Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa De Hann Hyɛ Ne Nkurɔfo Anuonyam

Yehowa De Hann Hyɛ Ne Nkurɔfo Anuonyam

Yehowa De Hann Hyɛ Ne Nkurɔfo Anuonyam

“Sɔre haran [ɔbea, “NW”], na wo hann reba, na [Yehowa, “NW”] anuonyam apue wo so.”—YESAIA 60:1.

1, 2. (a) Adesamma tebea te dɛn? (b) Henanom na wɔde sum no aba?

“OO, sɛ anka yenya obi a ɔte sɛ Yesaia anaa Ɔhotefo Paulo a!” Saa na U.S. Ɔmampanyin Harry Truman de awerɛhow teɛɛm kae wɔ 1940 mfe no mu. Dɛn nti na ɔkaa saa nsɛm no? Efisɛ ohuu hia a na ehia sɛ wonya akannifo a wɔn abrabɔ ye kyɛn so wɔ wiase wɔ ne bere so. Ná adesamma faa afeha a ɛto so 20 no mu bere bɔne a ɛsen biara, wiase nyinaa ko a ɛto so abien, mu nkyɛe. Ɛwom sɛ na ɔko no aba awiei de, nanso na asomdwoe nni wiase. Na esum da so wɔ hɔ. Nokwarem no, mfirihyia 57 ni a saa ko no baa awiei no, wiase da so wɔ sum mu. Sɛ anka Ɔmampanyin Truman da so te ase nnɛ a, akyinnye biara nni ho sɛ anka obehu sɛ yɛda so hia akannifo a wɔn abrabɔ yɛ papa te sɛ Yesaia anaa ɔsomafo Paulo.

2 Sɛ́ ebia na Ɔmampanyin Truman nim anaasɛ onnim no, ɔsomafo Paulo kaa esum a aduru adesamma no ho asɛm, na ɔde ɛho kɔkɔbɔ mae wɔ ne nhoma ahorow a ɔkyerɛwee no mu. Sɛ nhwɛso no, ɔbɔɔ ne mfɛfo gyidifo kɔkɔ sɛ: ‘Ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom.’ (Efesofo 6:12) Paulo nam nsɛm yi so daa no adi sɛ ɛnyɛ honhom fam sum a ɛreduru wiase no nko na na onim na mmom na onim baabi a efi nso—adaemone a wɔwɔ tumi a ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ ‘wiase atumfo’ no. Esiane sɛ ahonhom a wɔwɔ tumi na wɔde wiase yi sum no ba nti, dɛn na nnipa ankasa betumi ayɛ de ayi afi hɔ?

3. Ɛmfa ho esum tebea a adesamma wom no, nkɔm bɛn na Yesaia hyɛ faa anokwafo ho?

3 Yesaia kaa esum a aduru adesamma no ho asɛm nso. (Yesaia 8:22; 59:9) Nanso, bere a na ɔhwɛ yɛn bere yi kwan no, ofi honhom mu hyɛɛ nkɔm sɛ Yehowa bɛma wɔn a wɔdɔ hann no anya anidaso wɔ esum mmere yi mpo mu. Enti ɛwom sɛ Paulo ne Yesaia nni yɛn nkyɛn wɔ ha de, nanso yɛwɔ wɔn nhoma ahorow a honhom kaa wɔn ma wɔkyerɛwee no wɔ hɔ a ɛbɛkyerɛ yɛn kwan. Nea ɛbɛyɛ na yɛahu nhyira a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔdɔ Yehowa no, ma yensusuw Yesaia nsɛm a ɛwɔ ne nhoma no ti 60 no ho.

Nkɔmhyɛ Kwan so Ɔbea no Hyerɛn

4, 5. (a) Dɛn na Yehowa hyɛɛ ɔbea bi sɛ ɔnyɛ, na bɔ bɛn na Yehowa hyɛe? (b) Nsɛm a ɛyɛ anigye bɛn na ɛwɔ Yesaia ti 60?

4 Wɔkaa Yesaia ti 60 mu nsɛm a edi kan no kyerɛɛ ɔbea bi a na ɔwɔ tebea a ɛyɛ awerɛhow kɛse yiye mu—ɔda fam wɔ sum mu. Mpofirim ara, hann puei wɔ sum no mu, na Yehowa frɛɛ no sɛ: “Sɔre haran [ɔbea, NW], na wo hann reba, na [Yehowa, NW] anuonyam apue wo so.” (Yesaia 60:1) Ɛbere adu sɛ ɔbea no sɔre gyina na ɔda Onyankopɔn hann, n’anuonyam, adi. Dɛn ntia? Yehu mmuae no wɔ nkyekyɛm a edi hɔ no mu sɛ: “Hwɛ, esum bɛkata asase so, na sum kabii akata aman so; nanso [Yehowa, NW] bepue wo so, na n’anuonyam abɛda adi wo so.” (Yesaia 60:2) Bere a ɔbea no tiee Yehowa ahyɛde no, wɔmaa no awerɛhyem sɛ biribi a ɛyɛ anigye befi mu aba. Yehowa kae sɛ: “Amanaman bɛnantew aba wo hann no ho, na ahene aba hyerɛn a apue wo so no ho.”—Yesaia 60:3.

5 Anigyesɛm a ɛwɔ saa nkyekyɛm abiɛsa yi mu no yɛ Yesaia ti 60 nnianim nsɛm ne nsɛm a aka a wɔabɔ no mua. Ɛkaa nkɔmhyɛ kwan so ɔbea bi suahu ahorow ne sɛnea yebetumi atra Yehowa hann mu ɛmfa ho sɛ esum aduru adesamma no ho asɛm siei. Nanso, dɛn na nkɔmhyɛ kwan so nsɛnkyerɛnne a ɛwɔ nkyekyɛm abiɛsa a edi kan yi mu no kyerɛ?

6. Hena ne ɔbea a wɔka ne ho asɛm wɔ Yesaia ti 60 no, na henanom na wogyina hɔ ma no wɔ asase so?

6 Ɔbea a Yesaia 60:1-3 ka ne ho asɛm no ne Sion, Yehowa soro ahyehyɛde a ahonhom abɔde na wɔwom no. Ɛnnɛ, “Nyankopɔn Israel” nkaefo, Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no asafo a wɔwɔ amanaman nyinaa mu, a wɔwɔ anidaso sɛ wɔne Kristo bedi ade wɔ soro no na wogyina hɔ ma Sion wɔ asase so. (Galatifo 6:16) Saa honhom fam man yi mufo dodow yɛ 144,000, na Yesaia ti 60 nnɛyi mmamu no fa emufo a wɔte asase so wɔ “nna a edi akyiri mu” no ho. (2 Timoteo 3:1; Adiyisɛm 14:1) Nkɔmhyɛ no ka nsɛm pii fa Kristofo a wɔasra wɔn yi ahokafo, “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no nso ho.—Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16.

7. Tebea bɛn na na Sion wom wɔ afe 1918 mu, na ɔkwan bɛn so na na wɔahyɛ eyi ho nkɔm?

7 So bere bi aba a na “Nyankopɔn Israel” no da fam wɔ sum mu, sɛnea saa nkɔmhyɛ kwan so ɔbea no yɛɛ ho mfonini no? Yiw, eyi sii bɛboro mfirihyia 80 a atwam ni. Wɔ wiase nyinaa ko a edi kan no mu no, na Kristofo a wɔasra wɔn no adi apere denneennen sɛ wɔbɛma wɔn adansedi adwuma no akɔ so. Nanso wɔ afe 1918 mu, ɔko no afe a etwa to mu no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn asɛnka adwuma no gui. Wɔde atoro sobo bɔɔ Joseph F. Rutherford a na ɔrehwɛ wiase nyinaa asɛnka adwuma no so no ne Kristofo akunini foforo de wɔn guu afiase mmere tenteenten. Wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, wɔkaa Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ asase so saa bere no ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ wɔn afunu deda “kurow kɛse no abɔnten so, ɛno na honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim.” (Adiyisɛm 11:8) Na saa bere no yɛ esum bere ankasa ma Sion, a na n’asase so mma a wɔasra wɔn no gyina hɔ ma no no!

8. Nsakrae a ɛyɛ nwonwa bɛn na esii wɔ afe 1919 mu, na dɛn na efii mu bae?

8 Nanso, nsakrae titiriw bi bae wɔ afe 1919 mu. Yehowa maa hann puee Sion so! Nyankopɔn Israel no mufo a wofii mu fii no sɔre gyinae daa Onyankopɔn hann adi, na wɔde akokoduru kaa asɛmpa no bio. (Mateo 5:14-16) Nsi a saa Kristofo yi san daa no adi no twetwee afoforo baa Yehowa hann no ho. Nea edi kan no, wɔsraa wɔn a na wɔyɛ foforo no sɛ Nyankopɔn Israel no mufo foforo. Wɔfrɛ wɔn ahene wɔ Yesaia 60:3, efisɛ wɔbɛyɛ Kristo yɔnko adedifo wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no mu. (Adiyisɛm 20:6) Akyiri yi, nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no fii ase baa Yehowa hann no ho. Eyinom ne “amanaman” a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ no mu no.

Ɔbea no Mma Ba Fie!

9, 10. (a) Tebea a ɛka koma bɛn na ɔbea no hui, na na eyi kyerɛ dɛn? (b) Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Sion ani gye?

9 Afei, Yehowa fii ase kyerɛkyerɛɛ nsɛm a ɛwɔ Yesaia 60:1-3 no mu kɔɔ akyiri. Ɔmaa ɔbea no ahyɛde foforo. Tie nea ɔkae no: “Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia.” Ɔbea no tiei, na ohuu biribi a ɛka koma! Ná ne mma reba fie. Kyerɛwsɛm no kɔ so ka sɛ: “Wɔn nyinaa aboa ano reba ama wo; wo mmabanin fi akyirikyiri reba, na wo mmabea nso, wotuturu wɔn nkyɛn mu reba.” (Yesaia 60:4) Ahenni no ho dawuru a wɔbɔɔ no wiase nyinaa a wofii ase wɔ afe 1919 mu no maa afoforo mpempem pii baa Yehowa som adwuma no mu. Eyinom nso bɛyɛɛ Sion “mmabanin” ne “mmabea,” Nyankopɔn Israel no mufo a wɔasra wɔn. Enti, Yehowa hyɛɛ Sion anuonyam denam 144,000 no mufo a wotwa to a ɔde wɔn baa hann no ho no so.

10 So wubetumi de w’adwene abu anigye a Sion nyae bere a ne mma baa ne nkyɛn no? Nanso, Yehowa ma Sion nneɛma foforo a enti ɛsɛ sɛ ɔma n’ani gye. Yɛkenkan sɛ: “Ɛno na wubehu, na w’anim atew, wo koma de ahosɛpɛw bedi ahurusi, efisɛ ɛpo ahonyade dodow redan abɛyɛ wo de, amanaman ahode reba wo nkyɛn.” (Yesaia 60:5) Nea ɛne saa nkɔmhyɛ nsɛm no hyia no, efi 1930 mfe no mu reba no, Kristofo pii a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra asase so daa no asen yuu aba Sion. Wofi adesamma ‘po’ a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho no mu, na wogyina hɔ ma amanaman no ahonyade. Wɔne “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ” no. (Hagai 2:7; Yesaia 57:20) Hyɛ no nsow sɛ saa “ade a wɔpɛ” yi mu biara mfa n’ankasa kwan so nsom Yehowa. Dabi, wɔma Sion anuonyam yɛ kɛse denam ba a wɔba na wɔne wɔn nuanom a wɔasra wɔn no bɛsom, na wɔne wɔn yɛ “kuw biako” wɔ “ɔhwɛfo biako” ase no so.—Yohane 10:16.

Aguadifo, ne Nguanhwɛfo Ba Sion

11, 12. Ka nkurɔfo akuwakuw a wohui sɛ wɔrekɔ Sion no ho asɛm.

11 Nea afi anoboaboa yi a wɔkaa ho asɛm siei mu aba ne nkɔanim a ɛyɛ nwonwa a Yehowa ayeyifo anya no. Wɔnam nkɔmhyɛ no mu nsɛm a edi hɔ yi so na ɛkaa eyi ho asɛm siei. Fa no sɛ wo ne nkɔmhyɛ kwan so ɔbea no gyina Bepɔw Sion so. Wohwɛ apuei fam a, dɛn na wuhu? “Yoma manyamanya bɛkata wo so, Midian ne Efa yomaforo no; wɔn nyinaa fi Seba reba, sika ne aduhuam na wɔsosoe, na wɔkeka [Yehowa, NW] ayeyi.” (Yesaia 60:6) Aguadifo yuu ne wɔn yoma akuw nam kwan so reba Yerusalem. Hwɛ, yoma no te sɛ nsuyiri wɔ asase no so! Aguadifo no soso akyɛde a ɛsom bo, “sika ne aduhuam.” Na aguadifo yi ba Onyankopɔn hann ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyi no ayɛ wɔ baguam, ‘wɔbɛkeka Yehowa ayeyi.’

12 Ɛnyɛ aguadifo nkutoo na wɔreba. Nguanhwɛfo nso reba Sion. Nkɔmhyɛ no kɔ so ka sɛ: “Wɔbɛboa Kedar nguankuw nyinaa ano abrɛ wo, Nebayot adwennini bɛsom wo.” (Yesaia 60:7a) Mmusuakuw a wɔyɛn mmoa reba kurow kronkron no mu de wɔn nguankuw mu nguan a eye sen biara abɛkyɛ Yehowa. Wɔde wɔn ho ma mpo sɛ wɔbɛsom Sion! Ɔkwan bɛn so na Yehowa gye saa ananafo yi? Onyankopɔn ankasa ma mmuae sɛ: “Wɔde anisɔ bɛforo m’afɔremuka, na mɛhyehyɛ m’anuonyam fi no.” (Yesaia 60:7b) Yehowa gye ananafo yi afɔrebɔ ne wɔn som no tom fɛw so. N’asɔrefie hɔ a wɔwɔ no hyɛ ofie no anuonyam.

13, 14. Dɛn na wohui sɛ efi atɔe fam reba?

13 Afei dan w’ani na hwɛ atɔe fam. Dɛn na wuhu? Akyirikyiri no, ɛte sɛ nea omununkum fitaa bi atrɛw afa po no ani. Yehowa bisa asɛm a ɛwɔ w’adwenem no sɛ: “Henanom ne eyinom a wotu sɛ omununkum, ne mmorɔnoma a wɔba wɔn ahunaniankasa mu yi?” (Yesaia 60:8) Yehowa bua n’ankasa asɛm sɛ: “Nsuano aman bɛtwɛn me, Tarsis ahyɛn na ebedi kan, na wɔde wo mma fi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn din, ne Israel kronkronni no, efisɛ ɔno na wahyɛ wo anuonyam.”—Yesaia 60:9.

14 Wubetumi ayɛ tebea no ho mfonini wɔ w’adwenem? Omununkum fitaa no abɛn paa na afei ayɛ sɛ nsisimu akuwakuw wɔ atɔe fam akyirikyiri. Ɛte sɛ nnomaa kuw a wɔatu nam asorɔkye no ani. Nanso bere a wɔbɛn kɛse no, wuhu sɛ ɛyɛ po so ahyɛn a ne mframatama mu abuebue regye mframa. Ahyɛn pii na ɛde mmirika reba Yerusalem ma enti ɛte sɛ mmorɔnoma no. Ahyɛn no de mmirika kɛse na efi akyirikyiri mpoano hyɛn gyinabea reba, na ɛde gyidifo reba Yerusalem abɛsom Yehowa.

Yehowa Ahyehyɛde Mu Trɛw

15. (a) Nkɔso bɛn na nsɛm a ɛwɔ Yesaia 60:4-9 hyɛ ho nkɔm? (b) Honhom bɛn na nokware Kristofo da no adi?

15 Wiase nyinaa ntrɛwmu a aba fi afe 1919 no ho nkɔmhyɛ kwan so nsusuwso bɛn ara na nkyekyɛm 4 kosi 9 yɛ sɛɛ yi! Dɛn nti na Yehowa hyira Sion ma onya nkɔso saa? Efisɛ efi afe 1919 reba no, Nyankopɔn Israel fi osetie mu ama Yehowa hann no ahyerɛn bere nyinaa. Nanso, wohyɛɛ no nsow sɛ sɛnea nkyekyɛm 7 kyerɛ no, ahɔho a wɔbae no ‘foroo Onyankopɔn afɔremuka’ no? Afɔremuka yɛ baabi a wɔbɔ afɔre, na nkɔmhyɛ no fã yi kae yɛn sɛ afɔrebɔ wɔ Yehowa som adwuma no mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mitu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.” (Romafo 12:1) Nea ɛne Paulo nsɛm no hyia no, ɛnnɔɔso mma nokware Kristofo sɛ wɔbɛkɔ asafo nhyiam pɛnkoro dapɛn biara kɛkɛ. Wɔde wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn ahode boa ma nokware som nya nkɔso. So asomfo a wɔwɔ ahofama saa a wɔwɔ Yehowa fie no nhyɛ ofie no anuonyam? Yesaia nkɔmhyɛ no kae sɛ ɛbɛhyɛ no anuonyam. Na yebetumi anya awerɛhyem sɛ asomfo a wɔyɛ nsi saa no nso ho bɛyɛ fɛ wɔ Yehowa ani so.

16. Henanom na wɔboae wɔ adan a wɔsan sisii no tete mmere mu no mu, na henanom na wɔayɛ saa wɔ nnɛ mmere yi mu?

16 Ahɔho no pɛ sɛ wɔyɛ adwuma. Nkɔmhyɛ no kɔ so ka sɛ: “Ananafo mma bɛto w’afasu, na wɔn ahene asom wo.” (Yesaia 60:10) Wɔ saa nsɛm yi mmamu a edi kan mu wɔ bere a wofii Babilon nnommumfa mu bae no, ahene ne afoforo a wofi amanaman mu bɛboae ankasa ma wɔsan sii asɔrefie no kyekyeree Yerusalem kurow no bio. (Esra 3:7; Nehemia 3:26) Wɔ ne nnɛyi mmamu mu no, nnipakuw kɛse no aboa nkaefo a wɔasra wɔn no ma wɔahyehyɛ nokware som. Wɔaboa ma wɔahyɛ Kristofo asafo ahorow den, na wɔnam so ahyɛ Yehowa ahyehyɛde a ɛte sɛ kurow no ‘afasu’ den. Wɔboa sisi adan ankasa—Ahenni Asa ahorow, Nhyiam Asa ahorow, ne Betel afie nso. Wɔnam saa akwan yi nyinaa so boa wɔn nuanom a wɔasra wɔn no ma wɔhwɛ di Yehowa ahyehyɛde a emu retrɛw no ahiade ho dwuma!

17. Dɛn ne ɔkwan koro a Yehowa fa so hyɛ ne nkurɔfo anuonyam?

17 Hwɛ sɛnea Yesaia 60:10 nsɛm a etwa to no hyɛ nkuran! Yehowa ka sɛ: “M’abufuw mu na mehwee wo, na m’adɔeyɛ mu na mahu wo mmɔbɔ.” Yiw, wɔ afe 1918 ne 1919 mu no, Yehowa teɛɛ ne nkurɔfo so ankasa. Nanso, ɛno yɛ bere a atwam. Afei na bere adu sɛ Yehowa hu n’asomfo a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo nguan foforo no mmɔbɔ. Nea ɛkyerɛ sɛ eyi te saa ne nkɔanim soronko a wama wɔanya no, sɛnea yɛbɛka no no, ‘wahyɛ wɔn anuonyam.’

18, 19. (a) Bɔ bɛn na Yehowa hyɛ fa wɔn a wɔreba n’ahyehyɛde no mu foforo no ho? (b) Dɛn na Yesaia ti 60 nkyekyɛm a aka no bɛka ho asɛm akyerɛ yɛn?

18 Afe biara, “ananafo” ɔpehaha pii de wɔn ho bɛbɔ Yehowa ahyehyɛde no, na wɔbɛkɔ so ara ama ɔkwan no ano ada hɔ ama afoforo pii abedi wɔn akyi. Yehowa ka kyerɛ Sion sɛ: “Wo kurow apon ano bɛda hɔ daa yi, wɔrentoto mu awia ne anadwo, na nkurɔfo de amanaman ahonyade abrɛ wo, wɔne wɔn ahene a woyuw wɔn.” (Yesaia 60:11) Asɔretiafo bi bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtoto saa “apon” no mu, nanso yenim sɛ wɔrentumi. Yehowa ankasa aka sɛ apon no ano bɛda hɔ ɔkwan biara so. Nkɔso no to rentwa da.

19 Yehowa ahyira ne nkurɔfo wɔ akwan foforo so nso, na wama wɔn ho aba nyam wɔ nna a edi akyiri yi mu. Yesaia ti 60 nkyekyɛm a aka no nam nkɔmhyɛ kwan so da saa akwan no adi.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Hena ne Onyankopɔn ‘bea’ no, na henanom na wogyina hɔ ma no wɔ asase so?

• Bere bɛn na Sion mma daa fam, na bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na ‘wɔasɔre’?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa de nsɛnkyerɛnne dii dwuma de hyɛɛ nkɔanim a ɛbɛba Ahenni asɛnkafo mu nnɛ no ho nkɔm?

• Akwan bɛn so na Yehowa ama ne hann ahyerɛn ne nkurɔfo so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Wɔhyɛ Yehowa ‘bea’ no sɛ ɔnsɔre

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Nsu ani ahyɛnkuw no te sɛ mmorɔnoma a wɔwɔ akyirikyiri