Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔadwira Yɛn Ho Sɛ Nnipa A Wɔyɛ Nnwuma pa

Wɔadwira Yɛn Ho Sɛ Nnipa A Wɔyɛ Nnwuma pa

Wɔadwira Yɛn Ho Sɛ Nnipa A Wɔyɛ Nnwuma pa

“Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.”—2 KORINTOFO 7:1.

1. Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi wɔn a wɔsom no no hɔ?

“HENA na ɔbɛforo [Yehowa, NW] bepɔw no, na hena na obegyina ne trabea kronkron hɔ?” Tete Israel hene Dawid na obisaa asɛm a ɛkyere adwene saa faa ɔsom a ɛsɔ Yehowa ani ho. Afei ɔde mmuae mae sɛ: “Nea efĩ nni ne nsam na ne komam tew, nea ɔmma ne kra ani nsã ahuhude, na ɔnka nkontompo ntam.” (Dwom 24:3, 4) Sɛ obi bɛsɔ Yehowa a ɔyɛ kronnyɛ ho nhwɛsofo no ani a, ɛsɛ sɛ ne ho tew na ɔyɛ kronkron. Mfiase no, Yehowa kaee Israel asafo no sɛ: “Monyɛ mo ho kronkron na monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.”—Leviticus 11:44, 45; 19:2.

2. Ɔkwan bɛn so na Paulo ne Yakobo sii hia a ahotew ho hia wɔ nokware som mu no so dua?

2 Mfehaha bi akyi no, ɔsomafo Paulo kyerɛw mfɛfo Kristofo a na wɔwɔ Korinto kurow a ɔbrasɛe ahyɛ mu ma no sɛ: “Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfo, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.” (2 Korintofo 7:1) Eyi si so dua bio sɛ sɛ obi betumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa na wanya akatua a ɔde ahyɛ bɔ no bi a, ɛsɛ sɛ ne ho tew wɔ honam fam ne honhom fam fĩ ne porɔwee nyinaa ho. Saa ara na bere a osuani Yakobo rekyerɛw ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu.”—Yakobo 1:27.

3. Sɛ yɛn som bɛsɔ Onyankopɔn ani a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ehia yɛn paa?

3 Esiane sɛ yɛn ho a yɛbɛma atew, ayɛ kronkron, na nkekae biara nnim yɛ ade titiriw wɔ nokware som mu nti, ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ onya Onyankopɔn anim dom no ma saa ahwehwɛde yi a obedu ho no yɛ no ahiasɛm. Esiane sɛ ɛsono gyinapɛn a nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ kura wɔ ahotew ho koraa nti, ehia sɛ yɛte nea Yehowa bu no sɛ ɛho tew na ɛsɔ n’ani no ase. Ehia sɛ yehu nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ n’asomfo yɛ wɔ eyi mu ne nea wayɛ a ɛbɛboa wɔn ma wɔn ho atew na wɔasɔ n’ani no.”—Dwom 119:9; Daniel 12:10.

Wɔn Ho Atew Ama Nokware Som

4. Kyerɛkyerɛ Bible adwene wɔ ahotew ho mu.

4 Nnipa dodow no ara fam no, nea obi ho a ɛbɛtew kyerɛ ara ne sɛ efĩ anaa nkekae biara nni no ho. Nanso, wɔ Bible mu no, wɔde Hebri ne Hela nsɛmfua bi a ɛkyerɛkyerɛ ahotew mu wɔ honam fam, ne mpɛn pii no, honhom fam no na edi dwuma. Enti Bible ho nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm biako ka sɛ: “‘Ahotew’ ne ‘efĩ’ yɛ nsɛm a wɔntaa mfa nkyerɛ sɛ obi bedi ne ho ni honam fam kɛkɛ, na mmom ɛtaa fa ɔsom mu nkyerɛkyerɛ ho. Ne saa nti, ɛkame ayɛ sɛ ‘ahotew’ ho mmara ka asetram biribiara.”

5. Mose Mmara no de ahotew ho akwankyerɛ a Israelfo de bɛbɔ wɔn bra mae koduu he?

5 Nokwarem no, nsɛm a ɛkyerɛ nneɛma a na ɛho tew na wogye tom ne nea na ɛho ntew a ɛfa Israelfo no asetram biribiara ho wɔ Mose Mmara no mu. Sɛ nhwɛso no, yehu nneɛma a ɛho tew ne nea ɛho ntew ho akwankyerɛ pii wɔ Leviticus ti 11 kosi 15. Ná mmoa bi ho ntew, enti na ɛnsɛ sɛ Israelfo no we. Ná abawo mma ɔbea ho ntew wɔ bere pɔtẽẽ bi mu. Ná honam ani nyarewa, titiriw, kwata, ne mmarima ne mmea a wɔn ho sen nso ma wɔn ho gu fĩ saa ara. Afei nso Mmara no kyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a obi ayɛ ade a egu ne ho fĩ no. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan wɔ Numeri 5:2 sɛ: “Hyɛ Israelfo na wontu akwatafo nyinaa ne wɔn a wɔn ho sen nyinaa ne obiara a ɔde funu agu ne ho fĩ no mfi nsra no mu.”

6. Atirimpɔw bɛn nti na wɔde ahotew ho mmara horow mae?

6 Akyinnye biara nni ho sɛ eyinom, ne mmara foforo a Yehowa de mae no daa nnuruyɛ ne akwahosan ho nsusuwii a wodii kan de mae koraa adi, na nkurɔfo no nyaa so mfaso bere a wodii so no. Nanso, wɔamfa mmara horow yi amma kɛkɛ sɛ akwahosan ho mmara anaasɛ ɛmfa nnuruyɛ mu akwankyerɛ mma ara kwa. Ná ɛka nokware som ho. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na ɛka nkurɔfo no da biara da asetra—adidi, awo, aware mu nkitahodi, ne nea ɛkeka ho—ho no si so dua sɛ na wɔn Nyankopɔn, Yehowa wɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ wɔn nea ɛfata ne nea ɛmfata wɔ wɔn asetra a na wɔahyira so ama Yehowa koraa no afã nyinaa mu.—Deuteronomium 7:6; Dwom 135:4.

7. Sɛ Israelfo no di Mmara no so a, nhyira bɛn na na wobenya?

7 Afei nso Mmara apam no bɔɔ Israelfo no ho ban fii aman a na atwa wɔn ho ahyia no brasɛe ho. Sɛ Israelfo no di Mmara no ne ahwehwɛde afoforo a ɛbɛma wɔn ho atew wɔ Yehowa ani so no so a, na wɔbɛfata sɛ wɔsom wɔn Nyankopɔn na wonya ne nhyira. Ɛdefa eyi ho no, Yehowa ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Afei sɛ mubetie me nne na moadi m’apam so a, ɛnde mobɛyɛ me ahode afi aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me. Na mo de, mobɛyɛ me asɔfo ahemman ne ɔman kronkron.”—Exodus 19:5, 6; Deuteronomium 26:19.

8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ma wɔn ani ku ahotew ho asɛm a wɔkae wɔ Mmara no mu ho?

8 Esiane sɛ Yehowa de nsɛm a ɛte saa hyɛɛ Mmara no mu na ɔde akyerɛkyerɛ Israelfo sɛnea ɛbɛma wɔn ho atew, wɔayɛ kronkron, na wɔasɔ n’ani nti, so ɛnsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ susuw sɛnea wodu ahwehwɛde yi ho anibere so? Ɛwom sɛ Kristofo nhyɛ Mmara no ase de, nanso ɛsɛ sɛ wɔma ɛtra wɔn adwenem sɛ, sɛnea Paulo kyerɛkyerɛɛ mu no, nneɛma a wɔakyerɛw no Mmara no mu no yɛ “nneɛma a ɛbɛba no sunsuma nko, na nipadua no ne Kristo de no.” (Kolosefo 2:17; Hebrifo 10:1) Sɛ Yehowa Nyankopɔn a ɔka sɛ “mensakra” no buu obi ho a ɛbɛtew na nkekae biara nni ne ho no asɛnhia wɔ nokware som mu saa bere no a, ɛnde sɛ yɛpɛ n’anim dom ne ne nkyɛn nhyira a, ɛsɛ sɛ yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no fa yɛn ho a yɛbɛma atew honam fam, abrabɔ fam, ne honhom fam no aniberesɛm paa.—Malaki 3:6; Romafo 15:4; 1 Korintofo 10:11, 31.

Honam Fam Ahotew Kamfo Yɛn Kyerɛ

9, 10. (a) Dɛn nti na honam fam ahotew ho hia ma Kristoni? (b) Nsɛm bɛn na wɔtaa ka fa Yehowa Adansefo nhyiam akɛse ho?

9 So honam fam ahotew da so ara yɛ ade titiriw wɔ nokware som mu? Bere a honam fam ahotew nkutoo mma obi nyɛ Nyankopɔn nokware somfo no, ɛda adi sɛ ɛfata sɛ nokware somfo ma ne ho tew sɛnea ne nsɛm tebea bɛma watumi ayɛ. Titiriw ɛnnɛ, bere a nnipa pii mma wɔn ani nku di a wobedi wɔn ho, wɔn atade, ne baabi a wɔte ni ho no, nkurɔfo hyɛ wɔn a wɔne wɔn te a wodi wɔn ho ni no nsow ntɛm ara. Mfaso pii betumi afi eyi mu aba sɛnea Paulo ka kyerɛɛ Korintofo Kristofo no ara pɛ: “Yɛnto hintidua biara biribiara mu, na wɔannunu ɔsom no, na mmom ade nyinaa mu yeyi yɛn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo.”—2 Korintofo 6:3, 4.

10 Mpɛn pii na aban mpanyimfo akamfo Yehowa Adansefo wɔ sɛnea wɔyɛ wɔn nneɛma ma ɛho tew na ɛyɛ fɛ, ne wɔn suban pa a wɔda no adi, titiriw wɔ nhyiam akɛse ase no ho. Sɛ nhwɛso no, atesɛm krataa La Stampa kaa ɔmantam nhyiam bi a wɔyɛɛ no Savona, Italy, no ho asɛm sɛ: “Sɛ obi fa nhyiam no ase a, nea edi kan a ohu ne nhyehyɛe pa ne sɛnea wɔn a wɔreyɛ nhyiam wɔ hɔ no ho tew no.” Bere a Adansefo no yɛɛ ɔmantam nhyiam bi wɔ agumadibea bi a ɛwɔ São Paulo, Brazil wiei no, agumadibea hɔ panyin no ka kyerɛɛ nea ɔhwɛ wɔn a wosiesie hɔ so no sɛ: “Efi nnɛ rekɔ, yɛpɛ sɛ musiesie agumadibea ha sɛnea Yehowa Adansefo yɛe no.” Ɔpanyin foforo a ɔwɔ agumadibea koro no ara nso kae sɛ: “Sɛ Yehowa Adansefo pɛ sɛ wogye agumadibea ha yɛ nhyiam a, nea yedwen ho ara ne da a wɔbɛyɛ no no. Biribiara nhaw yɛn adwene.”

11, 12. (a) Ɛdefa yɛn ankasa ahotew ho no, Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebetumi abisa afa yɛn ankasa suban ne abrabɔ ho?

11 Sɛ ahotew ne nhyehyɛe pa a ɛda adi wɔ beae a yɛsom betumi de ayeyi abrɛ Onyankopɔn a yɛsom no no a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ su horow yi a yɛbɛda no adi wɔ yɛn asetram no nso ho hia. Nanso, wɔ yɛn ankasa fie no, yebetumi ate nka sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛyɛ nea yɛpɛ. Na ɛdefa ntadehyɛ ne ahosiesie ho de, yɛwɔ hokwan sɛ yɛpaw nea yesusuw sɛ yɛhyɛ a yɛn ho bɛtɔ yɛn na ɛyɛ yɛn fɛ! Nanso ɛsɛ sɛ yehu sɛ saa ahofadi yi nkyerɛ sɛ yebetumi ayɛ nea yɛpɛ biara. Kae sɛ bere a Paulo reka nnuan a obi betumi apaw sɛ obedi ho asɛm no, ɔbɔɔ ne mfɛfo Kristofo kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye, na ɛho kwan a mowɔ no anto wɔn a wɔyɛ mmerɛw no hintidua.” Afei ɔde nnyinasosɛm bi a ɛsom bo too gua: “Ade nyinaa ho kwan da hɔ, na ɛnyɛ ne nyinaa na eye; ade nyinaa ho kwan da hɔ, na ɛnyɛ ne nyinaa na ɛma nkɔso.” (1 Korintofo 8:9; 10:23) Ɔkwan bɛn so na Paulo afotu no fa yɛn ahotew ho?

12 Ntease wom sɛ nkurɔfo bɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn somfo ho bɛtew na ɔde nhyehyɛe pa ayɛ ade wɔ n’asetra mu. Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ sɛnea yɛn fie ne ɛho te no mma wɔnka yɛn gyidi, sɛ Onyankopɔn Asɛm ho asomfo no ho asɛmmɔne. Adanse bɛn na yɛn fie di wɔ yɛn gyidi ahorow ho? So ɛkyerɛ sɛ yɛn kɔn dɔ ampa sɛ yɛpɛ sɛ yɛtra trenee wiase foforo a emu tew na nhyehyɛe pa wom, a yɛkamfo kyerɛ afoforo denneennen no mu? (2 Petro 3:13) Saa ara nso na yɛn ahosiesie—sɛ ebia yɛregye yɛn ahome anaa yɛwɔ asɛnka mu no—betumi ama wɔaka asɛm a yɛka no ho asɛmpa anaa asɛmmɔne. Sɛ nhwɛso no, hyɛ asɛm yi a sɛnkyerɛwfo bi a ɔwɔ Mexico kae no nsow: “Nokwarem no, mmabun dɔɔso wɔ Yehowa Adansefo mu, na nea ɛma wɔda nsow ne sɛnea woyi wɔn ti, wɔn ahotew, ne ntade a ɛfata a wɔhyɛ no.” Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛwɔ mmabun a wɔte saa wɔ yɛn mu!

13. Dɛn na yebetumi ayɛ de ahwɛ ahu sɛ yɛn asetra mu biribiara ho tew na nhyehyɛe da ho?

13 Nokwarem no, hwɛ a yɛbɛhwɛ ahu sɛ yɛn ahosiesie, yɛn agyapade, ne yɛn fie ho tew bere nyinaa no nna fam. Ɛnyɛ nea ehia ne sɛ yebenya mfiri ne dan mu nneɛma a ne bo yɛ den, na mmom nea ehia ne nhyehyɛe pa ne hwɛ a yɛbɛhwɛ so yiye. Ɛsɛ sɛ yegye bere de siesie yɛn nipadua, de horo yɛn ntade, siesie yɛn fie, yɛn kar, ne nea ɛtete saa. Asɛnka adwuma a yɛde nsi bɛyɛ, nhyiam a yɛbɛkɔ daa, ne kokoam adesua a yɛbɛyɛ no daa—aka yɛn asetram nneɛma a yɛyɛ no daa ho—no nkyerɛ sɛ yemmu yɛn ani ngu ahotew ne nneɛma a ɛbɛma yɛasɔ Onyankopɔn ne nnipa ani no so. Nnyinasosɛm a yenim no yiye a ɛne sɛ “ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ” no nso fa yɛn asetra ho yiye wɔ eyi fam.—Ɔsɛnkafo 3:1.

Koma a Emu Tew

14. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ abrabɔ fam ne honhom fam ahotew ho hia pii sen honam fam ahotew mpo?

14 Sɛnea ehia sɛ yɛma yɛn ani ku yɛn honam fam ahotew ho no, ehia paa sɛ yɛma yɛn abrabɔ fam ne honhom fam ahotew ho hia yɛn kɛse. Yɛka eyi bere a yɛkae sɛ ɛnyɛ sɛ na Israel man no ho ntew wɔ honam fam nti na Yehowa poo wɔn na mmom esiane sɛ na wɔn ho agu fĩ abrabɔ fam na wɔaporɔw wɔ honhom fam nti. Yehowa nam odiyifo Yesaia so ka kyerɛɛ wɔn sɛ esiane sɛ wɔyɛ “ɔman nnebɔneyɛfo, ɔman a wɔn asodi yɛ duru” nti, wɔn afɔrebɔ ahorow, ɔsram foforo ne homedadi, yiw, ɛne wɔn mpaebɔ mpo ayɛ no adesoa. Dɛn na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔasan anya Onyankopɔn anim dom? Yehowa kae sɛ: “Munguare, munnwira mo ho. Munyi mo nneyɛe mu bɔne mfi m’ani so, munnyae bɔneyɛ.”—Yesaia 1:4, 11-16.

15, 16. Dɛn na Yesu kae sɛ egu obi ho fĩ, na yɛbɛyɛ dɛn anya Yesu nsɛm no so mfaso?

15 Nea ɛbɛma yɛate hia a na abrabɔ fam ne honhom fam ahotew ho hia ase no, ma yensusuw nea Yesu kae bere a Farisifo ne akyerɛwfo no kae sɛ n’asuafo no ho ntew esiane sɛ wɔanhohoro wɔn nsa ansa na wɔredidi nti no ho nhwɛ. Yesu maa nneɛma mu daa hɔ denam ka a ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ nea ɛkɔ anom na egu onipa ho fi, na mmom nea efi anom ba na egu onipa ho fi.” Ɛno akyi no, Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nea efi anom fi adi de, efi onipa komam, na ɛno na egu onipa ho fi. Na koma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayerefasɛm, aguamansɛm, awifosɛm, adansekurum ne abususɛm fi. Eyinom ne nneɛma a egu onipa ho fi; na wɔde nsa a wɔanhohoro didi a, engu onipa ho fi.”—Mateo 15:11, 18-20.

16 Dɛn na yebetumi asua afi Yesu nsɛm no mu? Ná Yesu reka sɛ awudisɛm, ɔbrasɛe, ne afideyɛ nyinaa fi ase fi awudisɛm, ɔbrasɛe, ne afideyɛ a ɛwɔ komam no mu. Sɛnea osuani Yakobo kae no, sɛ “wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ.” (Yakobo 1:14, 15) Ne saa nti, sɛ yɛmpɛ sɛ yɛyɛ bɔne a anibere wom a Yesu kaa ho asɛm no a, ɛsɛ sɛ yeyi su biara a ɛma yɛtɔ kɔ nneɛma a ɛtete saa so no fi yɛn komam. Ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ nneɛma a yɛkenkan, yɛhwɛ, na yetie ho. Ɛnnɛ, esiane kasa ne adwinni mu ahofadi a nnipa wɔ nti, anigyede ne aguade ho dawurubɔfo reyɛ nnwom ne mfonini a edi honam fam akɔnnɔ ho dwuma pii. Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛremma nsusuwii a ɛte saa nnye ntini wɔ yɛn komam. Asɛntitiriw a ɛwom ne sɛ, sɛ Onyankopɔn ani begye yɛn ho na yɛanya n’anim dom a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yɛbɛma yɛn koma mu atew daa a nkekae biara nnim.—Mmebusɛm 4:23.

Wɔadwira Yɛn Ho Ama Nnwuma Pa

17. Dɛn nti na Yehowa ama ne nkurɔfo ho atew?

17 Akyinnye biara nni ho sɛ yɛanya hokwan soronko sɛ ɛdenam Yehowa mmoa so no, yebetumi anya gyinabea pa wɔ n’anim. (2 Korintofo 6:14-18) Bio nso, yɛte ase sɛ atirimpɔw pɔtee bi nti na Yehowa ama ne nkurɔfo ho atew no. Paulo ka kyerɛɛ Tito sɛ Kristo Yesu ‘de ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.’ (Tito 2:14) Sɛ́ nnipa a wɔadwira yɛn ho no, nnwuma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde nsi yɛ?

18. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden?

18 Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ baguam. (Mateo 24:14) Ɛdenam saayɛ so no, yɛbɛma nnipa a wɔwɔ baabiara anya asetra a enni awiei na nkekae biara nnim ho anidaso. (2 Petro 3:13) Nea ɛka nnwuma pa a yɛyɛ ho no bi ne Onyankopɔn honhom aba a yɛbɛda no adi wɔ yɛn da biara da asetra mu, na yɛnam saayɛ so ahyɛ yɛn soro Agya no anuonyam. (Galatifo 5:22, 23; 1 Petro 2:12) Na yɛmma yɛn werɛ mfi wɔn a wonni nokware no mu a ebia asiane a efi nnipa ne nea emfi nnipa ato wɔn asɛe wɔn nneɛma no. Yɛma Paulo afotu yi tra yɛn adwenem: “Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.” (Galatifo 6:10) Nnwuma a ɛte saa a yefi koma a emu tew mu ne adwempa mu yɛ no sɔ Onyankopɔn ani yiye.—1 Timoteo 1:5.

19. Sɛ yɛkɔ so kura ahotew ho gyinapɛn a ɛkorɔn—honam fam, abrabɔ fam, ne honhom fam—mu a, nneɛma pa bɛn na yebenya?

19 Sɛ́ Ɔsorosoroni no asomfo no, yetie Paulo nsɛm yi: “Enti, anuanom, migyina Onyankopɔn mmɔborohunu so mitu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.” (Romafo 12:1) Ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛ hokwan a yɛanya a ɛne sɛ Yehowa adwira yɛn ho no ho anisɔ, na yɛayɛ nea yebetumi biara akura honam fam, abrabɔ fam, ne honhom fam ahotew ho gyinapɛn a ɛkorɔn mu. Ɛnyɛ obu a yebenya ama yɛn ho ne abotɔyam nko na yebenya afi saa a yɛbɛyɛ no mu, na mmom yebenya anidaso a ɛne sɛ “kan nneɛma”—mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne a ɛho agu fĩ—no betwam bere a Onyankopɔn Ahenni ‘yɛ nneɛma nyinaa foforo’ no.—Adiyisɛm 21:4, 5.

So Wokae?

• Dɛn nti na wɔde ahotew ho mmara pii maa Israelfo no?

• Ɔkwan bɛn so na honam fam ahotew ma nkurɔfo ani gye asɛm a yɛka no ho?

• Dɛn nti na abrabɔ fam ne honhom fam ahotew ho hia paa sen honam fam ahotew mpo?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛyɛ nkurɔfo a ‘yɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden’?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

Honam fam ahotew hyɛ asɛm a yɛka no anuonyam

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ adwemmɔne na ɛma wɔyɛ nneɛma bɔne

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Sɛ́ nnipa a wɔadwira wɔn ho no, Yehowa Adansefo bɔ nnwuma pa ho mmɔden