Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristofo Som Wɔ Honhom Ne Nokware Mu

Kristofo Som Wɔ Honhom Ne Nokware Mu

Kristofo Som Wɔ Honhom Ne Nokware Mu

“Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.”—YOHANE 4:24.

1. Ɔsom bɛn na ɛsɔ Onyankopɔn ani?

YEHOWA Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo, maa ɔsom a ɛsɔ ne soro Agya ani mu daa hɔ pefee. Bere a Yesu redi Samariani bea bi adanse a ɛka koma wɔ abura bi a ɛbɛn Sikar kurow no ho no, ɔkae sɛ: “Mosɔre nea munnim; yɛn de, yɛsɔre nea yenim, efisɛ ogye no fi Yudafo mu. Na bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na agya no rehwehwɛ. Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:22-24) Ɛsɛ sɛ yɛte saa nsɛm no ase dɛn?

2. Samariafo no de wɔn som gyinaa dɛn so?

2 Ná Samariafo no kura nyamesom ho adwene a ɛnteɛ. Kyerɛw Kronkron no mu nhoma anum a edi kan no nkutoo na na wogye tom sɛ efi honhom mu—na wɔnam wɔn ankasa nkyerɛase so frɛɛ no Samariafo Pentateuch. Bere a na Samariafo no nnim Onyankopɔn ankasa no, na wɔde Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ ahyɛ Yudafo no nsa. (Romafo 3:1, 2) Ná Yudafo ne afoforo betumi anya Yehowa anim dom. Nanso, na eyi bɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ dɛn?

3. Dɛn na ɛhwehwɛ na ama obi asom Onyankopɔn “honhom ne nokware mu”?

3 Dɛn na na ɛsɛ sɛ Yudafo, Samariafo, ne afoforo a wɔtraa ase tete no yɛ na ama wɔasɔ Yehowa ani? Na ɛsɛ sɛ wɔsom no “honhom ne nokware mu.” Saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no yɛ nea ahokeka anaa nsi wom, na efi koma a ɔdɔ ne gyidi ayɛ no ma mu de, nanso ne titiriw no, honhom mu a yɛbɛsom Onyankopɔn no hwehwɛ sɛ yenya honhom no na yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm a yebesua na yɛde adi dwuma no ma yɛn honhom, anaa yɛn adwene, ne ne de hyia. (1 Korintofo 2:8-12) Sɛ yɛn som bɛsɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ yɛsom no nokwarem nso. Ɛsɛ sɛ ɛne nea Onyankopɔn Asɛm Bible ka fa ɔno ne n’atirimpɔw ahorow ho no hyia.

Yebetumi Ahu Nokware No

4. Ebinom bu nokware dɛn?

4 Wɔn a wosua nyansapɛ no bi anya adwene sɛ adesamma ntumi nhu nokware turodoo no. Nokwarem no, Swedenni nhoma kyerɛwfo Alf Ahlberg kyerɛwee sɛ: “Nyansapɛ ho nsɛmmisa pii wɔ hɔ a sɛnea ɛte no yentumi nnya ho mmuae pɔtee.” Ɛwom sɛ ebinom ka sɛ nokware a ɛwɔ hɔ no nyɛ nea ewie pɛyɛ de, nanso so ɛte saa ankasa? Na Yesu Kristo nsusuw saa.

5. Dɛn nti na Yesu baa wiase?

5 Yɛmfa no sɛ yɛyɛ nkurɔfo a yɛrehwɛ adeyɛ a edi hɔ yi: Ɛyɛ afe 33 Y.B. mfiase, na Yesu gyina Roma Amrado Pontio Pilato anim. Yesu ka kyerɛ Pilato sɛ: “Eyi nti . . . na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” Pilato bisa sɛ: “Dɛn ne nokware?” Nanso, wantwɛn amma Yesu anka asɛm foforo.—Yohane 18:36-38.

6. (a) Wɔakyerɛ “nokware” ase dɛn? (b) Ahyɛde bɛn na Yesu de maa n’akyidifo?

6 Wɔakyerɛ “nokware” ase sɛ “nneɛma ne nsɛm a esisi ankasa.” (Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary) Nanso, so nokware biara kɛkɛ na Yesu dii ho adanse? Dabi. Na ɔwɔ nokware pɔtee bi wɔ n’adwenem. Ɔde ahyɛde maa n’akyidifo sɛ wɔnka nokware a ɛte saa ho asɛm, efisɛ ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.’ (Mateo 28:19, 20) Ansa na “nneɛma nhyehyɛe no awiei” bɛba no, Yesu nokware asuafo bɛka ‘asɛmpa no ho nokware’ no wɔ wiase nyinaa. (Mateo 24:3; Galatifo 2:14) Wɔbɛyɛ eyi ma Yesu nsɛm no abam: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Enti ɛho hia sɛ yehu wɔn a wɔnam Ahenni no ho asɛmpa a wɔka so rekyerɛkyerɛ amanaman nyinaa nokware no.

Sɛnea Yebetumi Asua Nokware No

7. Wobɛyɛ dɛn ada no adi sɛ Yehowa ne nokware Fibea?

7 Yehowa ne honhom fam nokware Fibea. Nokwarem no, odwontofo Dawid frɛɛ no ‘Yehowa, nokware Nyankopɔn no.’ (Dwom 31:5; 43:3) Yesu gye toom sɛ N’agya asɛm yɛ nokware, na ɔkae nso sɛ: “Wɔakyerɛw adiyifo no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afi agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.” (Yohane 6:45; 17:17; Yesaia 54:13) Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ Yehowa, Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini no, kyerɛkyerɛ wɔn a wɔrehwehwɛ nokware no. (Yesaia 30:20, 21) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ nokware no nya “Onyankopɔn ho nimdeɛ.” (Mmebusɛm 2:5) Na Yehowa fi ɔdɔ mu akyerɛkyerɛ nokware no anaasɛ ɔde ama wɔ akwan horow so.

8. Akwan bɛn na Onyankopɔn afa so akyerɛkyerɛ anaasɛ ɔde nokware no ama?

8 Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn nam abɔfo so na ɛde Mmara no brɛɛ Israelfo no. (Galatifo 3:19) Ɔnam adaeso so hyɛɛ tete agyanom Abraham ne Yakob nhyira ahorow ho bɔ. (Genesis 15:12-16; 28:10-19) Onyankopɔn fi soro mpo kasae, na bere a wɔrebɔ Yesu asu no, wɔtee anigyesɛm yi wɔ asase so mpo: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.” (Mateo 3:17) Yɛn ani betumi asɔ nso sɛ Onyankopɔn nam Bible akyerɛwfo a honhom kaa wɔn so de nokware no brɛɛ yɛn. (2 Timoteo 3:16, 17) Ɛnde, yɛnam Onyankopɔn Asɛm sua so betumi anya “nokware gyidi.”—2 Tesalonikafo 2:13.

Nokware no ne Onyankopɔn Ba No

9. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nam ne Ba no so ada nokware no adi?

9 Onyankopɔn afa ne Ba, Yesu Kristo, so titiriw ada nokware no adi akyerɛ adesamma. (Hebrifo 1:1-3) Nokwarem no, Yesu kaa nokware no ho asɛm sen nea na onipa foforo biara ayɛ pɛn. (Yohane 7:46) Bere a ɔforo kɔɔ soro akyi mpo no, ɔdaa nokware a efi N’agya hɔ no adi. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Yohane nsa kaa “Yesu Kristo adiyi a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nea etwa sɛ ɛba ntɛm” no.—Adiyisɛm 1:1-3.

10, 11. (a) Nokware a Yesu dii ho adanse no fa dɛn ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu maa nokware no bɛdaa adi?

10 Yesu ka kyerɛɛ Pontio Pilato sɛ na waba asase so sɛ ɔrebedi nokware no ho adanse. Wɔ Yesu som adwuma no mu no, ɔdaa no adi sɛ nokware a ɛte saa no fa Yehowa tumidi a wɔnam Onyankopɔn Ahenni a Kristo di so Hene no so bɛsan ho no ho. Nanso nokware no ho adanse a na Yesu bedi no hwehwɛɛ pii fii ne hɔ sen asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ no. Yesu maa saa nokware no daa adi denam ɛho dwuma a odii so. Enti, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mommma obi mmmu mo atɛn aduan anaa anonne mu, anaa afahyɛ anaa ɔsram foforo anaa home nna fam, na ɛyɛ nneɛma a ɛbɛba no sunsuma nko, na nipadua no ne Kristo de no.”—Kolosefo 2:16, 17.

11 Ɔkwan koro a nokware no nam so daa adi ne nkɔm a wɔhyɛe sɛ wɔbɛwo Yesu wɔ Betlehem no. (Mika 5:2; Luka 2:4-11) Nokware no nam Daniel nkɔmhyɛ nsɛm a ɛfa ba a na Mesia no bɛba wɔ “mfepɛn” 69 no awiei ho no so nso daa adi. Ɛno baa mu bere a Yesu de ne ho maa Onyankopɔn wɔ asubɔ mu na wɔde honhom kronkron sraa no wɔ bere a na wɔahyɛ pɛpɛɛpɛ, wɔ afe 29 Y.B. mu no. (Daniel 9:25; Luka 3:1, 21, 22) Yesu nam Ahenni no ho dawurubɔfo a ɔyɛe maa nkurɔfo tee nneɛma ase no so maa nokware no bɛdaa adi kɛse. (Yesaia 9:1, 2, 6, 7; 61:1, 2; Mateo 4:13-17; Luka 4:18-21) Ne wu ne ne wusɔre no nso ma ɛbɛdaa adi.—Dwom 16:8-11; Yesaia 53:5, 8, 11, 12; Mateo 20:28; Yohane 1:29; Asomafo no Nnwuma 2:25-31.

12. Dɛn nti na na Yesu betumi aka sɛ, ‘Mene nokware no’?

12 Esiane sɛ na nokware no gyina Yesu Kristo so nti, otumi kae sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6) Sɛ nkurɔfo ‘gyina nokware no afã’ denam dwuma a Yesu di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu a wogye tom so a, wonya honhom fam ahofadi. (Yohane 8:32-36; 18:37) Esiane sɛ nnipa a wɔte sɛ nguan no gye nokware no na wodi Kristo akyi wɔ gyidi mu nti, wobenya daa nkwa.—Yohane 10:24-28.

13. Yɛbɛhwehwɛ Kyerɛwnsɛm mu nokware no mu wɔ akwan abiɛsa bɛn so?

13 Nokware a Yesu ne n’asuafo a honhom kaa wɔn kaa ho asɛm no ne nokware Kristofo gyidi. Enti, wɔn a ‘wɔyɛ asoɔmmerɛw ma gyidi no’ ‘kɔ so nantew nokware no mu.’ (Asomafo no Nnwuma 6:7; 3 Yohane 3, 4) Ɛnde, henanom na wɔnam nokware no mu nnɛ? Henanom ankasa na wɔrekyerɛkyerɛ amanaman nyinaa nokware no? Bere a yɛde nsɛmmisa a ɛte saa ho mmuae rema no, yɛde yɛn adwene besi tete Kristofo no so na yɛahwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu nokware a ɛfa (1) gyidi ahorow, (2) ɔkwan a wɔfa so som, ne (3) ankorankoro abrabɔ ho no mu.

Nokware no ne Gyidi Ahorow

14, 15. Dɛn na wobɛka afa adwene a tete Kristofo ne Yehowa Adansefo nyinaa kura wɔ Kyerɛwnsɛm no ho no ho?

14 Ná tete Kristofo no bu Yehowa Asɛm a wɔakyerɛw no kɛse. (Yohane 17:17) Ná ɛne wɔn gyinapɛn wɔ gyidi ne nneyɛe ahorow ho. Clement a ofi Alexandria a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien ne nea ɛto so abiɛsa no mu no kae sɛ: “Wɔn a wɔrehwehwɛ su pa no rennyae nokware no hwehwɛ da kosi sɛ wobenya wɔn gyidi no ho adanse wɔ Kyerɛwnsɛm no mu.”

15 Te sɛ tete Kristofo no, Yehowa Adansefo bu Bible no yiye. Wogye di sɛ “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ.” (2 Timoteo 3:16) Enti ma yensusuw tete Kristofo no gyidi ahorow kakra ho bere a yɛresusuw nea nnɛyi Yehowa asomfo ahu esiane sɛ wɔde Bible no di dwuma sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ nhoma titiriw nti no ho nhwɛ.

Nokware a Ɛfa Ɔkra Ho

16. Dɛn ne nokware a ɛfa ɔkra ho no?

16 Esiane sɛ na tete Kristofo no gye nea Kyerɛwnsɛm no ka di nti, wɔkyerɛkyerɛɛ nokware a ɛfa ɔkra ho. Na wonim sɛ ‘onipa bɛyɛɛ ɔkra teasefo’ bere a Onyankopɔn bɔɔ no no. (Genesis 2:7) Afei nso, wogye toom sɛ onipa kra wu. (Hesekiel 18:4; Yakobo 5:20) Ná wonim nso sɛ ‘awufo nnim biribiara.’—Ɔsɛnkafo 9:5, 10.

17. Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛkyerɛ anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo no mu?

17 Nanso, na Yesu tete asuafo no wɔ anidaso a emu yɛ den sɛ wobenyan awufo a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu no, anaasɛ wɔbɛsan de wɔn aba nkwa mu. Paulo maa saa gyidi no mu daa hɔ fann bere a ɔkae sɛ: “Mewɔ Onyankopɔn ho anidaso . . . sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba” no. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Akyiri yi mpo no, obi a ɔkyerɛe sɛ ɔyɛ Kristoni, Minucius Felix, kyerɛwee sɛ: “Hena na onnim nyansa a ɔbɛka sɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nnipa mfiase no ntumi nsan mmɔ wɔn foforo?” Te sɛ tete Kristofo no, Yehowa Adansefo gye Kyerɛwnsɛm mu nokware a ɛfa onipa kra, owu, ne owusɔre ho no di. Afei ma yensusuw sɛnea Onyankopɔn ne Kristo te ho.

Nokware no ne Baasakoro No

18, 19. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Baasakoro nyɛ nkyerɛkyerɛ a efi Kyerɛwnsɛm mu?

18 Tete Kristofo no ammu Onyankopɔn, Kristo, ne honhom kronkron no sɛ Baasakoro. The Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Asɛmfua Baasakoro anaa nkyerɛkyerɛ no ankasa mpue Apam Foforo no mu, na saa ara na Yesu ne n’akyidifo no anyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka biribi ma abɔ Shema [Hebri mpaebɔ bi] a ɛwɔ Apam Dedaw no mu abira: ‘Israel, tie: Awurade yɛn Nyankopɔn ne Awurade koro’ (Deut. 6:4).” Kristofo no ansom Romafo nyame baasakoro anaa anyame foforo biara. Wogyee Yesu asɛm a ɛne sɛ Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no no toom. (Mateo 4:10) Afei nso, wogyee Kristo nsɛm yi dii: “M’agya no yɛ kɛse sen me.” (Yohane 14:28) Yehowa Adansefo kura gyidi ahorow a ɛte saa ara mu nnɛ.

19 Yesu tete akyidifo no maa nsonsonoe a ɛda Onyankopɔn, Kristo, ne honhom kronkron no ntam daa adi fann. Nokwarem no, wɔbɔɔ asuafo asu (1) wɔ Agya no din mu, (2) Ɔba no din mu, ne (3) honhom kronkron no din mu, na ɛnyɛ Baasakoro no din mu. Yehowa Adansefo nso kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm mu nokware ma enti wɔma nsonsonoe a ɛwɔ Onyankopɔn, ne Ba no, ne honhom kronkron no ntam da adi.—Mateo 28:19.

Nokware no ne Asubɔ

20. Nimdeɛ bɛn na ɛsɛ sɛ obi a ɔrehwehwɛ asubɔ nya?

20 Yesu maa n’akyidifo no ahyɛde sɛ wɔnyɛ asuafo denam nokware no a wɔde bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo no so. Sɛ wɔbɛfata ama asubɔ a, ɛsɛ sɛ wonya Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ wogye Agya no ne ne Ba, Yesu Kristo, gyinabea ne wɔn tumi tom. (Yohane 3:16) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu nso te ase sɛ honhom kronkron no nni nipasu na mmom ɛyɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi.—Genesis 1:2, NW ase hɔ asɛm.

21, 22. Dɛn nti na wobɛka sɛ asubɔ wɔ hɔ ma gyidifo?

21 Nnipa a wɔwɔ nimdeɛ na wɔahyira wɔn ho so koraa ama Onyankopɔn sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde no nkutoo na tete Kristofo no bɔɔ wɔn asu. Na Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo a wohyiaam wɔ Yerusalem wɔ Pentekoste 33 Y.B. no wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ dedaw. Bere a wɔtee sɛ ɔsomafo Petro reka Yesu a ɔyɛ Mesia no ho asɛm no, nnipa bɛyɛ 3,000 ‘gyee asɛm no fɛw so’ na “wɔbɔɔ wɔn asu.”—Asomafo no Nnwuma 2:41; 3:19–4:4; 10:34-38.

22 Kristofo asubɔ wɔ hɔ ma gyidifo. Samariafo gyee nokware no, na bere a “wogyee Filipo a ɔka Onyankopɔn ahenni ne Yesu Kristo din ho asɛmpa no dii no, mmarima ne mmea ma wɔbɔɔ wɔn asu.” (Asomafo no Nnwuma 8:12) Sɛ́ obi a ɔpɛ nyamesom a wasakra abɛyɛ Yudani a na ɔwɔ Yehowa ho nimdeɛ no, Etiopiani piani no dii kan gyee Filipo nsɛm a ɛfa Mesia nkɔmhyɛ no mmamu ho no dii, na afei ɔma wɔbɔɔ no asu. (Asomafo no Nnwuma 8:34-36) Akyiri yi, Petro ka kyerɛɛ Kornelio ne Amanaman mufo foforo sɛ ‘nea osuro Onyankopɔn na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no,’ na obiara a ɔkyerɛ Yesu Kristo mu gyidi no nya bɔne fafiri. (Asomafo no Nnwuma 10:35, 43; 11:18) Eyi nyinaa ne Yesu ahyɛde a ɛne sɛ ‘yɛnyɛ asuafo, na yɛnkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea wahyɛ yɛn nyinaa so’ no hyia. (Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8) Yehowa Adansefo kura gyinapɛn a ɛte saa ara mu, wɔn a wɔwɔ Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ titiriw na wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no nkutoo na wɔpene so bɔ wɔn asu.

23, 24. Dɛn ne ɔkwan a ɛfata ma Kristofo asubɔ?

23 Nsu ase a wɔde obi hyɛ koraa no yɛ asubɔ a ɛfata ma gyidifo. Bere a wɔbɔɔ Yesu asu wɔ Yordan Asubɔnten no mu wiei no, “ofii nsu no mu.” (Marko 1:10) Wɔbɔɔ Etiopiani piani no asu wɔ “asu bi” mu. Ɔne Filipo “sian kɔɔ nsu no mu,” na afei ‘wofii nsu no mu bae.’ (Asomafo no Nnwuma 8:36-40) Sɛnea Kyerɛwnsɛm no de asubɔ toto sɛnkyerɛnne kwan so amusiei ho no nso kyerɛ hyɛ a wɔde obi hyɛ nsu ase koraa.—Romafo 6:4-6; Kolosefo 2:12.

24 The Oxford Companion to the Bible ka sɛ: “Apam Foforo mu asubɔ pɔtee ho nkyerɛkyerɛmu kyerɛ sɛ wɔde onipa a wɔrebɔ no asu no hyɛɛ nsu ase koraa.” Sɛnea Fransefo nhoma Larousse du XXe Siècle (Paris, 1928) kyerɛ no, “wɔbɔɔ Kristofo a wodi kan no asu wɔ baabiara a wonyaa nsu.” Na After Jesus—The Triumph of Christianity nhoma no ka sɛ: “Ne mfitiase koraa no, na [asubɔ] hwehwɛ sɛ nea wɔrebɔ no asu no ka ne gyidi kyerɛ, na ɛno akyi no wɔde no hyɛ nsu mu wɔ Yesu din mu.”

25. Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

25 Gyidi ahorow a egyina Bible so ne Kristofo a wodi kan no nneyɛe a yɛaka ho asɛm no yɛ nhwɛso ara kwa. Yebetumi aka nsɛdi foforo a ɛwɔ wɔn gyidi ahorow ne Yehowa Adansefo de mu ho asɛm. Wɔ asɛm a edi hɔ no mu no, yebesusuw akwan foforo a yɛbɛfa so ahu wɔn a wɔrekyerɛkyerɛ nokware no ho.

Wubebua Dɛn?

• Ɔsom bɛn na Onyankopɔn hwehwɛ?

• Ɔkwan bɛn so na nokware no nam Yesu Kristo so bɛdaa adi?

• Dɛn ne nokware a ɛfa ɔkra ne owu ho no?

• Ɔkwan bɛn so na wɔbɔ Kristofo asu, na dɛn na wɔhwehwɛ fi wɔn a wɔhwehwɛ asubɔ no hɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Yesu ka kyerɛɛ Pilato sɛ: ‘Maba sɛ meredi nokware no ho adanse’

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Wubetumi akyerɛkyerɛ nea enti a Yesu kae sɛ: ‘Mene nokware no’ mu?

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Dɛn ne nokware a ɛfa Kristofo asubɔ ho?