Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Aba Hellgya So?

Dɛn na Aba Hellgya So?

Dɛn na Aba Hellgya So?

SƐ WOTE asɛmfua “hell” a, dɛn ho mfonini na ɛba w’adwenem? So wutwa hell ho mfonini sɛ baabi a ogya ne sufre dɛw wɔ hɔ ankasa, baabi a wɔyɛ afoforo ayayade ma wɔn ho yeraw wɔn bere nyinaa? Anaasɛ wususuw sɛ ebia hell yɛ sɛnkyerɛnne kwan so tebea bi?

Kristoman nyamesom akannifo abu hellgya a ano yɛ den sɛ baabi a ɔkwan biara so, abɔnefo bɛkɔ. Nyamesom akuw pii da so ara kura saa adwene yi mu. U.S.News & World Report bɔ amanneɛ sɛ: “Ebetumi aba sɛ Kristosom na ɛmaa asɛmfua hell hyetae wɔ mmeae pii de, nanso nkyerɛkyerɛ no nyɛ wɔn nkutoo de. Ɛkame ayɛ sɛ wɔde owu akyi asotwe a ano yɛ den yi ahunahuna nkurɔfo wɔ wiase som atitiriw nyinaa ne ɔsom nketewa binom mu nso.” Hindufo, Buddhafo, Nkramofo, Jainfo, ne Taofo gye hell ahorow ahorow di.

Nanso, nnɛɛmmafo anya hell ho adwene foforo. Nsɛmma nhoma a yɛadi kan aka mu asɛm no ka sɛ: “Ɛwom sɛ nnipa dodow no ara kura ogya ho adwene no de, nanso nnɛyi adwene a ɛne sɛ daa asotwe yɛ obi ho a ɛbɛkam paa no refi ase ada adi, na wɔkyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ hell nyɛ hyew sɛnea na anka wosusuw no.”

Jesuitfo nsɛmma nhoma La Civiltà Cattolica kae sɛ: “Ɛyɛ nnaadaa . . . sɛ yebesusuw sɛ Onyankopɔn nam adaemone so de ogya bɛtwe abɔnefo a wɔabu wɔn fɔ no aso.” Ɛtoaa so sɛ: “Hell nyɛ beae bi a ɛwɔ hɔ, na mmom ɛyɛ tebea, nkate a onipa a ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ asɛe no fa mu.” Pope John Paul II kae wɔ 1999 mu sɛ: “Sɛ́ anka hell bɛkyerɛ beae bi no, ɛyɛ tebea a wɔn a wɔpaw sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi Onyankopɔn, nkwa ne anigye fibea ho no, kɔ mu.” Ɛdefa sɛnea wobu hell sɛ baabi a ogya dɛw wɔ hɔ ho no, ɔkae sɛ: “Ɛkyerɛ abasamtu ne mfaso biara a enni asetra a ɛkwati Onyankopɔn no mu.” Asɔre ho abakɔsɛm kyerɛwfo Martin Marty kae sɛ, sɛ pope no kaa hell ho asɛm sɛ baabi a “ogya ne Bonsam a ɔhyɛ atade kɔkɔɔ kura adinam wɔ a, anka nkurɔfo rennye nni.”

Wɔreyɛ nsakrae horow a ɛte saa ara wɔ ɔsom ahorow mu. Amanneɛbɔ bi a efi Anglikan Asɔre no nkyerɛkyerɛ asoɛe ka sɛ: “Hell nyɛ baabi a wɔyɛ nkurɔfo ayayade daa, na mmom ɛyɛ gyinabea a etwa to koraa a obi paw a etia Onyankopɔn ma enti n’awiei ne sɛ ɔbɛyera koraa.”

United States Episcopal Asɔre no gyidikasɛm kyerɛkyerɛ hell mu sɛ “daa owu a yɛkɔ mu esiane sɛ yɛpo Onyankopɔn nti.” U.S. News & World Report ka sɛ, nnipa dodow no ara reka sɛ “abɔnefo awiei ne ɔsɛe, ɛnyɛ daa amanehunu. . . . [Wɔkyerɛ] sɛ awiei koraa no, wɔde ‘hellgya a ɛrefram’ betwa wɔn a wɔpo Onyankopɔn no afi hɔ.”

Ɛwom sɛ nea ɛrekɔ so nnɛ ne sɛ wobeyi ogya ne sufre ho adwene no afi hɔ de, nanso nnipa pii da so ara kura adwene a ɛne sɛ hell yɛ beae a wɔyɛ ayayade ankasa no mu. Albert Mohler a ɔwɔ Southern Baptist Asɔfodi Sukuu a ɛwɔ Louisville, Kentucky, U.S.A. no ka sɛ: “Kyerɛwnsɛm no ka pefee sɛ hell yɛ beae a wɔyɛ nkurɔfo ayayade wɔ ogya mu ankasa.” The Nature of Hell amanneɛbɔ a Evangelical Asɔfo Ahyehyɛde no yɛe no nso ka sɛ: “Hell yɛ tebea a ɛma obi te nka sɛ wɔapo no na ne ho yeraw no.” Ɛtoa so sɛ: “Bɔne biara a obi yɛ wɔ asase so no wɔ ɛho asotwe ne amanehunu a ɔfa mu wɔ hell.”

Bio, so hell yɛ beae a wɔde ogya yɛ nkurɔfo ayayade daa anaasɛ ɛkyerɛ daa ɔsɛe? Anaa, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ obi bɛtwe ne ho afi Onyankopɔn ho? Dɛn ankasa ne hell?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 4]

Hellgya Ho Abakɔsɛm Tiawa

BERE bɛn na wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no gyee hellgya nkyerɛkyerɛ no toom? Ɛyɛ bere a Yesu Kristo ne n’asomafo no bae akyi. Fransefo Encyclopædia Universalis no ka sɛ: “Apocalypse of Peter (Afeha 2 Y.B.) nhoma no ne Kristofo [apokrifa] nhoma a edi kan a ɛkaa asotwe ne ayayade a wɔyɛ abɔnefo wɔ hell no ho asɛm.”

Nanso Asɔre Agyanom a wodi kan no nyinaa adwene anhyia wɔ hell ho. Justin Martyr, Clement a ofi Alexandria, Tertullian, ne Cyprian nyinaa gye dii sɛ hell yɛ baabi a ogya wɔ. Origen ne nyamekyerɛfo Gregory a ofi Nyssa kaa hell ho asɛm sɛ ɛyɛ beae bi a atew ne ho afi Onyankopɔn ho—honhom fam amanehunu. Nanso na Augustine a ofi Hippo gye di sɛ hell amanehunu no yɛ honhom fam ne honam fam tebea—nsusuwii a wogye toom. Ɔbenfo J.N.D. Kelly kyerɛwee sɛ: “Ebeduu afeha a ɛto so anum no, na nkyerɛkyerɛ katee a ɛne sɛ abɔnefo rennya kwan bio wɔ asetra yi akyi mfa nyɛ nsakrae, ne sɛ wonnum ogya a wɔde bɛhyew wɔn daa no atrɛw wɔ baabiara.”

Wɔ afeha a ɛto so 16 mu no, Protestant sesɛwfo te sɛ Martin Luther ne John Calvin tee ayayade a wɔyɛ nkurɔfo wɔ ogya mu no ase sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ obi ne Onyankopɔn ntam bɛtetew daa. Nanso adwene a ɛne sɛ hell yɛ baabi a wɔyɛ nkurɔfo ayayade no san bae wɔ mfeha abien akyi. Ná Protestant sɛnkafo Jonathan Edwards de hell ho mfonini hunahuna afeha a ɛto so 18 mu Amerika Atubrafo no.

Nanso ɛno akyi bere tiaa bi no, hellgya ho adwene no fii ase brɛɛ ase, edumii. U.S.News & World Report ka sɛ: “Ɛkaa kakra sɛ anka hell yerae wɔ afeha 20 no mu.”

[Mfonini ahorow]

Ná Justin Martyr gye di sɛ hell yɛ beae a ogya wɔ

Augustine a ofi Hippo kyerɛe sɛ hell amanehunu no yɛ honhom fam ne honam fam tebea