Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔrebekum Kɔm!

Wɔrebekum Kɔm!

Wɔrebekum Kɔm!

EBIA wubebisa sɛ, ‘Ɛyɛ ɔkɔm bɛn?’ Ɛyɛ honhom fam aduan ho kɔm! Tete Hebri diyifo bi kaa ɔkɔm yi ho asɛm siei sɛ: “Hwɛ, nna bi reba, [Yehowa, NW] Nyankopɔn asɛm ni, sɛ mɛma ɔkɔm aba asase no so, ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, na [Yehowa, NW] asɛm tie de.” (Amos 8:11) Nea ɛbɛboa ma wɔakum honhom fam kɔm yi no, Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a ɛwɔ Patterson, New York, adesuakuw a ɛto so 112 mufo 48 no rekɔ aman 19 so wɔ nsasepɔn 5 ne nsupɔw so.

Ɛnyɛ nam ne awi ankasa na wɔde rekɔ, na mmom nimdeɛ, osuahu, ne ntetee. Wɔde asram anum yɛɛ Bible adesua a emu dɔ a ɛbɛhyɛ wɔn gyidi den ama asɛmpatrɛw adwuma a wɔbɛyɛ wɔ amannɔne nsase so no. Wɔ March 9, 2002 no, atiefo 5,554 de anigye tiee adesua awiei ho ɔkasa ahorow no.

Stephen Lett a ɔsom sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no de anigye buee dwumadi no ano. Ná ɔwɔ akwaaba soronko bi ma ahɔho pii a wofi wiase afã horow aba dwumadi no ase no. Afei ɔde Yesu nsɛm, “Mone wiase hann” no dii dwuma de kaa wɔn a wɔrebɛyɛ asɛmpatrɛwfo no adwuma no ho asɛm. (Mateo 5:14) Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Wɔ mo dwumadi mu no, mobɛma nkurɔfo “ahu” Yehowa anwonwade, na ama nnipa komapafo atumi ahu sɛnea Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow no ye.’ Onua Lett hyɛɛ asɛmpatrɛwfo no nkuran sɛ wɔmfa Onyankopɔn Asɛm mu hann no mpa atoro nkyerɛkyerɛ ho ntama, na wɔmfa nkyerɛ wɔn a wɔrehwehwɛ nokware no kwan.

Su Pa Ho Hia na Asi Wɔn Yiye

Oguamtrani no kasa akyi no, Baltasar Perla, a ɔyɛ United States Baa Boayikuw no muni no maa kasa ahorow a wɔhyehyɛe sɛ wɔde reboa adesuafo a wɔrewie no ma asi wɔn yiye wɔ asɛmpatrɛw adwuma mu no nea edi kan. Ɔkasa faa asɛmti “Hyɛ Wo Ho Den na Mia W’ani na Yɛ” ho. (1 Beresosɛm 28:20) Wɔde adwumaden bi hyɛɛ tete Israel hene Salomo nsa sɛ ɔnyɛ biribi a na ɔnyɛɛ bi da—sɛ onsi asɔrefie wɔ Yerusalem. Salomo yɛe, na ɛdenam Yehowa mmoa so no, wowiee asɔrefie no si. Bere a Onua Perla reda asuade a ɛwom adi akyerɛ adesuafo no, ɔkae sɛ: ‘Moanya dwumadi foforo, sɛ morebɛyɛ asɛmpatrɛwfo, na ɛsɛ sɛ mohyɛ mo ho den na mumia mo ani.’ Akyinnye biara nni ho sɛ adesuafo no nyaa awerɛkyekye wɔ bɔhyɛ a ɛne sɛ bere tenten a wɔkɔ so bɛn Yehowa no, ɔrennyaw wɔn da no mu. Onua Perla kanyan atiefo no denam n’ankasa suahu a ɔde wiee asɛm no so sɛ: ‘Mubetumi ayɛ nneɛma pa pii sɛ asɛmpatrɛwfo. Asɛmpatrɛwfo na wɔmaa me ne m’abusuafo huu nokware no!’

“Hwehwɛ Yiyedi Fi Yehowa Hɔ” ne ɔkasa a Samuel Herd, Sodikuw no muni foforo mae no asɛmti. Adesuafo no rebɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma, na sɛ ebesi wɔn yiye a, ebegyina wɔne Yehowa ntam abusuabɔ so kɛse. Onua Herd tuu wɔn fo sɛ: ‘Monam Gilead adesua so aboaboa Bible mu nimdeɛ pii ano. Moagye nneɛma pii anigye so. Na afei, sɛ ebesi mo yiye ankasa a, morekofi ase de nea moasua no ama.’ (Asomafo no Nnwuma 20:35) Asɛmpatrɛwfo no benya hokwan pii de ayɛ eyi bere a ‘wohwie nea wɔasua no’ ma afoforo no.—Filipifo 2:17.

Nsɛm bɛn na na akyerɛkyerɛfo no bɛka ne adesuafo no adi nkra? Mark Noumair de n’asɛmti no gyinaa Rut 3:18 a ese ‘Tra Hɔ Kosi sɛ Wubehu Sɛnea Asɛm Yi Besi’ no so. Bere a ɔkasafo no de Naomi ne Rut nhwɛso no redi dwuma no, ɔhyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ wonnya nhyehyɛe a Onyankopɔn asase so ahyehyɛde no ayɛ no mu ahotoso koraa na wɔnkyerɛ obu mma teokrase tumidi. Onua Noumair kaa eyi ma ɛkaa adesuafo no koma sɛ: ‘Ebetumi aba sɛ mmere bi wɔ hɔ a wonte nea enti a wosii gyinae bi a na ɛfa wo ho no ase anaasɛ bere bi wɔ hɔ a wubetumi ate nka paa sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi wɔ ɔkwan foforo so. Dɛn na wobɛyɛ? So wobɛsɔre na woayɛ nea w’ankasa wopɛ anaasɛ “wobɛtra hɔ,” de wo ho ato Onyankopɔn akwankyerɛ so, a wowɔ ahotoso sɛ bere kɔ so no, ɔbɛma awie yiye.’ (Romafo 8:28) Akyinnye biara nni ho sɛ afotu a ɛne sɛ ‘wɔmfa wɔn adwene nsi Ahenni nneɛma a wɔbɛma anya nkɔso so, na wɔnhwɛ nneɛma a Yehowa ahyehyɛde no reyɛ mmom sen sɛ wobesusuw afoforo su ahorow ho’ no so bɛba wɔn a wɔrebɛyɛ asɛmpatrɛwfo no mfaso wɔ wɔn amannɔne dwumadi no mu.

Wallace Liverance a na ɔno ankasa yɛ ɔsɛmpatrɛwfo na mprempren ɔsom sɛ Gilead kyerɛkyerɛfo no, na ɔmaa kasa horow a edi kan no mu nea etwa to no. Na ne kasa no asɛmti ne “Ma W’adwene Nsi Pi, Tra Onyankopɔn Som Adwuma no Mu.” Ɔdaa no adi sɛ odiyifo Daniel fii Babilon asehwe a ohui ne nea na Yeremia aka asie no mu hui sɛ na ogye a wobegye Israelfo afi nnommumfa mu no abɛn. (Yeremia 25:11; Daniel 9:2) Ná Daniel nim Yehowa bere nhyehyɛe no, na ɛno na ɛboaa no ma ɔde n’adwene sii Onyankopɔn atirimpɔw a na ɛrenya mmamu no so. Nea ɛne no bɔ abira no, Israelfo a na wɔwɔ Hagai bere so no kae sɛ: ‘Ɛnyɛ bere no ni.’ (Hagai 1:2) Wɔamfa wɔn adwene ansi mmere a na wɔte mu no so, wɔde wɔn adwene sii wɔn ankasa ahotɔ ne anigye so, na wogyaee adwuma a na wɔayi wɔn afi Babilon sɛ wɔnkɔyɛ, asɔrefie no si no. Onua Liverance de baa awiei sɛ: “Momma mo adwene nsi mo pi denam Yehowa atirimpɔw a mobɛma atra mo adwenem bere nyinaa no so.”

Gilead kyerɛkyerɛfo Lawrence Bowen na ɔhwɛɛ ɔfã a na n’asɛmti ne “Yehowa Hyira Wɔn a Wɔde Asɛm a Ɛwɔ Nkwa Di Dwuma No” so. (Hebrifo 4:12) Ná ɔfã yi fa adesuakuw no asɛnka mu osuahu ahorow ho, na osii sɛnea Yehowa hyira wɔn a wɔde Bible no di dwuma bere a wɔreka asɛm na wɔrekyerɛkyerɛ no so dua. Nea na ɔrehwɛ so no daa no adi sɛ Yesu Kristo yɛɛ nhwɛso pa maa Onyankopɔn asomfo nyinaa: ‘Yesu tumi kaa no nokwarem sɛ ne nkyerɛkyerɛ nyɛ ne dea, na mmom Onyankopɔn Asɛm na na ɔka.’ Nnipa komapafo huu nokware no, na wogye toom. (Yohane 7:16, 17) Saa ara na ɛte nnɛ.

Gilead Ntetee Siesie Obi Ma Adwuma Pa Biara

Afei, Betel abusua mufo a wɔasom akyɛ, Richard Abrahamson ne Patrick LaFranca bisabisaa nnipa baasia a wɔawie Gilead dedaw a mprempren wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma atitiriw foforo no nsɛm. Ɛhyɛɛ adesuakuw a ɛto so 112 mufo no nkuran sɛ wɔtee sɛ, mfirihyia pii akyi no, ɛmfa ho adwuma a saa bere nyinaa asomfo baasia yi reyɛ no mprempren nyinaa no, wɔkɔ so de ntetee a wonyae wɔ Gilead a ɛfa Bible adesua, nhwehwɛmu, ne nea ɛfa sɛnea wɔne afoforo bɔ ho no redi dwuma.

Theodore Jaracz, a ɔyɛ Sodikuw no muni no na ɔmaa dwumadi no mu kasa titiriw no. Ná asɛmti no ne “Nea Efi Satan Nitan Ano a Yegyina Mu Ba.” Wɔ asram anum a atwam mu no, ná adesuafo no te teokrase tebea a ɔdɔ wom mu. Nanso, sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn wɔ sukuudan mu adesua mu no, yɛte wiase a ɛtan yɛn mu. Wɔretu Yehowa nkurɔfo so sa wɔ wiase nyinaa. (Mateo 24:9) Bere a Onua Jaracz de Bible mu nsɛm pii dii dwuma no, ɔdaa no adi sɛ ‘yɛyɛ nkurɔfo a Ɔbonsam de n’ani asi yɛn so titiriw. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu den, na yesiesie yɛn ho sɛ yebehyia sɔhwɛ ahorow.’ (Hiob 1:8; Daniel 6:4; Yohane 15:20; Adiyisɛm 12:12, 17) Onua Jaracz de baa awiei sɛ ɛmfa ho sɛ wɔkɔ so tan Onyankopɔn nkurɔfo, ‘sɛnea Yesaia 54:17 ka no, akode biara nni hɔ a wɔbɔ tia yɛn a ɛbɛyɛ yiye. Yehowa bɛhwɛ ma wɔagye yɛn wɔ n’ankasa bere a ɛsɛ mu.’

Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a “wɔasiesie” Gilead adesuakuw a ɛto so 112 no mufo “koraa” no, wɔbɛyɛ pii de akum honhom fam aduan ho kɔm a ɛwɔ nsase a wɔbɛsom wɔ hɔ so no. (2 Timoteo 3:16, 17) Yɛde anigye hwɛ kwan sɛ yɛbɛte sɛnea wɔde nsɛm a ahoɔden wom no bɛma nkurɔfo a wɔwɔ saa nsase no so no ho amanneɛbɔ.

[Adaka wɔ kratafa 23

ADESUAKUW NO HO NSƐM

Aman dodow a wofi so: 6

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 19

Adesuafo no dodow: 48

Mfe dodow a wɔadi nkyekyɛm: 33.2

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyɛm: 15.7

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyɛm: 12.2

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Ɔwɛn-Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 112 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Parotte, M.; Hooker, E.; Anaya, R.; Reynolds, J.; Gesualdi, K.; Gonzalez, J. (2) Robinson, C.; Phillips, B.; Maidment, K.; Moore, I.; Noakes, J.; Barnett, S. (3) Stires, T.; Palmer, B.; Yang, C.; Groothuis, S.; Groppe, T.; Bach, C. (4) Anaya, R.; Soukoreff, E.; Stewart, K.; Simozrag, N.; Simottel, C.; Bach, E. (5) Stewart, R.; Yang, H.; Gilfeather, A.; Harris, R.; Barnett, D.; Parotte, S. (6) Maidment, A.; Moore, J.; Groothuis, C.; Gilfeather, C.; Noakes, S.; Stires, T. (7) Gesualdi, D.; Groppe, T.; Soukoreff, B.; Palmer, G.; Phillips, N.; Simottel, J. (8) Harris, S.; Hooker, P.; Gonzalez, J.; Simozrag, D.; Reynolds, D.; Robinson, M.