Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mma Wɔnnnaadaa Wo

Mma Wɔnnnaadaa Wo

Mma Wɔnnnaadaa Wo

ƐKAME ayɛ sɛ nnaadaa akɔ so wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu. Nsɛm a edi kan a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ abakɔsɛm mu no fa nnaadaa ho. Ɛno yɛ bere a Satan daadaa Hawa wɔ Eden turo no mu no.—Genesis 3:13; 1 Timoteo 2:14.

Ɛwom sɛ efi saa bere no, nnaadaa mfii asase so da de, nanso akɔ akyiri sen bere biara nnɛ. Bere a Bible no reka sɛnea tebea no bɛyɛ nnɛ ho asɛm no, ɛbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa, na wɔdaadaa wɔn.”—2 Timoteo 3:13.

Wɔnam akwan horow pii so daadaa nkurɔfo. Apoobɔfo ne bradatofo daadaa nkurɔfo gye wɔn sika. Amammuifo binom daadaa wɔn a wɔtow aba ma wɔn no, na wɔfa kwan biara so sɛ wɔmma tumi mfi wɔn nsa. Nnipa daadaa wɔn ankasa ho mpo. Sɛ́ anka wobegye nokwasɛm a ɛnyɛ wɔn dɛ atom no, wɔdaadaa wɔn ho sɛ bɔne biara nni wɔn ho a wɔde bɛhyɛ nneyɛe bɔne te sɛ, sigaretnom, nnubɔnenom, anaa ɔbrasɛe mu no ho.

Nyamesom mu nnaadaa nso wɔ hɔ. Yesu bere so nyamesom akannifo no daadaa nkurɔfo. Yesu kaa saa nnaadaafo no ho asɛm sɛ: “Wɔyɛ anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan; na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.” (Mateo 15:14) Bio nso, nkurɔfo daadaa wɔn ho wɔ ɔsom ho nsɛm mu. Mmebusɛm 14:12 ka sɛ: “Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, na n’awiei yɛ owu kwan.”

Sɛnea na ɛte wɔ Yesu bere so no, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔdaadaa nnipa pii wɔ ɔsom ho nsɛm mu! Ɔsomafo Paulo kae sɛ Satan “afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.”—2 Korintofo 4:4.

Sɛ opoobɔfo bi daadaa yɛn a, yɛhwere sika. Sɛ ɔmammuifo bi daadaa yɛn a, ebetumi ama yɛahwere ahofadi a yɛwɔ. Nanso sɛ Satan daadaa yɛn ma yɛpo nokware a ɛfa Yesu Kristo ho no a, daa nkwa bɛbɔ yɛn! Enti mma wɔnnnaadaa wo. Fi wo koma ne w’adwene nyinaa mu susuw nokware fibea biako pɛ, Bible no ho. Sɛ yɛanyɛ saa a, yɛbɛhwere nneɛma pa pii.—Yohane 17:3.