Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wo Nkyerɛkyerɛ Tu Mpɔn?

So Wo Nkyerɛkyerɛ Tu Mpɔn?

So Wo Nkyerɛkyerɛ Tu Mpɔn?

AWOFO, mpanyimfo, asɛmpa no adawurubɔfo—ɛho hia sɛ wɔn nyinaa yɛ akyerɛkyerɛfo. Awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma, mpanyimfo kyerɛkyerɛ Kristofo asafo no mufo, na asɛmpa no ho asɛmpakafo kyerɛkyerɛ wɔn a wɔkyerɛ anigye foforo. (Deuteronomium 6:6, 7; Mateo 28:19, 20; 1 Timoteo 4:13, 16) Dɛn na wubetumi ayɛ ama wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn kɛse? Ɔkwan biako ne sɛ wubesuasua akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw a Onyankopɔn Asɛm bobɔ wɔn din no nhwɛso ne akwan a wɔfaa so kyerɛkyerɛe no. Na Esra yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔte saa.

Esra Nhwɛso no a Yebesua Biribi Afi mu

Na Esra yɛ ɔsɔfo a ofi Aaron abusua mu a ɔtraa ase mfe 2,500 a atwam ni wɔ Babilon. Wɔ afe 468 A.Y.B. mu no, ɔkɔɔ Yerusalem sɛnea ɛbɛyɛ na wama ɔsom kronn anya nkɔso wɔ Yudafo a na wɔte hɔ no mu. (Esra 7:1, 6, 12, 13) Saa adwuma yi hwehwɛe sɛ ɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo no Nyankopɔn Mmara. Dɛn na Esra yɛe na ama ne nkyerɛkyerɛ atu mpɔn? Ɔfaa akwan titiriw bebree so. Hyɛ saa akwan yi a ɛho kyerɛwtohɔ wɔ Esra 7:10 no nsow:

‘Na Esra ankasa [1] asiesie ne koma [2] sɛ obehu Yehowa mmara na [3] wadi so na [4] wakyerɛkyerɛ ahyɛde ne atemmude wɔ Israel.’ Momma yɛnhwɛ saa akwan yi mu biara mu tiawa na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi mu.

‘Na Esra Ankasa Asiesie Ne Koma’

Sɛnea okuafo de fɛtɛw ade siesie n’asase ansa na wagu aba no, Esra de mpaebɔ pii siesiee ne koma sɛ ɔde begye Nyankopɔn asɛm. (Esra 10:1) Wɔ ɔkwan foforo so no, ‘ɔkom ne koma’ maa Yehowa nkyerɛkyerɛ.—Mmebusɛm 2:2.

Saa ara na, Bible no ka sɛ Ɔhene Yehosafat ‘siesiee ne koma hwehwɛɛ nokware Nyankopɔn’ no. (2 Beresosɛm 19:3) Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔka Israelfo awo ntoatoaso a ‘na wonsiesiee wɔn koma’ no ho asɛm sɛ “asoɔdenfo ne atuatewfo.” (Dwom 78:8) Yehowa hu “komam nipa a wahintaw no.” (1 Petro 3:4) Nokwarem no, “ɔma ahobrɛasefo sua ne kwan.” (Dwom 25:9) Hwɛ hia a ɛho hia sɛ akyerɛkyerɛfo di Esra nhwɛso no akyi nnɛ denam nea edi kan no, mpaebɔ a wɔde bɛma wɔn koma aba tebea a eye mu no so!

Sɛ Wobehu Yehowa Mmara No’

Nea ɛbɛma Esra ayɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔfata no, ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn Asɛm mu. Sɛ wukohu oduruyɛfo a, so worenyɛ aso ntie no nhwɛ sɛ wote nea ɔreka no nyinaa anaa n’akwankyerɛ no ase? Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛyɛ saa, efisɛ w’akwahosan da asiane mu. Ɛnde, hwɛ mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ yɛyɛ osetie a ɛkɔ akyiri ma nneɛma a Yehowa reka akyerɛ yɛn, anaa n’akwankyerɛ, denam N’asɛm Bible no, ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so no. Ɛsɛ sɛ yetie wɔ kwan a ɛte saa so, efisɛ n’ahyɛde ka yɛn asetra ankasa! (Mateo 4:4; 24:45-47) Ɛwom, oduruyɛfo betumi ayɛ mfomso, nanso ‘Yehowa mmara yɛ pɛ.’ (Dwom 19:7) Ɛho renhia da sɛ yekohu obi foforo bio.

Beresosɛm nhoma (a Esra kyerɛw no mfiase sɛ po biako) no kyerɛ sɛ nokwarem no na Esra yɛ osuani a ɔyɛ nhwehwɛmu yiye. Ɔyɛɛ nhwehwɛmu fii mmeae ahorow na ɔde kyerɛw saa nhoma horow yi. * Efisɛ na Yudafo a wofi Babilon bae nkyɛe no hia wɔn man no abakɔsɛm ho adesua a wɔabɔ no mua. Na wɔn som mu amanne ho nimdeɛ a wɔwɔ, asɔrefie som adwuma, ne Lewifo adwuma ahorow no nnɔɔso. Na awo ntoatoaso ho kyerɛwtohɔ ahorow ho hia wɔn kɛse paa. Esra de adwene sii saa nsɛm no so titiriw. Kosi Mesia no mmae mu no, na ɛsɛ sɛ Yudafo no tra hɔ sɛ ɔman a ɛwɔ n’ankasa asase, asɔrefie, asɔfokuw, ne amrado. Esiane nsɛm a na Esra aboa ano nti, na wobetumi akora biakoyɛ ne nokware som so.

Sɛ wode sɛnea wusua ade no toto Esra de no ho a, ɛte dɛn? Bible no a wode nsiyɛ besua no bɛboa wo ma woakyerɛkyerɛ Bible no mu ma atu mpɔn.

Monhwehwɛ Yehowa Mmara no’ sɛ Abusua

Ɛnyɛ kokoam adesua nkutoo mu na wubetumi ayɛ Yehowa mmara mu nhwehwɛmu. Abusua adesua yɛ hokwan a ɛkyɛn so a yebetumi de ayɛ eyi nso.

Jan ne Julia a wɔyɛ awarefo wɔ Netherlands no, akenkan denneennen akyerɛ wɔn mmabarima baanu fi da a wɔwoo mmofra no. Ɛnnɛ, Ivo adi mfe 15, na Edo adi mfe14. Wɔda so ara yɛ abusua adesua pɛnkoro dapɛn biara. Jan kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛnyɛ yɛn botae titiriw ne sɛ yebesusuw nneɛma pii ho wɔ adesua no mu, na mmom sɛ mmarimaa no bɛte nea yɛka ho asɛm no ase.” Ɔde ka ho sɛ: “Mmarimaa no yɛ nhwehwɛmu pii. Wɔhwehwɛ nsɛm bi a wonnim ne Bible mu nnipa ahorow—bere a wɔtraa ase, nnipa ko a na wɔyɛ, adwuma a na wɔyɛ, ne nea ɛkeka ho. Efi bere a wosuaa akenkan no, wɔahwehwɛ nhoma te sɛ Insight on the Scriptures, nsɛm asekyerɛ nhoma, ne nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm mu. Eyi ma abusua adesua no yɛ anigye kɛse. Bere biara na mmarimaa no ayɛ krado de anigye retwɛn abusua adesua no.” Sɛ́ mfaso foforo a wonya ka ho no, seesei mmarimaa baanu no nyinaa di wɔn adesuakuw anim wɔ ɔkasa ho adesua mu.

John ne Tini, awarefo foforo a wɔwɔ Netherlands no, ne wɔn babarima Esli, (a seesei wadi mfe 24 a ɔyɛ ɔkwampaefo wɔ asafo foforo mu no), ne wɔn babea Linda, (a wadi mfe 20 seesei na waware onuabarima bi a ɔwɔ suban pa no) suaa ade. Nanso sɛ anka wobesua nhoma pɔtee bi denam nsɛmmisa ne mmuae kwan so sɛnea wɔtaa yɛ no daa no, wɔyɛɛ abusua adesua no wɔ ɔkwan bi a na ɛfata mmofra no mfe a wɔadi no so, na edii wɔn ahiade ho dwuma. Ɔkwan bɛn na wɔfaa so?

John kyerɛkyerɛ mu sɛ ne babarima ne ne babea no paw ɔsɛmpɔw bi a ɛyɛ anigye fi “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” (fi Ɔwɛn-Aban) ne “Bible no Adwene” (fi Nyan!) mu. Akyiri yi, wɔde nea wɔasiesie no ba, na ɛma wɔyɛ abusua adesua a ɛyɛ anigye bere nyinaa. Wɔ saa kwan yi so no mmofra nkumaa no nyaa sɛnea wɔyɛ nhwehwɛmu ne sɛnea wosusuw mfaso a wonya fi mu no ho suahu. So wo ne wo mma ‘hwehwɛ Yehowa mmara’ mu? Ɛnyɛ nkyerɛkyerɛ mu mmɔdenbɔ nko na wubenya kɛse na mmom ɛbɛboa wo mmofra no nso ma wɔabɛyɛ akyerɛkyerɛfo a wotu mpɔn.

“Na Wadi So”

Esra de nea osuae no dii dwuma. Sɛ nhwɛso no, bere a na ɔwɔ Babilon no, ebia na ɔwɔ asetra a abotɔyam wom. Nanso, bere a ohui sɛ obetumi aboa ne nkurɔfo a wɔwɔ amannɔne no, ɔde ahotɔ a ɔwɔ wɔ Babilon no sesaa kurow a ɛwɔ akyirikyiri Yerusalem, ne emu ahokyere, ɔhaw ahorow, ne asiane horow no nyinaa. Ɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ Bible mu nimdeɛ nko na na Esra reboaboa ano, na mmom na wayɛ krado sɛ ɔde nea wasua no bedi dwuma.—1 Timoteo 3:13.

Akyiri yi, bere a ɔte Yerusalem no, Esra san daa no adi bio sɛ ɔde nea wasua ne nea na ɔrekyerɛkyerɛ no dii dwuma. Eyi bɛdaa adi bere a ɔtee Israelfo mmarima a wɔaware abosonsomfo mmea ho nsɛm no. Bible kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ ‘osunsuanee n’atade ne ne batakari mu, na otutuu ne ti nhwi ne ne bogyesɛ, na ɔde ahofɔm traa hɔ ara kosii anwummere.’ Ɛyɛɛ no ‘aniwu na ɛyɛɛ no fɛre sɛ ɔbɛma n’ani so akyerɛ’ Yehowa.—Esra 9:1-6.

Hwɛ sɛnea Onyankopɔn Mmara a osuae no nyaa ne so nkɛntɛnso kɛse fae! Na Esra wɔ nea efii nkurɔfo asoɔden a wɔyɛe mu bae a na ɛyɛ hu no ho adwene pefee. Na Yudafo a na wɔasan aba no dodow sua. Sɛ wɔde wɔn ho hyɛ afrafra aware mu a, anhwɛ a bere bi akyi no wɔne aman a wɔsom abosom a wɔatwa wɔn ho ahyia no bɛbom, na nokware som betumi ayera afi asase ani!

Nea ɛyɛ anigye no, osuro ne mmɔdenbɔ a edi mu a Esra yɛɛ ho nhwɛso no kaa Israelfo no ma wosiesiee wɔn akwan. Wogyaee wɔn yerenom no. Wɔ asram abiɛsa ntam no, wɔtotoo biribiara. Onyankopɔn Mmara ho nokware a Esra dii no boaa no pii ma ne nkyerɛkyerɛ tuu mpɔn.

Saa ara na ɛte nnɛ. Kristoni agya bi kae sɛ: “Mmofra nyɛ nea woka; wɔyɛ nea woyɛ!” Saa nnyinasosɛm koro no ara na edi dwuma wɔ Kristofo asafo no mu. Mpanyimfo a wɔyɛ nhwɛso pa betumi ahwɛ kwan sɛ asafo no mufo betie wɔn nkyerɛkyerɛ.

‘Sɛ Ɔbɛkyerɛkyerɛ Ahyɛde ne Atɛntrenee Wɔ Israel’

Biribi foforo wɔ hɔ nti a na Esra nkyerɛkyerɛ tu mpɔn. Wankyerɛkyerɛ n’ankasa nsusuwii, na mmom ɔkyerɛkyerɛɛ “ahyɛde ne atɛntrenee.” Kyerɛ sɛ, ahyɛde ahorow no, anaa Yehowa mmara no. Na eyi yɛ n’asɔfodi ho asɛyɛde. (Malaki 2:7) Ɔsan nso kyerɛkyerɛɛ atɛntrenee, na ɔyɛɛ nhwɛso wɔ nea ɔkyerɛkyerɛe no ho denam mmara no a ɔbataa ho pɛpɛɛpɛ, na odii gyinapɛn bi so no so. Sɛ wɔn a wɔwɔ tumi da atɛntrenee adi a, ɛde asomdwoe ba, na nea efi mu ba no tra hɔ daa. (Mmebusɛm 29:4) Saa ara na, Kristofo mpanyimfo, awofo, ne Ahenni adawurubɔfo a wonim Onyankopɔn Asɛm yiye bɛma honhom fam asomdwoe aba bere a wɔkyerɛ Yehowa ahyɛde ne atɛntrenee wɔ asafo no mu, wɔn mmusua mu, ne wɔn a wɔyɛ anigyefo mu no.

So wunnye ntom sɛ wo nkyerɛkyerɛ betumi atu mpɔn kɛse bere a wusuasua ɔnokwafo Esra nhwɛso no koraa no? Ɛno nti, ‘siesie wo koma, hwehwɛ Yehowa mmara no mu, di so, na kyerɛkyerɛ Yehowa ahyɛde ne atɛntrenee.’Esra 7:10.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Wobetumi ahu mmeae ahorow 20 a wɔahyehyɛ wɔ Insight on the Scriptures Po 1, nkratafa 444-5, a Yehowa Adansefo na wotintimii no mu.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22]

DƐN NA ƐMAA ESRA NKYERƐKYERƐ TUU MPƆN?

1. Osiesiee ne koma baa tebea a ɛfata mu

2. Ɔhwehwɛɛ Yehowa Mmara mu

3. Ɔyɛɛ nhwɛso pa wɔ nea wasua a ɔde dii dwuma no mu

4. Ɔkyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm pɛpɛɛpɛ