Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔsom Mu Ahoni—Sɛnea Efii Ase Tete Bere Mu

Ɔsom Mu Ahoni—Sɛnea Efii Ase Tete Bere Mu

Ɔsom Mu Ahoni—Sɛnea Efii Ase Tete Bere Mu

“Ahoni yɛ ɔkwan a yɛfa so nya Onyankopɔn ne N’ahotefo papayɛ ne wɔn kronkronyɛ mu kyɛfa.”—GREEK ORTODƆKS SƆFOPƆN MANTAM A ƐWƆ AUSTRALIA

WƆ SAA August ahohuru da yi no, owia no bɔ semɛnte atrapoe a ɛkɔ “Most Holy Mother of God” nkokorafie a ɛwɔ Tínos supɔw a ɛwɔ Aegean Po so no so denneennen. Saa ɔhyew bebrebe no ntumi mmu Greek Ortodɔks akwantufo bɛboro 25,000 a wɔasi wɔn bo na wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedu Yesu maame honi a wɔasiesie no fɛfɛɛfɛ ho no abam.

Abeawa bi a ɔtɔ apakye, a ɛda adi sɛ ɔrehu amane na ɔde ahoyeraw anyinyan n’anim no, weawea ne kotodwe a ɛrepram mogya no anim. Wɔ ne nkyɛn no, aberewa bi a wabotow a ofi ɔman no fã a ɛwɔ akyirikyiri de animia bɔ mmɔden sɛ ɔbɛnantew. Ɔbarima bi tew fifiri bere a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa nnipadɔm no mu no. Wɔn botae ne sɛ wɔbɛfew Maria honi no ano na wɔabɔ wɔn mu ase ama no.

Akyinnye biara nni ho sɛ saa nnipa a nyamesom adi wɔn ti yi wɔ komam ɔpɛ sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn. Nanso, wɔn mu baahe na wonim sɛ saa ɔsom a wɔde ma ahoni no nyaa ne mfiase fii nneyɛe a edii Kristosom anim mfehaha pii no mu?

Sɛnea Ahoni Abu So

Wɔ Ortodɔks aman mu no, ahoni wɔ baabiara. Wɔ asɔredan ahorow mu no, Yesu, Maria, ne “ahotefo” pii ahoni agye hɔ afa. Mpɛn pii no, gyidifo no de mfewano, aduhuam ne kyɛnerɛ a ɛredɛw na edi wɔn ni. Bio nso, ɛkame ayɛ sɛ Ortodɔksfo afie nyinaa wɔ baabi a wɔn ankasa ahoni wɔ a wɔbɔ mpae. Ortodɔks Kristofo ka bere nyinaa sɛ sɛ wɔsom honi a, ɛma wɔbɛn Onyankopɔn. Pii gye di sɛ Onyankopɔn de anuonyam ne tumi soronko bi ahyɛ ahoni no mu.

Ɛda adi sɛ saa gyidifo no ho betumi adwiriw wɔn bere a wohu sɛ afeha a edi kan mu Kristofo amfa ahoni anni dwuma wɔ ɔsom mu no. Byzantium nhoma no ka sɛ: “Tete Kristofo, a wonyaa abosonsom ho ɔtan fii Yudasom mu no, ampene obu a na wɔkyerɛ ma akronkronfo mfonini so koraa.” Nhoma koro no ara ka sɛ: “Efi Afeha a Ɛto so Anum reba no, ahoni anaa nneɛma nsɛso . . . abɛyɛ biribi a wɔde di dwuma kɛse wɔ ɔmanfo ne ankorankoro som mu.” Sɛ emfi afeha a edi kan Kristosom mu a, ɛnde na ɛhe na ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu no fi bae?

Beae a Efi a Yebehu

Nhwehwɛmufo Vitalij Ivanovich Petrenko kyerɛwee sɛ: “Ahoni a wɔde di dwuma ne n’atetesɛm no fii ase bere tenten ansa na Kristosom reba, na ‘efi abosonsom mu.’” Abakɔsɛm akyerɛwfo pii gye tom sɛ ɔsom ahorow a na ɛwɔ tete Babilon, Misraim, ne Greece no mu na ahonisom fi. Sɛ nhwɛso no, wɔ tete Greece no, na nnipa atitiriw ahoni na wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu. Ná wogye di sɛ Onyankopɔn de tumi ama eyinom. Nkurɔfo susuwii sɛ ɛnyɛ nsa na wɔde yɛɛ ahoni yi binom, na mmom efi soro na ɛbae. Wɔ afahyɛ atitiriw mu no, na wɔde saa ahoni no tu aprenten fa kurow no ho, na wɔbɔ afɔre ma wɔn. Petrenko ka sɛ: “Ná nyamesomfo no bu ɔsom mu honi no sɛ onyame ankasa, ɛwom sɛ na wɔabɔ mmɔden . . . akyerɛ nsonsonoe a ɛda onyame ne ne honi no ntam.”

Ɔkwan bɛn so na saa nsusuwii ne nneyɛe yi hyɛn Kristosom mu? Nhwehwɛmufo koro no ara kae sɛ, wɔ mfeha a edii Kristo asomafo no wu akyi mu, titiriw wɔ Misraim no, “Kristofo gyidi behyiaa ‘abosonsomfo gyidi a afrafra’—a efi Misrifo, Helafo, Yudafo, Apuei famfo ne Romafo nneyɛe ne gyidi ahorow a na wɔde di dwuma ka Kristofo gyidi ne nneyɛe ahorow ho no.” Ne saa nti, “Kristofo adwumfo hyehyɛɛ [gyidi afrafra] na wɔde abosonsom agyiraehyɛde dii dwuma, na wɔma wonyaa ho adwene foforo, ɛmfa ho sɛ wɔkɔɔ so de abosonsom ho nneɛma frafraa mu no.”

Ankyɛ koraa na ahoni bɛyɛɛ ade titiriw a wɔde di dwuma wɔ ankorankoro ne ɔmanfo som mu. Wɔ The Age of Faith nhoma no mu no, abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant ka ɔkwan a eyi nam so bae ho asɛm sɛ: “Bere a ahotefo a wɔsom wɔn no dɔɔso no, ɛho behiae sɛ wɔhyɛ wɔn agyirae na wɔkae wɔn; wɔyɛɛ wɔne Maria mfonini pii; na Kristo de, ɛnyɛ ne honi nko na wodii no ni, na mmom Ne mmeamudua no nso bɛyɛɛ biribi a wɔsom—nnipa a wɔn adwenem nnɔ mpo som mmeamudua no, na wɔde yi nkonyaa mpo. Adwene a nnipa nyinaa nyae no maa wɔdanee nkaede kronkron, mfonini, ne ahoni nneɛma a wɔsom wɔn; nkurɔfo bɔɔ wɔn mu ase maa wɔn, few wɔn ano, sɔɔ kyɛnerɛ hyew aduhuam maa wɔn, de nhwiren siesiee wɔn, na wɔde dii asumansɛm. . . . Asɔre agyanom ne bagua no kɔɔ so kyerɛkyerɛe sɛ ahoni no nyɛ anyame, na mmom ɛyɛ biribi a wɔnam so kae anyame ara kwa; nkurɔfo no amfa anyɛ asɛm sɛ wobehu nsonsonoe a ɛte saa.”

Ɛnnɛ, nnipa pii a wɔde ahoni di dwuma wɔ ɔsom mu no betumi aka saa ara sɛ ahoni no yɛ biribi a wɔkyerɛ obu ma wɔn kɛkɛ—ɛnyɛ sɛ wɔsom wɔn. Ebia wɔbɛka sɛ ɔsom mu adwinni a ɛte saa no yɛ biribi a mfomso nni ho—ɛho hia mpo—na wɔnam so som Onyankopɔn. Ebia wote nka saa ara. Nanso asɛmmisa no ne sɛ, Onyankopɔn te nka dɛn wɔ eyi ho? So ebetumi aba sɛ obu a wɔde ma honi no kyerɛ sɛ wɔresom no ankasa? So asiane bi wɔ nneyɛe a ɛtete saa mu?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 4]

Dɛn Ne Ohoni?

Nea ɛnte sɛ ahoni a wɔnwene a wɔde di dwuma kɛse wɔ Roma Katoleksom mu no, ahoni a yɛreka ho asɛm yi yɛ Kristo, Maria, “ahotefo,” abɔfo, Bible mu nnipa ne nsɛm bi a esisii wɔ Bible mu, anaa nsɛm a asisi wɔ Ortodɔks Asɔre no abakɔsɛm mu ho nneɛma ho adwinni a wɔadi a ɛwɔ afã abien pɛ. Mpɛn pii no, ɛyɛ adwinni a wodi gu ntaboo nketewa so.

Ortodɔks Asɔre no kyerɛ sɛ, “wɔ Ahotefo Ahoni mu no, mfonini no nte sɛ nnipa de.” Afei nso ɛdefa saa ahoni yi ho no, “bere a worepini w’akyi no, na ɛreyɛ kɛse”—mfonini no nyɛ ketewa bere a worepini w’akyi no. Mpɛn pii no, “enni sunsuma, anaa akwan a wɔfa so hu hann ne sum.” Wogye di nso sɛ ntaboo ne aduru a wɔde di ohoni adwinni no betumi “ayɛ nneɛma a Onyankopɔn wom.”

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Yebetumi aka sɛ ahoni a wɔde di dwuma no fi abosonsom mu

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

© AFP/CORBIS