Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ankasa Ne Hell?

Dɛn Ankasa Ne Hell?

Dɛn Ankasa Ne Hell?

ƐMFA ho mfonini biara a asɛmfua “hell” ma ɛba w’adwenem no, nea nnipa pii nim wɔ hell ho ne sɛ ɛyɛ beae a wɔde bɔne ho asotwe ma. Ɛdefa bɔne ne nea efi mu ba ho no, Bible no ka sɛ: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae . . . saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Kyerɛwnsɛm no ka nso sɛ: “Bɔne so akatua ne owu.” (Romafo 6:23) Esiane sɛ bɔne so asotwe ne owu nti, asɛmmisa titiriw a ɛboa ma yehu sɛnea hell te ne sɛ: Sɛ yewu a, dɛn na ɛba yɛn so?

So asetra bi kɔ so wɔ owu akyi wɔ tebea bi mu? Dɛn ne hell, na nnipa bɛn na wɔkɔ hɔ? So anidaso bi wɔ hɔ ma wɔn a wɔwɔ hell no? Bible no de nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛyɛ nokware na ɛma abotɔyam ma.

Owu Akyi Asetra?

So biribi a ɛhyɛ yɛn mu, te sɛ ɔkra anaa honhom, kɔ so tra nkwa mu bere a nipadua no awu no? Susuw ɔkwan a onipa a odi kan, Adam, nam so baa nkwa mu no ho hwɛ. Bible no ka sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu.” (Genesis 2:7) Ɛwom sɛ home a na ɔhome no ma ɔkɔɔ so traa ase de, nanso “nkwa home” a wohuw guu ne hwenem no kyerɛ pii sen mframa a wohuw guu n’ahrawa mu ara kwa. Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn de nkwa tumi—“nkwa honhom” a ɛyɛ adwuma wɔ asase so abɔde nyinaa mu—hyɛɛ Adam nipadua a na nkwa nnim no mu. (Genesis 6:17; 7:22) Bible frɛ tumi a ɛma nneɛma keka wɔn ho yi “honhom.” (Yakobo 2:26) Yebetumi de honhom no atoto anyinam ahoɔden a ɛkanyan afiri bi ma ɛyɛ adwuma no ho. Sɛnea ahoɔden no nnan afiri a ɛma ɛyɛ adwuma no, nkwa tumi no nnan abɔde a ɛma ɛkeka wɔn ho no. Enni su na entumi nsusuw nneɛma ho.

Sɛ obi wu a, dɛn na ɛba honhom no so? Dwom 146:4 ka sɛ: “Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” Sɛ obi wu a, ne honhom a enni nipasu no nkɔ so ntra ase wɔ baabi foforo sɛ honhom abɔde. ‘Ɛsan kɔ nokware Nyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.’ (Ɔsɛnkafo 12:7) Eyi kyerɛ sɛ anidaso biara a onipa no wɔ sɛ ɔbɛtra ase daakye no gyina Onyankopɔn nkutoo so afei.

Tete Hela nyansapɛfo Socrates ne Plato gye dii sɛ ɔkra bi a ɛwɔ onipa mu kɔ so tra ase wɔ owu akyi, na enwu da. Dɛn na Bible no kyerɛkyerɛ fa ɔkra ho? Genesis 2:7 ka sɛ, Adam “yɛɛ ɔkra teasefo.” Wannya ɔkra; na ɔyɛ ɔkra—onipa mũ. Kyerɛwnsɛm no ka ɔkra a ɔyɛ adwuma, ne kɔn dɔ aduan, wowia no, ontumi nna, ne nea ɛkeka ho ho asɛm. (Leviticus 23:30; Deuteronomium 12:20; 24:7; Dwom 119:28) Yiw, onipa ankasa yɛ ɔkra. Sɛ onipa wu a, ɔkra no wu.—Hesekiel 18:4.

Ɛnde na dɛn ne awufo tebea? Bere a Yehowa rebu Adam atɛn no, ɔkae sɛ: “Woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Na ɛhe na Adam wɔ ansa na Nyankopɔn rebɔ no afi dɔte mu ama no nkwa no? Na onni nkwa mu! Bere a Adam wui no, ofii nkwa mu kɔɔ tebea a nkwa nnim mu. Wɔda awufo tebea adi pefee wɔ Ɔsɛnkafo 9:5, 10, faako a yɛkenkan sɛ: “Awufo de, wonnim biribiara, . . . Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.” Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, owu yɛ tebea a nkwa nnim. Awufo nnim nea ɛrekɔ so, wɔnte nka, na wonni adwene.

Ayayade a Enni Awiei Anaa Nnipa Nyinaa Damoa?

Esiane sɛ awufo nte nka biara nti, hell ntumi nyɛ beae a sɛ abɔnefo wu a wɔde wɔn kɔ kɔyɛ wɔn ayayade wɔ ogya mu. Ɛnde, na dɛn ne hell? Nea ɛtoo Yesu wɔ ne wu akyi mu a yɛbɛhwehwɛ no bɛboa yɛn ma yɛabua saa asɛmmisa no. Bible kyerɛwfo Luka ka sɛ: “Wɔannyaw [Yesu] wɔ Hades [hell, King James Version], nanso ne honam anhu porɔw.” * (Asomafo no Nnwuma 2:31) Ɛhefa na hell a Yesu mpo kɔɔ hɔ no wɔ? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nsɛm a . . . mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no. Na wosiee no, na ne nnansa, wonyan no, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no.” (1 Korintofo 15:3, 4) Enti na Yesu wɔ hell, ɔdamoa mu, nanso wannyaw no hɔ, efisɛ wonyanee no baa nkwa mu.

Afei susuw ɔtreneeni Hiob a ohuu amane pii no asɛm no nso ho hwɛ. Bere a na ɔpɛ sɛ ofi ne tebea no mu no, ɔsrɛe sɛ: “Hena na ɔbɛma manya eyi, sɛ wobɛbɔ me ho ban wɔ hell [Sheol], na wode me ahintaw kosi sɛ w’abufuw bɛsan akɔ?” * (Hiob 14:13, Douay Version) Hwɛ sɛnea ɛrenyɛ nea ntease wom sɛ na Hiob pɛ sɛ ɔkɔpɛ ahobammɔ wɔ baabi a ɛhɔ yɛ hyew! Hiob fam no, na “hell” yɛ ɔdamoa kɛkɛ, baabi a n’amanehunu no to betwa. Ɛnde na hell a Bible ka ho asɛm no yɛ adesamma nyinaa damoa a nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa kɔ no.

Hellgya—Ɛhyew Ade Koraa?

So ebetumi aba sɛ ogya a ɛdɛw wɔ hell no yɛ ade a wɔhyew no koraa, anaa ɔsɛe ho sɛnkyerɛnne? Bere a Kyerɛwnsɛm no reda nsonsonoe a ɛwɔ ogya ne Hades, anaa hell ntam adi no, ɛka sɛ: “Wɔtow owu ne asaman kyenee ogya tare no mu.” ‘Ɔtare’ a wɔkaa ho asɛm wɔ ha no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so, efisɛ wontumi nhyew owu ne hell (Hades) a wɔtow gu mu no ankasa. “Eyi ne owuprenu no”—owu a owusɔre ho anidaso biara nnim.—Adiyisɛm 20:14.

Ogya tare no wɔ nkyerɛase a ɛte sɛ “amanehunu kurom, [Gehenna, NW; hellgya, King James Version]” a Yesu kaa ho asɛm no. (Mateo 5:22; Marko 9:47, 48) Gehenna pue mpɛn 12 wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu, na ɛkyerɛ Hinom bon a ɛwɔ Yerusalem fasu no akyi no. Bere a Yesu wɔ asase so no, na bon yi yɛ sumina, “baabi a na wɔtow nsɛmmɔnedifo afunu, mmoa funu, ne afĩde biara gu.” (Smith’s Dictionary of the Bible) Na wɔde sufre gu ogya no mu na ama akɔ so ahyew nwura no. Yesu de saa bon no dii dwuma sɛ daa ɔsɛe ho sɛnkyerɛnne a ɛfata.

Te sɛ Gehenna no, ogya tare no yɛ daa ɔsɛe ho sɛnkyerɛnne. “Wɔtow” owu ne Hades ‘gu’ mu efisɛ wobeyi afi hɔ bere a adesamma ade ne ho afi bɔne ne owu nnome ho no. Abɔnefo a wɔsen wɔn kɔn nso benya wɔn “kyɛfa” wɔ saa ɔtare no mu. (Adiyisɛm 21:8) Wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn koraa. Nea ɛne no bɔ abira no, wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu a wɔwɔ hell—adesamma nyinaa damoa mu—no benya daakye a ɛyɛ anigye.

Hell Ada Mpan!

Adiyisɛm 20:13 ka sɛ: “Ɛpo yii n’awufo a ɛwɔ mu no mae, na owu ne asaman yii awufo a ɛwɔ mu no nso mae.” Yiw, Bible mu hell no bɛda mpan. Sɛnea Yesu hyɛɛ bɔ no, ‘dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte Yesu nne na wɔafi adi.’ (Yohane 5:28, 29) Ɛwom sɛ mprempren nnipa ɔpepem pii a wɔawuwu a wɔwɔ Yehowa Nyankopɔn adwenem no nni nipasu biara a wɔde te baabi de, nanso wobenyan, anaasɛ wɔbɛsan de wɔn nyinaa aba nkwa mu wɔ asase a wɔasan adan no paradise so.—Luka 23:43; Asomafo no Nnwuma 24:15.

Wɔ Nyankopɔn wiase foforo no mu no, ɛho renhia sɛ nnipa a wɔanyan wɔn afi awufo mu a wobedi ne trenee mmara horow so no wu bio. (Yesaia 25:8) Yehowa ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.’ Nokwarem no, na “kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:4) Hwɛ anidaso ara a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔwɔ hell—‘nkae ada mu’ no! Nokwarem no, nhyira yi ma yenya nea yebegyina so asua Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo ho nimdeɛ pii.—Yohane 17:3.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 Wɔkyerɛ Hela asɛmfua Hades ase “hell” mpɛn du a epue wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nyinaa wɔ King James Version no mu. Luka 16:19-31 nkyerɛase no ka ayayade ho asɛm, nanso asɛm a ɛwɔ hɔ no nyinaa wɔ sɛnkyerɛnne kwan so ntease. Hwɛ Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 88.

^ nky. 11 Hebri asɛmfua Sheol pue mpɛn 65 wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu, na wɔkyerɛ ase “hell,” “adamoa,” ne “amoa” wɔ King James Version no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Hiob bɔɔ mpae sɛ wɔmmɔ ne ho ban wɔ hell

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Gehenna gya—daa ɔsɛe ho sɛnkyerɛnne

[Mfonini wɔ kratafa 7]

‘Wɔn a wɔwɔ nkae ada mu befi adi’