Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Tebea horow bɛn mu na esiane ɔsom mu ntease nti ɛfata sɛ Kristoni bea kata ne ti so?

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na ɔbea biara a ɔbɔ mpae anaasɛ ɔhyɛ nkɔm na ne ti so da hɔ no, onni ne ti ni.” Adɛn ntia? Esiane Onyankopɔn nnyinasosɛm a ɛfa tiyɛ ho no nti: “Na ɔbea ti ne ɔbarima.” Mpɛn pii no mpae a wɔbɔ anaa ɔkasa a wɔma wɔ Kristofo asafo no mu no yɛ ɔbarima asɛyɛde. Enti, sɛ Kristoni bea bi yɛ nneɛma bi a ɛfa ɔsom ho a anka ɛsɛ sɛ ne kunu anaa ɔbarima a wagye asubɔ na odi ho dwuma a, ɛsɛ sɛ ɔkata ne ti so.—1 Korintofo 11:3-10.

Tebea horow a ɛsɛ sɛ Kristoni bea kata ne ti wom no betumi asɔre wɔ n’aware abusuabɔ mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ abusua no hyia rebɛyɛ Bible adesua anaa wɔredidi a, mpɛn pii no okunu no na odi anim wɔ nkyerɛkyerɛ mu na ogyina wɔn ananmu bɔ Onyankopɔn mpae. Sɛ ɔnyɛ gyidini a, ɛnde na asɛyɛde yi betumi abɛda ne yere so. Ɛno nti, bere a Kristoni bea rebɔ mpae ma nsɛm no apue n’ano ama ne ho ne afoforo anaa ɔne ne mma reyɛ Bible adesua a ne kunu wɔ hɔ no, ɛfata sɛ ɔkata ne ti so. Sɛ ne kunu nni hɔ a, ɛho nhia sɛ ɔyere no kata ne ti so, efisɛ Onyankopɔn ama no tumi sɛ ɔnkyerɛkyerɛ mmofra no.—Mmebusɛm 1:8; 6:20.

Nanso, sɛ ɔbabarima kumaa bi a ɔwɔ abusua no mu yɛ Yehowa Onyankopɔn somfo a wahyira ne ho so agye asubɔ nso ɛ? Esiane sɛ ɔbabarima no yɛ Kristofo asafo no muni nti, ɛsɛ sɛ ogye akwankyerɛ fi emu mmarima no hɔ. (1 Timoteo 2:12) Sɛ agya no yɛ gyidini a, ɛsɛ sɛ ne nkyɛn na ɔbabarima no gye nkyerɛkyerɛ. Nanso, sɛ agya no nni hɔ na ɛna no ne ɔbabarima kumaa a wabɔ asu no ne mmofra foforo yɛ Bible adesua a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɔkata ne ti so. Sɛ́ ɔbɛma ne babarima a wagye asubɔ no abɔ mpae wɔ saa adesua no mu anaa adidi bere no yɛ ne gyinaesi. Obetumi ate nka sɛ ne ho nkokwaw yiye enti ebia ɔbɛpaw sɛ n’ankasa bɛbɔ mpae. Sɛ ɔpaw sɛ ɔbɛbɔ mpae wɔ saa bere no a, ɛsɛ sɛ ɔkata ne ti so.

Ebehia sɛ Kristofo mmea kata wɔn ti so bere a wɔrenya kyɛfa bi wɔ asafo dwumadi ahorow mu no. Sɛ nhwɛso no, ebetumi aba sɛ Kristofo mmea nkutoo na wɔbɛba dapɛn mfinimfini asɛnka nhyiam, a mmarima a wɔabɔ asu biara nni hɔ. Ebetumi aba mmere foforo sɛ mmarima a wɔagye asubɔ biara nni asafo nhyiam bi ase. Sɛ ɛsɛ sɛ onuawa na odi dwuma a onuabarima na ɔtaa yɛ wɔ asafo nhyiam a wɔahyehyɛ anaa asɛnka nhyiam ase a, ɛsɛ sɛ ɔkata ne ti so.

So ɛsɛ sɛ Kristofo mmea kata wɔn ti so wɔ bere a wɔrekyerɛ Bible mu ɔkasa ase anaa wɔreyɛ mum kasa nkyerɛase anaa wɔrekenkan Bible adesua nhoma nkyekyɛm a wɔde redi dwuma wɔ asafo nhyiam ase wɔ baguam no? Dabi. Ɛnyɛ nea anuanom mmea yi rehwɛ dwumadi so anaasɛ wɔrekyerɛkyerɛ. Saa ara na, wɔnhwehwɛ sɛ anuanom mmea a wɔreyɛ ɔyɛkyerɛ, reka osuahu, anaa wɔreyɛ osuani kasa wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu no bɛkata wɔn ti so.

Bere a ɛsɛ sɛ anuanom mmarima a wɔagye asubɔ na wɔkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu no, ɛyɛ mmarima ne mmea nyinaa asɛyɛde sɛ wɔyɛ asɛnka ne nkyerɛkyerɛ wɔ asafo no akyi. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Enti sɛ Kristoni bea reka Onyankopɔn Asɛm akyerɛ wɔn a wɔnyɛ Adansefo wɔ bere a Yehowa Dansefo barima bi wɔ hɔ a, ɛho renhia sɛ ɔkata ne ti so.

Nanso, tebea no yɛ soronko wɔ bere a wɔreyɛ Bible adesua a wɔahyehyɛ a wɔyɛ no daa wɔ fie bi mu na ɔbarima a wahyira ne ho so, agye asubɔ wɔ hɔ no. Eyi yɛ nkyerɛkyerɛ a wɔadi kan ahyehyɛ a nea ɔreyɛ no, hwɛ so ankasa. Wɔ tebea a ɛtete sɛɛ mu no, adesua no bɛyɛ asafo no fã bi. Sɛ Ɔdansefo a ɔyɛ ɔbea a wabɔ asu yɛ adesua wɔ bere a Ɔdansefo barima a wabɔ asu wɔ hɔ a, ɛfata sɛ ɔkata ne ti so. Nanso, onuabarima a wahyira ne ho so no na ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae. Onuawa remmɔ mpae wɔ bere a onuabarima a wahyira ne ho so wɔ hɔ gye sɛ biribi soronko bi siw onuabarima no kwan te sɛ ebia ne nne asi.

Ahenni dawurubɔfo barima bi a onnyee asubɔ betumi aka Kristoni bea bi ho ne no akɔyɛ Bible adesua. Sɛ onuawa no pɛ a, obetumi ama ɔbarima no ayɛ adesua no. Nanso esiane sɛ ɔrentumi nnyina onuawa no ananmu mmɔ Yehowa mpae mma ɛnyɛ nea ɛfata nti, ɛbɛyɛ nea eye sɛ onuawa no bɔ mpae wɔ adesua no ase. Sɛ ɔreyɛ adesua no na ɔrebɔ mpae a, ɛho behia sɛ onuawa no kata ne ti so. Ɛwom mpo sɛ ɔdawurubɔfo barima no nnya mmɔɔ asu de, nanso esiane asɛnka adwuma a ɔyɛ nti wɔn a wɔwɔ asafo no akyi no bu no sɛ asafo no muni.

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛno nti na ɛsɛ ɔbea sɛ onya ne ti so tumi [a.s. nkataso], abɔfo ntia.” Yiw, Kristofo mmea wɔ hokwan titiriw sɛ wɔyɛ nhwɛso pa ma abɔfo ɔpepem pii a wɔkɔ so de nokwaredi brɛ wɔn ho ase ma Yehowa no. Hwɛ fata a ɛfata sɛ mmea a wosuro Onyankopɔn susuw ho anibere so kata wɔn ti bere a tebea no hwehwɛ sɛ wɔyɛ saa no!

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Eti so a wɔkata yɛ obu a wɔkyerɛ ma tiyɛ ho sɛnkyerɛnne