Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesamma Haw Bɛba Awiei Nnansa Yi Ara!

Adesamma Haw Bɛba Awiei Nnansa Yi Ara!

Adesamma Haw Bɛba Awiei Nnansa Yi Ara!

“SƐ MMOA a wɔde ma nnipa nka nhyehyɛe titiriw bi ne amammuifo nhyehyɛe a ɛbɛhwehwɛ nea ɛde ntawntawdi ba mu ho a, ɛso nni mfaso titiriw biara. Osuahu ada no adi bere nyinaa sɛ mmoa a wɔde ma nnipa no nkutoo ntumi nni ɔhaw a amammuisɛm na ɛde ba no ho dwuma.”—The State of the World’s Refugees 2000.

Ɛmfa ho mmoa bebrebe a wɔde ma nnipa no, dɔ ara na adesamma haw redɔɔso. Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ amammuifo betumi anya ɔhaw no ano aduru a ɛtra hɔ daa? Sɛ yɛbɛka paa a, anidaso titiriw biara nni hɔ. Nanso ɛhe na yebetumi adan akɔ? Wɔ asɛm soronko bi a ɔsomafo Paulo ka de fii ne krataa a ɔde kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Efeso no ase mu no, ɔkyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn de adesamma haw nyinaa bɛba awiei no mu. Ɔkyerɛ nhyehyɛe a Onyankopɔn nam so bɛyɛ eyi no mpo—nhyehyɛe a ebedi ade pɔtee a ɛde ɔhaw a yehyia nnɛ nyinaa bae ho dwuma. Dɛn nti na wunsusuw nea Paulo wɔ ka no ho? Yehu asɛm no wɔ Efesofo 1:3-10.

“Wɔbɛpata Nneɛma Nyinaa Abom Bio Kristo Mu”

Ɔsomafo no ka sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ, ade a ɔfrɛ no “bere a awie du no afisiesie [anaa ntotoe]” no bɛbam. Dɛn na eyi kyerɛ? Nea ɛkyerɛ ne sɛ Onyankopɔn ayi bere bi asi hɔ a ɔde bɛyɛ ade wɔ ɔkwan bi so de ‘apata nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so.’ (Efesofo 1:10) Yiw, Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe bi a ɔnam so de nneɛma a ɛwɔ soro ne nneɛma a ɛwɔ asase so bɛbom bio na ahyɛ n’ase tẽẽ. Nea yebetumi ahyɛ no nsow no, ɛdefa asɛm a wɔkyerɛ ase wɔ ha sɛ ‘pata nneɛma nyinaa bom bio’ ho no, Bible ho nimdefo J. H. Thayer ka sɛ: “Ɔka . . . nneɛma nyinaa ne nnipa nyinaa (a bere bi na bɔne atetew wɔn ntam no) bom wɔ Kristo mu biakoyɛ mu.”

Ɛno kyerɛ hia a ehia sɛ Onyankopɔn yɛ eyi bere a yesusuw nea ɛyɛe koraa a mpaapaemu bae ho no. Wɔ onipa abakɔsɛm mfiase pɛɛ no, yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, dii Satan Ɔbonsam akyi ma wɔtew atua tiaa Onyankopɔn. Ná wɔpɛ ahofadi a wɔn ankasa de besi papa ne bɔne ho gyinae. (Genesis 3:1-5) Nea ɛne Onyankopɔn atɛntrenee hyia no, wɔpam wɔn fii Onyankopɔn abusua no mu na wɔhweree wɔne ne ntam abusuabɔ. Wɔde adesamma kɔɔ sintɔ mu, na ahũde a efi mu bae na yehu nnɛ no.—Romafo 5:12.

Bɔne a Wɔama Ho Kwan Bere Tiaa Bi

Ebia ebinom bebisa sɛ: ‘Dɛn nti na Onyankopɔn maa wɔyɛɛ saa? Dɛn nti na wamfa ne tumi a ɛsen biara no anni dwuma amma n’apɛde anyɛ hɔ, na ansiw yaw ne amanehunu a yehyia nnɛ no nyinaa ano?’ Ɛte sɛ nea ɛyɛ ne kwan so sɛ yebesusuw saa. Nanso dɛn na anka tumi a ɔde bedi dwuma akɔ akyiri saa no bɛkyerɛ ankasa? So w’ani begye anaa wobɛpene obi a sɛ ohu sɛ nkurɔfo ne no nyɛ adwene pɛ a, ɔdwerɛw wɔn nyinaa prɛko pɛ esiane sɛ ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛyɛ saa nti no ho? Dabida.

Saa atuatewfo no ansɔre antia Onyankopɔn tumi a ɛkorɔn no. Nea wɔsɔre tiae ankasa ne hokwan a ɔwɔ ne fata a ɔfata sɛ odi tumi no. Nea ɛbɛyɛ na Yehowa asiesie ɔsɛmpɔw titiriw a ɛsɔree no koraa no, ɔmaa n’abɔde kwan ma wodii wɔn ho so a wamfa ne ho annye nsɛm mu tẽẽ bere tenten bi. (Ɔsɛnkafo 3:1; Luka 21:24) Sɛ saa bere no so a, ɔde ne ho begye nsɛm mu na wasan adi asase nyinaa so bio. Ebedu saa bere no, na ada adi pefee sɛ ne tumidi nkutoo ne tumidi a ɛde daa asomdwoe, anigye, ne nkɔso bɛbrɛ asase sofo. Afei wobeyi wɔn a wɔhyɛ nkurɔfo so wɔ wiase no nyinaa afi hɔ.—Dwom 72:12-14; Daniel 2:44.

“Ansa na Wɔhyɛɛ Wiase Ase”

Ná Yehowa fi bere tenten abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ eyi. Paulo ka sɛ ‘ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.’ (Efesofo 1:4) Ná ɛnyɛ bere a wɔmmɔɔ asase anaa Adam ne Hawa no ho asɛm na ɔreka. Ná saa wiase no ‘ye papa,’ na na atuatew biara nsɔree. (Genesis 1:31) Ɛnde, na “wiase” bɛn na ɔsomafo Paulo reka ho asɛm no? Wiase a Adam ne Hawa mma wom—adesamma wiase a bɔne ne sintɔ wom a wɔhwɛ kwan sɛ wobegye no no. Ansa na wɔrewo mma no, na Yehowa nim ɔkwan a ɔbɛfa so adi nsɛm ho dwuma agye Adam asefo a na wobetumi agye wɔn no dedaw.—Romafo 8:20.

Ɛwom, eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Amansan Hene no di nsɛm ho dwuma sɛnea nnipa yɛ no. Esiane sɛ nnipa susuw sɛ ahokyere betumi aba nti, wɔyɛ nhyehyɛe ahorow a ɛkɔ akyiri a ɛbɛma wɔadi tebea no ho dwuma. Dabi, ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no hyehyɛ n’atirimpɔw na odi ho dwuma. Nanso, Paulo kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa sii gyinae sɛ obedi nneɛma ho dwuma na ama ɔde daa ogye abrɛ adesamma no mu. Dɛn ne akwan a ɔfaa so no bi?

Hena na Ɔbɛma Ahotɔ Aba?

Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ Kristo asuafo a wɔde honhom asra wɔn no wɔ dwuma titiriw bi di wɔ ɔhaw a Adam bɔne de bae a wobeyi afi hɔ no mu. Paulo ka sɛ, Yehowa ‘paw yɛn wɔ Kristo mu’ sɛ yɛne Yesu nni ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Bere a Paulo rekyerɛkyerɛ eyi mu akɔ akyiri no, ɔka sɛ Yehowa ‘yii yɛn too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛfa yɛn abagye mu.’ (Efesofo 1:4, 5) Nokwarem no, Yehowa ampaw anaa wanni kan anyi wɔn sɛ ankorankoro. Nanso, oyii anokwafo kuw bi a wɔwɔ ahofama a wɔbɛka Kristo ho ma wɔayi ɔhaw a Satan Ɔbonsam ne Adam ne Hawa de baa adesamma abusua so afi hɔ no too hɔ.—Luka 12:32; Hebrifo 2:14-18.

Anwonwade bɛn ara ni! Wɔ Satan mpoatwa a ɔde baa Onyankopɔn tumidi so mfiase no mu no, nea ɔkyerɛe ne sɛ asɛm wɔ Onyankopɔn abɔde a wɔne nnipa no ho—sɛ wɔba nhyɛso a emu yɛ den anaa nnaadaa ase a, wɔn nyinaa bɛsɔre atia Onyankopɔn tumidi. (Hiob 1:7-12; 2:2-5) Bere a Yehowa Nyankopɔn daa ‘ne dom a ɔde adom yɛn no anuonyam’ adi wɔ anwonwakwan so no, akyiri yi ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ ahotoso wɔ n’asase so abɔde mu denam Adam asefo abɔnefo no bi a ogyee wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ne honhom mu mma no so. Wɔde wɔn a wɔwɔ kuw ketewa yi mu no bɛkɔ soro akɔsom. Atirimpɔw bɛn nti?—Efesofo 1:3-6; Yohane 14:2, 3; 1 Tesalonikafo 4:15-17; 1 Petro 1:3, 4.

Ɔsomafo Paulo ka sɛ Onyankopɔn mma a wagye wɔn yi bɛyɛ “Kristo yɔnkodifo” wɔ ne soro Ahenni no mu. (Romafo 8:14-17) Sɛ́ ahene ne asɔfo no, wobenya kyɛfa wɔ adesamma abusua a wobeyi wɔn afi yaw ne amanehunu a wohyia no seesei mu no mu. (Adiyisɛm 5:10) Ampa, “abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi.” Nanso, ɛrenkyɛ, Onyankopɔn mma a wɔahyɛ da apaw wɔn yi bɛka Yesu Kristo ho ma wɔayɛ ade, na wobegye adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa ‘afi porɔwee mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu’ bio.—Romafo 8:18-22.

‘Wonya Ogye’

Eyinom nyinaa atumi ayɛ yiye denam Onyankopɔn dom a ɛsen biara a wayi no adi akyerɛ adesamma wiase a wohia ogye—Yesu Kristo agyede afɔrebɔ—no so. Paulo kyerɛw sɛ: ‘Ɔno Yesu Kristo mu na yɛanya ogye a ɛnam ne mogya so, ɛne mfomso fafiri no, ne dom bebree.’Efesofo 1:7.

Yesu Kristo ne onipa titiriw a Onyankopɔn atirimpɔw nam ne so bɛbam. (Hebrifo 2:10) N’agyede afɔrebɔ no ma Yehowa nya nea obegyina so agye Adam asefo no bi aba ne soro abusua no mu wɔ mmara kwan so na wagye adesamma afi nea Adam bɔne de bae no mu, a ɛremmrɛ ahotoso a ɛwɔ Ne mmara ne nnyinasosɛm mu no ase. (Mateo 20:28; 1 Timoteo 2:6) Yehowa ayɛ nneɛma wɔ ɔkwan a ɛma ne trenee tra hɔ na ɛne n’atɛntrenee hyia so.—Romafo 3:22-26.

Onyankopɔn “Ahintasɛm”

Mfe mpempem pii no, Onyankopɔn anna ɔkwan a ɔnam so bedi n’atirimpɔw ma asase ho dwuma no adi pɛpɛɛpɛ. Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, ‘ɔmaa Kristofo huu ne pɛ ahintasɛm.’ (Efesofo 1:9) Paulo ne ne mfɛfo Kristofo a na wɔasra wɔn no tee dwuma titiriw a Yesu Kristo di maa Onyankopɔn atirimpɔw baam no ase pefee. Wofii ase tee dwuma titiriw a wɔwɔ di sɛ Kristo yɔnkodifo wɔ ne soro Ahenni mu no nso ase. (Efesofo 3:5, 6, 8-11) Yiw, Ahenni nniso a ɛwɔ Yesu Kristo ne ne yɔnko adedifo nsam no ne adwinnade a Onyankopɔn nam so de asomdwoe a ɛtra hɔ daa bɛba, ɛnyɛ ɔsoro nko, na mmom asase so nso. (Mateo 6:9, 10) Yehowa nam so de asase yi bɛsan akɔ tebea a ɔpɛe sɛ ɛkɔ mu mfiase no mu.—Yesaia 45:18; 65:21-23; Asomafo no Nnwuma 3:21.

Ne bere a wahyɛ sɛ ɔbɛyɛ ade tẽẽ de ayi nhyɛso ne nsisi nyinaa afi asase so no abɛn koraa. Nanso Yehowa fii afisiesie adwuma no ase ankasa wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu. Ɔkwan bɛn so? Denam fi a ofii ase boaboaa ‘nneɛma a ɛwɔ soro,’ wɔn a wɔne Kristo bedi ade wɔ soro, ano saa bere no so. Wɔn a na wɔka eyi ho ne Efeso Kristofo no. (Efesofo 2:4-7) Nnansa yi ara wɔ yɛn bere yi so no, Yehowa reboaboa ‘nneɛma a ɛwɔ asase so’ no ano. (Efesofo 1:10) Ɛdenam wiase nyinaa asɛnka ɔsatu bi so no, ɔrema aman nyinaa ate N’ahenni nniso a ɛwɔ Yesu Kristo nsam no ho asɛmpa no. Wɔreboaboa wɔn a wɔyɛ ho biribi no mpo ano seesei akɔ beae bi a honhom fam ahobammɔ ne ayaresa wɔ. (Yohane 10:16) Ɛrenkyɛ, wɔbɛde wɔn ho koraa afi nsisi ne amanehunu nyinaa ho wɔ paradise asase a wɔasiesie so no so.—2 Petro 3:13; Adiyisɛm 11:18.

Wɔanya “nkɔanim kɛse” wɔ mmɔden a wɔbɔ de boa nnipa a wohu amane no mu. (The State of the World’s Children 2000) Nanso, nkɔanim a ɛsen biara no bɛba bere a Kristo Yesu ne ne mfɛfo adedifo de wɔn ho begye ɔsoro Ahenni nniso no mu nsɛm mu nnansa yi ara no. Wobedi nneɛma a ɛde ntawntawdi ba ne amanehunu a yehyia nyinaa ho dwuma koraa. Wɔde adesamma haw nyinaa bɛba awiei.—Adiyisɛm 21:1-4.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4]

Mmoa a nnipa de ma no nnii adesamma haw ho dwuma

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Kristo agyede afɔrebɔ no gyee adesamma fii Adam bɔne mu

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yebetumi anya honhom fam ahobammɔ ne ayaresa nnɛ

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Ɛrenkyɛ, ɛdenam Mesia Ahenni no so no, yɛbɛde yɛn ho afi ɔhaw ho koraa