Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Akwan so Nantew De Akatua Pa Ba

Yehowa Akwan so Nantew De Akatua Pa Ba

Yehowa Akwan so Nantew De Akatua Pa Ba

SO WOANANTEW bepɔw so pɛn? Sɛ woayɛ saa pɛn a, ɛda adi sɛ wotee nka sɛ wonam wiase atifi. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ wohome mframa pa, na wuhu akyirikyiri, hu abɔde a ɛyɛ fɛ! Ebia ɛmaa wo dadwen a ɛwɔ wiase no bɛyɛɛ nea ɛho nhia pii wɔ w’ani so.

Wɔ ebinom fam no wɔntaa ntu kwan nkɔhwehwɛ mmeae mmeae, nanso sɛ woyɛ Kristoni a woahyira wo nkwa so a ebia na woafa mmepɔw so mmere bi—wɔ honhom fam. Akyinnye biara nni ho sɛ te sɛ odwontofo no, woabɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW] kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so.” (Dwom 25:4) So wokae sɛnea wotee nka bere a edi kan a wokɔɔ Yehowa fi bepɔw no so na wufii ase nantew wɔ so no? (Mika 4:2; Habakuk 3:19) Akyinnye biara nni ho sɛ, wubehui sɛ nokware kwan a wonam so no ama woanya ahobammɔ ne anigye. Wotee nka sɛ odwontofo no: “Nhyira ne ɔman a wonim osebɔ, na wɔnantew wo, [Yehowa, NW], anim hann mu.”—Dwom 89:15.

Ɛwom, ebia ɛho behia sɛ wɔn a wɔnantew mmepɔw so no foro anaa wosiansian mmepɔw atenten a ɛyɛ kuronkuron no. Wɔn anan fi ase yɛ wɔn yaw, na wɔbrɛ. Saa ara na yɛn nso yebetumi ahyia nsɛnnennen wɔ yɛn Nyankopɔn som adwuma no mu. Ebetumi aba sɛ nnansa yi yɛn nantew mu abɛyɛ den ama yɛn kakra. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ahoɔden ne anigye foforo? Ade a edi kan ne sɛ yebehu sɛnea Yehowa akwan korɔn no.

Yehowa Mmara Ahorow a Ɛkorɔn

Yehowa akwan ‘korɔn sen nnipa akwan,’ na wɔde ne som ‘atim hɔ ataa mmepɔw atifi.’ (Yesaia 55:9; Mika 4:1) Yehowa nyansa yɛ “nyansa a efi soro.” (Yakobo 3:17) Ne mmara korɔn sen biara. Sɛ nhwɛso no, bere a na Kanaanfo no de mmofra bɔ afɔre no, Yehowa maa Israelfo no mmara a ɛkorɔn na ɛda ayamhyehye adi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nhwɛ ɔbrɛfo anim na nyɛ nea ɛbɛsɔ otumfo ani. . . . Ɔhɔho a wabɛtra mo mu nyɛ mo sɛ mo kuroni bi, na dɔ no sɛ wo ho.”—Leviticus 19:15, 34.

Mfeha dunum akyi no, Yesu de Yehowa ‘anuonyam mmara’ ho nhwɛso pii mae. (Yesaia 42:21) Wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monnɔ mo atamfo, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo; na moayɛ mo agya a ɔwɔ soro no mma.” (Mateo 5:44, 45) Ɔde kaa ho sɛ: “Ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara; na eyi na mmara ne adiyifo no kyerɛ.”—Mateo 7:12.

Saa mmara a ɛkorɔn yi nya nnipa koma so nkɛntɛnso, na ɛkanyan wɔn ma wosuasua Onyankopɔn a wɔsom no no. (Efesofo 5:1; 1 Tesalonikafo 2:13) Susuw sakra a Paulo sakrae no ho hwɛ. Bere a edi kan a yɛtee ne nka no na ‘ɔrepene so ma’ wɔakum Stefano, na na ‘ɔhaw asafo no.’ Nanso mfe kakraa bi akyi no, na ɔne Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no di no ayamye mu te sɛ “ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma.” Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ a Paulo nyae no sakraa no ma ogyaee ɔtaa a ɔde ba Kristofo so no ma ɔne wɔn dii no ayamye mu. (Asomafo no Nnwuma 8:1, 3; 1 Tesalonikafo 2:7) N’ani gyei sɛ Kristo nkyerɛkyerɛ no nyaa ne nipasu so nkɛntɛnso. (1 Timoteo 1:12, 13) Ɔkwan bɛn so na anisɔ a ɛte saa no betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so anantew Onyankopɔn akwan a ɛkorɔn no so?

Anisɔ a Wɔde Nantew

Wɔn a wɔnantew mmepɔw so no ani ka nneɛma a ɛyɛ nwonwa a wohu wɔ akyirikyiri no ho. Wɔbɔ mmɔden nso sɛ wɔde ntoboase bɛhwɛ nneɛma nketenkete a wohu wɔ kwan ho te sɛ ɔbotan bi a ɛyɛ nwonwa, nhwiren bi a ɛyɛ fɛ, anaasɛ akekaboa bi a wɔn ani bɛbɔ no so no. Saa ara na wɔ honhom fam no, ehia sɛ yɛkyerɛ nneɛma—akɛse ne nketewa—a yenya fi Onyankopɔn a yɛne no nantew no mu ho anisɔ. Ahwɛyiye yi betumi ama yɛanya ahoɔden foforo na ama nantew a ɔbrɛ ama emu agow no mu ayɛ den. Yɛne odwontofo no bɛyɛ adwene sɛ: “Ma mente w’adɔe anɔpa, na wo so na mede me ho meto. Ma minhu ɔkwan a memfa so.”—Dwom 143:8.

Mary a ɔde mfe pii anantew Yehowa akwan so no ka sɛ: “Sɛ mehwɛ Yehowa abɔde a, ɛnyɛ nwonwa a ɛyɛ no nko na mihu na mmom Onyankopɔn nipasu a ɛyɛ fɛ no nso. Sɛ́ ɛyɛ aboa, anomaa, anaa akoekoeboa no, emu biara yɛ fɛ. Anigye koro no ara na minya fi honhom mu nokware a emu ada hɔ nkakrankakra wɔ mfe a atwam no mu.”

Yɛbɛyɛ dɛn ama anisɔ a yɛwɔ no mu adɔ? Wɔ ɔkwan bi so no, denam yɛn ani a yɛremmu ngu nea Yehowa yɛ ma yɛn no so. Paulo kyerɛwee sɛ: “Munnnyae mpaebɔ da! Monna ase ade nyinaa mu.”—1 Tesalonikafo 5:17, 18; Dwom 119:62.

Kokoam adesua boa yɛn ma yenya anisɔ honhom. Paulo hyɛɛ Kolosefo Kristofo no nkuran sɛ: ‘Monnantew Kristo Yesu mu sa na moaboro so, aseda mu.’ (Kolosefo 2:6, 7) Bible no a yɛbɛkenkan na yɛadwennwen nea yɛakenkan ho no hyɛ yɛn gyidi den na ɛma yɛbɛn Bible Kyerɛwfo no. Akorade a ebetumi aka yɛn ma ‘yɛaboro so wɔ aseda mu’ no wɔ emu nsɛm no nyinaa mu.

Yɛn nuanom a yɛne wɔ bom som Yehowa no nso ma nneɛma yɛ mmerɛw ma yɛn. Odwontofo no ka faa ne ho sɛ: “Meyɛ wɔn a wosuro wo nyinaa adamfo.” (Dwom 119:63) Bere a yɛn ani taa gye paa ne bere a yenya ne yɛn nuanom hyiam wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase anaa bere a yɛne yɛn nuanom hyia no. Yehu sɛ yɛn wiase nyinaa Kristofo abusua no gyina Yehowa ne n’akwan a ɛkorɔn no so.—Dwom 144:15b.

Nea ɛka anisɔ a yɛbɛkyerɛ ho no, asɛyɛde a yɛbɛte nka sɛ ɛda yɛn so no bɛhyɛ yɛn den ma yɛanya nkɔso wɔ Yehowa akwan a ɛkorɔn no so.

Nantew a Yɛbɛnantew Yiye

Wɔn a wɔnantew mmepɔw so a wɔn ani ku asɛyɛde ho no hu hia a ehia sɛ wɔyɛ ahwɛyiye na wɔanyera anaa wɔanwatiriw. Sɛ́ nnipa a yetumi paw nea yɛpɛ no, Yehowa ama yɛn ahofadi ne yɛn pɛ mu a yefi yɛ ade ho kwan. Nanso asɛyɛde bata saa ahofadi no ho bere a yedi yɛn Kristofo ahyɛde ahorow ho dwuma no.

Sɛ nhwɛso no, Yehowa wɔ awerɛhyem sɛ ne nkoa bedi wɔn ahyɛde ahorow a ɛda wɔn so no ho dwuma yiye. Yehowa nkyerɛ ahoɔden ne bere a ɛsɛ sɛ yedi wɔ Kristofo som adwuma no mu anaa sika dodow a ɛsɛ sɛ yeyi wɔ ntoboa fam anaa akwan foforo so. Mmom no, nsɛm a Paulo kyerɛw kɔmaa Korintofo no fa yɛn nyinaa ho: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma.”—2 Korintofo 9:7; Hebrifo 13:15, 16.

Nea ɛka Kristofo asɛyɛde a ɛfa ɔma ho ne asɛmpa no a yɛbɛka akyerɛ afoforo. Sɛ yeyi ntoboa de boa wiase nyinaa Ahenni adwuma no a, na yɛrekyerɛ sɛ yedi yɛn asɛyɛde ho dwuma. Kristoni panyin bi a wɔfrɛ no Gerhardt kyerɛkyerɛ mu sɛ, ɔne ne yere maa wɔn ntoboa dɔɔso sɛnea ɛfata bere a wɔkɔɔ nhyiam wɔ Europa Apuei fam no. Ɔka sɛ: “Yehui sɛ honam fam nneɛma kakraa bi pɛ na yɛn nuanom a wɔwɔ hɔ no wɔ; nanso wɔn ani gye yɛn Bible ho nhoma no ho kɛse, enti yesii gyinae sɛ yebeyi nea yebetumi biara de aboa yɛn nuanom a ahia wɔn wɔ aman afoforo so no.”

Yɛn Boasetɔ a Yɛbɛma Adɔɔso

Ebehia ahoɔden na obi atumi anantew wɔ mmepɔw so. Wɔn a wɔnantew so no taa teɛteɛ wɔn apɔw mu sɛnea wobetumi biara, na ebinom taa nantew de siesie wɔn ho ma saa kwan tenten no. Saa ara na Paulo hyɛ nyansa sɛ yɛnyɛ pii wɔ teokrase som adwuma no mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebekura yɛn honhom fam ahoɔden no mu. Paulo kae sɛ, ‘wɔn a wɔpɛ sɛ wɔnantew sɛnea ɛfata Yehowa na wɔde tumi nyinaa ahyɛ wɔn nsa no nsow adwuma pa nyinaa mu aba.’—Kolosefo 1:10, 11.

Nkuranhyɛ nso tumi kanyan wɔn a wɔnantew mmepɔw so no ma wɔkɔ so nya ahoɔden. Ɔkwan bɛn so? Wɔn adwene a wɔde besi nneɛma a wohu no pefee te sɛ mmepɔw a ɛwɔ akyirikyiri so no, nya wɔn so nkɛntɛnso. Na sɛ ɔnantefo no du beae pɔtee bi a, otumi hu kwan tenten a watwa ne nkɔso a ɔrenya wɔ ne botae no ho. Sɛ ɔhwɛ kwan a watwa dedaw no a, ne koma tɔ ne yam.

Saa ara na yɛn daa nkwa anidaso no wowaw yɛn na ɛkanyan yɛn. (Romafo 12:12) Ne nyinaa mu no, bere a yɛnam Yehowa akwan so no, yetumi yɛ nneɛma wɔ yɛn asetra mu na yedu Kristofo botae ahorow ho. Na hwɛ sɛnea yenya anigye bere a yebu kɔmpɔ hwɛ yɛn akyi wɔ mfe pii a yɛde asom wɔ nokwaredi mu anaa yɛn nipaduam nsakrae a yɛayɛ no!—Dwom 16:11.

Sɛnea ɛbɛyɛ a anantefo betumi atwa kwan tenten na wɔakɔ so anya ahoɔden no, wɔkɔ wɔn anim tee. Saa ara na nhyehyɛe pa a wobedi akyi a nhyiam ne asɛnka a yɛbɛkɔ daa ka ho no bɛma yɛadu yɛn botae ho. Enti Paulo hyɛ mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Nea yɛaso dedaw no, momma yɛnkɔ so saa ara.”—Filipifo 3:16.

Ɛwom, ɛnyɛ yɛn nkutoo na yɛnam Yehowa akwan no so. Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Momma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi ahyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ (Hebrifo 10:24, New International Version) Honhom mu fekupa bɛma ayɛ mmerɛw ma yɛatumi akɔ tee bere a yɛne yɛn mfɛfo gyidifo nam no.—Mmebusɛm 13:20.

Awiei koraa ne nea ehia titiriw no, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi ahoɔden a Yehowa de ma yɛn no. Wɔn a wɔn ahoɔden gyina Yehowa so no ‘bɛnantew afi ahoɔden mu akɔ ahoɔden mu.’ (Dwom 84:5, 7) Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a na ebehia sɛ yɛfa tebea ahorow a ɛyɛ den mu, nanso ɛdenam Yehowa mmoa so no yebetumi.