Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Onyamesom Pa Ka Wo Boasetɔ Ho

Fa Onyamesom Pa Ka Wo Boasetɔ Ho

Fa Onyamesom Pa Ka Wo Boasetɔ Ho

‘Momfa boasetɔ nka mo gyidi ho, onyamesom pa nka mo boasetɔ ho.’—2 PETRO 1:5, 6.

1, 2. (a) Onyin bɛn na wɔhwɛ kwan wɔ abofra fam? (b) Ɔkwan bɛn so na honhom fam nyin ho hia?

ONYIN ho hia ma abofra, nanso biribi foforo wɔ hɔ a ɛho hia no koraa sen honam fam onyin. Wɔhwɛ kwan nso sɛ obenyin wɔ adwene ne nkate fam. Bere kɔ so no, abofra no begyae ne mmofrasɛm no na wanyin abɛyɛ ɔbarima anaa ɔbea a wawie nyin. Ɔsomafo Paulo twee adwene sii eyi so bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Meyɛ abofraa no, mekasae sɛ abofraa, medwenee sɛ abofraa, misusuwii sɛ abofraa; na meyɛɛ ɔpanyin yi, magu mmofraasɛm no.”—1 Korintofo 13:11.

2 Paulo nsɛm no ka honhom fam nyin ho asɛntitiriw bi. Ɛsɛ sɛ Kristofo nyin fi honhom fam mmofra mu bɛyɛ ‘pɛ wɔ asɛm ho dwen mu.’ (1 Korintofo 14:20) Ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho du ‘mpanyin afe so a Kristo mayɛ ayɛ wɔn ma.’ Afei wɔrenyɛ “mmotafowa a ɔkyerɛ mframa biara wosow wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba.”—Efesofo 4:13, 14.

3, 4. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛawie nyin wɔ honhom fam? (b) Su pa ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi, na ɔkwan bɛn so na ɛho hia?

3 Yɛbɛyɛ dɛn awie nyin honhom fam? Bere a ɛkame ayɛ sɛ mpɛn pii no honam fam nyin ankasa na ɛba no, honhom fam nyin gye mmɔdenbɔ. Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ a yebenya na yɛayɛ yɛn ade ma ɛne nea yesua no ahyia no na yɛde fi ase. (Hebrifo 5:14; 2 Petro 1:3) Ɛno nso ma yetumi da su ahorow a ɛsɔ Onyankopɔn ani adi. Sɛnea ɛte wɔ honam fam nyin ho no, su ahorow a ɛsɔ Onyankopɔn ani ba bere koro mu. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: ‘Momfa mo mmɔdenbɔ nyinaa nka ho, na monkyerɛ mo gyidi no mu mmaninyɛ, ne mmaninyɛ no mu nimdeɛ, ne nimdeɛ no mu anidahɔ, ne anidahɔ no mu boasetɔ, ne boasetɔ no mu onyamesom pa, ne onyamesom pa no mu onuadɔ, ne onuadɔ no mu nidɔ.’—2 Petro 1:5-7.

4 Su biara a Petro bɔɔ din no ho hia, na wɔrentumi nyi emu biara mfi mu. Ɔde ka ho sɛ: “Sɛ eyinom wɔ mo mu na ɛdɔɔso a, ɛremma monyɛ anihafo ne wɔn a wɔnsow aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam.” (2 Petro 1:8) Ma yɛmfa yɛn adwene nsi hia a ehia sɛ yɛde onyamesom pa ka yɛn boasetɔ ho no so.

Hia a Ehia sɛ Yenya Boasetɔ

5. Dɛn nti na yehia boasetɔ?

5 Petro ne Paulo nyinaa de onyamesom pa bataa boasetɔ ho. (1 Timoteo 6:11) Boasetɔ a obi wɔ kyerɛ pii sen gyina a obegyina pintinn wɔ ahokyere mu kɛkɛ. Ɛhwehwɛ sɛ onya abotare, akokoduru, na ogyina pintinn, a ɔmpa abaw bere a ohyia sɔhwɛ, akwanside, anaa ɔtaa no. Sɛ́ nnipa a yɛde “onyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu” no, yɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛtaa yɛn. (2 Timoteo 3:12) Sɛ yɛbɛda ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa adi na yɛanya su a ɛbɛma yɛanya nkwagye a, ɛsɛ sɛ yɛda boasetɔ adi. (Romafo 5:3-5; 2 Timoteo 4:7, 8; Yakobo 1:3, 4, 12) Sɛ yenni boasetɔ a, yɛrennya daa nkwa.—Romafo 2:6, 7; Hebrifo 10:36.

6. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi agyina akodu awiei?

6 Ɛmfa ho sɛnea yefi ase yiye no, nea ehia titiriw ne sɛ yebenya boasetɔ. Yesu kae sɛ: “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.” (Mateo 24:13) Yiw, ɛsɛ sɛ yegyina kodu awiei, sɛ́ ɛno bɛkyerɛ nkwa a yɛwɔ mprempren no awiei anaa nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei. Wɔ emu biara mu no, ɛsɛ sɛ yekura yɛn mudi mu ma Onyankopɔn. Nanso, sɛ yɛamfa onyamesom pa anka yɛn boasetɔ ho a, yentumi nsɔ Yehowa ani, na yɛrennya daa nkwa. Dɛn koraa ne onyamesom pa?

Nea Onyamesom Pa Kyerɛ

7. Dɛn ne onyamesom pa, na dɛn na ɛhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ?

7 Onyamesom pa yɛ obu ne ɔsom a obi de ma Yehowa Nyankopɔn esiane nokware a odi ma n’amansan tumidi no nti. Sɛ yɛbɛda onyamesom pa adi ama Yehowa a, yehia ɔno ne n’akwan ho nokware nimdeɛ. Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa nya ɔpɛ sɛ yebehu Onyankopɔn yiye. Eyi bɛka yɛn ma yɛafi koma pa mu adɔ no, na ayɛ nea yɛnam yɛn nneyɛe ne yɛn asetra kwan so da no adi. Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsɛ Yehowa kɛse sɛnea yebetumi—yebesuasua n’akwan na yɛada ne nipasu ahorow adi. (Efesofo 5:1) Nokwarem no, onyamesom pa kanyan yɛn ma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani wɔ biribiara a yɛyɛ mu.—1 Korintofo 10:31.

8. Ɔkwan bɛn so na onyamesom pa ne ɔsom a yɛde bɛma Yehowa nkutoo wɔ abusuabɔ?

8 Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ada onyamesom pa ankasa adi no, ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa nkutoo a yɛremma biribi foforo biara mmesi n’ananmu wɔ yɛn komam. Sɛ́ yɛn Bɔfo no, ɔwɔ hokwan sɛ ɔhwehwɛ sɛ yɛsom ɔno nkutoo. (Deuteronomium 4:24; Yesaia 42:8) Nanso, Yehowa nhyɛ yɛn sɛ yɛnsom no. Ɔhwehwɛ sɛ yefi yɛn komam som no. Ɛyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn, a egyina ne ho nokware nimdeɛ a yɛwɔ so no na ɛkanyan yɛn ma yesiesie yɛn asetra na yehyira yɛn ho so koraa ma no, na afei yɛtra ase ma ɛne no hyia.

Wo ne Onyankopɔn Nnya Abusuabɔ

9, 10. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa na yɛakura mu?

9 Sɛ yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn na yɛbɔ asu wie a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ne no nya abusuabɔ a emu yɛ den bere nyinaa. Enti ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ eyi na yɛasom Yehowa nokwarem no kanyan yɛn ma yɛkɔ so sua N’asɛm susuw ho. Sɛ yɛma Onyankopɔn honhom yɛ yɛn adwene ne yɛn koma mu adwuma a, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu yɛ den. Yɛne ne ntam abusuabɔ kɔ so yɛ ade a ɛho hia sen biara wɔ yɛn asetra mu. Yebu Yehowa sɛ yɛn Adamfo pa, na yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsɔ n’ani bere nyinaa. (1 Yohane 5:3) Anigye a yenya wɔ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a ahomeka wom mu no yɛ kɛse, na yɛn ani sɔ sɛ ofi ɔdɔ mu kyerɛkyerɛ yɛn na ɔteɛ yɛn so bere a ɛho hia no.—Deuteronomium 8:5.

10 Sɛ yɛanyere yɛn ho bere nyinaa anhyɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu den a, emu betumi agow. Sɛ ɛba saa a, na ɛnyɛ Onyankopɔn mfomso, efisɛ “ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.” (Asomafo no Nnwuma 17:27) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ Yehowa mma n’anim kɔ nyɛ den! (1 Yohane 5:14, 15) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebekura yɛne Yehowa ntam abusuabɔ a emu yɛ den mu. Nanso, ɔboa yɛn ma yɛbɛn no denam nneɛma a yehia nyinaa na ama yɛada onyamesom pa adi na yɛakura mu a ɔde ma yɛn no so. (Yakobo 4:8) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nsiesiei a ɔdɔ wom yi nyinaa adi dwuma akosi ase?

Kɔ So Yɛ Den Honhom Fam

11. Dɛn ne nneɛma bi a yɛyɛ de da yɛn nyamesom pa adi?

11 Ɔdɔ a emu yɛ den a yɛwɔ ma Onyankopɔn no bɛkanyan yɛn ma yɛada ahofama a ɛkɔ akyiri a ɛne Paulo afotu yi hyia no adi: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.” (2 Timoteo 2:15) Eyi a yɛbɛyɛ no hwehwɛ sɛ yekura Bible adesua a yɛyɛ no daa ne asafo nhyiamkɔ ho nhyehyɛe pa mu, na yɛde yɛn ho hyɛ asɛnka adwuma no mu. Yebetumi abɛn Yehowa nso denam ‘mpaebɔ a yennyae da’ so. (1 Tesalonikafo 5:17) Eyinom yɛ yɛn nyamesom pa mu nneyɛe a mfaso wɔ so. Yɛn ani a yebebu agu emu biara so betumi ama yɛayare honhom fam na ayɛ mmerɛw sɛ yɛbɛtɔ Satan mfiri mu.—1 Petro 5:8.

12. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina sɔhwɛ ahorow ano yiye?

12 Kɔ a yɛbɛkɔ so ayɛ den na yɛayɛ nnam honhom fam no nso boa yɛn ma yegyina sɔhwɛ ahorow pii a ɛba yɛn so no ano. Sɔhwɛ ahorow betumi afi mmeae a ebetumi asɔ yɛn gyidi ahwɛ yiye aba. Sɛ anibiannaso, ɔsɔretia, ne ɔtaa fi yɛn abusuafo a wɔbɛn yɛn pɛɛ, anaa afipamfo hɔ a, ebetumi ayɛ den sɛ yebegyina ano. Anifere kwan so nhyɛso a ɛhwehwɛ sɛ yegyae yɛn Kristofo nnyinasosɛm mu betumi asɔre wɔ adwumam anaa sukuu mu. Abasamtu, yare, ne adwenemhaw betumi ama yɛayɛ mmerɛw nipaduam na ama ayɛ den kɛse sɛ yebegyina gyidi ho sɔhwɛ ahorow ano. Nanso, sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho ‘wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu, na yɛtwɛn, na yɛma Yehowa da no ba tra yɛn adwenem’ a, yebetumi agyina sɔhwɛ ahorow nyinaa ano yiye. (2 Petro 3:11, 12) Na yebetumi akɔ so akura yɛn anigye mu bere a yɛyɛ saa no, a yɛwɔ ahotoso sɛ yebenya Onyankopɔn nhyira.—Mmebusɛm 10:22.

13. Sɛ yɛbɛkɔ so ada onyamesom pa adi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

13 Ɛwom sɛ Satan de n’ani si wɔn a wɔda onyamesom pa adi so de, nanso enhia sɛ yesuro. Dɛn ntia? Efisɛ ‘Yehowa nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu.’ (2 Petro 2:9) Sɛ yebetumi agyina sɔhwɛ ahorow mu na yɛanya ogye a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ ‘yɛpa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ, na yɛde adwenemtew ne trenee ne onyamesom pa tra nneɛma nhyehyɛe yi mu.’ (Tito 2:12) Sɛ́ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mmerɛwyɛ bi a ɛyɛ ɔhonam akɔnnɔ ne ɔhonam nnwuma mmɛhyɛ yɛn nyamesom pa so nsɛe no. Afei ma yensusuw saa asiane ahorow yi bi ho.

Hwɛ Yiye Wɔ Onyamesom Pa Ho Asiane Ho

14. Sɛ ade dodowpɛ redaadaa yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

14 Ade dodowpɛ yɛ asiane ma nnipa pii. Yebetumi adaadaa yɛn ho mpo ‘asusuw sɛ onyamesom pa yɛ adepɛde.’ Ne saa nti ebetumi ahyɛ yɛn den ma yɛde yɛn mu ahotoso a mfɛfo gyidifo wɔ no adi dwuma ɔkwan a ɛmfata so. (1 Timoteo 6:5) Yebetumi adi mfomso mpo asusuw sɛ ɛteɛ sɛ yɛbɛhyɛ Kristoni bi a ne nsam ye ma wabɔ yɛn bosea a ɛda adi sɛ yɛrentumi ntua. (Dwom 37:21) Nanso, ɛyɛ onyamesom pa na “ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ,” na ɛnyɛ ahode a yebenya. (1 Timoteo 4:8) Esiane sɛ ‘yɛamfa hwee amma wiase, na yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ’ nti, momma yɛmfa yɛn adwene nsi “onyamesom pa a ɔpene wɔ mu” so kɛse na yɛmma ‘nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a yɛwɔ no nnɔɔ yɛn so.’—1 Timoteo 6:6-11.

15. Sɛ anigyede akyidi reyɛ aka yɛn nyamesom pa ahyɛ a, dɛn na yebetumi ayɛ?

15 Anigyede akyidi betumi aka onyamesom pa ahyɛ. So ebetumi aba sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae ahorow ntɛm wɔ eyi mu? Nokwarem no, mfaso bi wɔ ɔhonam mu mmɔdenbɔ ne ahomegye so. Nanso, sɛ wode mfaso ahorow a ɛte saa toto daa nkwa ho a, esua koraa. (1 Yohane 2:25) Ɛnnɛ nnipa pii ‘dɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden,’ na ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi nnipa a wɔte saa ho. (2 Timoteo 3:4, 5) Wɔn a wɔde wɔn adwene si onyamesom pa so no de ‘reto nhyɛase pa ama wɔn ho asie daakye, na ama wɔatumi aso nokware nkwa no mu.’—1 Timoteo 6:19.

16. Akɔnnɔ bɔne ahorow bɛn na ɛmma ebinom ntumi mmɔ wɔn bra mma ɛne Onyankopɔn trenee ahwehwɛde ahorow nhyia, na yɛbɛyɛ dɛn atumi adi saa akɔnnɔ ahorow yi so?

16 Asabow ne nnubɔnenom, ɔbrasɛe, ne akɔnnɔ bɔne betumi asɛe yɛn nyamesom pa. Sɛ yɛde yɛn ho hyehyɛ eyinom mu a ɛremma yentumi mmɔ yɛn bra mma ɛne Onyankopɔn trenee ahwehwɛde ahorow nhyia. (1 Korintofo 6:9, 10; 2 Korintofo 7:1) Ná ɛsɛ sɛ Paulo mpo kɔ so ne ɔhonam mmerɛwyɛ di ako. (Romafo 7:21-25) Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho na ama yɛatumi ayi akɔnnɔ bɔne afi hɔ. Ade biako ne sɛ, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ama yɛn ho atew wɔ abrabɔ fam. Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ: “Munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom.” (Kolosefo 3:5) Yɛn akwaa a yebekum no wɔ nneyɛe bɔne a ɛtete saa ho no hwehwɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa ansa na yɛatumi ayi saa nneɛma no afi hɔ. Mpae a yebefi komam abɔ ahwehwɛ Onyankopɔn mmoa betumi ama yɛakwati akɔnnɔ bɔne na yɛadi trenee ne onyamesom pa akyi wɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi mu.

17. Ɛsɛ sɛ yebu nteɛso dɛn?

17 Abasamtu betumi asɛe yɛn boasetɔ na anya yɛn nyamesom pa so nkɛntɛnso bɔne. Yehowa asomfo pii ahyia abasamtu. (Numeri 11:11-15; Esra 4:4; Yona 4:3) Sɛ yɛn abam bu na yenya afoforo ho menasepɔw esiane sɛ wɔahyɛ yɛn abufuw anaa wɔaka yɛn anim anaasɛ wɔateɛ yɛn so denneennen nti a, ebetumi ahaw yɛn kɛse. Nanso, animka ne nteɛso yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn fi ɔdɔ mu dwen yɛn ho. (Hebrifo 12:5-7, 10, 11) Ɛnsɛ sɛ yebu nteɛso sɛ asotwe ara kwa, na mmom sɛ ɔkwan a wɔfa so tete yɛn trenee kwan so. Sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, yebegye afotu atom na yɛakyerɛ ho anisɔ, na yɛahu sɛ “nteɛso nkaanim yɛ nkwa kwan.” (Mmebusɛm 6:23) Eyi betumi aboa yɛn ma yɛanya honhom fam nkɔso wɔ onyamesom pa mu.

18. Mfomso ahorow a yɛyɛ tia afoforo ho asɛyɛde bɛn na ɛda yɛn so?

18 Akasakasa ne mfomso a afoforo yɛ tia yɛn betumi ayɛ ɔhaw ama yɛn wɔ onyamesom pa mu. Ebetumi ayɛ dadwen ama ebinom anaasɛ ebetumi ama wɔayɛ biribi a nyansa nnim a ɛne sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi wɔn honhom fam anuanom mmarima ne mmea ho. (Mmebusɛm 18:1) Nanso, eye sɛ yɛkae sɛ afoforo ho menasepɔw anaa nitan a yebenya betumi asɛe yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ankasa. (Leviticus 19:18) Nokwarem no, “nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhuu no ɛ?” (1 Yohane 4:20) Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, osii hia a ehia sɛ yɛyɛ ntɛm siesie yɛn ntam nsɛnnennen so dua. Ɔka kyerɛɛ n’atiefo sɛ: “Sɛ wode w’ayɛyɛde ba afɔremuka ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm bi tia wo a, gyaw w’ayɛyɛde no afɔremuka no anim hɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kan ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛde no.” (Mateo 5:23, 24) Kyɛwpa betumi ayi ɛyaw bi a nsɛm a ɛnyɛ dɛ a wɔaka anaa nneyɛe a ɛmfata a wɔada no adi de aba no afi hɔ. Sɛ yɛsrɛ bɔne fafiri na yegye tom sɛ yɛanyɛ no yiye a, ebetumi ayi ɛyawdi no afi hɔ na asomdwoe asan aba abusuabɔ no mu. Yesu de ɔkwan foforo a yɛfa so siesie nsɛnnennen nso mae. (Mateo 18:15-17) Sɛ mmɔden a yɛbɔ sɛ yebesiesie nsɛnnennen no yɛ yiye a, hwɛ sɛnea yɛn ani gye!—Romafo 12:18; Efesofo 4:26, 27.

Di Yesu Nhwɛso Akyi

19. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yebesuasua Yesu nhwɛso no?

19 Akyinnye biara nni ho sɛ yebehyia sɔhwɛ ahorow, nanso ɛnsɛ sɛ ɛma yegyae daa nkwa ho mmirikatu no. Kae sɛ Yehowa betumi ayi yɛn afi sɔhwɛ mu. Bere a ‘yɛtow adesoa biara gu’ na ‘yɛde boasetɔ tu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika’ no, momma ‘yɛnhwɛ gyidi mu Dikanfo ne ne Wiefo Yesu.’ (Hebrifo 12:1-3) Yesu nhwɛso a yɛbɛhwehwɛ mu yiye na yɛabɔ mmɔden asuasua no wɔ asɛm ne nneyɛe mu no bɛboa yɛn ma yɛanya onyamesom pa na yɛada no adi kɛse.

20. Mfaso ahorow bɛn na boasetɔ ne onyamesom pa akyi a yedi ma yenya?

20 Boasetɔ ne onyamesom pa bom boa ma yenya nkwagye. Sɛ yɛda su ahorow a ɛsom bo yi adi a, yɛkɔ so de ɔsom kronn ma Onyankopɔn wɔ nokwaredi mu. Sɛ yenya Yehowa dɔ ne ne nhyira esiane boasetɔ ne onyamesom pa a yɛreda no adi nti a, yebenya anigye wɔ sɔhwɛ mu mpo. (Yakobo 5:11) Afei nso, Yesu ankasa hyɛ yɛn bɔ sɛ: “Mo boasetɔ mu na mubenya mo kra.”—Luka 21:19.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na boasetɔ ho hia?

• Dɛn ne onyamesom pa, na ɔkwan bɛn so na yɛda no adi?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den na yɛakura mu?

• Yɛn nyamesom pa ho asiane no bi ne dɛn, na ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12, 13]

Wɔda onyamesom pa adi wɔ akwan pii so

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 14]

Hwɛ yiye wɔ nneɛma a ebetumi asɛe wo nyamesom pa ho