Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Di Ahemfo No Nhwɛso Akyi

Di Ahemfo No Nhwɛso Akyi

Di Ahemfo No Nhwɛso Akyi

“Ɔnhwɛ mmara yi nhoma . . . so nkyerɛw bi mfa; na ɛntra ne nkyɛn, na ɔnkenkan mu, ne nkwa nna nyinaa.”—DEUTERONOMIUM 17:18, 19.

1. Kristoni bɛpɛ sɛ ɔyɛ sɛ hena?

EBIA woremfa wo ho ntoto ɔhene anaa ɔhemmaa ho. Kristoni nokwafo a osua Bible bɛn na obebu ne ho sɛ obi a odi tumi te sɛ Ahemfo anokwafo Dawid, Yosia, Hesekia, anaa Yehosafat? Nanso, wubetumi, na ɛsɛ sɛ woyɛ wo ho sɛ wɔn wɔ anyɛ yiye koraa, ɔkwan titiriw biako so. Ɛne dɛn? Na dɛn nti na wobɛpɛ sɛ woyɛ sɛ wɔn wɔ saa kwan no so?

2, 3. Dɛn na Yehowa hu siei wɔ onipa a obedi hene ho, na dɛn na na ɛsɛ sɛ ɔhene a ɔte saa yɛ?

2 Mose bere so, bere tenten ansa na Onyankopɔn repaw onipa ma wadi Israelfo so hene no, Ohu siei sɛ Ne nkurɔfo no bɛpɛ sɛ ɔhene di wɔn so daakye. Enti ɔde honhom kaa Mose ma ɔde ɛho akwankyerɛ a ɛfata hyɛɛ Mmara apam no mu. Na eyi yɛ akwankyerɛ a wɔde bɛma ahemfo.

3 Onyankopɔn kae sɛ: “Sɛ wudu asase a [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn de rema wo no so, . . . na woka sɛ: Mesi me so hene sɛ amanaman a wɔatwa me ho ahyia no nyinaa a, fa nea [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn beyi no no si wo so hene. . . . Na sɛ ɔte n’ahenni agua so a, ɔnhwɛ mmara yi nhoma . . . no so nkyerɛw bi mfa, . . . na ɔnkenkan mu, ne nkwa nna nyinaa, na wasua [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn suro, ne mmara yi mu nsɛm nyinaa ne ahyɛde yi hwɛ ne ɛsodi.”—Deuteronomium 17:14-19.

4. Nsɛm bɛn na na ɛwɔ akwankyerɛ ahorow a Onyankopɔn de maa ahemfo no mu?

4 Yiw, na ɛsɛ sɛ ɔhene a Yehowa bɛpaw no ama n’asomfo no kyerɛw nsɛm a wuhu wɔ wo Bible mu no bi fa. Afei na ɛsɛ sɛ ɔhene no kɔ so kenkan, na otĩ mu da biara da. Ná ɛnyɛ ade a ɔbɛyɛ no daa na aka ne tirim kɛkɛ. Ná ɛyɛ adesua, na na ɛwɔ botae a mfaso wɔ so. Ná ehia sɛ ɔhene a ɔbɛsɔ Yehowa ani no di adesua a ɛte saa akyi na ama wanya koma pa. Afei nso na ehia sɛ osua nkyerɛwee a efi honhom mu no na ama wadi yiye sɛ ɔhene a ɔwɔ nhumu.—2 Ahene 22:8-13; Mmebusɛm 1:1-4.

Sua Ade Te sɛ Ɔhene

5. Bible no afã bɛn na na Ɔhene Dawid betumi akyerɛw na wakenkan, na ɔtee nka dɛn wɔ eyi ho?

5 Wususuw sɛ dɛn na na ɛsɛ sɛ Dawid yɛ bere a ɔbɛyɛɛ Israel so hene no? Wiɛ, na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw Pentateuch (Genesis, Exodus, Leviticus, Numeri, Deuteronomium) no bi fa. Susuw nkɛntɛnso ara a na ebenya wɔ Dawid adwene ne ne koma so bere a ɔde n’ankasa nsa ne n’aniwa di dwuma de kyerɛw Mmara no bi fa no ho hwɛ. Ɛda adi sɛ Mose na ɔkyerɛw Hiob nhoma no ne Dwom 90 ne 91 no nso. So Dawid kyerɛw eyinom nso bi fae? Ebia ɛte saa. Afei nso, ɛbɛyɛ sɛ ne nsa kaa Yosua, Atemmufo, ne Rut nhoma no nso. Enti wutumi hu sɛ na Ɔhene Dawid benya Bible no fã dodow no ara akenkan na wasusuw ho. Sɛ wohwɛ asɛm a ɔka faa Onyankopɔn Mmara ho wɔ Dwom 19:7-11 no a, wubetumi agyina so agye adi sɛ ɔyɛɛ saa.

6. Yɛbɛyɛ dɛn agye adi sɛ na Yesu ani gye Kyerɛwnsɛm no ho te sɛ ne nana Dawid?

6 Dawid Ɔkɛse—Yesu, Dawid Ba no—dii nhwɛso a ɛte saa ara akyi. Ná ɛyɛ Yesu su sɛ dapɛn biara ɔbɛkɔ ne mpɔtam hɔ hyiadan mu. Sɛ ɔkɔ hɔ a, na ɔte sɛ wɔkenkan Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ mu. Nea ɛsen saa no, bere bi Yesu ankasa kenkan Onyankopɔn Asɛm no den wɔ baguam na ɔkyerɛkyerɛɛ mu. (Luka 4:16-21) Ɛnyɛ den koraa sɛ wubehu sɛnea na onim Kyerɛwnsɛm no mu no. Wo de kenkan Nsɛmpa no, na hyɛ mpɛn dodow a Yesu kae sɛ “wɔakyerɛw sɛ” anaa akwan foforo a ɔfaa so twee adwene sii kyerɛw nsɛm pɔtẽẽ bi so no nsow. Hwɛ, wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka a Mateo kyerɛwee mu no, ɔfaa nsɛm fii Hebri Kyerɛwnsɛm no mu mpɛn 21.—Mateo 4:4-10; 7:29; 11:10; 21:13; 26:24, 31; Yohane 6:31, 45; 8:17.

7. Ɔkwan bɛn so na na ɛsono Yesu koraa wɔ nyamesom akannifo no ho?

7 Yesu dii afotu a ɛwɔ Dwom 1:1-3 no akyi: “Nhyira ne onipa a ɔnnantew abɔnefo agyina mu, . . . na mmom [Yehowa, NW] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara so awia ne anadwo. . . . Nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.” Hwɛ sɛnea na eyi ne ne bere so nyamesom akannifo a na ‘wɔatra Mose agua so’ nanso na wɔabu wɔn ani agu ‘Yehowa mmara’ so no bɔ abira!—Mateo 23:2-4.

8. Dɛn nti na na mfaso biara nni so sɛ Yudafo nyamesom akannifo no bɛkenkan na wɔasua Bible no?

8 Nanso ebia asɛm biako bi a wobetumi aka sɛ na Yesu nam so rebu afoforo abam wɔ Bible adesua ho no bɛma ebinom ho adwiriw wɔn. Yɛkenkan nea Yesu ka kyerɛɛ ne bere sofo no binom wɔ Yohane 5:39, 40 sɛ: “Mohwehwɛ kyerɛw nsɛm no mu, efisɛ mususuw sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛne nea edi me ho adanse, na mompɛ sɛ moba me nkyɛn, na moanya nkwa.” Yesu amfa saa asɛm no so ammu Yudafo a na wɔretie no no abam wɔ Kyerɛwnsɛm no a wobesua no ho. Mmom no na ɔreda wɔn nkontompo anaa wɔn nyaatwomyɛ adi. Ná wonim sɛ Kyerɛwnsɛm no betumi akyerɛ wɔn kwan ma wɔanya daa nkwa, nanso na ɛsɛ sɛ Kyerɛwnsɛm koro no ara a wɔrehwehwɛ mu no ma wohu Mesia, a ɔne Yesu no. Nanso wɔannye no antom. Ne saa nti na adesua so nni mfaso biara mma wɔn efisɛ na wonni nokware, na na wɔnyɛ nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn.—Deuteronomium 18:15; Luka 11:52; Yohane 7:47, 48.

9. Nhwɛso fɛfɛ bɛn na asomafo no ne tete adiyifo no yɛe?

9 Nanso hwɛ sɛnea na ɛsono Yesu asuafo ne asomafo no koraa! Wosuaa ‘nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama obi ahu nyansa akɔ nkwagye mu’ no. (2 Timoteo 3:15) Wɔ eyi mu no na wɔte sɛ adiyifo a wɔtraa ase tete no a ‘wɔpepɛe na wɔpɛɛpɛɛ mu’ no. Saa adiyifo no ammu saa mpɛɛpɛɛmu no sɛ adesua bi a wɔde nsi sua asram kakraa bi anaa afe kɛkɛ. Ɔsomafo Petro ka sɛ wɔkɔɔ so “hwehwɛɛ” ne titiriw, Kristo ne anuonyam a ɛwɔ ogye a obegye adesamma mu no mu. Wɔ Petro nhoma a edi kan mu no, ɔfaa Bible nhoma du mu nsɛm kae mpɛn 34.—1 Petro 1:10, 11.

10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara kyerɛ Bible sua ho anigye?

10 Enti ɛda adi pefee sɛ na Onyankopɔn Asɛm a wɔde ahwɛyiye besua no yɛ tete Israel ahemfo dwumadi. Yesu dii nhwɛso yi akyi. Saa ara na na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔne Kristo bedi ade wɔ soro no de yɛ wɔn adwuma. (Luka 22:28-30; Romafo 8:17; 2 Timoteo 2:12; Adiyisɛm 5:10; 20:6) Ahemfo nhwɛso yi yɛ ade a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya nhyira wɔ Ahenni nniso ase wɔ asase so no nso yɛ.—Mateo 25:34, 46.

Ɛyɛ Adwuma Ma Ahemfo ne Wo

11. (a) Adesua ho asiane bɛn na Kristofo betumi ahyia? (b) Nsɛm bɛn na ɛbɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho?

11 Yebetumi aka no nokwarem paa sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristoni biara ankasa hwehwɛ Bible no mu. Ɛnyɛ ade a ehia sɛ woyɛ bere a wo ne Yehowa Adansefo sua Bible bere a edi kan no ara kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara si gyinae sɛ ɔrenyɛ sɛ ebinom a na wɔwɔ hɔ wɔ ɔsomafo Paulo bere so, a bere bi akyi no, wɔyɛɛ anibiannaso wɔ kokoam adesua ho no. Wosuaa “Onyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm” te sɛ ‘Kristo ho mfiase asɛm.’ Nanso wɔankɔ so ansua ade ma enti ‘wɔampere ankɔ nea ɛyɛ pɛ no mu.’ (Hebrifo 5:12–6:3) Ne saa nti yebetumi abisa yɛn ho ma afata sɛ: ‘Ɛmfa ho sɛ ebia me ne Kristofo asafo no bɔe nkyɛe anaa me ne asafo no abɔ mfe pii no, mete nka wɔ Onyankopɔn Asɛm a mesua no kokoam no ho dɛn? Paulo bɔɔ mpae sɛ ne bere so Kristofo nkɔ so “nnyin wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.” So mema ɛda adi sɛ mewɔ ɔpɛ a ɛte saa?’—Kolosefo 1:9, 10.

12. Dɛn nti na Onyankopɔn Asɛm ho anigye a yɛbɛkɔ so anya no ho hia?

12 Ade titiriw a ɛbɛma woanya adesua ho su pa ne sɛ wubenya Onyankopɔn Asɛm ho anigye. Dwom 119:14-16 twe adwene si Onyankopɔn Asɛm a yebesusuw ho anibere so daa no so sɛ ɔkwan a yɛbɛfa so anya ho anigye. Afei nso, ɛmfa ho bere tenten a wode ayɛ Kristoni no, ɛsɛ sɛ woyɛ saa. Nea ɛbɛma emu ada hɔ no, kae Timoteo nhwɛso no. Ɛwom sɛ na Kristoni panyin yi resom dedaw sɛ “Kristo Yesu sraani pa” de, nanso Paulo hyɛɛ no nkuran sɛ ɔmmɔ mmɔden ‘nkura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’ (2 Timoteo 2:3, 15; 1 Timoteo 4:15) Ɛda adi pefee sɛ, ‘pii’ a wobɛyɛ no hwehwɛ sɛ wunya adesua ho su pa.

13. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya bere pii de asua Bible? (b) Nsakrae bɛn na wote nka sɛ wubetumi ayɛ de anya bere ama adesua?

13 Ɔkwan a wobɛfa so anya adesua ho su pa ne sɛ wubeyi bere bi asi hɔ bere nyinaa ama Bible adesua. Dɛn na woreyɛ wɔ ɛno ho? Sɛnea wubefi komam ama mmuae biara no, so wususuw sɛ wubenya bere pii a wode bɛyɛ kokoam adesua no so mfaso? Ebia wobɛka sɛ, ‘mɛyɛ dɛn anya bere ayɛ saa?’ Wiɛ, ebinom atumi ama bere a wɔde sua Bible no atu mpɔn denam sɔre a wɔsɔre ntɛm kakra anɔpa biara no so. Wobetumi de simma 15 akenkan Bible anaasɛ wɔayɛ kokoam adesua. Ɔkwan foforo nso ne sɛ, dɛn nti na wonyɛ nsakrae ketewaa bi wɔ wo dapɛn nhyehyɛe mu? Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛyɛ wo su sɛ wode nna dodow no ara kenkan atesɛm krataa anaa wode tie television so anwummere kaseɛbɔ a, so wubetumi ama da koro apa wo ti so wɔ dapɛn no mu a worenyɛ saa? Wubetumi de saa bere no ayɛ Bible adesua pii saa da no. Sɛ wode kokoam adesua si simma bɛyɛ 30 anaa nea ɛte saa a wode tie kaseɛbɔ da koro no ananmu a, wubenya nea ɛboro nnɔnhwerew 25 a wode besua ade wɔ afe biako mu. Susuw mfaso a wubenya wɔ nnɔnhwerew 25 a wubenya aka bere a wode kenkan Bible anaa wode yɛ adesua ho no ho hwɛ! Nyansahyɛ foforo nso ni: Wɔ dapɛn a ɛreba no mu no, susuw nnwuma a wobɛyɛ da biara no ho hwɛ. Hwɛ sɛ ebia wubenya biribi a wubetumi ayi afi mu anaa wubetwa so na ama woanya bere pii de ayɛ Bible akenkan anaa adesua anaa.—Efesofo 5:15, 16.

14, 15. (a) Dɛn nti na botae ahorow ho hia wɔ kokoam adesua ho? (b) Botae horow a wubetumi de asisi w’ani so wɔ Bible akenkan ho no bi ne dɛn?

14 Dɛn na ɛbɛma adesua ayɛ mmerɛw ama wo, anaa w’ani agye ho kɛse? Botae ahorow. Adesua ho botae a ɛfata bɛn na wubetumi de asi w’ani so? Wɔ nnipa pii fam no, botae a edi kan a wɔn ani gye ho ne sɛ wɔbɛkenkan Bible mũ no nyinaa. Ebia ɛde besi saa bere yi, woakenkan Bible no afã bi anya so mfaso. So afei de wubetumi de asi w’ani so sɛ wobɛkenkan Bible mũ no nyinaa? Botae a edi kan a ɛbɛma woatumi ayɛ saa no betumi ayɛ Nsɛmpa anan no a wobɛkenkan, na wode botae a ɛto so abien a ebetumi ayɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no fã a aka a wobɛkenkan no adi so. Sɛ wunya nya mu anigye ne mfaso no a, botae a edi so a wubetumi de asi w’ani so ne sɛ wobɛtoa so akenkan Mose nhoma no ne abakɔsɛm nhoma no akosi Ester. Sɛ wunya wie a, wubehu sɛ ɛrenyɛ den sɛ wubewie Bible no fã a aka no. Ɔbea bi a na wadi bɛyɛ mfe 65 bere a ɔbɛyɛɛ Kristoni no kyerɛw bere a ɔde fii ase kenkan Bible no kosi bere a ɔde kenkan wiei no guu ne Bible akyi. Mprempren wankenkan Bible no awie mpɛn anum! (Deuteronomium 32:45-47) Na sɛ anka ɔbɛkenkan wɔ kɔmputa so anaa obetintim wɔ krataa so akenkan no, ɔde Bible no too ne nsam na ɛkenkanee.

15 Ebinom a wɔatumi adu botae a ɛne sɛ wɔbɛkenkan Bible no nyinaa ho dedaw no fa akwan foforo so nya adesua a wogu so reyɛ no so mfaso ne anigye. Ɔkwan biako ne sɛ wubedi kan apaw nhoma bi a ɛka Bible nhoma biara a worebɛkenkan ho asɛm de aka ho. Wubetumi anya Bible nhoma biara ho abakɔsɛm, ɔkwan a wɔfaa so kyerɛwee ne mfaso a ɛwɔ so ho nsɛm a edi mu afi “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” ne Insight on the Scriptures no mu. *

16. Bible adesua ho nhwɛso bɛn na ɛnsɛ sɛ yesuasua?

16 Wɔ w’adesua no mu no, kwati ɔkwan a wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Bible ho abenfo fa so no. Wɔde adwene si nsɛm mu nhwehwɛmu a wɔyɛ so te sɛ nea onipa na ɔkyerɛw Bible no. Wɔn mu binom bɔ mmɔden sɛ wɔde nnipakuw pɔtẽẽ bi bɛbata nhoma biara ho anaasɛ wɔde wɔn adwene bebu botae anaa adwene a na onipa a ɔkyerɛw nhoma biara kura no. Nea ebetumi afi nnipa nsusuwii a ɛte saa mu aba ne sɛ ɛbɛma wɔabu Bible sɛ abakɔsɛm nhoma bi ara kwa anaasɛ nyamesom mu mfitiasesɛm bi. Nhomanimfo binom ma nsɛmfua ho adesua te sɛ kasa a wɔde kyerɛwee Bible no ho adesua, gye wɔn adwene. Wɔma faako a nsɛmfua fi ho adesua ne Hebri ne Hela nsɛmfua asekyerɛ gye wɔn adwene sen sɛ wɔbɛte Onyankopɔn asɛm ase mmom. So wususuw sɛ akwan a ɛte saa betumi ama wɔanya gyidi a emu yɛ den na ɛka koma?—1 Tesalonikafo 2:13.

17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yebu Bible no sɛ nhoma a emu nsɛm fa obiara ho?

17 So ntease wɔ nsɛm a nhomanimfo yi ka mpo mu? So ɛyɛ nokware sɛ Bible nhoma biara gyina asɛmpɔw biako so anaa wɔkyerɛw maa nnipakuw pɔtẽe bi? (1 Korintofo 1:19-21) Nokwasɛm no ne sɛ Onyankopɔn Asɛm mu nhoma ahorow no so wɔ mfaso daa ma nnipa a ɛsono mfe a wɔadi nyinaa ɛmfa ho baabi a obi fi ne ne nsɛm tebea. Sɛ mpo mfiase no wɔkyerɛw nhoma bi maa onipa biako te sɛ Timoteo ne Tito, anaa nnipakuw bi, te sɛ Galatifo anaa Filipifo a, yɛn nyinaa betumi asua saa nhoma no, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Ɛho hia ma yɛn mu biara, na nhoma no mu biara betumi aka nsɛmpɔw pii ho asɛm na atiefo pii anya so mfaso. Yiw, wotumi de Bible mu asɛm no di dwuma wɔ wiase baabiara, na ɛboa yɛn ma yɛte nea enti a wɔakyerɛ ase kɔ kasa horow pii mu wɔ wiase nyinaa no ase.—Romafo 15:4.

Mfaso a Wo ne Afoforo Betumi Anya

18. Bere a wokenkan Onyankopɔn Asɛm no, dɛn ho na ɛsɛ sɛ wususuw?

18 Bere a wusua Bible no, wubehu sɛ sɛ wohwehwɛ emu ntease na wobɔ mmɔden hwehwɛ abusuabɔ a ɛda emu nsɛm nyinaa mu a, ɛso bɛba wo mfaso pii. (Mmebusɛm 2:3-5; 4:7) Nea Yehowa nam N’asɛm so ada no adi no ne n’atirimpɔw wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Enti bere a wokenkan no, fa emu nokwasɛm ne afotu no toto Onyankopɔn atirimpɔw ho. Wubetumi asusuw sɛnea asɛm bi a esii, nsusuwii, anaa nkɔmhyɛ bi ne Yehowa atirimpɔw wɔ abusuabɔ no ho. Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na eyi ka fa Yehowa ho kyerɛ me? Ɔkwan bɛn so na ɛne Onyankopɔn atirimpɔw a wɔnam N’ahenni so da no adi no wɔ abusuabɔ?’ Wubetumi asusuw ho nso sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn de asɛm yi adi dwuma? So metumi agyina Kyerɛwnsɛm no so de akyerɛ ade anaasɛ mede atu afoforo fo?’—Yosua 1:8.

19. Sɛ woka nea wusua ho asɛm kyerɛ afoforo a, hena na onya so mfaso? Kyerɛkyerɛ mu.

19 Afoforo ho a yebesusuw nso yɛ ɔkwan foforo a yɛnam so benya mfaso. Bere a worekenkan Bible na wusua no, wubehu nneɛma foforo pii na wo nhumu adɔɔso. Bɔ mmɔden sɛ wode eyinom bɛhyehyɛ nkɔmmɔ a ɛma denhyɛ a wo ne w’abusuafo ne afoforo bɔ mu. Sɛ wufi odwo mu yɛ saa wɔ bere a ɛfata mu a, akyinnye biara nni ho sɛ wubenya nkɔmmɔbɔ a ɛte saa so mfaso. Nokwaredi a wode bɛka nea wusuae anaa nea w’ani gyee ho ho asɛm akyerɛ afoforo no bɛma wɔn ani agye ho kɛse. Nea ɛsen saa no, w’ankasa benya so mfaso. Ɔkwan bɛn so? Animdefo ahyɛ no nsow sɛ sɛ obi de nea wasua di dwuma anaa otĩ mu ka ho asɛm kyerɛ afoforo bere a ɛda so yɛ foforo wɔ n’adwenem a, ɛma onii no kae nea wasua anaa wakenkan no bere tenten. *

20. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛkenkan Bible no mpɛn pii?

20 Bere biara a wobɛkenkan Bible mu nhoma bi no, akyinnye biara nni ho sɛ wubenya nsɛm foforo afi mu. Wubenya nsɛm bi a kan no woankyerɛ ho anigye no ho anigye. Wubenya mu ntease foforo. Ɛsɛ sɛ eyi si nokwasɛm a ɛyɛ sɛ sɛ anka wubebu Bible no sɛ nnipa nhoma bi ara kwa no, wubu no sɛ akorade a ɛfata sɛ wusua no daa nya so mfaso no so dua. Kae sɛ, na ɛsɛ sɛ ɔhene te sɛ Dawid ‘kenkan mu, ne nkwa nna nyinaa.’

21. Akatua bɛn na wohwɛ kwan sɛ wubenya afi Onyankopɔn Asɛm a wubesua no pii no mu?

21 Yiw, wɔn a wogye bere sua Bible no kɔ akyiri no nya so mfaso pii. Wonya honhom fam nneɛma a ɛsom bo pii ne nhumu. Wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu bɛyɛ den kɛse. Afei nso wɔn ho ba wɔn abusuafo, anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Kristofo asafo no mu, ne wɔn a wonnya mmɛyɛɛ Yehowa asomfo nyinaa mfaso.—Romafo 10:9-14; 1 Timoteo 4:16.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 15 Yehowa Adansefo na wotintim adesua nhoma horow yi na ɛwɔ kasa horow pii mu.

^ nky. 19 Hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbae August 15, 1993, nkratafa 13-14.

So Wokae?

• Dɛn na na wɔhwɛ kwan sɛ Israelfo ahemfo yɛ?

• Bible adesua ho nhwɛso bɛn na Yesu ne n’asomafo no yɛe?

• Nsakrae horow bɛn na wubetumi ayɛ na ama woanya bere pii de ayɛ kokoam adesua?

• Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ wode sua Onyankopɔn Asɛm no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 15

“Yenkura Wɔ Yɛn Nsam”

“Sɛ yɛpɛ . . . Bible mu nsɛntitiriw a, baabi a eye sen biara a yebetumi anya afi ne Intanɛt so. Nanso sɛ yɛpɛ sɛ yɛkenkan Bible, yesua, susuw ho, na yedwennwen ho a, ɛsɛ sɛ yekura wɔ yɛn nsam, efisɛ ɛne ɔkwan biako pɛ a ebetumi ama aka yɛn adwene ne yɛn komam.”—Gertrude Himmelfarb, ɔbenfo mmɔdenbɔfo a na ɔwɔ City University, New York.