Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Som Onyankopɔn ‘Wɔ Honhom Mu’

Som Onyankopɔn ‘Wɔ Honhom Mu’

Som Onyankopɔn ‘Wɔ Honhom Mu’

“Hena ho na mubetumi de Onyankopɔn atoto, suban bɛn na mode besusuw no?”—YESAIA 40:18, “THE JERUSALEM BIBLE”

EBIA wugye di ankasa sɛ ahoni a wɔde di dwuma wɔ Onyankopɔn som mu no yɛ nea wogye tom. Ebia wobɛte nka sɛ eyi ma wobɛn mpaebɔ Tiefo a wonhu no na ɛte sɛ nea onni nipasu no.

Nanso so yɛn ankasa betumi apaw ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so bɛn Nyankopɔn? So ɛnyɛ Onyankopɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ osi nea wogye tom ne nea wonnye ntom ho gyinae? Yesu kyerɛkyerɛɛ adwene a Onyankopɔn kura wɔ asɛm no ho mu bere a ɔkaa eyi no: “Mene Kwan, Nokware ne Nkwa. Obi ntumi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6) * Saa nsɛm no nkutoo bara ahoni anaa nneɛma foforo a wobu no kronkron a wɔde di dwuma no.

Yiw, ɔsom pɔtee bi wɔ hɔ a Yehowa Nyankopɔn gye tom. Ɛyɛ ɔsom bɛn? Yesu kyerɛkyerɛɛ mu bere foforo bi sɛ: “Bere no bɛba—nokwarem no aba dedaw—sɛ nokware asomfo bɛsom Agya no wɔ honhom ne nokware mu: ɔsom a ɛte saa na Agya no hwehwɛ. Onyankopɔn yɛ honhom, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som wɔ honhom ne nokware mu.”—Yohane 4:23, 24.

So wobetumi de ohoni bi a aniwa tua agyina hɔ ama Onyankopɔn a ‘ɔyɛ honhom’ no? Dabi. Ɛmfa ho sɛnea ohoni bi yɛ fɛ fa no, ne fɛ ntumi nnu Onyankopɔn anuonyam ho. Enti ohoni a wɔde begyina hɔ ama Onyankopɔn no rentumi nkyerɛ sɛnea Onyankopɔn ankasa te. (Romafo 1:22, 23) Sɛ obi fa ohoni a wɔde nsa ayɛ so kɔ Onyankopɔn nkyɛn a, so na ‘ɔresom’ wɔ nokware mu?

Bible Nkyerɛkyerɛ a Emu Da Hɔ

Onyankopɔn Mmara baraa ahoni a wɔbɛyɛ sɛ biribi a wɔnam so som no. Mmara Nsɛm Du no mu nea ɛto so abien no hyɛe sɛ: “Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa; nkotow wɔn, na nsom wɔn.” (Exodus 20:4, 5, Twi Bible) Kristofo Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no nso hyɛ sɛ: “Montwe mo ho mfi abosonsom ho!”—1 Korintofo 10:14.

Ampa, nnipa pii kyerɛ sɛ ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu no nkyerɛ abosonsom. Sɛ nhwɛso no, Ortodɔks Kristofo ka bere nyinaa sɛ wɔnsom ahoni a wɔbɔ wɔn mu ase ma wɔn, bu nkotodwe wɔ wɔn anim, na wɔbɔ mpae ma wɔn no ankasa. Ortodɔks sɔfo bi kyerɛwee sɛ: “Yɛkyerɛ obu ma wɔn esiane sɛ wɔyɛ ade kronkron na yɛkyerɛ nidi ma nneɛma a Ahoni no yɛ ho mfonini no nti.”

Nanso, asɛmmisa no da so wɔ hɔ sɛ: So Onyankopɔn pene so sɛ wɔde ahoni bedi dwuma a atirimpɔw no ne sɛ wɔnam so de nidi bɛma no? Bible mu baabiara nni hɔ a wɔhyɛ adeyɛ a ɛte saa ho nkuran. Bere a Israelfo yɛɛ nantwi ba honi, a na wɔn atirimpɔw ne sɛ wɔnam so bedi Yehowa ni no, ɔkasa tiae denneennen, na ɔkae sɛ wɔadan awaefo.—Exodus 32:4-7.

Asiane a Ɛwom

Nneɛma a aniwa hu a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu no yɛ biribi a ɛyɛ hu. Ebetumi ama nkurɔfo asom dekode no sen Onyankopɔn a wɔkyerɛe sɛ egyina hɔ ma no no. Kyerɛ sɛ, ohoni no bɛyɛ biribi titiriw a wɔsom no.

Saa na ɛbae wɔ ahoni pii ho wɔ Israelfo no bere so. Sɛ nhwɛso no, Mose yɛɛ kɔbere wɔ bere a wɔwɔ sare so no. Mfiase no, na ɔwɔ a ɔsɛn dua so no gyina hɔ ma ɔkwan a wɔbɛfa so anya ayaresa. Ná wɔn a wɔma awɔ keka wɔn de twe wɔn aso no betumi ahwɛ kɔbere wɔ no na wɔanya Onyankopɔn mmoa. Nanso bere a nkurɔfo no duu Bɔhyɛ Asase so no, ɛte sɛ nea wɔdan saa ɔwɔ nsusuwso yi honi, te sɛ nea na kɔbere wɔ no ankasa wɔ tumi a wɔde sa yare. Wɔhyew aduhuam maa no na wɔmaa no din Nehushtan, mpo.—Numeri 21:8, 9; 2 Ahene 18:4.

Israelfo no san bɔɔ mmɔden sɛ wɔde apam adaka no bedi asumansɛm atia wɔn atamfo, na ɛde ɔhaw kɛse na ɛbrɛɛ wɔn. (1 Samuel 4:3, 4; 5:11) Na wɔ Yeremia bere so no, Yerusalemfo dwen asɔrefie no ho sen Onyankopɔn a na wɔsom no wɔ hɔ no.—Yeremia 7:12-15.

Su a ɛma wɔsom nneɛma sen Nyankopɔn no da so ara wɔ hɔ nnɛ. Nhwehwɛmufo Vitalij Ivanovich Petrenko kae sɛ: “Ohoni no . . . bɛyɛ biribi a wɔsom no, na etumi ma wɔde wɔn ho hyɛ abosonsom mu . . . Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ eyi yɛ abosonsom nsusuwii koraa a wɔde hyɛn ahonisom mu denam gyidi a nnipa pii kura so.” Saa ara na Greek Ortodɔks sɔfo Demetrios Constantelos ka wɔ ne nhoma Understanding the Greek Orthodox Church mu sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw sɛ Kristoni bɛdan ohoni ayɛ no biribi a ɔsom no.”

Ka a wɔka sɛ ahoni yɛ nneɛma a ɛboa ma wɔde ɔsom ma no yɛ biribi a asɛm wɔ ho ankasa. Dɛn ntia? Wiɛ, so ɛnyɛ nokware sɛ wobetumi abu Maria anaa “ahotefo” ahoni ahorow bi sɛ ɛfata nidi kɛse na ɛso wɔ mfaso sen ahoni foforo a egyina hɔ ma onipa koro no ara a wawu bere tenten ni no? Sɛ nhwɛso no, Maria honi bi a ɛwɔ Tínos, Greece, no wɔ Ortodɔksfo a wodi akyi denneennen, saa ara na Maria honi a ɛwɔ Soumela wɔ Greece atifi fam no nso wɔ akyidifo a wɔyɛ nsi. Akuw abien no nyinaa gye di sɛ wɔn mu biara honi no korɔn sen ne yɔnko de, na etumi yɛ anwonwade akɛse sen ɔfoforo no, ɛmfa ho mpo sɛ abien no nyinaa gyina hɔ ma onipa koro no ara a wawu bere tenten bi ni no. Enti, sɛ yɛbɛka paa a, nkurɔfo susuw sɛ ahoni bi wɔ tumi ankasa, na wɔsom wɔn.

“Ahotefo” na Wɔbɔ Wɔn Mpae Anaa Maria?

Na, nnipa, te sɛ Maria anaa “ahotefo” a wɔsom wɔn no nso ɛ? Yesu rebua sɔhwɛ bi a Satan de baa ne so no, ɔtwee adwene sii Deuteronomium 6:13 so kae sɛ: “Som Awurade, wo Nyankopɔn, nkutoo.” (Mateo 4:10) Akyiri yi, ɔkae sɛ nokware asomfo bɛsom “Agya no,” ɛnyɛ obi foforo biara. (Yohane 4:23) Esiane eyi a na ɔbɔfo bi nim nti, osiankaa ɔsomafo Yohane bere a ɔyɛe sɛ ɔbɛsom no no, na ɔkae sɛ: “Nyɛ saa . . . Onyankopɔn na ɛsɛ sɛ wosom no.”—Adiyisɛm 22:9.

So ɛfata sɛ yɛbɛbɔ Yesu asase so ɛna, Maria, anaa “ahotefo” pɔtee bi mpae, na yɛasrɛ wɔn sɛ wonni mma yɛn wɔ Onyankopɔn anim? Mmuae tẽẽ a Bible de ma ne sɛ: “Onyankopɔn ne nnipa ntam gyinafo koro pɛ na ɔwɔ hɔ, ɔno ne ɔbarima, Kristo Yesu.”—1 Timoteo 2:5.

Bɔ Wo ne Yehowa Ntam Abusuabɔ Ho Ban

Ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu, a etia Bible nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ no, rentumi mmoa nnipa mma wonnya Onyankopɔn anim dom ne nkwagye. Nea ɛne no bɔ abira no, Yesu kae sɛ daa nkwa gyina nokware Nyankopɔn koro no ho nimdeɛ a yebenya na yɛahu ne nipasu a ebiara ne no nsɛ ne n’atirimpɔw ne sɛnea ɔne nnipa di nsɛm no so. (Yohane 17:3) Ahoni a wonhu ade, wonni nkate, anaa wɔnkasa no mmoa obi mma onhu Nyankopɔn na ɔnsom no ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. (Dwom 115:4-8) Wubetumi anya nimdeɛ a ɛho hia sen biara yi denam Onyankopɔn Asɛm, Bible, a wubesua so.

Sɛ mfaso biara a enni so no da nkyɛn a, ahonisom betumi ahaw obi wɔ honhom fam. Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan na ɛsen biara no, ebetumi ama obi ne Yehowa ntam abusuabɔ asɛe. Ɛdefa Israel a ɔde “anyame huhu hyɛɛ no abufuw” ho no, Onyankopɔn ka siei sɛ: “Mede m’anim mehintaw wɔn.” (Deuteronomium 32:16, 20, The New American Bible) Sɛ na wɔbɛsan ne Nyankopɔn anya abusuabɔ a, na ɛsɛ sɛ ‘wɔpo wɔn abosonhuhuw’ no.—Yesaia 31:6, 7, NAB.

Enti, hwɛ sɛnea Kyerɛwnsɛm mu afotu yi fata: “Me mma nkumaa, monhwɛ mo ho yiye wɔ ahoni ho”!—1 Yohane 5:21, NAB.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Kyerɛw nsɛm no nyinaa fi Katolek Jerusalem Bible no mu gye sɛ wɔakyerɛ sɛ efi baabi foforo.

[Adaka wɔ kratafa 6]

Wɔboaa Wɔn Ma Wɔsom ‘Wɔ Honhom Mu’

Ná Olivera yɛ Albania Ortodɔks Asɔre no muni a ɔbɔ mmɔden. Bere a ɔman no baraa nyamesom wɔ 1967 mu no, Olivera kɔɔ so somee wɔ kokoam. Ɔde sika kakra a onyae bere a onyin ma ogyaee adwuma no fã kɛse no ara kɔtɔɔ sika ne dwetɛ ahoni, aduhuam, ne kyɛnerɛ. Ɔde saa nneɛma yi siee ne mpa ase, na na ɔtaa da agua bi a ɛbɛn ne mpa no mu esiane sɛ na osuro sɛ wobehu saa nneɛma no anaasɛ wobewia nti. Bere a Yehowa Adansefo kɔsraa Olivera wɔ 1990 mfiase no, ohuu Bible mu nokwasɛm bi wɔ asɛm a na wɔreka no mu. Ohui sɛ Bible ka sɛ sɛ ɔsom bi bɛyɛ nokware a, ɛsɛ sɛ wɔsom wɔ “honhom mu,” na ohuu sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ ahoni a wɔde di dwuma ho no. (Yohane 4:24, The Jerusalem Bible) Ɔdansefo a na ɔne Olivera sua Bible no hui sɛ bere biara a ɔbɛkɔ Olivera fie no, na ahoni a ɛwɔ hɔ no so atew. Awiei koraa no, ase tui. Wɔ Olivera asubɔ akyi no, ɔkae sɛ: “Ɛnnɛ, sɛ́ anka menya ahoni a mfaso nni wɔn so no, manya Yehowa honhom kronkron. Meda Onyankopɔn ase pii sɛ ne honhom no nhia ahoni ansa na adu me nkyɛn.”

Ná Athena, a ofi Lesbos supɔw so wɔ Greece no yɛ Ortodɔks Asɔre muni mapa. Ná ɔka nnwontofo kuw no ho, na odii ɔsom no amammerɛ akyi pɛpɛɛpɛ, a na ahoni a wɔde di dwuma ka ho. Yehowa Adansefo boaa Athena maa ohui sɛ ɛnyɛ biribiara a wɔakyerɛ no na ɛne Bible no hyia. Nea na ɛka eyi ho ne ahoni ne mmeamudua a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu no. Athena kɔɔ so kyerɛe sɛ n’ankasa bɛyɛ nhwehwɛmu de ahu baabi a saa ɔsom mu nneɛma yi fi bae. Bere a ɔyɛɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri wɔ nhoma ahorow mu akyi no, obegye toom sɛ saa nneɛma no mfi Kristosom mu. Ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛsom Nyankopɔn “wɔ honhom” mu no maa ɔtoo n’ahoni no gui, ɛmfa ho sɛ ɔbɔɔ ho ka kɛse no. Nanso, Athena ani gyee ho sɛ ɔbɛhwere saa nneɛma no mmom na ama watumi asom Onyankopɔn wɔ honhom mu wɔ ɔkwan a ɛho tew na ɛsɔ n’ani so.—Asomafo no Nnwuma 19:19.

[Adaka wɔ kratafa 7]

So Ahoni Yɛ Adwinni?

Nnansa yi, wɔaboaboa Ortodɔks ahoni ano wɔ wiase nyinaa. Mpɛn pii no, wɔn a wɔyɛ anoboaboa yi mmu ahoni no sɛ ɔsom mu ade kronkron bi, na mmom sɛ adwinni a ɛkyerɛ Byzantine amammerɛ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wubehu sɛ wɔn a wonnye Nyankopɔn nni mpo de ɔsom mu ahoni a ɛte saa asiesie wɔn fie anaa wɔn adwumam.

Nanso, nokware Kristofo mma wɔn werɛ mfi atirimpɔw titiriw a ɛwɔ ahoni akyi no. Ɛyɛ biribi a wɔsom. Bere a Kristofo nkasa ntia hokwan a afoforo wɔ sɛ wɔde ahoni besisi wɔn afie no, wɔn ankasa de wonni ahoni wɔ wɔn fie, na wɔmmoaboa ano mpo. Eyi ne nnyinasosɛm a ɛwɔ Deuteronomium 7:26The Jerusalem Bible mu no hyia: “Mfa akyide biara [ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu] nkɔ wo fie, na ɔhaw amma wo so sɛ ɛno. Bu wɔn sɛ atantanne ne akyide.”

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Onyankopɔn ampene ahoni a wɔde di dwuma ɔsom mu so

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Bible mu nimdeɛ boa ma yɛsom Onyankopɔn honhom mu