Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Biribi A Ɛsom Bo Sen Misraim Akorade

Biribi A Ɛsom Bo Sen Misraim Akorade

Biribi A Ɛsom Bo Sen Misraim Akorade

MOSE ka abakɔsɛm mu nnipa a wɔsen biara no ho. Ɛkame ayɛ sɛ Bible mu nhoma anan—efi Exodus kosi Deuteronomium—ka sɛnea Onyankopɔn ne Israel dii nsɛm wɔ Mose akanni ase no nkutoo ho asɛm. Ɔno na odii wɔn anim bere a wɔrefi Misraim no, ɔyɛɛ Mmara apam no mu ntamgyinafo, na odii Israel anim kɔɔ Bɔhyɛ Asase no hye so. Wɔtetee Mose wɔ Farao abusua mu, nanso ɔbɛyɛɛ obi a Onyankopɔn maa no tumi ma odii Ne nkurɔfo anim, bɛyɛɛ odiyifo, ɔtemmufo, ne obi a Onyankopɔn de honhom kaa no ma ɔkyerɛw Bible no bi. Nanso na “odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”—Numeri 12:3.

Nsɛm a Bible ka fa Mose ho no dodow no ara sii wɔ n’asetra mu mfe 40 a etwa to no mu, a efi ase fi bere a woyii Israel fii nkoasom mu kosi bere a Mose wui a na wadi mfirihyia 120 no. Efi mfe 40 kosi 80 no, na ɔyɛ oguanhwɛfo wɔ Midian. Nanso nhoma bi ka sɛ, “ebia n’asetra mu mmere a ɛyɛ anigye sen biara, nanso wɔanka ho asɛm pii” ne ne mfe 40 a edi kan no, efi n’awo so kosi bere a oguan fii Misraim no. Dɛn na yebetumi asua afa saa bere yi ho? Ɔkwan bɛn so na na tebea a wɔtetee Mose wom no betumi anya onii ko a ɔbɛyɛe akyiri yi no so nkɛntɛnso? Nneɛma bɛn na anka ebenya ne so nkɛntɛnso? Nsɛnnennen bɛn na anka obehyia? Na dɛn na eyinom nyinaa betumi akyerɛ yɛn?

Nkoasom Mu Wɔ Misraim

Exodus nhoma no ka sɛ Farao bi fii ase suroo Israelfo a wɔte Misraim no esiane sɛ na wɔredɔɔso nti. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ ade “nyansa kwan so” de atew wɔn dodow so denam atirimmɔden mu a ofi de wɔn yɛɛ nkoa na wɔyɛɛ adwumaden na nnwuma so ahwɛfo a wɔn tirim yɛ den hwɛɛ wɔn so no so—wɔma wɔsoaa nneɛma, yɛɛ ntayaa, na na bere nyinaa wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ ntayaa dodow bi.—Exodus 1:8-14; 5:6-18.

Saa tebea yi a wɔwoo Mose too mu wɔ Misraim no ma nea abakɔsɛm kyerɛ no bam pɛpɛɛpɛ. Anyɛ yiye koraa no, tete mmɛw krataa ne ɔboda bi ho nkyerɛwee ka sɛnea na nkoa yɛ ntayaa wɔ mfe apem a ɛto so abien A.Y.B. mu anaa nea ennu saa no ho asɛm. Na mpanyimfo a wɔhwɛ ma wɔyɛ ntayaa no boaboa nkoa ɔhaha pii ano yɛ wɔn akuw akuw a nkoa 6 kosi 18 na wɔwom na obi da wɔn ano. Na ɛsɛ sɛ wotu dɔte twe sare a wɔde yɛ ntayaa no kɔ beae a wɔyɛ ntayaa no. Adwumayɛfo a ɛsono aman a obiara fi mu sesaw nsu, na na wɔde asɔ ka dɔte ne nwura no fra. Na wɔde nnua a wɔabobɔ no ahinanan twa ntayaa pii hyehyɛ. Sɛ wowie a, na adwumayɛfo no de kɔndua sesaw ntayaa a owia abɔ so ma awo no kɔ beae a wɔresi dan no, ɛtɔ mmere bi a na wɔde gu biribi so pia. Ná Misraim ahwɛfo, a wokurakura abaa no, tra ase anaa wɔnantew di akɔneaba bere a wɔrehwɛ adwuma no so no.

Tete akontaabu nhoma bi ka ntayaa 39,118 a adwumayɛfo 602 yɛe, a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, sɛ obiara kogyina ho a na ɔyɛ ntayaa 65, no ho asɛm. Na kyerɛwtohɔ bi a efi afeha a ɛto so 13 A.Y.B. mu no ka sɛ: “Mmarima no tumi yɛ . . . ntayaa dodow a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ da biara no.” Eyi nyinaa kae yɛn adwuma a na wɔhwehwɛ sɛ Israelfo no yɛ sɛnea wɔka ho asɛm wɔ Exodus nhoma no mu no.

Nhyɛso a wɔde baa Hebrifo so no antumi amma wɔn dodow so antew. Mmom no, “dodow a [Misrifo no hyɛɛ] wɔn so no, dodow no ara na wɔdɔe . . . . Na Misrifo suroo Israelfo no.” (Exodus 1:10, 12) Enti, nea edi kan no, Farao hyɛɛ Hebrifo awogyefo no, ne afei ne nkurɔfo nyinaa sɛ wonkum Israelni barima foforo biara a wɔbɛwo no no. Saa tebea a ɛyɛ hu yi mu na Yokebed ne Amram woo abarimaa fɛfɛ Mose.—Exodus 1:15-22; 6:20; Asomafo no Nnwuma 7:20.

Wɔde no Sie, Wohu no, Wogye no Abayɛn

Mose awofo buu wɔn ani guu Farao awudi mmara no so de akokoaa no siei. So wɔyɛɛ saa ɛmfa ho sɛ na akwansrafo ne adwumayɛfo foforo rekyinkyin hwehwɛ nkokoaa no? Yentumi nkyerɛ. Sɛnea ɛte biara no, wɔ asram abiɛsa akyi no na Mose awofo ntumi mfa no nsie bio. Enti ne maame a na ne ho yeraw no no de mmɛw nwenee kɛntɛn de aman faa ho sɛnea ɛbɛyɛ a nsu ntumi nkɔ mu, na ɔde ne ba no too mu. Ɔkwan bi so no, sɛ Yokebed antie adwene a na ɛwɔ Farao ahyɛde a ɛse wɔntow Hebrini abarimaa biara a wɔbɛwo no foforo nkyene Nil mu no mpo a, otiee emu nsɛm no. Afei, Miriam, Mose nuabea panyin no, kogyinaa baabi a ɛbɛn hwɛɛ nea ebesi.—Exodus 1:22–2:4.

Sɛ ebia na Yokebed pɛ sɛ Farao babea no hu Mose bere a waba asubɔnten no ho rebeguare no de, yennim, nanso saa na ɛbae. Ɔhene babea no hui sɛ eyi yɛ Hebrifo no bi ba. Dɛn na na ɔbɛyɛ? So na obetie ne papa asɛm ma wɔakum no? Dabi, ɔyɛɛ n’ade sɛnea mmea dodow no ara bɛyɛ wɔn ade no. Ɔdaa ayamhyehye adi.

Miriam kɔɔ ne nkyɛn ntɛm ara. Obisae sɛ: ‘So menkɔfrɛ Hebrini bea bi na ɔnhwɛ abofra no mma wo?’ Ɛyɛ den sɛ nnipa binom bɛte asɛm yi ase. Mose nuabea no yɛ soronko koraa wɔ Farao a ɔne n’afotufo bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔne Hebrifo no bedi wɔ “nyansa kwan so” no ho. Nokwarem no, Mose yiyedi no sii pi bere a ɔhene babea no penee ne nuabea no abisade no so no. Farao babea no buae sɛ, “kɔ,” na ntɛm ara Miriam kɔfaa ne maame bae. Bere a wɔyɛɛ nhyehyɛe soronko bi wiei no, wɔbɔɔ Yokebed paa sɛ ɔnkɔtete n’ankasa ba, a na wɔbɛbɔ ne ho ban sɛ ɔdehye.—Exodus 2:5-9.

Ayamhyehye a ɔhene babea no daa no adi no yɛ soronko koraa wɔ ne papa atirimɔden no ho. Wammu n’ani angu abofra no so, ɛnna wamma wɔannaadaa no wɔ abofra no ho nso. Ahummɔborɔ a efi komam na ɛkaa no ma ogyee no sɛ ɔba, na pene a ɔpenee so sɛ Hebrini nyɛn no no da no adi sɛ na onkura ne papa adwemmɔne no bi.

Ne Ntetee ne Ne Nhomasua

Yokebed “faa abofra no kɔmaa no nufu. Na abofra no nyinii, na ɔde no kɔmaa Farao babea no, na ɔdan ne ba.” (Exodus 2:9, 10) Bible nka bere tenten a Mose ne n’awofo ankasa trae. Ebinom susuw sɛ ɛbɛyɛ sɛ anyɛ yiye koraa no ɔne wɔn trae kosii sɛ wotwaa no nufu—a ɛbɛyɛ mfe abien anaa abiɛsa—nanso ebetumi aba sɛ ɛboro saa. Nea Exodus ka ara ne sɛ ‘onyinii’ wɔ n’awofo nkyɛn, a ebetumi akyerɛ sɛ odii mfe dodow bi. Sɛnea ɛte biara no, akyinnye biara nni ho sɛ Amram ne Yokebed de bere no maa wɔn ba no hui sɛ ɔyɛ Hebrini na wɔkyerɛkyerɛɛ no Yehowa ho ade. Nea ɛyɛe a wotumi de gyidi ne trenee ho dɔ hyɛɛ Mose komam de, akyiri yi na ɛdaa adi.

Bere a wɔde Mose kɔmaa Farao babea no, wɔkyerɛkyerɛɛ no “Misrifo nyansa nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 7:22) Ɛno kyerɛ sɛ wɔtetee Mose ma ɔfatae sɛ obi a obetumi ayɛ adwuma ama aban no. Nneɛma pii a na wosua wɔ Misraim no bi ne akontaabu, adansi, akwanyɛ, nsaanodwuma ho adesua horow ne adebɔ ho nyansahu. Yebetumi aka sɛ na adehye abusua no bɛpɛ sɛ onya Misrifo som ho nkyerɛkyerɛ.

Ebetumi aba sɛ Mose ne mmofra foforo a wɔyɛ adehye no nyaa nhomasua soronko yi. Wɔn a wonyaa saa nhomasua titiriw yi bi ne “aman foforo mu sodifo mma a wɔde wɔn kɔɔ Misraim anaasɛ wɔfaa wɔn sɛ nnomum kɔɔ hɔ sɛ ‘wɔrekɔtete wɔn’ na wɔasan aba abɛsom sɛ atumfoɔ wɔ Misraim ase,” na wɔadi nokware ama Farao no. (The Reign of Thutmose IV, a Betsy M. Bryan kyerɛwee) Ɛte sɛ nea sukuu ahorow a ɛtete mmofra a wɔyɛ adehye no siesiee mmofra no na ama wɔasom sɛ mpanyimfo wɔ ahemfie. * Asɛm bi a wɔkyerɛw no Misrifo Mfinimfini Mmere ne Ahenni Foforo mmere mu no da no adi sɛ Farao asomfo ne aban adwumayɛfo a na wokura dibea a ɛkorɔn no nyaa abodin “Abofra a Mmofra Sukuu Atete No” bere a na wɔanyinyin mpo no.

Ná ahemfie asetra bɛsɔ Mose ahwɛ. Ná ɛma obi tumi nya sika, ahode, ne tumi. Ná ɛde abrabɔ fam asiane nso ba. Ná Mose bɛyɛ n’ade dɛn? Na henanom na obedi nokware ama wɔn? So na ɔbɛda ne ho adi sɛ Yehowa somfo, Hebrifo a wɔhyɛ wɔn so no nua, anaasɛ na n’ani begye nea abosonsom man Misraim bɛma wanya no nyinaa ho?

Gyinaesi a Emu Yɛ Den

Bere a Mose dii mfe 40, a na afei na wobetumi agye no atom sɛ Misrini mapa no, ‘opue kɔhwɛɛ abɛbrɛsɛ a na ne nuanom refa mu no.’ Ade a edi hɔ a ɔyɛe no kyerɛe sɛ na ɔnkɔpɛ asɛm kɛkɛ; na n’ani gyina sɛ ɔbɛboa wɔn. Bere a ohui sɛ Misrini bi reboro Hebrini no, ɔde ne ho gyee mu kum Misrini no. Saa adeyɛ no kyerɛe sɛ na Mose koma wɔ ne nuanom ho. Akyinnye biara nni ho sɛ na onipa a okum no no yɛ Misrifo mpanyimfo no bi, na okum no bere a na ɔpanyin no redi n’asɛyɛde ho dwuma. Wɔ Misrifo ani so no, na ɛsɛ sɛ Mose di Farao nokware ɔkwan biara so. Nanso, nea ɛkanyan Mose nso ne ɔdɔ a na ɔwɔ ma atɛntrenee, su a ɔsan daa no adi da a edi hɔ a ɔsɔre tiaa Hebrini a na ɔreboro ne nua Hebrini wɔ ɔkwan a ɛnsɛ so no. Ná Mose pɛ sɛ ogye Hebrifo no fi atirimɔden nkoasom no mu, nanso bere a Farao huu bɔne a Mose adi na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obekum no no, ɛhyɛɛ Mose ma oguan kɔɔ Midian.—Exodus 2:11-15; Asomafo no Nnwuma 7:23-29. *

Bere a na Mose pɛ sɛ ogye Onyankopɔn nkurɔfo no ne Yehowa bere anhyia. Nanso, nea ɔyɛe no daa gyidi bi adi. Hebrifo 11:24-26 ka sɛ: “Gyidi nti na Mose nyinii no, wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba, na ɔpawee sɛ ɔne Nyankopɔn man behu amane mmom kyɛn sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛw nna tiaa bi.” Dɛn ntia? “Obuu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛse sen Misraim ahonyade, efisɛ ɔhwɛɛ akatua no.” Asɛm “Kristo,” a ɛkyerɛ “nea wɔasra no,” a wɔde adi dwuma ɔkwan soronko so no fata Mose efisɛ akyiri yi onyaa ahyɛde titiriw bi fii Yehowa hɔ tẽẽ.

Wo de susuw ho hwɛ! Mose nyaa ntetee a na Misraim atitiriw nkutoo na wobetumi anya. Ná gyinabea a ɔwom no bɛma wanya adwuma a ɛkyɛn so ne anigye biara a ɔpɛ, nanso ɔpoo ne nyinaa. Ná ɔrentumi nkyerɛ Farao tirimɔdenfo no ahemfie tra ho anigye, na bere koro no ara ɔnnɔ Yehowa ne atɛntrenee. Bɔ ahorow a Onyankopɔn hyɛɛ Mose nananom Abraham, Isak, ne Yakob no kaa no maa ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn anim dom. Ne saa nti, Yehowa tumi de Mose dii dwuma wɔ akwan titiriw pii so ma odii N’atirimpɔw ho dwuma.

Yɛn nyinaa hyia gyinaesi ahorow fa nneɛma a ɛho hia sen biara ho. Te sɛ Mose no, ebia wuhyia gyinaesi a emu yɛ den. So ɛsɛ sɛ wugyaw nneyɛe bi anaa biribi a ɛda adi sɛ mfaso wɔ so, ɛmfa ho nea wobɛhwere biara? Sɛ gyinaesi a ɛte saa da w’anim a, kae sɛ Mose buu Yehowa adamfofa sɛ ɛsom bo sen Misraim akorade nyinaa, na wannu ne ho.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 17 Saa nhomasua yi te sɛ nea Daniel ne ne nnamfonom nyae ma wɔsom sɛ ɔman adwumayɛfo wɔ Babilon no. (Daniel 1:3-7) Fa toto Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! a Yehowa Adansefo tintimii no, ti 3 ho.

^ nky. 20 Ade foforo a ɛkyerɛ sɛ na Mose dɔ atɛntrenee ne sɛ ogyee mmea nguanhwɛfo bi a wonni boafo fii ayayade mu wɔ Midian, baabi a ɔkɔyɛɛ oguanfo no.—Exodus 2:16, 17.

[Adaka wɔ kratafa 11

Abagyigye Ho Nhyehyɛe

Mpɛn pii no, ɛnanom na wɔma wɔn ankasa mma nufu. Nanso, nhomanimfo Brevard Childs ka wɔ Journal of Biblical Literature mu sɛ, “wɔ tebea ahorow bi mu wɔ mmusua atitiriw [a wɔwɔ Apuei fam] mu no, na wɔfa ɔbagyigyefo tua no ka. Ná saa adeyɛ yi nso taa kɔ so wɔ mmeae a ɛna no ntumi mma ne ba nufu anaa wonnim ɛna no. Ná ɛyɛ ɔbagyigyefo no asɛyɛde sɛ ɔbɛtete abofra no ama no nufu wɔ bere bi a wɔahyɛ mu.” Wɔahu mmɛw nkrataa pii a ɛfa abagyigye ho nhyehyɛe a na wɔyɛ wɔ Apuei Fam ho no. Saa nkrataa yi si adeyɛ a na abu so fi Sumeriafo mmere so kosi Helafo mmere no awiei wɔ Misraim no so dua. Nneɛma a ɛwɔ nkrataa yi so ne nsɛm a ankorankoro a na wɔn ho wɔ nhyehyɛe no mu kae, mmere dodow a na nhyehyɛe no di, sɛnea na adwuma no te, nneɛma pɔtee a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ntetee no mu, sika a na obi betua bere a obu nhyehyɛe no so, akatua a na wɔde bɛma ɔbagyigyefo no, ne sɛnea na wobetua ka no. Nokwarem no, Childs kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na abagyigye no di boro mfe abien kosi abiɛsa. Na ɔbagyigyefo no tete abofra no wɔ ne fie, nanso ɛtɔ mmere bi a na wɔhwehwɛ sɛ ɔde akokoaa no bɛkɔ akɔma ne maame ma wahwɛ sɛnea ne ho te.”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 9]

Nsakrae titiriw biara mmaa sɛnea na wɔyɛ ntayaa wɔ Misraim wɔ Mose bere so ne sɛnea wɔyɛ no nnɛ no mu, sɛnea tete mfonini ahorow kyerɛ no

[Nsɛm Fibea]

Above: Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.; below: Erich Lessing/Art Resource, NY