Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wohu Nokware no Wɔ Beae a Wɔnhwɛ Kwan

Wohu Nokware no Wɔ Beae a Wɔnhwɛ Kwan

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Wohu Nokware no Wɔ Beae a Wɔnhwɛ Kwan

ƐYƐ Onyankopɔn pɛ sɛ “wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.” (1 Timoteo 2:3, 4) Ne saa nti, Yehowa Adansefo atintim Bible ne nhoma a wɔde sua Bible ɔpepem pii akyekyɛ. Saa nhoma ahorow yi aboa nnipa komapafo ma wɔasua nokware no wɔ akwan a ani nna so koraa so wɔ mmere bi mu. Wɔ eyi mu no, Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ Freetown, Sierra Leone, bɔ osuahu a edi so yi ho amanneɛ.

Osman yɛ ɔba a ɔto so abien wɔ abusua a emu mmofra yɛ baakron mu. Onyinii wɔ abusua a wɔpɛ nyamesom mu nti, na ɔne n’agya kɔ asɔre bere biara. Nanso ná Osman ahaw kɛse wɔ nea ne som kyerɛ fa hell ho no ho. Na ɔnte nea enti a Onyankopɔn a ɔyɛ mmɔborohunufo bɛyɛ abɔnefo ayayade denam ogya a ɔde hyew wɔn so no ase. Nkyerɛkyerɛmu biara a wɔde maa Osman na aboa no ma wate hellgya nkyerɛkyerɛ ase no ammoa no amma wannya akomatɔyam.

Da bi, bere a na Osman adi mfe 20 no, ohui sɛ nhoma bruu bi ho tɛw hɔ wɔ nwura bi mu wɔ adaka a wɔde wura gu mu bi mu. N’ani a egye nhoma ho nti, ɔfae, popaa ho, na ohuu n’asɛmti no—Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. *

Osman de ahodwiriw bisae sɛ, ‘Nokware bɛn ni?’ Anigye kanyan Osman ma ɔde nhoma no kɔɔ fie, na ɔkenkan nhoma mũ no nyinaa bere koro mu. Hwɛ anigye ara a onyae bere a ohui sɛ Onyankopɔn wɔ din ankasa no—Yehowa! (Dwom 83:18) Osman hui nso sɛ Onyankopɔn su titiriw ne ɔdɔ na nnipa a wɔyɛ wɔn ayayade wɔ ogya mu ho adwene mpo yɛ N’akyiwade. (Yeremia 32:35; 1 Yohane 4:8) Awiei koraa no, Osman kenkan sɛ ɛrenkyɛ Yehowa de asase so paradise bɛba a nnipa betumi atra ase daa. (Dwom 37:29; Adiyisɛm 21:3, 4) Hwɛ nokware a ɛyɛ anigye a efi mmɔborohunu ne ɔdɔ Nyankopɔn no hɔ! Osman fi koma mu daa Yehowa ase sɛ ɔma ohuu nokware no wɔ beae a wanhwɛ kwan koraa.

Nna kakraa bi akyi no, Osman nnamfo bi boaa no ma ohuu Yehowa Adansefo Ahenni Asa na ɔkɔɔ n’adesua bere a edi kan. Bere a ɔwɔ hɔ no, ɔka kyerɛɛ Ɔdansefo biako sɛ ɔne no nsua Bible no. Ɛmfa ho abusua ɔtaa a na emu yɛ den no, Osman kɔɔ so nyaa honhom fam nkɔso na wɔbɔɔ no asu. (Mateo10:36) Ɛnnɛ, ɔsom sɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu. Hwɛ nwonwa ara a ɛyɛ sɛ eyi nyinaa sii denam Bible ho nhoma a wohui wɔ adaka a wɔde nwura gu mu mu so!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Yehowa Adansefo na wotintimii wɔ 1968 mu.