Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Amanaman Ntam Nhyiam a Wɔbɛyɛ Wɔ 2003 Mu

Amanaman Ntam Nhyiam a Wɔbɛyɛ Wɔ 2003 Mu

Amanaman Ntam Nhyiam a Wɔbɛyɛ Wɔ 2003 Mu

WƆYƐƐ Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania no mufo afe afe nhyiam no Memeneda, October 6, 2001 wɔ Jersey City, New Jersey, U.S.A. Wɔ saa nhyiam no akyi no, emufo no ne wɔn ahɔho no nyaa dwumadi titiriw bi mu kyɛfa. Da a edi hɔ wɔ nhyiam afoforo a wɔyɛe wɔ nkurow anan a ɛwɔ Canada ne United States no, Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo de nkaebɔ a edi so yi too gua bere a wɔde ɔkasa a etwa to mae akyi no:

“Bere a yɛhwɛ daakye kwan no, ɛho hia yiye sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa nnyae wɔn ho wɔn ho nhyiam. Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ, dodow a yehu sɛ Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu no bɛn no, ɛsɛ sɛ yehyiam na yɛhyehyɛ yɛn ho nkuran kɛse. (Hebrifo 10:24, 25) Nea ɛne saa Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde yi hyia no, yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ amantam nhyiam ahorow wɔ wiase mmaa nyinaa wɔ afe yi [2002] mu. Afei sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ a, wɔ afe 2003 mu no, yebetumi ayɛ amanaman ntam nhyiam atitiriw wɔ wiase mmeae bi. Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛwɛn, bere a yehu sɛnea nsɛm sisi wɔ wiase no.”

Ɛmfa ho basabasayɛ ne ahoyeraw a ɛrekɔ so bere a mprempren nneɛma nhyehyɛe yi rekɔ n’awiei no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo adwuma no kɔ so. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka Ahenni ho asɛmpa no, na yɛka Bible mu kɔkɔbɔ ahorow no nso kyerɛ aman, mmusua, kasa ne nnipa nyinaa ma ‘wosuro Onyankopɔn na wɔhyɛ no anuonyam efisɛ n’atemmu dɔn adu.’ (Adiyisɛm 14:6, 7) Enti, nea ɛne yɛn soro Agya no apɛde ne n’adɔe hyia no, yɛreyɛ amanaman ntam nhyiam wɔ mmeae ahorow pii wɔ wiase nyinaa wɔ afe 2003 mu.

Sɛ mfiase no, yɛreyɛ nhyiam a ɛte sɛɛ ho nhyehyɛe wɔ nkurow kakraa bi a ebia wɔbɛyɛ bi wɔ hɔ no so wɔ Amerika Atifi fam ne ɛno akyi bere tiaa bi no, Europa. Sɛ afe 2003 kɔ anim kakra a, yɛbɛyɛ nhyehyɛe ma nhyiamfo akuw bi atu kwan akɔ Asia nkuropɔn kakra bi mu; afei ɛrekɔ afe no awiei no, kuw foforo nso bɛkɔ Afrika, Amerika Anafo fam, ne Pacific mpɔtam. Wɔbɛma baa dwumadibea ahorow bi apaw nnipa kakra bi ma wɔakɔ nhyiam no bi wɔ mmeae pɔtee bi, enti ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wɔbɛma obiara hokwan ma wakɔ bi. Nanso, ɛbɛyɛ nea ɛhyɛ nkuran sɛ yebenya nnipa kakra bi ma wɔasi aman ahorow bi ananmu wɔ mmeae ahorow bi.

Ɛrenkyɛ biara Yehowa Adansefo asafo horow no nsa bɛka amanneɛbɔ a ɛfa nhyiam ahorow yi ho. Anuanom a wɔbɛto nsa afrɛ wɔn no nsa bɛka da pɔtẽẽ ne nkurow a wɔbɛkɔ nhyiam no wom no ho nsɛm afi wɔn baa dwumadibea horow hɔ. Enti, yɛsrɛ sɛ monnkyerɛw krataa na mummmisa ho nsɛm saa bere yi.

Wɔn a awiei koraa wɔbɛpaw wɔn sɛ ananmusifo no bɛyɛ Adansefo a wɔahyira wɔn ho so abɔ asu a wɔbɛyɛ nhwɛso pa na wɔayi onuadɔ adi akyerɛ anuanom a wɔwɔ mmeae a wɔbɛkɔ no. Eyinom nso benya hokwan a eye afi wɔn komam ama ahɔho no akwaaba anigye so na wɔada ahɔhoyɛ su adi akyerɛ wɔn. (Hebrifo 13:1, 2) Eyi bɛma ‘wɔahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran.’ (Romafo 1:11, 12) Baa dwumadibea horow a wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmpaw wɔn nnipa mma wɔnkɔ ɔman anaa aman pɔtee bi so no de saa nhyehyɛe yi ho amanneɛbɔ pii bɛma.

Sɛnea wɔyɛ no daa no, wɔbɛyɛ nnansa ɔmantam nhyiam ahorow ho nhyehyɛe ama aman pii wɔ afe 2003 mu. Denam hyia a yebehyiam so no, obiara benya kwan ‘atie asɛm, asua ade, anya nkuranhyɛ.’ (Deuteronomium 31:12; 1 Korintofo 14:31) Eyi bɛma Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa anya hokwan ‘aka ahwɛ na wɔahu sɛ Yehowa ye.’ (Dwom 34:8) Wɔ amanaman ntam nhyiam ahorow ne amantam nhyiam ase no, asɛmpatrɛwfo pii bɛba, na wɔbɛma ebinom dwumadi wɔ nhyiam no ase.

Wɔ afe yi mu no, yɛrenya “Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi” Ɔmantam Nhyiam a ɛka yɛn ma yedi adanse kɛse mu kyɛfa. Bere a yɛyɛ eyi no, nea Yehowa asiesie ama yɛn wɔ afe a ɛreba no mu ho akwanhwɛ a yɛwɔ no mu bɛyɛ den. Eyi bɛboa yɛn ma ‘yɛakɔ so awɛn na yɛada yɛn ho adi sɛ yɛayɛ krado’ wɔ mmere a emu yɛ den yi mu.—Mateo 24:42-44.