka kyerɛɛ Katolek ɔbea kokorani bi sɛ: “Mmɛka nkyerɛ me sɛ eyi yɛ Onyankopɔn apɛde ma me. . . . Mikyi sɛ obi foforo bɛka saa akyerɛ me.” Nanso, eyi ne nea ɔsom pii kyerɛkyerɛ fa owu ho—sɛ Onyankopɔn fa nkurɔfo kɔ ne nkyɛn.

So Ɔbɔadeɛ no tirim yɛ den araa ma ɔnam atirimɔden so ma yewuwu, bere a onim sɛ eyi ma yedi awerɛhow no? Dabi, Bible Nyankopɔn no nyɛ saa. Sɛnea 1 Yohane 4:8 kyerɛ no, “Onyankopɔn ne dɔ.” Hyɛ no nsow sɛ ɛnka sɛ Onyankopɔn ɔdɔ anaasɛ Onyankopɔn nnipa, na mmom ɛka sɛ Onyankopɔn ne dɔ. Onyankopɔn dɔ mu yɛ den, ɛyɛ kronn, ɛyɛ pɛ, na ɛda adi wɔ ne nipasu ne ne nneyɛe nyinaa mu araa ma yebetumi aka ne ho asɛm ma afata sɛ ɔno ankasa ne ɔdɔ. Eyi nyɛ Onyankopɔn a ɔnam owu so fa nkurɔfo kɔ ne nkyɛn.

Atoro som ama nnipa pii adwene atu afra wɔ baabi a awufo wɔ ne tebea a wɔwom no ho. Ɔsoro, hell, ahodwiragya, Limbo—eyi ne mmeae foforo a wɔkyerɛ sɛ awufo kɔ no ma nkurɔfo adwene tu fra na ɛbɔ wɔn hu koraa. Nanso, Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ awufo nnim biribiara; wɔwɔ tebea bi a yebetumi de atoto nna ho ma afata yiye mu. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Yohane 11:11-14) Enti, enhia sɛ yɛhaw yɛn ho wɔ nea ɛbɛba yɛn so wɔ owu akyi no ho, sɛnea yɛrenhaw yɛn ho bere a yehu sɛ obi ada nnahɔɔ no. Yesu kae sɛ bere bi bɛba a ‘wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa befi adi’ aba asetra foforo mu wɔ paradise asase so.—Yohane 5:28, 29; Luka 23:43.

Atosɛm 3: Onyankopɔn fa mmofra nkumaa ma wɔkɔyɛ abɔfo.

Elisabeth Kübler-Ross, a ɔyɛɛ nnipa a wɔyare owuyare ho nhwehwɛmu no, twee adwene sii adwene foforo a nyamesomfo dodow no ara kura no so. Bere a ɔreka asɛm bi a esii ankasa ho asɛm no, ɔkae sɛ “nyansa nnim sɛ yɛbɛka akyerɛ abofra bi a wahwere ne nuabarima no sɛ Onyankopɔn dɔ mmarimaa araa ma ɔfaa abofra Johnny kɔɔ soro.” Nsɛm a ɛte saa mma wonnya Onyankopɔn ho adwene a ɛteɛ na ɛnna ne nipasu ne ne nneyɛe adi. Oduruyɛfo Kübler-Ross toaa so sɛ: “Bere a saa abeawa ketewa yi nyin bɛyɛɛ ɔpanyin no, ɔkɔɔ so nyaa Onyankopɔn ho abufuw, na ɛma onyaa adwenemhaw kɛse wɔ mfe aduasa akyi bere a ɔhweree n’ankasa ba abarimaa no.”

Dɛn nti na Onyankopɔn bɛfa abofra bi de no akɔyɛ ɔbɔfo foforo—te sɛ nea Onyankopɔn hia abofra no sen abofra no awofo ankasa? Sɛ ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn fa mmofra a, so ɛremma ɔnyɛ Ɔbɔadeɛ pɛsɛmenkominyafo a onni dɔ? Nea ɛne adwene a ɛte saa bɔ abira no, Bible ka sɛ: “Ɔdɔ fi Nyankopɔn mu.” (1 Yohane 4:7) So ɔdɔ Nyankopɔn bɛma yɛahwere biribi a nnipa a wɔn bra ye kakra mpo bɛka sɛ ntease nnim sɛ ɔyɛ saa no?

Ɛnde dɛn nti na mmofra wu? Wɔakyerɛw mmuae a Bible de ma no fã bi wɔ Ɔsɛnkafo 9:11: “Ɛbere ne [akwanhyia, NW] to wɔn nyinaa.” Dwom 51:5 ka kyerɛ yɛn sɛ yɛn nyinaa tɔ sin, na yɛyɛ abɔnefo fi awo mu, na mprempren nea ɛbɛto nnipa nyinaa ne owu a ɛnam nneɛma pii so ba no. Ɛtɔ mmere bi a, biribi ma abofra bi wu wɔ yafunu mu ansa na wɔawo no. Wɔ nsɛm foforo mu no, mmofra wu esiane tebea dennen bi a wɔbam nti, anaasɛ wotumi hyia akwanhyia ma wowu. Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma nneɛma a ɛtete saa no ba.

Atosɛm 4: Wɔyɛ ebinom ayayade wɔ owu akyi.

Ɔsom pii kyerɛkyerɛ sɛ amumɔyɛfo bɛkɔ hellgya mu na wɔayɛ wɔn ayayade daa. So saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ nea ntease wom na egyina Kyerɛwnsɛm so? Onipa nkwa nna yɛ mfirihyia 70 anaa 80. Sɛ mpo obi di bɔne a ɛkɔ akyiri wɔ ne nkwa nna nyinaa mu a, so daa ayayade bɛyɛ asotwe a ɛfata? Dabi. Ɛbɛyɛ nea ɛmfata koraa sɛ wɔbɛyɛ obi ayayade daa esiane nkwa nna tiaa mu bɔne a ɔyɛe nti.

Onyankopɔn nkutoo na obetumi akyerɛ nea ɛto nnipa wɔ wɔn wu akyi, na wayɛ saa wɔ N’asɛm, Bible, mu. Eyi ne nea Bible no ka: “Sɛ [aboa] wu te no, sɛ [onipa] wu te ne no, na honhom biako na wɔn nyinaa wɔ . . . Ade nyinaa kɔ faako, ade nyinaa fi dɔte mu, na ade nyinaa san kɔ dɔte mu.” (Ɔsɛnkafo 3:19, 20) Wɔmmɔ hellgya biara din wɔ ha. Nnipa san kɔ dɔte mu—tebea a nkwa nnim—bere a wowu no.

Sɛ wɔbɛyɛ obi ayayade a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɔte nkwa mu. So awufo te nkwa mu? Ɛha nso, Bible no de mmuae ma sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua bi bio, na werɛ afi wɔn nkae.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wɔbɛyɛ awufo, a “wonnim biribiara” no ayayade wɔ baabi.

Atosɛm 5: Owu yɛ yɛn asetra awiei koraa.

Yefi nkwa mu bere a yewu no, nanso eyi nkyerɛ sɛ biribiara aba awiei. Ná ɔbarima nokwafo Hiob nim sɛ ɔbɛkɔ ɔdamoa mu, Sheol, bere a wawu no. Nanso tie mpae a ɔbɔɔ Onyankopɔn: “Oo, sɛ wode me sie asaman ɛ, sɛ wode me hintaw kosi sɛ w’abufuw bɛsan akɔ ɛ, sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ! Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio? . . . Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so.”—Hiob 14:13-15.

Ná Hiob gye di sɛ sɛ odi nokware kosi owu mu a, Onyankopɔn bɛkae no na wanyan no bere a ɛsɛ mu. Ná ɛno ne gyidi a Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete bere mu nyinaa kura. Yesu ankasa sii saa anidaso yi so dua na ɔdaa no adi sɛ Onyankopɔn nam ne so benyan awufo. Nsɛm a Kristo ankasa kae no ma yenya saa awerɛhyem yi: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.”—Yohane 5:28, 29.

Onyankopɔn beyi amumɔyɛ nyinaa afi hɔ nnansa yi ara na ɔde wiase foforo a ɛwɔ ɔsoro tumidi ase asi hɔ. (Dwom 37:10, 11; Daniel 2:44; Adiyisɛm 16:14, 16) Nea ebefi mu aba ne sɛ asase nyinaa bɛdan paradise, a nnipa a wɔsom Onyankopɔn te so. Yɛkenkan wɔ Bible mu sɛ: “Metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

Wɔbɛde Wɔn Ho Afi Osuro Ho

Owusɔre ho anidaso ne Onii a ɔyɛɛ saa nsiesiei no ho nimdeɛ a wubenya no betumi akyekye wo werɛ. Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: “Mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.” (Yohane 8:32) Nea ɛka ɛno ho ne sɛ wɔbɛma yɛade yɛn ho afi owu ho suro ho. Yehowa nkutoo na obetumi ayi onyin ne owu afi hɔ koraa na wama yɛn daa nkwa. So wubetumi anya Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu gyidi? Yiw, wubetumi ayɛ saa efisɛ Onyankopɔn Asɛm ba mu bere nyinaa. (Yesaia 55:11) Yɛhyɛ wo nkuran sɛ sua atirimpɔw a Onyankopɔn wɔ ma adesamma no ho ade pii. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Ade a ɛhaw adwene wɔ owu ho suro ho ne sɛ ebetumi ama obi ahwere anigye wɔ asetram

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 7]

OWU HO ATOSƐM A ABU SO NO BI DƐN NA KYERƐWNSƐM NO KA?

● Owu yɛ nkwa awiei Genesis 1:28; 2:17; Romafo 5:12

●Onyankopɔn nam owu so fa Hiob 34:15; Dwom 37:11, 29; 115:16

nkurɔfo kɔ ne nkyɛn

●Onyankopɔn fa mmofra nkumaa Dwom 51:5; 104:1, 4;

ma wɔkɔyɛ abɔfo Hebrifo 1:7, 14

●Wɔyɛ nnipa bi ayayade Dwom 146:4; Ɔsɛnkafo 9:5, 10;

wɔ owu akyi Romafo 6:23

●Owu yɛ yɛn asetra awiei koraa Hiob 14:14, 15; Yohane 3:16; 17:3;

Asomafo no Nnwuma 24:15

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Owu ho nokwasɛm a yehu no ma yɛde yɛn ho fi ehu ho

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 5]

Barrators—Giampolo/The Doré Illustrations For Dante’s Divine Comedy/Dover Publications Inc.