Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Anuonyam Hyerɛn Ne Nkurɔfo So

Yehowa Anuonyam Hyerɛn Ne Nkurɔfo So

Yehowa Anuonyam Hyerɛn Ne Nkurɔfo So

“[Yehowa, “NW”] bɛyɛ wo daa hann.”—YESAIA 60:20.

1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyira ne nkurɔfo anokwafo?

‘YEHOWA ani sɔ ne man, ɔde nkwagye hyehyɛ ahobrɛasefo.’ (Dwom 149:4) Saa na odwontofo a ɔtraa ase tete no kae, na abakɔsɛm asi sɛnea ne nsɛm no yɛ nokware no so dua. Sɛ Yehowa nkurɔfo di nokware a, ɔhwɛ wɔn, ɔma wɔsow aba, na ɔbɔ wɔn ho ban. Tete mmere mu no, ɔma wodii wɔn atamfo so nkonim. Ɛnnɛ, ɔhyɛ wɔn den honhom fam, na ɔma wɔn awerɛhyem sɛ ɔnam Yesu afɔrebɔ no so begye wɔn nkwa. (Romafo 5:9) Ɔyɛ eyi efisɛ wɔn ho wɔ nyam n’ani so.

2. Ɛwom sɛ Onyankopɔn nkurɔfo hyia ɔsɔretia de, nanso dɛn na wɔwɔ mu ahotoso?

2 Nokwarem no, wɔ wiase a aduru sum yi mu no, wɔn a “wɔde onyamesom pa tra ase” no behyia ɔtaa. (2 Timoteo 3:12) Nanso, Yehowa hu asɔretiafo no, na ɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Ɔman ne ahenni a ɛrensom wo no begu, saa aman no, ɔsɛe na wɔbɛsɛe wɔn.” (Yesaia 60:12) Ɛnnɛ, ɔtaa nam akwan pii so na ɛba. Wɔ nsase bi so no, asɔretiafo bɔ mmɔden sɛ wɔde anohyeto bɛto ɔsom a nokware Kristofo de ma Yehowa no so anaasɛ wɔbɛbara. Wɔ afoforo so no, anuɔdenfo hwe Yehowa asomfo hyew wɔn agyapade. Nanso, kae sɛ, Yehowa akyerɛ nea ɛbɛba ɔsɔretia biara a wɔnam so bɛko atia n’apɛde mmamu no so dedaw. Asɔretiafo bedi nkogu. Wɔn a wɔko tia Sion, a ne mma a wɔwɔ asase so gyina hɔ ma no, ntumi nni nkonim. So eyi nyɛ awerɛkyekye a ɛhyɛ nkuran a yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ tumi, Yehowa, de ma yɛn?

Wonya Nhyira Sen Nea Wɔhwɛ Kwan

3. Ɔkwan bɛn so na wɔakyerɛkyerɛ Yehowa asomfo anuonyam ne aba a wɔsow no mu?

3 Nokwasɛm ne sɛ wɔ nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri mu no, Yehowa ahyira ne nkurɔfo asen nea na wɔhwɛ kwan. Ne titiriw no, ɔde nkakrankakra ahyɛ baabi a wɔsom no ne wɔn a wɔwom a ne din da wɔn so no anuonyam. Sɛnea Yesaia nkɔmhyɛ no kyerɛ no, ɔka kyerɛ Sion sɛ: “Lebanon anuonyam bɛba wo nkyɛn, na apopaw ne ɔsɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ bɛbom ahyehyɛ me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ me nan tiabea anuonyam.” (Yesaia 60:13) Mmepɔw a kwae frɔmfrɔm wɔ so yɛ fɛ yiye. Enti nnua a ɛsow aba pii no yɛ anuonyam ne aba pii a Yehowa asomfo sow no ho nsɛnkyerɛnne a ɛfata.—Yesaia 41:19; 55:13.

4. Dɛn ne “kronkronbea” ne ‘Yehowa nan tiabea’ no, na ɔkwan bɛn so na wɔahyɛ eyinom anuonyam?

4 Dɛn ne “kronkronbea” ne ‘Yehowa nan tiabea’ a wɔkaa ho asɛm wɔ Yesaia 60:13 no? Saa nsɛm yi fa Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no abangua a ɛyɛ nhyehyɛe a wɔnam so kɔ n’anim wɔ ɔsom mu denam Yesu Kristo so no ho. (Hebrifo 8:1-5; 9:2-10, 23) Yehowa aka ne tirim a wabɔ sɛ ɔbɛhyɛ saa honhom fam asɔrefie no anuonyam denam nnipa a ɔde wɔn befi amanaman nyinaa mu aba abɛsom no wɔ hɔ no so ho asɛm. (Hagai 2:7) Ná Yesaia ankasa adi kan ahu nkurɔfo akuwakuw a wofi amanaman nyinaa mu a wɔreba Yehowa som a ɛyɛ bepɔw a ɛkorɔn no so no. (Yesaia 2:1-4) Mfehaha pii akyi no, ɔsomafo Yohane huu “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” wɔ anisoadehu mu. Ná eyinom wɔ ‘Onyankopɔn ahengua anim, resom no awia ne anadwo n’asɔredan mu.’ (Adiyisɛm 7:9, 15) Bere a saa nkɔmhyɛ yi anya ne mmamu wɔ yɛn bere yi so no, yɛn ankasa nso yehu sɛnea wɔahyɛ Yehowa fie anuonyam no.

5. Nsakrae pa kɛse bɛn na Sion mma nyae?

5 Hwɛ nsakrae pa kɛse a eyi nyinaa de abrɛ Sion! Yehowa ka sɛ: “Nea anka wogyaw wo na wɔtan wo na obi bi mfa wo mu no, mɛma wo daa kɛseyɛ na mayɛ wo awo ntoatoaso a edidi so anigye.” (Yesaia 60:15) Ɛde rekɔ wiase ko a edi kan no awiei no, “Nyankopɔn Israel” no danee amamfo ankasa wɔ bere bi mu. (Galatifo 6:16) Ɔtee nka sɛ ‘wɔagyaw no koraa,’ efisɛ ne mma a wɔwɔ asase so anhu Onyankopɔn apɛde a ɔwɔ ma wɔn no yiye. Nanso, wɔ afe 1919 mu no, Yehowa san kanyan n’asomfo a wɔasra wɔn no, na efi saa bere no, ɔde honhom fam yiyedi a ɛyɛ anigye ahyira wɔn. Afei nso, so bɔhyɛ a ɛwɔ saa nkyekyɛm yi mu no nyɛ anigye? Yehowa bebu Sion ‘ade kɛse.’ Yiw, Sion mma, ne Yehowa ankasa, bedi Sion ho ahurusi. Ɔbɛyɛ “anigye,” ade a ɛma wodi ahurusi kɛse. Na wɔrenni ahurusi bere tiaa bi kɛkɛ. Gyinabea pa a Sion, a n’asase so mma gyina hɔ ma, wɔ no bɛtra hɔ “awo ntoatoaso a edidi so” mu. Ɛremma awiei da.

6. Ɔkwan bɛn so na nokware Kristofo de amanaman no ahode di dwuma?

6 Afei, tie Onyankopɔn bɔhyɛ foforo. Yehowa kasa kyerɛ Sion sɛ: “Wubenum amanaman nufu, na woanum ahene mpokua; na woahu sɛ me, [Yehowa, NW], mene w’agyenkwa ne wo dimafo, Yakob tumfoɔ no.” (Yesaia 60:16) Ɔkwan bɛn so na Sion num “amanaman nufu” na onum “ahene mpokua”? Ɛne sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo “nguan foforo” no de amanaman no ahode di dwuma de trɛw nokware som mu. (Yohane 10:16) Sika fam ntoboa a afoforo fi wɔn pɛ mu yi boa no ma yetumi yɛ amanaman ntam asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse no. Nnɛyi mfiridwuma ho nimdeɛ a yɛde adi dwuma nyansam no ama yɛatumi atintim Bible ne Bible ho nhoma wɔ kasa ɔhaha pii mu. Ɛnnɛ, nnipa pii nsa ka Bible mu nokware no sen bere biara a abɛsen kɔ. Amanaman pii mu nnipa rehu sɛ Yehowa a ogyee n’asomfo a wɔasra wɔn fii honhom fam nnommumfa mu no yɛ Ogyefo ampa.

Ahyehyɛde Mu Nkɔso

7. Nkɔso a ɛda nsow bɛn na Sion mma anya?

7 Yehowa ahyɛ ne nkurɔfo anuonyam wɔ ɔkwan foforo so. Wama wɔanya ahyehyɛde mu nkɔso. Yɛkenkan wɔ Yesaia 60:17 sɛ: “Kɔbere ananmu na mede sika mesi maba, na dade ananmu na mede dwetɛ mesi maba, na kɔbere asi nnua ananmu, na dade asi abo ananmu. Na mɛma asomdwoe adi wo so panyin ahwɛ wo, na mede trenee mayɛ wo kãfo.” Sika a wɔde si kɔbere ananmu no yɛ nkɔanim, na saa ara na ɛte wɔ nneɛma foforo a wɔabobɔ din no ho. Nea ɛne eyi hyia no, Nyankopɔn Israel no anya ahyehyɛde mu nkɔso wɔ nna a edi akyiri yi mu. Susuw nhwɛso kakra ho hwɛ.

8-10. Kyerɛkyerɛ ahyehyɛde mu nkɔso a aba fi afe 1919 no bi mu.

8 Ansa na afe 1919 reba no, mpanyimfo ne asomfo nkumaa a na wɔtow aba paw wɔn na na wɔhwɛ Onyankopɔn nkurɔfo asafo ahorow no so. Efi saa afe no mu no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no paw ɔsom adwuma kwankyerɛfo wɔ asafo biara mu ma ɔhwɛɛ asɛnka adwuma so. (Mateo 24:45-47) Nanso, saa nhyehyɛe no anyɛ adwuma yiye wɔ asafo pii mu efisɛ mpanyimfo a wɔtow aba paw wɔn no binom ammoa asɛmpaka adwuma no yiye. Enti, wɔ afe 1932 mu no, wɔka kyerɛɛ asafo ahorow no sɛ wonnyae aba a wɔtow paw mpanyimfo ne asomfo nkumaa no. Mmom no, na ɛsɛ sɛ wɔpaw ɔsom boayikuw ma wɔne ɔsom adwuma kwankyerɛfo no yɛ adwuma. Ná ɛno te sɛ “kɔbere” a wɔde asi “nnua” ananmu—na ɛyɛ nkɔanim kɛse!

9 Wɔ afe 1938 mu no, asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa yɛɛ tirimbɔ sɛ wobegye nhyehyɛe bi a etu mpɔn, nea na ɛne Kyerɛwnsɛm mu de hyia kɛse atom. Wɔde asafo no sohwɛ hyɛɛ kuw somfo ne asomfo foforo, a wɔpaw wɔn nyinaa wɔ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no hwɛ ase, nsa. Wɔantow aba ampaw obiara bio! Enti afei teokrase kwan so na wɔnam paw nkurɔfo wɔ asafo no mu. Na ɛno te sɛ “dade” a wɔde sii “abo” ananmu anaa “sika” a wɔde sii “kɔbere” ananmu.

10 Efi saa bere no nkɔanim aba. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1972 mu no, wohui sɛ mpanyimfo kuw a wɔapaw wɔn teokrase kwan so a wɔyɛ biako a ɔpanyin biako bi nni afoforo so tumi no bɛn ɔkwan a wɔfaa so hwɛɛ afeha a edi kan no mu Kristofo asafo ahorow no so no kɛse. Afei nso, bɛyɛ mfirihyia abien a atwam no, wɔyɛɛ nsakrae foforo. Wɔyɛɛ nsakrae wɔ mmara kwan so ahyehyɛde ahorow bi akwankyerɛfo mu, na ama Sodikuw no atumi de wɔn adwene asi Onyankopɔn nkurɔfo honhom fam ahiade ahorow so kɛse, sen sɛ mmara kwan so nsɛm bɛtwetwe wɔn adwene da biara da.

11. Hena na wama ahyehyɛde mu nsakrae aba Yehowa nkurɔfo mu, na dɛn na saa nsakrae ahorow yi de aba?

11 Hena na wama nsakrae a ɛde nkɔso ba yi nyinaa aba? Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn. Ɔno na ɔka sɛ: ‘Mede sika bɛba.’ Na ɔno ne nea ɔkɔ so ka sɛ: ‘Mɛma asomdwoe adi wo so panyin ahwɛ wo, na mede trenee mayɛ wo kãfo.’ Yiw, Yehowa na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔhwɛ ne nkurɔfo so. Ahyehyɛde mu nkɔso a ɔkaa ho asɛm siei no yɛ ɔkwan foforo a ɔnam so hyɛ ne nkurɔfo anuonyam. Na esiane eyi nti Yehowa Adansefo anya nhyira wɔ akwan pii so. Yɛkenkan wɔ Yesaia 60:18 sɛ: “Wɔrente nhyɛso nka w’asase so bio, wɔrente ɔsɛe ne obubu nka w’ahye mu; na wobɛfrɛ w’afasu Nkwagye, ne wo kurow apon nso Ayeyi.” Hwɛ sɛnea saa nsɛm no yɛ anigye! Nanso, ɔkwan bɛn so na anya mmamu?

12. Ɔkwan bɛn so na asomdwoe abɛtra nokware Kristofo mu?

12 Nokware Kristofo hwehwɛ nkyerɛkyerɛ ne akwankyerɛ fi Yehowa hɔ, na nea afi mu aba ne nea Yesaia ka siei no: “Wo mma nyinaa bɛyɛ [Yehowa, NW] asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.” (Yesaia 54:13) Afei nso, Yehowa honhom yɛ adwuma wɔ ne nkurɔfo so, na asomdwoe ka saa honhom aba no ho. (Galatifo 5:22, 23) Asomdwoe a Yehowa nkurɔfo wɔ no ma wɔyɛ guankɔbea a ahotɔ wɔ wɔ wiase a basabasayɛ wom yi mu. Asomdwoe a wɔwɔ, a egyina ɔdɔ a nokware Kristofo wɔ ma wɔn ho wɔn ho so no yɛ wiase foforo mu asetra ho nhwɛso. (Yohane 15:17; Kolosefo 3:14) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ yɛn mu biara anigye sɛ onya saa asomdwoe a ɛde ayeyi ne nidi brɛ yɛn Nyankopɔn, a ɛyɛ yɛn honhom fam paradise no fã kɛse no, na ɔboa ma ɛtra hɔ!—Yesaia 11:9.

Yehowa Hann Bɛkɔ so Ahyerɛn

13. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa hann bɛkɔ so ahyerɛn ne nkurɔfo so bere nyinaa?

13 So Yehowa hann bɛkɔ so apue ne nkurɔfo so? Yiw! Yɛkenkan wɔ Yesaia 60:19, 20 sɛ: “Ɛnyɛ owia na ɛbɛyɛ wo hann awia bio, na ɔhyerɛn nso, ɛnyɛ ɔsram na ɛbɛharan ama wo, na mmom [Yehowa, NW] na ɔbɛyɛ wo daa hann, na wo Nyankopɔn ayɛ w’anuonyam. Wo wia rentɔ bio, na wo sram nso renwu, na [Yehowa, NW] bɛyɛ wo daa hann, na wo nkɔmmɔdi nna awie ɔsa.” Bere a honhom fam nnommum no ‘awerɛhodi’ baa awiei wɔ afe 1919 mu no, Yehowa hann fii ase hyerɛn wɔn so. Bɛboro mfirihyia 80 akyi no, wogu so renya Yehowa anim dom, efisɛ ne hann kɔ so hyerɛn wɔn so. Na ɛrennyae. Ɛdefa yɛn Nyankopɔn asomfo ho no, ‘ɔrentɔ’ te sɛ owia na ‘ɔrenwu’ te sɛ ɔsram. Mmom no, ɔbɛkɔ so ama ne hann ahyerɛn wɔn so akosi daa. Awerɛhyem a ɛyɛ anigye bɛn ara na wama yɛn a yɛte wiase a aduru sum mu wɔ nna a edi akyiri mu anya sɛɛ yi!

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo yɛ “treneefo”? (b) Ɛdefa Yesaia 60:21 ho no, dɛn mmamu titiriw na nguan foforo no hwɛ kwan?

14 Afei tie bɔhyɛ foforo a Yehowa de ma Sion ananmusifo a wɔwɔ asase so, Nyankopɔn Israel, no. Yesaia 60:21 ka sɛ: “Wo man de, wɔn nyinaa bɛyɛ treneefo, wobedi asase no so akosi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua dubaa a afefɛw, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me anuonyam.” Wɔ afe 1919 mu, bere a wɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn no san fii wɔn adwuma no ase no, na wɔyɛ nnipakuw a wɔda nsow. Na wɔagyina Kristo Yesu agyede afɔre no mu gyidi a ɛyɛ den a wɔwɔ so ‘abu wɔn bem’ wɔ wiase bɔne no mu. (Romafo 3:24; 5:1) Afei, te sɛ Israelfo a wɔayi wɔn afi Babilon nnommumfa mu no, wodii “asase,” honhom fam asase, anaa adwumayɛbea, baabi a wobenya honhom fam paradise no so. (Yesaia 66:8) Asase no honhom fam paradise anuonyam no rensɛe da, esiane sɛ Nyankopɔn Israel man no nte sɛ tete Israel nti, ebedi nokware. Wɔn gyidi, wɔn boasetɔ, ne wɔn nsiyɛ bɛkɔ so ahyɛ Onyankopɔn din anuonyam daa.

15 Saa honhom fam man no mufo nyinaa aba apam foforo no mu. Wɔakyerɛw Yehowa mmara no wɔ wɔn nyinaa komam, na Yehowa nam Yesu agyede afɔre no so de wɔn bɔne afiri wɔn. (Yeremia 31:31-34) Obu wɔn bem sɛ “mma” na ɔne wɔn di te sɛ nea wɔyɛ pɛ. (Romafo 8:15, 16, 29, 30) Wogyina Yesu afɔrebɔ no so de wɔn ahokafo nguan foforo no nso bɔne afiri wɔn, na te sɛ Abraham no, wɔnam wɔn gyidi so abu wɔn bem sɛ Onyankopɔn nnamfo. “Wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.” Na saa ahokafo a wɔyɛ nguan foforo yi hwɛ nhyira soronko foforo kwan. Na sɛ wofi “ahohia kɛse” no mu ka anaasɛ wonyan wɔn fi awufo mu a, wobehu nsɛm a ɛwɔ Yesaia 60:21 no mmamu ankasa bere a asase nyinaa dan paradise no. (Adiyisɛm 7:14; Romafo 4:1-3) Saa bere no, “ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:11, 29.

Nkɔanim no Kɔ So Ba

16. Bɔ a ɛda nsow bɛn na Yehowa hyɛe, na ɔkwan bɛn so na anya ne mmamu?

16 Yɛkenkan Yehowa bɔhyɛ a etwa to wɔ Yesaia ti 60 no wɔ nkyekyɛm a etwa to no mu. Ɔka kyerɛ Sion sɛ: “Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, [Yehowa, NW], mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.” (Yesaia 60:22) Yehowa adi n’asɛm so wɔ yɛn bere yi mu. Bere a Kristofo a wɔasra wɔn no san fii wɔn adwuma no ase wɔ afe 1919 mu no, na wɔyɛ kakraa bi—na ‘wosua’ ankasa. Wɔn dodow nyaa nkɔanim bere a wɔde honhom fam Israelfo foforo bɛkaa wɔn ho no. Na afei nguan foforo no fii ase sen yuu bɛkaa wɔn ho, na ama wɔn dodow akɔ so anya nkɔanim. Asomdwoe a Onyankopɔn nkurɔfo wɔ, honhom fam paradise a ɛwɔ wɔn “asase” so no, atwetwe nnipa komapafo pii araa ma nea “osua koraa” no abɛyɛ “ɔman a ɛyɛ den” ankasa. Mprempren, “ɔman” yi—Nyankopɔn Israel no ne “ananafo” bɛboro ɔpepem asia a wɔahyira wɔn ho so no—dɔɔso sen wiase aman pii mu nnipa. (Yesaia 60:10) Ɔman no mufo no nya Yehowa hann a ɛhyerɛn no mu kyɛfa, na ɛno ma wɔn nyinaa anim ba nyam wɔ n’anim.

17. Ɔkwan bɛn so na Yesaia ti 60 a yɛasusuw ho no aka wo?

17 Nokwarem no, Yesaia ti 60 mu nsɛntitiriw yi a yɛasusuw ho no hyɛ gyidi den. Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ na Yehowa nim dedaw sɛ ne nkurɔfo bɛkɔ honhom fam nnommumfa mu na wɔasan aba. Ɛyɛ nwonwa sɛ yebehu sɛ Yehowa dii kan huu nkɔso kɛse a ɛbɛba wɔ nokware asomfo dodow mu wɔ yɛn bere yi mu. Afei nso, hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ yɛbɛkae sɛ Yehowa rennyaw yɛn! Hwɛ awerɛhyem a ɔdɔ wom a wɔde ma yɛn sɛ “kurow” no apon ano bɛda hɔ bere nyinaa ma wɔagye “wɔn a wɔpɛ daa nkwa” no fɛw so! (Asomafo no Nnwuma 13:48, NW) Yehowa hann no bɛkɔ so ahyerɛn ne nkurɔfo so. Sion mma bɛkɔ so adi ne ho ahurusi bere a wɔma wɔn akanea kɔ so hyerɛn no. (Mateo 5:16) Nokwarem no, yɛasi yɛn bo kɛse nnɛ sen bere foforo biara sɛ yɛne Nyankopɔn Israel no bɛbɔ kɛse na yɛakyerɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛda Yehowa hann adi no ho anisɔ!

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Ɛdefa ɔsɔretia ho no, dɛn mu ahotoso na yɛwɔ?

• Ɔkwan bɛn so na Sion mma ‘anum amanaman no nufu’?

• Akwan bɛn so na Yehowa de ‘kɔbere asi nnua ananmu’?

• Su abien bɛn na wɔasi so dua wɔ Yesaia 60:17, 21?

• Ɔkwan bɛn so na “nea osua koraa” no adan “ɔman a ɛyɛ den”?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 18

YESAIA NKƆMHYƐ NO—Hann Ma Adesamma Nyinaa

Wɔdaa adesua nsɛm yi mu nsɛntitiriw no adi wɔ ɔkasa bi a wɔmae wɔ 2001 ne 2002 “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam Nhyiam Ahorow ase no mu. Ɔkasa no awiei no, ɔkasafo no yii nhoma foforo a wɔato din Yesaia Nkɔmhyɛ NoHann Ma Adesamma Nyinaa, Po a Ɛto so Abien no adi wɔ nhyiam dodow no ase. Ná wɔayi Yesaia Nkɔmhyɛ NoHann Ma Adesamma Nyinaa, Po a Edi Kan no wɔ afe a atwam no mu. Bere a wɔayi saa nhoma foforo yi adi no, ɛkame ayɛ sɛ mprempren yɛwɔ Yesaia nhoma no a wɔasusuw nkyekyɛm biara ho a ne nkyerɛkyerɛmu no yɛ nnɛ bere mu de no. Ɛda adi sɛ saa nhoma abien yi reboa yɛn yiye ma yɛanya Yesaia nkɔmhyɛ nhoma a ɛhyɛ gyidi den no mu ntease ne anisɔ a ɛkɔ akyiri.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

‘Yehowa gye ne nkurɔfo de hyɛ wɔn anuonyam’ wɔ ɔsɔretia a emu yɛ den mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

Onyankopɔn nkurɔfo de amanaman no ahode a ɛsom bo di dwuma ma nokware som nya nkɔso

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Yehowa de ahyehyɛde mu nkɔanim ne asomdwoe ahyira ne nkurɔfo