Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asuade a Yenya Fi Romafo Abakɔsɛm Mu

Asuade a Yenya Fi Romafo Abakɔsɛm Mu

Asuade a Yenya Fi Romafo Abakɔsɛm Mu

“ƆKO a me ne mmoa koe Efeso no, mekoo no nnipam a.” Ebinom susuw sɛ nsɛm a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ 1 Korintofo 15:32 no kyerɛ sɛ wobuu ɔsomafo Paulo atɛn maa ɔkoe wɔ Romafo agoprama so. Sɛ́ ɔkoe anaa wanko no, na ko a nkurɔfo ko kosi sɛ wowu wɔ agoprama so nyɛ nã wɔ saa bere no mu. Dɛn na abakɔsɛm ka kyerɛ yɛn wɔ agoprama ne nea na ɛkɔ so wɔ hɔ no ho?

Sɛ́ Kristofo no, yɛpɛ sɛ yɛma yɛn ahonim ne Yehowa nsusuwii hyia, na atumi aboa yɛn ma yɛasi gyinae ahorow a ɛfa ɛnnɛyi anigyede ho no. Sɛ nhwɛso no, susuw Onyankopɔn adwene wɔ basabasayɛ ho sɛnea ɛda adi wɔ nsɛm yi mu no ho hwɛ: “Ntwe otirimɔdenfo ho ninkunu, nso mpaw n’akwan mu biara.” (Mmebusɛm 3:31) Na Kristofo a wodi kan no wɔ saa afotu no a na ɛkyerɛ wɔn kwan bere a nnipa pii a wɔatwa wɔn ho ahyia no ani gyee Romafo apiripiragoru akansi ahorow ho no. Bere a yɛresusuw nea esii wɔ saa nsɛm yi mu ho no, ma yɛnhwɛ sɛnea ɛyɛ asuade a emu da hɔ ma Kristofo nnɛ.

Ná akofo baanu a wɔde akode ahyehyɛ wɔn ho a wɔko gye nnipa ani hyiam wɔ Romafo agoprama so. Sɛ wonya de afoa bɔ kyɛm so ara pɛ a, nkurɔfo no yɛ gyegyeegye teɛteɛm de hyɛ nea wɔwɔ n’afã no nkuran. Na ɛyɛ anibere ko. Ɛnkyɛ, nea wapira a ontumi ntoa so bio no de n’akode gu fam, bu nkotodwe, de kyerɛ sɛ wadi nkogu, na ɔsrɛ mmoborohunu. Dede no kɔ so yɛ kɛse. Nkurɔfokuw no mu bi teɛteɛm de srɛ mmoborohunu, afoforo nso de, wɔhwehwɛ ne wu. Obiara hwɛ nea ɔhempɔn bɛyɛ. Ɛdenam nea nnipadɔm no pɛ a otie so no, otumi gyae nea wadi nkogu no anaasɛ ɔde ne kokurobeti kyerɛ fam de kyerɛ sɛ wonkum no.

Ná Romafo ani gye apiripiragoru hwɛ ho yiye paa. Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ na wɔko ntɔkwaw a ɛte saa wɔ atitiriw bi a wodi mũ ayi ase. Wosusuw sɛ akansi no nyaa ne mfiase wɔ Oscanfo anaa Samnitefo a seesei wɔwɔ Italy mfinimfini fam, a na wɔde nnipa bɔ afɔre no mu. Na wɔbɔ afɔre no sɛ wɔde bɛpata awufo honhom. Na wɔfrɛ ntɔkwaw yi munus, anaa “akyɛde” (dodow kabea, munera). Agoru a wodii kan yɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Roma no sii wɔ 264 A.Y.B. mu bere a akuw abiɛsa a wɔko gye nnipa ani koe wɔ nantwinini aguadibea no. Bere a na wɔreyɛ Marcus Aemilius Lepidus ayi no, wosii akodi ho akan 22. Wɔ Publius Licinius ayi ase no, akansi akuw 60 ne wɔn ho wɔn ho koe. Wɔ 65 A.Y.B. no, Julius Caesar de akansifo akuw 320 na ɛkɔɔ agoprama so.

Abakɔsɛm kyerɛwfo Keith Hopkins ka sɛ: “Na wɔyɛ nnipa atitiriw ayi de pɛ kwan a wɔbɛfa so adu amammui botae horow ho, enti na ayi ase agodie ne amammui wɔ abusuabɔ . . . esiane sɛnea na ayi ase agodie di mũ wɔ ɔmanfo a wɔpaw wɔn mu nti. Nokwarem no, nea enti a apiripiragoru gyee din kɛse no gyina amammui akameakame a na ɛda nnipa atitiriw ntam no so.” Eduu Augustus nniso bere so (27 A.Y.B. kosi 14 Y.B.) no, na munera abɛyɛ akyɛde—ade a nnipadɔm de gye wɔn ani—a ɔman no mu adefo nam so de kanyan wɔn amammuisɛm.

Ntetee ne Obi Ho a Ɔde Hyem

Ebia wubebisa sɛ, ‘Henanom na na wodi apiripiragoru yi?’ Wiɛ, ebia na wɔbɛyɛ nkoa, nsɛmmɔnedifo a wɔabua wɔn kumfɔ, ɔko mu nneduafo, anaa nnipa a wɔde wɔn ho nanso edin a wobenya ne ahode nti ɛtwetwee wɔn no. Na wɔtete wɔn nyinaa wɔ sukuu ahorow bi a ɛte sɛ afiase mu. Nhoma Giochi e spettacoli (Agodie ne Ahwɛde) bɔ amanneɛ sɛ “bere biara na awɛmfo no de nteɛso a ɛyɛ katee, akwankyerɛ a emu yɛ den sen biara ne atirimɔden asotwe na ɛma wɔn a wɔko gye nnipa ani no . . . Mpɛn pii no na asotwe yi kowie ahodɔmdi, atuatew, ne sakasakayɛ mu.” Ná Romafo apiripiragoru sukuu kɛse no wɔ adan nketewa a anyɛ yiye koraa no nnipa apem na ɛwɔ mu. Na ɔbarima biara wɔ nea ɔyɛ. Ná ebinom de akode, ɔkyɛm ne afoa na edi ako, na afoforo nso de atena ne peaw a ɛwɔ ti abiɛsa na ɛko. Na wɔtete afoforo nso ma wohyia mmoa wɔ agodie foforo a na agye din mu, ma wɔne wɔn ko. So na Paulo retwe adwene asi biribi a ɛte saa pɛpɛɛpɛ so?

Na nea ɔtoto agodie a ɛte saa ho nneɛma tumi dan kɔ adwumawuranom hɔ kɔhwehwɛ mmoa, na ɔfa nnipa a wɔadi fi mfe 17 anaa 18 tete wɔn sɛ apiripiragorudifo. Na nnipa a wɔtɔn wɔn yɛ adwuma kɛse. Emu biako a ɛda nsow na Trajan yɛe de hyɛɛ sraadi nkonimdi ho fã a ɔde apiripiragorudifo 10,000 ne mmoa 11,000 na ɛkɔe no.

Da Koro Dwumadi Wɔ Agoprama So

Na wɔayi anɔpa asi hɔ ama ahayɔ. Na wopia mmoa ahorow nyinaa bi kɔ agoprama no so. Na bɛhwɛadefo no ani gye ho titiriw sɛ wɔbɛma nantwinini ne osisi ako. Mpɛn pii no na wɔkyekyere mmoa abien yi bɔ faako ma wɔko kosi sɛ biako bewu, ɛno akyi no na ɔbɔmmɔfo kum nea wafi mu aka no. Agodie foforo a na agye din ne nea na wɔma gyata ne ɔsebɔ, anaa ɔsono ne osisi si akan no. Na abɔmmɔfo yi da wɔn ahokokwaw adi denam kum a wokum mmoa a wɔde wɔn afi aman ahorow so aba no so, ɛmfa ho sɛnea ne bo te—ɔsebɔ, bɛnkoro, susono, kɔntenten, pataku, yoma, sakraman, kɔkɔte, ne adowa.

Nneɛma a na wohu wɔ hɔ no ma wɔkae ahayɔ bere nyinaa. Wɔde abotan, mmura, ne nnua dii dwuma te sɛ kwae ahorow. Wɔ agoprama binom so no, na woyi mmoa no fi biribi a etumi ma ne ho so fi fam mu ma wopue mpofirim. Aboa suban a etumi sakra mpofirim no ma wonyaa anigye, nanso nea na ɛma ahayɔ no yɛ anigye titiriw ne atirimɔdensɛm a na ɛwɔ mu no.

Nea edi dwumadi no so ne nnipa a wokunkum wɔn no. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma eyinom akɔ so sɛnea esi pɛpɛɛpɛ. Na wɔyɛ ayɛsɛm ho ɔyɛkyerɛ ma nnipa wu wom ankasa.

Sɛ edu awiabere a, apiripiragorudifo akuw ahorow a wɔahyehyɛ wɔn ho, na wɔanya ntetee wɔ akwan soronko so ne wɔn ho wɔn ho ko. Wɔn mu binom a wɔtwe wɔn a wɔatotɔ funu no siesie wɔn ho sɛ asamando anyame.

Nkɛntɛnso a Enya Wɔ Bɛhwɛadefo So

Ná ntɔkwaw ho anigye a nkurɔfokuw no wɔ no mu yɛ den, enti wɔde mpire ne ɔhyew nnade kanyan akofo a na wɔpɛ sɛ wogyae ko no. Nkurɔfokuw no teɛteɛm sɛ: “Dɛn nti na ohyia afoa te sɛ ohufo yi? Dɛn nti na ɔbɔ no brɛoo saa? Dɛn nti na [omfi ne pɛ mu] nwu? Ka no mpire ma ɔnkanyan ne ho! Momma wonyi wɔn koko so na wɔmmɔ wɔn ho wɔn ho akuturuku!” Romafo ɔmanyɛfo Seneca kyerɛw sɛ bere a wɔregye wɔn ahome no wɔde amanneɛbɔ ma sɛ: “Wobekunkum ebinom wɔ ahomegye bere no mu, enti mubetumi anya nea mode begye mo ani!”

Ɛnyɛ nwonwa sɛ Seneca ka sɛ ɔsan kɔɔ fie a na “ne tirim ayɛ den aboro so a na onni ahummɔbɔ biara.” Ɛsɛ sɛ yesusuw saa bɛhwɛadeni no nsɛm a ɔka no penpen no ho yiye. So ebetumi aba sɛ nnɛyi bɛhwɛadefo bɛte nka wɔ agodie ahorow bi ho saa ara, ama wɔn “tirim ayɛ den aboro so a wonni ahummɔbɔ”?

Ebia ebinom bɛka sɛ wɔn ti ye sɛ wɔasan aba fie. Bere a bɛhwɛadeni bi kaa aseresɛm bi faa Domitian ho no, nea ɔhwɛ agoru no so no ma wɔtwee no fii n’agua so too no maa akraman. Nsɛmmɔnedifo a na wonni hɔ a wobekum wɔn nti, Caligula hyɛe ma wɔkyeree nkurɔfokuw no bi too wɔn maa mmoa no. Na bere a adehwɛpon no anyɛ adwuma sɛnea ɔhwehwɛ no, Claudius hyɛe sɛ nnadedwuma ho animdefo a na ɛho adwuma hyɛ wɔn nsa no mmɛko wɔ prama no so.

Ná bɛhwɛadefo a wɔyɛ katee nso tumi ma asiane ne ntɔkwaw si. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ agumadibea bi a na ɛwɔ Roma atifi fam bu guu fam maa nnipa mpempem pii wuwui. Ntɔkwaw sii bere a na wɔrehwɛ agodie bi wɔ Pompeii wɔ 59 Y.B. Tacitus bɔ amanneɛ sɛ ntawntawdi bi sii a akansifo a na wɔwɔ wɔn kurom ne wɔn a na wofi kurow a ɛbɛn mu aba hɔ no fii ase didii wɔn ho atɛm, afei wɔpaa wɔn ho wɔn ho abo, na nea ekowiei ne sɛ wɔde afoa dii dwuma. Wotwitwaa nnipa pii sekan anaa wopirapiraa wɔn, na wokunkum pii.

Asuade a Emu Da Hɔ

Nnansa yi nneɛma bi a wɔde kyerɛe (Sangue e arena, “Mogya ne Anhwea”) wɔ Agumadibea a ɛwɔ Roma ma yɛkae ade bi a ɛne tete munera di nsɛ. Nea yɛhyɛ no nsow ne sɛ, eyii nantwinini ntɔkwaw, akuturukubɔ, kar ne moto mmirika akansi mu akwanhyia a ɛyɛ ahodwiriw, ntɔkwaw ntraso a agumadifo ko wɔ agodie mu ne ntɔkwaw a bɛhwɛadefo ko ho video. Wofi wim na etwaa nea ɛkɔɔ so wɔ Agumadibea hɔ no ho mfonini. Wususuw sɛ dɛn na wɔn a wɔbɛsraa hɔ no bɛka? Nnipa baahe na wobesua biribi afi mu?

Ɛnnɛ, nkraman ntɔkwaw, nkokɔnini ntɔkwaw, anantwinini ntɔkwaw, ne agumadi a basabasayɛ wom nyɛ na wɔ nsase pii so. Nnipa de wɔn nkwa to asiane mu de gye nkurɔfo akuwakuw ani wɔ moto agumadi ho akansi mu. Susuw television dwumadi ahorow ho nso hwɛ. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ atɔe fam asase bi so daa no adi sɛ, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, wɔ mfe du mu no, abofra a ɔhwɛ TV no betumi ahwɛ awudi 10,000 ne anuɔdensɛm 100,000.

Afeha a ɛto so abiɛsa nhoma kyerɛwfo Tertullian kae sɛ, “anigye a wonya fi ahwɛde ahorow yi mu no ne nokware nyamesom ne nokware setie a wɔyɛ ma Nyankopɔn no nhyia.” Obuu wɔn a wɔkɔɔ ase no sɛ wɔfoa nea wɔn a wokunkum afoforo no yɛe no so. Na ɛnnɛ nso ɛ? Ebia obi bebisa sɛ, ‘So mede mogya, owu, anaa television anaa Intanɛt so basabasayɛ a mehwɛ gye m’ani?’ Ɛsɛ sɛ yɛma no tra yɛn adwenem sɛ Dwom 11:5 ka sɛ: “[Yehowa, NW] sɔ ɔtreneeni hwɛ, na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no.”

[Adaka wɔ kratafa 28

Ntɔkwaw a Wɔde “Pata Awufo Honhom”

Afeha a ɛto so abiɛsa nhoma kyerɛwfo Tertullian ka wɔ apiripiragoru fibea ho sɛ: “Wɔn a wɔtraa ase tete no susuwii sɛ ɛdenam ahwɛde yi so no, wɔnam nyansakwan a wɔfa so di atirimɔdensɛm yi so de ɔsom maa awufo. Wɔ tete no, gyidi a na wɔwɔ sɛ wɔde nnipa mogya pata awufo akra nti, wɔde nnommum anaa nkoa a wɔatɔ wɔn a na wonni mũ bɔɔ afɔre wɔ ayi ahorow ase. Ɛno akyi no wohui sɛ ɛsɛ sɛ wɔkata wɔn animtiaabu no so denam ma a wɔbɛma no ayɛ anigye no so. Enti bere a wɔatete obi a wɔakyerɛ no akodi sɛnea ɛsɛ awie no—na wɔn ntetee no ne sɛ wobehu sɛnea wowu!—afei wokum wɔn wɔ ayi da a wɔahyɛ ato hɔ ase wɔ amusiei. Enti nkurɔfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no nyaa awudi ho anigye. Eyi mu na munus fi bae. Bere bi akyi no, wonyaa nkɔso wɔ atirimɔdensɛm mu sɛnea wonyaa nkɔso wɔ nsakrae a wɔyɛe maa ɛdan anigyede mu no; efisɛ na anigye a wonya wɔ dapɔnna mu no renwie pɛyɛ kosi sɛ mmoa atirimɔdenfo no nso benya nnipa atetew wɔn mu asinasin ansa. Na wobu nea wɔde pata awufo no sɛ ayi ho amanne.”

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Tete apiripiragoru dade kyɛw ne ade a wɔde kata wɔn nan anim

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 29]

Tete Kristofo buu agodie a basabasayɛ wom sɛ ɛmfata. Saa na wubu no?

[Nsɛm Fibea]

Boxing: Dave Kingdon/Index Stock Photography; car crash: AP Photo/Martin Seppala

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]

Phoenix Art Museum, Arizona/Bridgeman Art Library