Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gu Trenee, na Twa Onyankopɔn Adɔe

Gu Trenee, na Twa Onyankopɔn Adɔe

Gu Trenee, na Twa Onyankopɔn Adɔe

“NEA odi hɔho agyinam no, ebewie no bɔne, na nea ɔtan nkyia no asom dwo no.” (Mmebusɛm 11:15) Hwɛ sɛnea ɛbɛ tiawa yi hyɛ adeyɛ a nyansa wom ho nkuran! Di agyinam ma obi a wunnim no na fa ɔhaw bra wo ho so. Kwati nkyia—adeyɛ a tete Israel no na ɛkyerɛ nsaanoagyirae a wɔde ahyɛ apam bi ase—na de wo ho fi sikasɛm ho nhyehyɛe a asiane wom ho.

Nokwarem no, nnyinasosɛm a edi dwuma wɔ ha ni: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Odiyifo Hosea kae sɛ: “Mungu aba mma trenee mfifi mma mo, muntwa adɔe so ade.” (Hosea 10:12) Yiw, gu trenee denam ade a wobɛyɛ no Onyankopɔn kwan so na twa n’adɔe. Ɛdenam nnyinasosɛm yi a Israel hene Salomo de dii dwuma mpɛn pii so no, ɔhyɛɛ adetreneeyɛ, ɔkasa a ɛfata, ne suban pa ho nkuran yiye. Nokwarem no, ne nsɛm a nyansa wom no a yɛbɛhwehwɛ mu yiye no bɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛagu aba ama yɛn ho wɔ trenee mu.—Mmebusɛm 11:15-31.

Gu “Animtew,” na Twa “Anuonyam”

Ɔhene nyansafo no ka sɛ: “Ɔbea a n’anim tew nya anuonyam, na [otirimɔdenfo, “NW”] nya ahonyade.” (Mmebusɛm 11:16) Saa nkyekyɛm yi kyerɛ nsonsonoe a ɛda anuonyam a ɛtra hɔ daa a ɔbea a n’anim tew, ‘ɔbea ɔdomfo,’ betumi anya ne ahonyade a otirimɔdenfo nya ntam no.

Ɔkwan bɛn so na obi betumi anya animtew a ɛde anuonyam ba no? Salomo tuu fo sɛ: “Fa nyansahu ne adwempa sie, na ayɛ . . . anuonyam ama wo kɔn.” (Mmebusɛm 3:21, 22) Odwontofo no nso kaa ‘dom a wɔde ahyɛ ɔhene anom ma’ ho asɛm. (Dwom 45:1, 2) Yiw, nyansa, adwempa, ne tɛkrɛma a wɔde di dwuma wɔ kwan pa so ma obi bo a ɔsom ne n’anuonyam yɛ kɛse. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi yɛ nokware wɔ ɔbea ɔbadwemma ho. Nhwɛso biako ne Abigail a na ɔyɛ Nabal, ɔkwasea no yere no. Na “ɔbea no wɔ adwempa, na ne ho nso yɛ fɛ,” na Ɔhene Dawid kamfoo no wɔ ‘n’adwempa’ ho.—1 Samuel 25:3, 33.

Ampa ara, ɔbea a osuro Onyankopɔn a n’anim tew ankasa benya anuonyam. Afoforo bɛka ne ho asɛmpa. Sɛ ɔyɛ ɔwarefo a, obenya ne kunu hɔ anuonyam. Nokwasɛm ne sɛ, ɔde anuonyam bɛbrɛ abusua mũ no nyinaa. Na n’anuonyam renyɛ bere tiaa mu de. “Din pa na ɛsɛ sɛ wɔpaw sen ahonyade pii, na anuonyam ye sen dwetɛ ne sika.” (Mmebusɛm 22:1) Edin pa a onya wɔ Onyankopɔn anim no bo a ɛsom tra hɔ daa.

Tebea no ne obi a ɔyɛ nhyɛsofo de bɔ abira. (Mmebusɛm 11:16) Wɔkan nhyɛsofo fra abɔnefo ne wɔn a wɔyɛ Yehowa asomfo atamfo no. (Hiob 6:23; 27:13) Ɔbarima a ɔte saa no ‘mfa Onyankopɔn nyɛ n’ani so biribi.’ (Dwom 54:3) Onipa a ɔte saa nam nhyɛ ne pɛsɛmenkominya mu a ofi hwehwɛ bemdifo ho mfaso so ‘boaboa dwetɛ ano sɛ mfutuma.’ (Hiob 27:16) Nso, bere bi akyi no, ɔbɛda a ɔrensɔre, na da a obebue n’ani no bɛyɛ ne da a etwa to. (Hiob 27:19) N’ahonyade ne nea watumi ayɛ nyinaa renkosi hwee saa bere no.—Luka 12:16-21.

Hwɛ asuade titiriw a Mmebusɛm 11:16 kyerɛ yɛn! Israel hene no nam nokware tiawa so kyerɛ yɛn aba a yɛnam animtew ne ɔhyɛ ntraso mu biara so betwa no de hyɛ yɛn nkuran sɛ yengu trenee.

“Adɔe” De Akatua Ahorow Ba

Bere a Salomo gu so de adesua foforo a ɛfa nnipa abusuabɔ ho rema no, ɔkae sɛ:“Ɔyamyefo yɛ ne kra yiye, na otirimɔdenfo haw n’ankasa honam.” (Mmebusɛm 11:17) Nhomanimfo bi kae sɛ: “Asɛntitiriw a ɛwɔ bɛ no mu ne sɛ obi suban a oyi no adi kyerɛ afoforo no, sɛ eye anaa enye no, de nea onsusuw ho anaa ɔnhwɛ kwan fi adeyɛ no mu ba ne ho so.” Susuw ababaa bi a ne din de Lisa * ho hwɛ. Ɛwom sɛ okura adwempa de, nanso bere biara ɔka akyi wɔ nhyehyɛe a ɔne afoforo ayɛ sɛ wobehyia no mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔbɛka akyiri simma 30 anaa nea ɛboro saa wɔ nhyehyɛe a wɔayɛ de rehyia Ahenni adawurubɔfo foforo akɔyɛ asɛmpaka adwuma no mu. Eyi mfa yiyedi mmrɛ Lisa. So obetumi anunu afoforo wɔ bere a wɔapa abaw sɛ wɔbɛkɔ so ne no ayɛ nhyehyɛe esiane bere a ɛsom bo a ɔma wɔhwere no nti?

Obi a ɔhwehwɛ pɛyɛ tra so—obi a ɔhwehwɛ sɛ ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ a mfomso ketewaa bi nni ho—bɔ n’ankasa nso ho atirimɔden. Bere biara ɔbɔ mmɔden de botae a ontumi nnu ho si n’anim, na ɔde ne ho hyɛ tebea bi mu a nea ebefi mu aba ne ɔbrɛ ne huammɔdi. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ yɛde botae a ntease wom a yebetumi adu ho sisi yɛn anim a, yɛne yɛn ho di no yiye. Ebia yentumi nte nneɛma ase ntɛmntɛm te sɛ afoforo. Anaa ebia yare anaa onyin mma yentumi nyɛ nneɛma pii. Mommma yɛnnhaw da wɔ yɛn honhom fam nkɔso ho, na mmom yɛnkɔ so nna ntease adi wɔ yɛn sintɔ ahorow ho dwumadi mu bere nyinaa. Sɛ ‘yɛbɔ mmɔden’ yɛ nea yebetumi nyinaa a, yenya anigye.—2 Timoteo 2:15; Filipifo 4:5.

Bere a ɔhene nyansafo no rekyerɛ mu akɔ akyiri sɛ, sɛ ɔtreneeni ne ne ho di no yiye a onya mfaso ahorow na otirimɔdenfo pira n’ankasa ho no, ɔkae sɛ: “Ɔbɔnefo yɛ adwuma hunu, na nea ogu trenee no nya nokware akatua. Nea otim trenee mu no kɔ nkwa mu, na nea otiw bɔne no nya owu. [Yehowa, “NW”] akyide ne koma kɔntɔnkyefo, na wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ sɔ n’ani. Ampa ara ɔbɔnefo renni bem; na treneefo asefo de, wobegye wɔn.”Mmebusɛm 11:18-21.

Wɔ akwan horow pii so no saa nkyekyɛm yi si asɛntitiriw yi so dua: Gu trenee na nya ɛso akatua. Ebia abɔnefo de wɔn ho bɛhyɛ nnaadaa anaa kyakyatow mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya biribi kwa. Esiane sɛ saa akatua no fi nkontompo mu nti, ebedi wɔn huammɔ. Nea ɔyɛ nsiyɛfo no nya akatua pa esiane sɛ ɔwɔ ahobammɔ nti. Ɔwɔ Onyankopɔn anim dom nti, obi a ne ho nni asɛm nam nkwa kwan so. Nanso ebesi ɔbɔnefo dɛn? ‘Ɛyɛ ampa sɛ nsa boa nsa’ wɔ nnaadaa mu, nanso abɔnefo renkwati asotwe. (Mmebusɛm 2:21, 22) Hwɛ afotu pa a wɔde ma wɔ trenee aba a yebegu ho!

Onyansafo Ho Yɛ Fɛ Ankasa

Salomo toa so sɛ: “Sɛ sika adwinne te, prako hwene mu, sɛ ɔbaabere a onnim nea ɛfata te ne no.” (Mmebusɛm 11:22) Na hwene mu nkawa yɛ ahyehyɛde a agye din wɔ Bible bere mu. Sika hwene mu kaa a wɔde ahyɛ hwene no fã anaa dompe a ɛsa ɛhwenem ntokuru abien ntam mu no bɛyɛ agude a wohu no ntɛm wɔ ɔbea ho. Hwɛ fata ara a ɛremfata sɛ wɔde agude a ɛyɛ fɛ saa bɛhyɛ prako hwene mu! Ɛte saa ara wɔ obi a ɔwɔ honam fam ahoɔfɛ na onnim “nyansa” fam. Ahyehyɛde mfata saa onii no koraa, sɛ́ ɔyɛ ɔbea anaa ɔbarima no. Ɛmfata no—ɛnyɛ fɛ koraa.

Nokwarem no, ɛnyɛ nwonwa sɛ yebedwen sɛnea afoforo hu yɛn no ho. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wudwennwen sɛnea w’anim anaa wo nipadua te ho ma ɛtra so anaa w’ani nnye ho? Yenni sɛnea yɛn nipadua akwaa pii bɛyɛ no so tumi biara. Ɛnyɛ sɛnea yɛn nipadua te ne ade titiriw. So ɛnyɛ nokware sɛ nnipa a yɛpɛ wɔn asɛm na yɛn ani gye wɔn ho no dodow no ara ahoɔfɛ nyɛ soronko biara? Honam fam ahoɔfɛ nyɛ ade a ɛma yenya anigye. Nea mfaso wɔ so ankasa ne komam ahoɔfɛ, su pa a ɛtra hɔ daa. Ɛnde momma yemfi nyansam nhwehwɛ saa su horow yi.

“Ɔyamyefo Bɛdɔ Srade”

Ɔhene Salomo ka sɛ: “Treneefo ade a wɔpɛ yɛ papa nko; abɔnefo anidaso dan wɔn abufuw.” Ɔrekyerɛ nea enti a eyi te saa mu no, ɔde ka ho sɛ: “Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so dɔ ara; na obi kyɛe so tra so, nanso ehia no ara.”Mmebusɛm 11:23, 24.

Wɔ bere a yɛde nsiyɛ pete Onyankopɔn Asɛm ho nimdeɛ—yɛka kyerɛ afoforo—no, akyinnye biara nni ho sɛ yɛn ankasa ntease tu mpɔn wɔ ne “tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn” mu. (Efesofo 3:18) Nea ɛne eyi bɔ abira no, nea ɔmfa ne nimdeɛ nni dwuma no wɔ asiane a ɛne sɛ nea ɔwɔ befi ne nsam. Yiw, “nea ogu nkyekye mu no betwa nkyekye mu, na nea ogu nhyira so [pii, NW] no betwa nhyira so [pii, NW].”—2 Korintofo 9:6.

Ɔhene no toa so sɛ: “Ɔyamyefo bɛdɔ srade [bedi yiye], na nea ɔma ebinom mee nso bɛmee.” (Mmebusɛm 11:25) Sɛ yefi ayamye mu de yɛn bere ne ahonyade boa ma nokware som trɛw a, Yehowa ani sɔ yɛn yiye. (Hebrifo 13:15, 16) Yehowa ‘bebue ɔsoro mfɛnsere ama yɛn, na wahwie nhyira ama yɛn ma aboro so.’ (Malaki 3:10) Wo de hwɛ yiye a n’asomfo redi wɔ honhom fam nnɛ!

Bere a Salomo de nhwɛso foforo rema wɔ nsonsonoe a ɛwɔ nneɛma a ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ani gye ho mu no, ɔkae sɛ: “Nea ɔkora aburow so no, nkurɔfo dome no, na nhyira ba nea ɔtɔn no so.” (Mmebusɛm 11:26) Sɛ wɔbɛtɔ aguade dodow pii asie wɔ bere a ne bo wɔ fam kosi sɛ ɛho bɛyɛ den na ne bo no akɔ soro ansa na wɔatɔn no betumi de mfaso aba. Ɛwom mpo sɛ adepa bi betumi afi aduan a yedi a yɛbɛtew so na yɛde bi asie mu aba de, nanso nnipa taa bu onii a ɔyɛ saa no animtiaa esiane ne pɛsɛmenkominya nti. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nea ɔkwati sɛ obenya mfaso bebree esiane ahokyere bi nti no, nya nnipa anim dom.

Israel hene no rehyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so mma yɛn ani nnye papayɛ, anaa adetreneeyɛ ho no, ɔkae sɛ: “Nea ɔpɛ papa akyi kwan no hwehwɛ anisɔ, na treneefo bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahaban. Nea ɔde ne ho to n’ahonyade so no bɛhwe ase, na treneefo bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahaban.”Mmebusɛm 11:27, 28.

Ɔtreneeni Nya Akra

Salomo rekyerɛ sɛnea adebɔne fi nkwaseasɛm mu ba no, ɔkae sɛ: “Nea ɔhaw ne fi bedi mframa.” (Mmebusɛm 11:29a) Akan bɔne no de ‘ɔhaw baa ne ho so,’ na wosiw ɔne n’abusuafo nyinaa abo ma wowui. (Yosua, ti 7) Ɛnnɛ, ebia Kristofo abusua bi ti ne afoforo a wɔwɔ n’abusua mu de wɔn ho bɛhyɛ nnebɔne a nea ebefi mu aba ne tu a wobetu wɔn afi Kristofo asafo no mu mu. Ɔbarima bi nam Onyankopɔn mmara nsɛm a n’ankasa remfa nni dwuma ne bɔne a emu yɛ duru a ɔpene so wɔ n’abusua mu no so de ɔhaw ba n’ankasa fie so. Wotu ɔno ne ebia afoforo a wɔwɔ n’abusua no mu sɛ adebɔneyɛfo a wonnuu wɔn ho a wonnya Kristofo fekubɔ. (1 Korintofo 5:11-13) Na dɛn na obenya? Mframa nkoaa—biribi a enni mfaso ankasa anaa ɛnsom bo.

Nkyekyɛm no toa so sɛ: “Na ogyimfo bɛyɛ komam nyansafo akoa.” (Mmebusɛm 11:29b) Esiane sɛ ogyimfo nnim nyansa nti, wɔrentumi mfa asɛyɛde kɛse nto no so. Bio nso, n’ankasa nneɛma a ɔnhwɛ no yiye betumi ama wɔabɛhyɛ obi ase wɔ ɔkwan bi so. Onipa a onnim nyansa saa no betumi abɛyɛ “komam nyansafo akoa.” Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, ɛho hia titiriw sɛ yɛde atɛmpa ne nyansa di dwuma wɔ yɛn adeyɛ nyinaa mu.

Ɔhene nyansafo no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɔtreneeni aba yɛ nkwa dua, na onyansafo nya akra.” (Mmebusɛm 11:30) Ɔkwan bɛn so na eyi fa ba? Wiɛ, ɔtreneeni nam ne kasa ne n’abrabɔ so de honhom fam aduan brɛ afoforo. Wɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsom Yehowa na awiei koraa no wɔanya nkwa a Onyankopɔn de ma no.

‘Ɔdebɔneyɛfo Benya Akatua a Ɛkyɛn So’

Hwɛ sɛnea mmebusɛm a wɔabobɔ din no de kasadɛ tu yɛn fo sɛ yengu trenee! Salomo de nnyinasosɛm a ɛne sɛ “nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa,” redi dwuma no, ɔkae sɛ: “Hwɛ, wotua ɔtreneeni ka asase so, na menne ɔbɔnefo ne ɔdebɔneyɛfo.”Mmebusɛm 11:31.

Ɛwom mpo sɛ ɔtreneeni bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ adetrenee de, nanso ɛtɔ mmere bi a odi mfomso. (Ɔsɛnkafo 7:20) Na esiane ne mfomso nti obenya “akatua” denam nteɛso so. Ɛnde ɔbɔnefo a ɔhyɛ da paw kwammɔne na ɔmmɔ mmɔden sɛ ɔbɛdan akɔ tẽẽyɛ so no nso ɛ? So ɔmfata ‘akatua’ kɛse—asotwe a emu yɛ den? Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: ‘Sɛ ɛyɛ den sɛ wobegye ɔtreneeni mpo a, ɛnde ɛhe na amumɔyɛfo ne abɔnefo begyina?’ (1 Petro 4:18) Enti momma yensi yɛn bo bere nyinaa sɛ yebegu aba wɔ trenee mu ama yɛn ho.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Wɔde din foforo na asi ananmu wɔ ha.

[Mfonini wɔ kratafa 28]

“Animtew” de “anuonyam” brɛɛ Abigail

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30]

‘Ɔbɔnefo yɛ adwuma hunu, na nea ogu trenee no nya nokware akatua’

[Mfonini wɔ kratafa 31]

‘Gu pii, na twa pii’