Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sua Kristofo Abrabɔ Pa Na Fa Kyerɛkyerɛ Afoforo

Sua Kristofo Abrabɔ Pa Na Fa Kyerɛkyerɛ Afoforo

Sua Kristofo Abrabɔ Pa Na Fa Kyerɛkyerɛ Afoforo

“Afei wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho?”—ROMAFO 2:21.

1, 2. Nneɛma bɛn nti na wopɛ sɛ wusua Bible?

WOWƆ nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ wusua Onyankopɔn Asɛm. Ɛda adi sɛ wopɛ sɛ wuhu emu nokwasɛm ahorow—nea ɛfa nkurɔfo, nsɛm a asisi, mmeae mmeae, ne nneɛma foforo ho. Wopɛ sɛ wuhu nsonsonoe a ɛwɔ nokware nkyerɛkyerɛ ne ɔsom mu atosɛm te sɛ Baasakoro anaa hellgya mu no. (Yohane 8:32) Ɛsɛ sɛ wuhu Yehowa nso yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi asɛ no na woayɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so.—1 Ahene 15:4, 5.

2 Ade foforo a enti ehia sɛ wusua Onyankopɔn Asɛm ne sɛ wubesiesie wo ho akyerɛkyerɛ afoforo—w’adɔfo, w’amannifo, ne ahɔho mpo. Eyi nyɛ ade a sɛ nokware Kristoni bi pɛ a na ɔyɛ. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. . . . Na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mateo 28:19, 20.

3, 4. Dɛn nti na nidi wom sɛ wobɛkyerɛkyerɛ sɛnea Yesu hyɛe no?

3 Adwene a ɛne sɛ wobɛkyerɛkyerɛ afoforo a wode besua Bible no yɛ nea nidi wom na ebetumi de abotɔyam a enni awiei abrɛ wo. Adekyerɛ yɛ adwuma a nidi wom fi teteete. Encarta Encyclopedia no ka sɛ: “Wɔ Yudafo mu no, na mpanyimfo pii bu akyerɛkyerɛfo sɛ nkurɔfo a wɔde nkwagye ho akwankyerɛ ma, na wɔhyɛɛ mmofra nkuran sɛ wonni wɔn akyerɛkyerɛfo ni nsen wɔn awofo mpo.” Titiriw no, ɛyɛ ade a nidi wom sɛ Kristofo bɛkyerɛkyerɛ wɔn ho denam Bible a wobesua so na afei wɔde akyerɛkyerɛ afoforo.

4 “Nnipa pii de wɔn ho ahyɛ adekyerɛ mu sen adwuma foforo biara. Mmarima ne mmea bɛyɛ ɔpepem 48 na wɔkyerɛ ade wɔ wiase nyinaa.” (The World Book Encyclopedia) Sukuu kyerɛkyerɛfo adwuma ne sɛ ɔbɛkyerɛ mmofra ade na obetumi anya wɔn so nkɛntɛnso mfe pii. Sɛ wudi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnkyerɛkyerɛ afoforo no so a mfaso no betumi ayɛ kɛse asen saa mpo; wubetumi anya wɔn daa nkwa a wobenya daakye no so nkɛntɛnso. Ɔsomafo Paulo sii eyi so dua bere a ɔhyɛɛ Timoteo nkuran no: “Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so na tra mu, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.” (1 Timoteo 4:16) Yiw, wo nkyerɛkyerɛ no fa nkwagye ho.

5. Dɛn nti na Kristofo adekyerɛ korɔn sen biara?

5 Wo ho a wobɛkyerɛkyerɛ na woakyerɛkyerɛ afoforo no yɛ ahyɛde a efi Soro, Amansan Hene no nkyɛn. Ɛno nkutoo ma saa adekyerɛ yi korɔn sen wiase mu adekyerɛ biara, sɛ́ ebia ɛyɛ mfitiase adesua, adwuma ho adesua, anaa mpo aduruyɛ mu adesua horow no. Kristofo nkyerɛkyerɛ hwehwɛ sɛ osuani no ankasa sua sɛ obesuasua Onyankopɔn Ba, Kristo Yesu, na ɔkyerɛkyerɛ afoforo ma wɔyɛ saa ara.—Yohane 15:10.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokyerɛkyerɛ Wo Ho?

6, 7. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi kan kyerɛkyerɛ yɛn ho? (b) Ɔkwan bɛn so na afeha a edi kan mu Yudafo no amfata sɛ akyerɛkyerɛfo?

6 Dɛn nti na wɔka sɛ ɛsɛ sɛ yedi kan kyerɛkyerɛ yɛn ho? Ɛne sɛ, yennii kan nkyerɛkyerɛɛ yɛn ho a, yɛrentumi nkyerɛkyerɛ afoforo yiye. Paulo sii nokwasɛm yi so dua wɔ asɛm bi a ɛkanyan adwene a ɔkae a na ɛfa saa bere no so Yudafo ho titiriw nanso ekura asɛntitiriw bi ma Kristofo nnɛ no mu. Paulo bisae sɛ: “Afei wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ wonnwia ade no, wuwia ade? Wo a wuse wɔnnsɛe aware no, wosɛe aware? Wo a wukyi ohoni no, wofow asɔrefi nneɛma? Wo a wohoahoa wo ho mmara mu no nam mmarato so hura Onyankopɔn anim?”—Romafo 2:21-23.

7 Paulo nam nsɛmmisa a na ɔnhwehwɛ mmuae so twee adwene sii mfomso abien a Mmara Du no kaa ho asɛm so: Nsɛe aware. Mmɔ korɔn. (Exodus 20:14, 15) Ná Paulo bere so Yudafo no binom hoahoa wɔn ho sɛ wɔwɔ Onyankopɔn Mmara. Ná ‘wofi Mmara mu akyerɛkyerɛ wɔn, na na wɔadaadaa wɔn sɛ wɔyɛ anifuraefo akwankyerɛfo, ne hann ma wɔn a wɔwɔ sum mu no, ne nkokoaa akyerɛkyerɛfo.’ (Romafo 2:17-20) Nanso na wɔn mu binom yɛ nyaatwomfo efisɛ na wɔbɔ korɔn anaasɛ wɔsɛe aware wɔ sum ase. Ná ɛno behura Mmara no ne ne Kyerɛwfo a ɔwɔ soro no anim. Wubetumi ahu sɛ na wɔmfata koraa sɛ wɔkyerɛkyerɛ afoforo; ná wɔnkyerɛkyerɛ wɔn ankasa ho mpo.

8. Ɔkwan bɛn so na na Yudafo bi a wɔwɔ Paulo bere so no ‘fow asɔrefie nneɛma’?

8 Paulo kaa asɔrefie nneɛma a wɔfow ho asɛm. So na Yudafo binom yɛ saa ankasa? Dɛn na na ɛwɔ Paulo adwenem? Nokwasɛm ne sɛ, esiane sɛ yenni asɛm yi ho nsɛm pii nti, yɛrentumi nka sɛnea Yudafo binom ‘fow asɔrefie nneɛma’ no ho asɛm pefee. Mfiase no, Efeso kuropɔn no kyerɛwfo no kae sɛ na Paulo ne n’ayɔnkofo no ‘mfow asɔrefie nneɛma,’ a ɛkyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no na nkurɔfo bi susuw sɛ Yudafo betumi ayɛ saa. (Asomafo no Nnwuma 19:29-37) So na wɔde nneɛma a ɛsom bo a Yudafo anuɔdenfo a wɔyɛ katee afow afi abosonnan mu no yɛ wɔn ho anaa wɔtɔn? Sɛnea Onyankopɔn Mmara kyerɛ no, na ɛsɛ sɛ wɔsɛe ahoni dwetɛ ne sika, na na ɛnsɛ sɛ wɔde yɛ wɔn ho. (Deuteronomium 7:25) * Enti ɛbɛyɛ sɛ na Paulo reka Yudafo a wobuu wɔn ani guu Onyankopɔn ahyɛde so na wɔde nneɛma a efi abosonnan mu yɛɛ wɔn ho anaa wɔpɛɛ so mfaso no ho asɛm.

9. Nneyɛe bɔne a na wɔyɛ wɔ Yerusalem asɔrefie bɛn na na ɛte sɛ fow a wɔfow asɔrefie nneɛma?

9 Nea ɛne no bɔ abira no, Josephus kaa aniwusɛm bi a Yudafo baanan bi a na wɔn kannifo no yɛ Mmara no kyerɛkyerɛfo ma esii Roma no ho asɛm. Nnipa baanan yi daadaa Romani bea bi a wasakra abɛyɛ Yudani sɛ ɔmfa sika kɔkɔɔ ne agude mma sɛ Yerusalem asɔrefie no ho ntoboa. Bere a wɔn nsa kaa eyi fii ɔbea no hɔ pɛ na wɔfae—kyerɛ sɛ ɔkwan bi so no, na wɔafow asɔrefie ade. * Na afoforo nso nam nneɛma a enni mũ a wɔde bɔ afɔre ne adifudepɛ aguadi a ɛkɔ so wɔ asɔrefie hɔ a na wɔhyɛ ho nkuran, ne asɔrefie a na wɔadan no “adwowtwafo tu” so fow Onyankopɔn asɔrefie.—Mateo 21:12, 13; Malaki 1:12-14; 3:8, 9.

Kyerɛkyerɛ Kristofo Abrabɔ Pa

10. Paulo nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Romafo 2:21-23 no mu aba bɛn na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so?

10 Ɛmfa ho sɛnea nneyɛe te sɛ korɔnbɔ, awaresɛe, ne asɔrefie a wɔfow wɔ afeha a edi kan no mu a na Paulo reka ho asɛm te biara no, mommma yemmmu yɛn ani nngu aba a ɛwɔ asɛm no mu so. Obisae sɛ: “Wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho?” Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ nhwɛso a Paulo de mae no fa abrabɔ pa ho. Ɛnyɛ Bible nkyerɛkyerɛ anaa abakɔsɛm ho asɛm na ɔsomafo no twee adwene sii so wɔ ha. Kyerɛ a obi bɛkyerɛkyerɛ ne ho ne afei afoforo a Paulo kaa ho asɛm no fa Kristofo abrabɔ pa ho.

11. Dɛn nti na bere a wusua Onyankopɔn Asɛm no, ɛsɛ sɛ woma w’ani ku Kristofo abrabɔ pa ho?

11 Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi de asuade a ɛwɔ Romafo 2:21-23 ayɛ adwuma no, ɛsɛ sɛ yesua Kristofo abrabɔ pa ho ade fi Onyankopɔn Asɛm mu, na yɛyɛ ade ma ɛne nea yesua no hyia, na afei yɛkyerɛ afoforo ma wɔyɛ saa ara. Ne saa nti, bere a wusua Bible no, ma w’ani nku Yehowa gyinapɛn ahorow a wonya Kristofo abrabɔ pa fi mu no ho. Dwennwen afotu ne asuade a wunya fi Bible mu no ho. Na afei fi akokoduru mu fa nea wasua no di dwuma. Saa a wobɛyɛ no hwehwɛ sɛ wunya akokoduru na wusi wo bo. Ɛnyɛ den koraa sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ benya nneɛma de ayiyi yɛn ho ano, na yɛanya adwene sɛ biribi nti tebea bi ma nneɛma bi ho kwan anaa ɛhwehwɛ sɛ yebu yɛn ani gu Kristofo abrabɔ pa so wɔ nsɛm pɔtẽẽ bi mu. Ebetumi aba sɛ na Yudafo a Paulo kaa wɔn ho asɛm no kura anifere adwene a ɛte saa a botae a ɛwɔ akyi ne sɛ ɛbɛma wɔabu wɔn ani agu nneɛma so anaa wɔadaadaa afoforo. Nanso Paulo nsɛm no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔbrɛ Kristofo abrabɔ pa ase anaasɛ yefi anifere mu bu yɛn ani gu so.

12. Ɔkwan bɛn so na abrabɔ pa ne abrabɔ bɔne nyinaa ka Yehowa Nyankopɔn, na dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛma nokwasɛm yi tra yɛn adwenem?

12 Ɔsomafo no sii ade titiriw a enti ɛsɛ sɛ wusua ade na wode abrabɔ pa ho nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible mu no di dwuma so dua. Yudafo no brabɔne no kaa Yehowa: “Wo a wohoahoa wo ho mmara mu no nam mmarato so hura Onyankopɔn anim? Na mo nti wɔsɛe Nyankopɔn din amanaman mu, sɛnea wɔakyerɛw no.” (Romafo 2:23, 24) Ɛsan yɛ nokware nnɛ sɛ sɛ yebu yɛn ani gu Kristofo abrabɔ pa so a, na yɛabu ne Fibea no animtiaa. Ɔkwan foforo so no, sɛ yekura Onyankopɔn gyinapɛn ahorow mu denneennen a, ɛtew n’anim na ɛhyɛ no anuonyam. (Yesaia 52:5; Hesekiel 36:20) Eyi a wubehu no betumi ahyɛ wo gyinaesi mu den bere a wuhyia sɔhwɛ anaa tebea horow a ɛma bu a wubebu w’ani agu Kristofo abrabɔ pa so no tumi yɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw anaa ɔkwan a eye sen biara a ɛsɛ sɛ wofa so yɛ ade no. Bio nso, Paulo nsɛm no kyerɛkyerɛ yɛn biribi foforo. Wo nneyɛe a wubehu sɛ ɛka Onyankopɔn akyi no, bere a wokyerɛkyerɛ afoforo no, boa wɔn ma wonhu sɛ sɛnea wɔde abrabɔ gyinapɛn a wɔresua no bedi dwuma no bɛka Yehowa. Ɛnyɛ nea Kristofo abrabɔ pa yɛ ara ne sɛ ɛbɛma obi anya abotɔyam na abɔ n’akwahosan ho ban. Ɛka Onii a ɔde saa abrabɔ pa ho nnyinasosɛm no mae na ɔhyɛ ho nkuran no nso.—Dwom 74:10; Yakobo 3:17.

13. (a) Mmoa bɛn na Bible de ma yɛn wɔ abrabɔ pa ho? (b) Fa aba a ɛwɔ afotu a ɛwɔ 1 Tesalonikafo 4:3-7 mu no ma.

13 Abrabɔ ka nnipa foforo nso. Wubetumi ahu afi Onyankopɔn Asɛm mu nhwɛso horow a ɛkyerɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn abrabɔ pa gyinapɛn a yɛde bedi dwuma ne nea sɛ yebu yɛn ani gu so a ebefi mu aba no mu. (Genesis 39:1-9, 21; Yosua 7:1-25) Afei nso, wubetumi ahu abrabɔ pa ho afotu te sɛ eyi a emu da hɔ yi: “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, mo ahotew, sɛ munyi mo ho mfi aguamammɔ mu, sɛ mo mu biara nhu sɛ obenya n’ankasa n’ade ahotew ne nidi mu, ɛnyɛ akɔnnɔ anibere mu sɛ amanaman a wonnim Nyankopɔn no; sɛ obiara nntra so nnkosisi ne nua asɛm bi mu. . . . Na Onyankopɔn amfrɛ yɛn ankɔ efi mu, na mmom ahotew mu.”—1 Tesalonikafo 4:3-7.

14. Dɛn na wubetumi abisa wo ho afa afotu a ɛwɔ 1 Tesalonikafo 4:3-7 no ho?

14 Ɛkame ayɛ sɛ obiara betumi ahu afi asɛm yi mu sɛ nna mu ɔbrasɛe to Kristofo abrabɔ pa ho mmara. Nanso wubetumi anya asɛm yi mu ntease a ɛsen saa. Yebetumi afa akwan bi so asusuw nsɛm bi ho adwennwen ho anya mu nhumu pii. Sɛ nhwɛso no, wubetumi asusuw nea na Paulo kyerɛ bere a ɔkae sɛ sɛ obi bɔ aguaman a, ebetumi ama ‘watra so akosisi ne nua wɔ asɛm yi mu’ no ho. Hokwan ahorow bɛn na ɛwɔ eyi mu, na ɔkwan bɛn so na eyi mu ntease a edi mũ bɛma woanya ahoɔden a wode bekura wo Kristofo abrabɔ pa mu? Ɔkwan bɛn so na nea ebefi nhwehwɛmu a ɛte saa mu aba no bɛboa wo ma woakyerɛkyerɛ afoforo na woaboa wɔn ma wɔadi Onyankopɔn ni?

Sua Ade na Fa Kyerɛkyerɛ

15. Nnwinnade bɛn na wonam kokoam adesua so betumi de akyerɛkyerɛ wo ho?

15 Yehowa Adansefo wɔ nnwinnade a wɔde hwehwɛ nsɛmmisa anaa nsɛm a ɛsɔre bere a wosua ade de kyerɛkyerɛ wɔn ho, anaa afoforo no mu. Adwinnade biako a ɛwɔ kasa horow pii mu ne Watch Tower Publications Index. wowɔ bi a, wubetumi de ahwehwɛ nsɛm mu afi Yehowa Adansefo nhoma horow a egyina Bible so no mu. Wubetumi ayɛ nhwehwɛmu denam asɛmpɔw anaa Bible mu nkyekyɛm a wɔahyehyɛ a wobɛhwehwɛ mu so. Adwinnade foforo a Yehowa Adansefo wɔ wɔ kasa atitiriw pii mu ne Watchtower Library. Kɔmputa nhyehyɛe a ɛwɔ CD-ROM so yi kura nhoma pii a wotumi hwɛ wɔ kɔmputa so. Ɛso nhyehyɛe no ma obi tumi hwehwɛ kyerɛw nsɛm mu nsɛmti ne nsɛm pii mu. Sɛ wowɔ nnwinnade yi nyinaa bi anaa emu biako a, fa di dwuma daa bere a wusua Onyankopɔn Asɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a wode bɛkyerɛkyerɛ afoforo.

16, 17. (a) Ɛhefa na wubetumi anya nsɛm a ɛma nimdeɛ wɔ hokwan ahorow a wɔkaa ho asɛm wɔ 1 Tesalonikafo 4:6 no ho? (b) Akwan bɛn so na aguamammɔ betumi asɛe hokwan ahorow a afoforo wɔ?

16 Ma yɛmfa asɛm a ɛwɔ 1 Tesalonikafo 4:3-7 a yɛaka ho asɛm dedaw no sɛ nhwɛso. Hokwan ahorow ho asɛm na ɛsɔree. Henanom hokwan ahorow? Na ɔkwan bɛn so na obi betumi atra so akosisi obi? Wubetumi de nnwinnade a yɛaka ho asɛm yi anya nkyekyɛm ahorow yi, anaasɛ mpo hokwan ahorow a Paulo kaa ho asɛm no ho nsɛm a ɛma nimdeɛ pii. Wubetumi akenkan nsɛm a ɛte saa wɔ Insight on the Scriptures, Po 1, nkratafa 863-4; True Peace and Security—How Can You Find It?, kratafa 145; Engiresi Ɔwɛn-Aban, November 15, 1989, kratafa 31.

17 Bere a wudi adesua no akyi no, wubehu sɛnea saa nhoma horow no da nokwasɛm a Paulo nsɛm no yɛ adi. Oguamammɔfo yɛ bɔne tia Onyankopɔn na ɛma otumi nya nyarewa pii. (1 Korintofo 6:18, 19; Hebrifo 13:4) Ɔbarima a ɔbɔ aguaman no sɛe ɔbea a ɔne no yɛ bɔne no hokwan ahorow. Ɔma ɔhwere abrabɔ gyinapɛn a ɛho tew ne ahonim pa. Sɛ ɔyɛ ɔhokwafo a, ɔsɛe hokwan a anka obenya de akɔ aware sɛ ɔbaabun ne hokwan a ne kunu a ɔbɛware no daakye no wɔ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ ɔbaabun no. Ɔma ɔbea no awofo di yaw, na sɛ ɔyɛ ɔwarefo a, ne kunu di yaw. Ɔbarima a ne bra asɛe no sɛe abrabɔ pa ho din pa a n’ankasa abusua betumi anya no. Sɛ ɔyɛ Kristofo asafo no muni a, ɔde ahohorabɔ ba so, na ɛsɛe asafo no din.—1 Korintofo 5:1.

18. Ɔkwan bɛn so na wunya Bible adesua a ɛfa Kristofo abrabɔ pa ho no so mfaso?

18 So nsɛm a ɛte saa a ɛfa hokwan ahorow ho no mmoa mma wonte saa nkyekyɛm no ase yiye? Adesua a ɛte saa no so wɔ mfaso kɛse ankasa. Bere a woyɛ saa no, na worekyerɛkyerɛ wo ho. Onyankopɔn asɛm mu nokware ne tumi a ɛwom ho ntease a wunya no yɛ kɛse. Ɛma wohyɛ wo bo a woasi sɛ wubekura Kristofo abrabɔ pa mu denneennen no mu den, ɛmfa ho sɔhwɛ biara a ebia ɛbɛsɔre no. Na afei susuw sɛnea ebetumi ama woatu mpɔn kɛse sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ho hwɛ! Sɛ nhwɛso no, bere a worekyerɛkyerɛ afoforo Bible mu nokware no, wubetumi akyerɛkyerɛ wɔn 1 Tesalonikafo 4:3-7 mu yiye ma wɔate Kristofo abrabɔ pa ase kɛse akyerɛ ho anisɔ. Ɛdenam saayɛ so no, w’adesua no betumi aboa wo ma wo ne afoforo adi Onyankopɔn ni. Nhwɛso biako pɛ na yɛaka ho asɛm wɔ ha, a efi Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no mu. Kristofo abrabɔ pa ho nsɛm, ne Bible mu nhwɛso ne afotu a ɛne no kɔ pii wɔ hɔ a wubetumi asua, de adi dwuma na wode akyerɛkyerɛ.

19. Dɛn nti na ɛho hia sɛ wukura Kristofo abrabɔ pa mu?

19 Obiara ntumi nnye nyansa a ɛwɔ saayɛ no mu ho kyim. Yakobo 3:17 ka sɛ “nyansa a efi soro,” nea efi Yehowa Nyankopɔn ankasa nkyɛn no de, “nea edi kan ne sɛ ɛho tew.” Ɛno kyerɛ pefee sɛ ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn abrabɔ gyinapɛn ahorow so. Nokwarem no, Yehowa hwehwɛ sɛ wɔn a wogyina n’ananmu kyerɛkyerɛ Bible no ankasa bɛda nhwɛso pa adi wɔ “ahotew mu.” (1 Timoteo 4:12) Tete asuafo te sɛ Paulo ne Timoteo abrabɔ di ho adanse saa; wɔtwee wɔn ho fii ɔbrasɛe ho ma enti Paulo kyerɛwee mpo sɛ: “Aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo, ɛne aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.”—Efesofo 5:3, 4.

20, 21. Dɛn nti na wopene asɛm a Yohane kyerɛwee wɔ 1 Yohane 5:3 no so?

20 Ɛwom sɛ abrabɔ pa ho gyinapɛn ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no mu da hɔ na ɛyɛ tẽẽ de, nanso ɛnyɛ adesoa duruduru bi. Yohane, ɔsomafo a ɔtraa ase kyɛe no, huu eyi. Ɛdenam nea na n’asetram mfe pii ama wahu nti, na onim sɛ Kristofo abrabɔ pa mpira. Mmom no, na eye, mfaso wɔ so, na ɛma akomatɔyam. Yohane sii eyi so dua bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Eyi ne Nyankopɔn dɔ: sɛ yebedi n’ahyɛde so. Na n’ahyɛde no nhyɛ yɛn so.”—1 Yohane 5:3, New English Translation.

21 Nanso hyɛ no nsow sɛ Yohane anka sɛ Onyankopɔn a yebetie no denam Kristofo abrabɔ pa so no ne ɔkwan a eye sen biara esiane sɛ egye yɛn fi ɔhaw ahorow, ne amanehunu a ebetumi ato yɛn mu kɛkɛ nti. Ɔma nneɛma mu da hɔ denam di a odi kan gye tom sɛ ɛkyerɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa Nyankopɔn na ɛyɛ hokwan soronko a yɛde bɛda ɔdɔ a yɛwɔ ma no no adi no so. Nokwarem no, kyerɛ a yɛbɛkyerɛ yɛn ho anaasɛ afoforo ade ma wɔadɔ Onyankopɔn no hwehwɛ sɛ yegye ne gyinapɛn a ɛkorɔn no tom na yɛde di dwuma. Yiw, nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛde Kristofo abrabɔ pa bɛkyerɛkyerɛ yɛn ho ne afoforo.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Bere a Josephus reka Yudafo no ho asɛm sɛ nnipa a na wɔkyerɛ obu ma akronkronne no, ɔtĩĩ Onyankopɔn mmara mu saa kwan yi so sɛ: “Mma obiara nnka anyame a aman afoforo som no ho abususɛm, saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mofow ananafo asɔrefie, anaa mofa akorade a wɔahyira so wɔ onyame biara din mu no.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.)—Jewish Antiquities, Nhoma a ɛto so 4, ti 8, nkyekyɛm 10.

^ nky. 9 Jewish Antiquities, Nhoma a ɛto so 18, ti 3, nkyekyɛm 5.

So Wokae?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua ade kyerɛkyerɛ yɛn ho ansa na yɛakyerɛkyerɛ afoforo?

• Ɔkwan bɛn so na yɛn nneyɛe betumi aka Yehowa?

• Hena hokwan ahorow na oguamammɔfo betumi asɛe no?

• Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ wɔ Kristofo abrabɔ pa ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 22]

“N’ahyɛde no nhyɛ yɛn so”