Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesamma Haw—So Ɛbɛba Awiei Da Bi?

Adesamma Haw—So Ɛbɛba Awiei Da Bi?

Adesamma Haw—So Ɛbɛba Awiei Da Bi?

“WIASE nnipa dodow nkyem anan mu biako na wodi hia, ɔpepepem 1.3 na sika a wodi no da koro nnu $1, ɔpepepem 1 na wonnim akyerɛw ne akenkan, ɔpepepem 1.3 na wonnya nsu pa, na ɔpepepem 1 na ɔkɔm de wɔn da biara.” Saa na wiase tebea ho amanneɛbɔ a efi Ireland no kyerɛ.

Hwɛ awerɛhow ara a ɛyɛ sɛ onipa ntumi nnya wiase haw ahorow ano aduru a ɛtra hɔ daa! Ɛte sɛ nea saa haw ahorow no yɛ awerɛhow kɛse bere a wuhu sɛ nnipa a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ saa amanneɛbɔ no mu no fã kɛse no ara yɛ mmea ne mmofra a wonni ahobammɔ no. So ɛnyɛ ahodwiriw sɛ nnɛ mpo, wɔ afeha a ɛto so 21 yi mu no, wɔkɔ so “tiatia wɔn mu dodow no ara ahofadi so daa”?—The State of the World’s Children 2000.

‘Wiase Foforo Bi a Ɛba Wɔ Awo Ntoatoaso Biako Mu’

Amanaman Nkabom Mmofra Foto no ada ahotoso bi adi sɛ “yebetumi ayi abasamtu a saa ayayade yi . . . de aba nkurɔfo so wɔ wiase nyinaa no afi hɔ.” Saa ahyehyɛde yi ka sɛ tebea huhu a nnipa ɔpepepem pii a wohu amane yi wom no “nyɛ ade a yentumi nyɛ ho biribi anaa yɛnsakra no.” Nokwarem no, ahyehyɛde no ato nsa afrɛ “nnipa nyinaa sɛ wɔmpere nnya wiase foforo bi wɔ awo ntoatoaso biako mu.” Ɛwɔ anidaso sɛ eyi bɛyɛ wiase a adesamma nyinaa “bɛde wɔn ho afi ohia ne nyiyim ho, wɔbɛde wɔn ho afi basabasayɛ ne yare ho.”

Wɔn a wohyia ɔhaw a ɛte saa no nya nkuranhyɛ fi nokwasɛm a ɛne sɛ mprempren mpo nnipa a wodwen afoforo ho yɛ adwumaden sɛ wobeyi ɔhaw a “akodi ne ntawntawdi a ɛte sɛ nea ɛto ntwa da” de ba no afi hɔ no mu. Sɛ nhwɛso no, bɛboro mfirihyia 15 a atwam ni no, Chernobyl Mmofra Dwumadi no “aboa atew amane a mmofra ɔhaha pii a nuklea a wɔtotoe maa wonyaa kokoram rehu no so.” (The Irish Examiner, April 4, 2000) Akyinnye biara nni ho sɛ ahyehyɛde nketewa ne akɛse a wɔde mmoa ma no de nsakrae kɛse ba nnipa pii a ɔko ne asiane ma wohu amane no asetra mu.

Nanso, wɔn a wɔde mmoa a ɛte saa ma no yɛ nnipa a wohu nea ɛrekɔ so no ankasa. Wonim sɛ ɔhaw a nkurɔfo rehyia no “yɛ biribi a ɛrekɔ so wɔ mmaa nyinaa na emu yɛ den koraa sen mfe du a atwam no mpo.” David Begg, a ɔyɛ Ireland Adɔekuw no kwankyerɛfo panyin no ka sɛ “adwumayɛfo, aboafo ne adekyɛfo yɛɛ ade maa ɛyɛɛ nwonwa” bere a nsu kɛse bi yirii Mozambique no. Ɔde ka ho sɛ: “Nanso yɛn nkutoo ntumi nnyina asiane kɛse a ɛte saa ano.” Ɛdefa mmoa a wɔde ma wɔ Afrika ho no, ɔkaa no pen sɛ: “Anidaso kakra a aka no ano abrɛ ase koraa.” Nnipa pii bɛte nka sɛ n’asɛm no bɔ tebea a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no mua ma ɛfata.

So yebetumi ahwɛ kwan ankasa sɛ yebenya “wiase foforo bi a ɛba wɔ awo ntoatoaso biako mu” a yɛn ani da so no? Bere a mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛboa nkurɔfo a wɔwɔ ahokyere mu no fata nkamfo no, akyinnye biara nni ho sɛ ntease wom sɛ yebesusuw anidaso foforo a ɛfa wiase foforo bi a asomdwoe wom na ɛyɛ pɛ ho no ho. Bible no twe adwene si saa anidaso no so, sɛnea asɛm a edi hɔ no besusuw ho no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

Page 3, children: UN/DPI Photo by James Bu