Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Woyɛ Ɔbea Pa”

“Woyɛ Ɔbea Pa”

“Woyɛ Ɔbea Pa”

Wɔde nsɛm yi kamfoo Moabni ababaa bi. Na ɔyɛ Israelni bea Naomi asew kunafo a ne din de Rut. Rut traa ase wɔ Israel bɛyɛ mfe 3000 a atwam ni bere a na atemmufo no di tumi no, na onyaa din pa. (Rut 3:11) Ɛyɛɛ dɛn na onyaa din pa saa? Hena na obetumi anya ne nhwɛso no so mfaso?

Rut a na onni “anihaw aduan” no de nnamyɛ yɛɛ adwumaden nnɔnhwerew pii sɛ obi a odi mpɛpɛw wɔ afuw mu, na ne nnamyɛ na ɛma onyaa nkamfo no. Bere bi mpo a wɔhyɛe sɛ onnyae adwuma na ɔnhome no, ɔkɔɔ so yɛɛ adwuma boroo nea na wɔhwehwɛ sɛ ɔyɛ so. Nokwarem no, Bible nsɛm a ɛka de kamfo ɔyepa nsiyɛfo no fata Rut.—Mmebusɛm 31:10-31; Rut 2:7, 15-17.

Rut honhom fam su ahorow—n’ahofama a ofi ahobrɛase mu daa no adi ne nokware dɔ—no titiriw na ɛma onyaa din pa no. Ɔde ne ho bataa Naomi gyaw n’awofo ne ne manfo hɔ, a na onni anidaso sɛ obenya ahobammɔ a aware betumi ama wanya no. Bere koro no ara mu no, Rut daa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛsom Yehowa, n’asebea Nyankopɔn, no adi. Bere a Kyerɛwnsɛm no resi mfaso a ɛwɔ Rut so so dua no, ɛka sɛ na ‘oye ma Naomi sen mmabarima baason.’—Rut 1:16, 17; 2:11, 12; 4:15.

Ɛwom sɛ Rut suban pa ma wɔkamfoo no wɔ ne mfɛfo mu de, nanso nea na ehia sen biara ne sɛnea Onyankopɔn kyerɛɛ ne su horow ho anisɔ na ɔma onyaa hokwan a ɛne sɛ ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo nanabea no. (Mateo 1:5; 1 Petro 3:4) Ɛnyɛ Kristofo mmea nko na Rut yɛ nhwɛso fɛfɛ ma wɔn na mmom obiara a ɔsom Yehowa nso!