Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tetragrammaton no a Ɛwɔ Septuagint Mu

Tetragrammaton no a Ɛwɔ Septuagint Mu

Tetragrammaton no a Ɛwɔ Septuagint Mu

WƆDE Tetragrammaton no, a ɛyɛ Hebri nkyerɛwde anan יהוה (YHWH) no, na egyina hɔ ma Onyankopɔn din, Yehowa no. Na wɔagye adi bere tenten sɛ Tetragrammaton no ampue wɔ Septuagint no mu. Enti, wogyee ho kyim sɛ bere a Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no akyerɛwfo faa nsɛm fii Hebri Kyerɛwsɛm mu kae no, wɔamfa Onyankopɔn din no anni dwuma wɔ wɔn nhoma mu.

Nneɛma pii a wɔahu wɔ mfe ɔha a atwam ni anaa nea ɛte saa daa no adi sɛ Onyankopɔn din no puei wɔ Septuagint no mu. Nhoma bi ka sɛ: “Ɔpɛ a na Helafo a wɔyɛ Yudafo no wɔ sɛ wɔbɛkora Onyankopɔn din kronkron no so pɛpɛɛpɛ no sõ ara ma wɔrekyerɛ Hebri Bible ase akɔ Hela mu no, wɔkyerɛw Tetragrammaton nkyerɛwde no ankasa guu Hela nkyerɛwee no mu.”

Mmɛw krataa afã bi a ɛwɔ benkum so hɔ no yɛ nhwɛso ahorow pii no mu biako pɛ a afi mu aka. Wɔyɛɛ nhomasin a wohui yi wɔ Oxyrhynchus, Egypt, na wɔmaa no nɔma 3522 wɔ afeha a edi kan Y.B. mu tɔnn. * Ne trɛw bɛyɛ sɛntimita 7 na ne tenten bɛyɛ sɛntimita 10.5, na ekura asɛm bi a efi Hiob 42:11, 12. Tetragrammaton no a wɔatwa ne mfonini ho kanko, no pue wɔ tete Hebri nkyerɛwde mu. *

Enti, afei, so Onyankopɔn din no puei wɔ tete Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mfuamfua a edi kan no mu? Nhomanimfo George Howard ka sɛ: “Esiane sɛ wɔkɔɔ so kyerɛw Tetragram no wɔ Hela Bible [Septuagint no] a na ɛyɛ tete asɔre no Kyerɛwnsɛm no mu nti, ntease wom sɛ bere a A[pam] F[oforo] akyerɛwfo no refa Kyerɛwnsɛm no mu asɛm aka no, wɔkoraa Tetragram no so sɛnea ɛwɔ Bible mu no ara.” Ɛbɛyɛ sɛ eyi akyi bere tiaa bi na akyerɛwfo no de biribi foforo te sɛ Kyʹri·os (Awurade) ne The·osʹ (Onyankopɔn) sii Onyankopɔn din no ananmu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Sɛ wopɛ sɛ wunya nsɛm pii fa mmɛw krataa a wohui wɔ Oxyrhynchus no ho a, hwɛ Ɔwɛn-Aban, February 15, 1992, nkratafa 26-8.

^ nky. 4 Sɛ wopɛ nhwɛso foforo a ɛfa Onyankopɔn din ho wɔ tete Hela nkyerɛase mu a, hwɛ New World Translation of the Holy Scriptures−With References, “appendix” 1C no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 30]

Courtesy of the Egypt Exploration Society