Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Wɔmem Kɔɔ Asase Ase Tɔnn’

‘Wɔmem Kɔɔ Asase Ase Tɔnn’

‘Wɔmem Kɔɔ Asase Ase Tɔnn’

“Ebun akata wɔn so, wɔamem kɔ ase tɔnn sɛ abo.”

MOSE ne Israelfo no de saa nsɛm no yɛɛ dwom de hyɛɛ fa wɔ ogye a wonya fii Po Kɔkɔɔ no mu no ne sɛe a wɔsɛee wɔn atamfo Misrifo a na wodi wɔn akyi—Farao ne n’asraafodɔm no ho.—Exodus 15:4, 5.

Obiara a ohuu saa anwonwade soronko no annye asuade a ɛwom no ho kyim koraa. Obiara rentumi ne Yehowa tumidi nni asi anaa ɔnko ntia no ntra nkwa mu. Nanso asram kakraa bi akyi no, Israelfo mu atitiriw—Kora, Datan, Abiram, ne nnipa 250 a wɔka wɔn ho no—kasa tiaa Onyankopɔn tumi a ɔde ama Mose ne Aaron no wɔ baguam.—Numeri 16:1-3.

Denam Yehowa akwankyerɛ so no, Mose bɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfi atuatewfo no ntamadan ho. Datan ne Abiram a wɔn fifo ka wɔn ho no, ansakra wɔn suban. Enti Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ Yehowa nam N’ankasa kwan so bɛma nkurɔfo no ahu sɛ saa ‘mmarima yi ayi Yehowa ahi.’ Saa bere no, Yehowa paee asase mu wɔ wɔn nan ase. “Na wɔne nea wɔwɔ nyinaa nam anikan sian kɔɔ asaman, na asase sram wɔn so.” Dɛn na ɛbaa Kora ne atuatewfo a aka no so? “Ogya fii [Yehowa, NW] nkyɛn bɛhyew mmarima ahanu aduonum a wɔde aduhuam no bae no.”—Numeri 16:23-35; 26:10.

Farao ne ne dɔm no, ne atuatewfo a na wɔwɔ sare no so no nyinaa wuwui esiane sɛ wɔammu Yehowa tumidi ne ne nkurɔfo ho anigye a na ɔkyerɛ no nti. Enti ehia sɛ wɔn a wobenya Yehowa ahobammɔ wɔ nna a emu yɛ den yi mu no sua biribi fi mu na wɔyɛ osetie ma Yehowa sɛ “Ɔsorosoroni” ne “Ade Nyinaa so Tumfoɔ” no. Denam saayɛ so no, wobetumi anya ahotoso wɔ Yehowa nsɛm yi mu sɛ: “Apem totɔ wo nkyɛn na ɔpedu totɔ wo nifa a, wo de, ɛrenka wo. W’aniwa nko na wode bɛhwɛ, na woahu abɔnefo akatua. Na wo, [Yehowa, NW], ne me guankɔbea, ɔsorosoroni no na wode no ayɛ wo trabea.”—Dwom 91:1, 7-9.