Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔkɔ So Nantew Nokware No Mu

Wɔkɔ So Nantew Nokware No Mu

Wɔkɔ So Nantew Nokware No Mu

“Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.”—3 YOHANE 4.

1. Dɛn na ‘asɛmpa no ho nokware’ no twe adwene si so?

YEHOWA ani sɔ wɔn a “wɔsɔre no honhom ne nokware mu” no nkutoo. (Yohane 4:24) Wotie nokware no, wogye Kristofo nkyerɛkyerɛ a egyina Onyankopɔn Asɛm so no nyinaa tom. ‘Asɛmpa no ho nokware’ yi twe adwene si Yesu Kristo ne Yehowa tumidi a wɔnam Ahenni no so san ho no so. (Galatifo 2:14) Onyankopɔn ma “nnaadaa a emu yɛ den” ba wɔn a wɔpɛ atosɛm so, nanso nkwagye gyina asɛmpa no mu gyidi a yebenya ne nokware no mu a yɛbɛnantew so.—2 Tesalonikafo 2:9-12; Efesofo 1:13, 14.

2. Dɛn na na ɔsomafo Yohane ani agye ho titiriw, na abusuabɔ bɛn na na ɛwɔ ɔne Gaio ntam?

2 Ahenni adawurubɔfo yɛ ‘yɔnko adwumayɛfo wɔ nokware no mu.’ Te sɛ ɔsomafo Yohane ne n’adamfo Gaio no, wokura nokware no mu pintinn nantew mu. Bere a na Gaio ho asɛm wɔ Yohane adwenem no, ɔkyerɛwee sɛ: “Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.” (3 Yohane 3-8) Sɛ ɛnyɛ Yohane a na n’ani afi no mpo na ɔkyerɛɛ Gaio nokware no a, ɔsomafo no mfe a na akɔ anim, Kristofo ahokokwaw, ne ɔdɔ a na ɔda no adi sɛ agya no ma ɛyɛɛ nea ɛfata sɛ Yohane bebu ɔbarima a ɛda adi sɛ na ɔyɛ aberante no sɛ ne honhom fam mma no mu biako.

Nokware no ne Kristofo Som

3. Ná dɛn ne asafo nhyiam ahorow a tete Kristofo no yɛ no atirimpɔw ne ɛso mfaso?

3 Nea ɛbɛyɛ na tete Kristofo no asua nokware no, na wohyia sɛ asafo ahorow wɔ ankorankoro afie mu. (Romafo 16:3-5) Wɔnam saayɛ so nyaa nkuranhyɛ twetwee wɔn ho wɔn ho kɔɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. (Hebrifo 10:24, 25) Ɛdefa wɔn a wɔkyerɛe sɛ wɔyɛ Kristofo wɔ akyiri nna mu ho no, Tertullian (bɛyɛ 155-220 Y.B. akyi) kyerɛw wɔn ho asɛm sɛ: “Yehyia kenkan Onyankopɔn nhoma . . . Yɛnam saa nsɛm kronkron no so ma yɛn gyidi, yɛn anidaso, ne yɛn ahotoso mu yɛ den.”—Apology, ti 39.

4. Dwuma bɛn na nnwonto adi wɔ Kristofo nhyiam horow ase?

4 Ɛda adi sɛ na nnwonto ka tete Kristofo nhyiam ahorow ho. (Efesofo 5:19; Kolosefo 3:16) Ɔbenfo Henry Chawick kyerɛwee sɛ afeha a ɛto so abien no mu adwenkyerɛfo Celsus huu dwom bi a ɛda adi sɛ na wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no to a na “ɛyɛ dɛ araa ma nkɛntɛnso a enyaa wɔ ne so no haw no ankasa.” Chadwick de ka ho sɛ: “Clement a ofi Alexandria ne Kristoni kyerɛwfo a odi kan koraa a ɔkaa nnwom a ɛfata sɛ Kristofo to ho asɛm. Ɔkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ ɛyɛ dwom a ɛma wɔsaw asaw a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ.” (The Early Church, nkratafa 274-5) Sɛnea na tete Kristofo no hyiam a na wɔto dwom no, saa ara na Yehowa Adansefo taa to nnwom a egyina Bible so a nnwom a emu yɛ hyew a ɛkamfo Onyankopɔn ne Ahenni no ka ho.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔde honhom fam akwankyerɛ mae wɔ tete Kristofo asafo ahorow mu? (b) Ɔkwan bɛn so na nokware Kristofo de Yesu nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 23:8, 9 no adi dwuma?

5 Wɔ tete Kristofo asafo ahorow mu no, ahwɛfo kyerɛkyerɛɛ nokware no, na asafo mu asomfo no boaa wɔn yɔnko adwumayɛfo no akwan horow so. (Filipifo 1:1) Sodikuw a ɛde ne ho too Onyankopɔn Asɛm ne honhom kronkron so no de honhom fam akwankyerɛ mae. (Asomafo no Nnwuma 15:6, 23-31) Wɔamfa nyamesom mu abodin anni dwuma efisɛ na Yesu ahyɛ n’asuafo no sɛ: “Mo de, wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom. Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no.” (Mateo 23:8, 9) Wɔ eyi ne nneɛma foforo pii mu no, nsɛdi wɔ tete Kristofo ne Yehowa Adansefo ntam.

Wɔtaa Wɔn Wɔ Nokware no Ho Asɛm a Wɔkae Ho

6, 7. Ɛwom sɛ nokware Kristofo ka asomdwoe asɛm de, nanso ɔkwan bɛn so na wɔne wɔn adi?

6 Ɛwom sɛ tete Kristofo no bɔɔ Ahenni ho asomdwoe asɛm no dawuru de, nanso wɔtaa wɔn, sɛnea na wɔayɛ Yesu no. (Yohane 15:20; 17:14) Abakɔsɛm kyerɛwfo John L. von Mosheim frɛɛ afeha a edi kan no mu Kristofo no “nnipa a wɔnhaw adwene koraa a wonni ɔman yiyedi ho adwene anaa nsusuwii bɔne biara.” Ɔbenfo Mosheim kae sɛ nea “ɛmaa Romafo ani beree Kristofo no so no ne wɔn som a na ɛnyɛ hwanyann no a na ɛne nnipa foforo biara de nsɛ no.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ná wɔmmɔ afɔre, wonni asɔrefie, wonni ahoni, wɔnhyɛ nkɔm, na na wonni asɔfo mmara biara ase; na eyi na ɛmaa nnipa pii a wonni nimdeɛ a wosusuwii sɛ nyamesom biara nni hɔ a ɛnsɛ sɛ enya saa nneɛma yi no de ahohorabɔ baa wɔn so no. Enti wobuu wɔn sɛ nnipa a wonnye Onyankopɔn nni; na sɛnea na Romafo mmara kyerɛ no, wobuu wɔn a na wɔbɔ wɔn sobo sɛ wonnye Onyankopɔn nni no sɛ nkurɔfo a wɔhaw adesamma.”

7 Asɔfo, adwumfo, ne afoforo a na wɔnam ahoni so nya wɔn ano aduan no hwanyann ɔmanfo no tiaa Kristofo a na wɔmfa wɔn ho nhyɛ ahonisom mu no. (Asomafo no Nnwuma 19:23-40; 1 Korintofo 10:14) Tertullian kyerɛwee sɛ: “Wɔfaa no sɛ asiane biara a ɛbaa ɔman no so, atoyerɛnkyɛm biara a ɛtoo nkurɔfo no, fi Kristofo no. Sɛ Tiber yiri ka afasu, sɛ Nil anyiri angugu mfuw so, sɛ wim tebea ansakra, sɛ asasewosow, ɔkɔm, anaa yaredɔm bi si a—ntɛm ara wɔteɛm sɛ: ‘Montow Kristofo no mma gyata no!’” Nokware Kristofo ‘yi wɔn ho fi abosom ho’ ɛmfa ho nea ebefi mu aba biara.—1 Yohane 5:21.

Nokware no ne Nyamesom Mu Amanne Ahorow

8. Dɛn nti na wɔn a wɔnam nokware no mu no nni Buronya?

8 Wɔn a wɔnam nokware no mu no kwati amanne ahorow a ennyina Kyerɛwnsɛm so efisɛ ‘hann ne sum nni ayɔnkofa biara.’ (2 Korintofo 6:14-18) Sɛ nhwɛso no, wonni Buronya a wodi no December 25 no. The World Book Encyclopedia gye tom sɛ: “Obiara nnim da pɔtee a wɔwoo Kristo.” The Encyclopedia Americana (1956 De no) ka sɛ: “Anigyede a wɔyɛ no Buronya mu pii no fi Saturnalia, Romafo afahyɛ a wodi no December mfinimfini no mu.” M’Clintock ne Strong Cyclopædia ka sɛ: “Buronyadi nyɛ ahyɛde a efi Onyankopɔn hɔ, na saa ara na emfi Apam Foforo no mu.” Na Daily Life in the Time of Jesus nhoma no ka sɛ: “Nguan . . . daa buw a wɔakuru so mu anadwo wɔ awɔw bere mu; na eyi nkutoo betumi ama yɛahu sɛ da a wɔde di Buronya wɔ awɔw bere mu no nyɛ nea ɛteɛ, efisɛ Asɛmpa no ka sɛ na nguanhwɛfo no da wuram.”—Luka 2:8-11.

9. Dɛn nti na Yehowa asomfo a wɔtraa ase tete ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ nni Easter?

9 Wɔkyerɛ sɛ wodi Easter de kae Kristo wusɔre, nanso adanse a edi mũ kyerɛ sɛ ɛne atorosom wɔ abusuabɔ. The Westminster Dictionary of the Bible ka sɛ na Easter “yɛ fefɛw bere mu afahyɛ a mfiase no na wodi de hyɛ Teutonfo hann ne fefɛw bere nyamewa a Anglo-Saxonfo frɛ no Eastre,” anaa Eostre “no anuonyam.” Sɛnea ɛte biara no, Encyclopædia Britannica (Nea Ɛto so 11 no) ka sɛ: “Biribiara nni Apam Foforo no mu a ɛkyerɛ sɛ na wodi Easter afahyɛ no.” Ná Easter nyɛ tete Kristofo no afahyɛ, na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nni.

10. Afahyɛ bɛn na Yesu de sii hɔ, na henanom na wɔadi wɔ ɔkwan a ɛfata so?

10 Yesu anhyɛ n’akyidifo sɛ wɔnkae n’awo anaa ne wusɔre, na mmom ɔde n’afɔrebɔ wu no ho Nkaedi na esii hɔ. (Romafo 5:8) Nokwarem no, eyi nkutoo ne ade a ɔhyɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnkae. (Luka 22:19, 20) Yehowa Adansefo da so di afe afe afahyɛ yi a wɔsan frɛ no Awurade Anwummeduan no.—1 Korintofo 11:20-26.

Nokware no a Wɔkaa no Asase Nyinaa So

11, 12. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔnam nokware no mu aboa asɛnka adwuma no bere nyinaa?

11 Wɔn a wonim nokware no bu no sɛ ɛyɛ hokwan a wɔanya sɛ wɔde wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne ahode foforo bɛyɛ asɛmpaka adwuma no. (Marko 13:10) Wɔde ntoboa a wofi ɔpɛ mu yii na ɛboaa tete Kristofo asɛnka adwuma no. (2 Korintofo 8:12; 9:7) Tertullian kyerɛwee sɛ: “Sɛ ntoboa adaka bi wɔ hɔ mpo a, wɔmfa nsi hɔ nnyigye wɔn a wɔreba ɔsom no mu foforo hɔ sika, te sɛ nea nyamesom yɛ adwuma bi a wɔde pɛ sika. Onipa biara de sika kakra ba ɔsram biara—anaa bere biara a ɔpɛ, na ofi ne pɛ mu na ɛyɛ, na sɛ obetumi a na ɔyɛ; efisɛ wɔnhyɛ obiara; ɛyɛ afɔrebɔ a efi ɔpɛ mu.”—Apology, ti 39.

12 Wɔde ntoboa ahorow a wofi ɔpɛ mu yi na ɛboa Ahenni asɛmpaka adwuma a Yehowa Adansefo yɛ no. Adansefo no akyi no, anigyefo a wɔwɔ anisɔ fa no sɛ ɛyɛ hokwan a wɔanya sɛ wɔde wɔn ntoboa ahorow bɛboa adwuma yi. Ɛha nso, nsɛdi wɔ tete Kristofo no ne Yehowa Adansefo ntam.

Nokware no ne Ankorankoro Abrabɔ

13. Ɛdefa abrabɔ ho no, Petro afotu bɛn na Yehowa Adansefo atie?

13 Sɛ́ nkurɔfo a wɔnam nokware no mu no, tete Kristofo no de ɔsomafo Petro afotu yi dii dwuma: “Mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wotwiri mo wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ‘ɔhwɛ da no.’” (1 Petro 2:12) Yehowa Adansefo tie saa nsɛm no.

14. Kristofo adwene wɔ anigyede a ɔbrasɛe wom ho ne dɛn?

14 Bere a ɔwae bae akyi mpo no, wɔn a wɔfrɛɛ wɔn ho Kristofo no kwatii ɔbrasɛe. W. D. Killen, a ɔyɛ asɔre nhyehyɛe ho abakɔsɛm ho ɔbenfo no, kyerɛwee sɛ: “Wɔ afeha a ɛto so abien ne abiɛsa no mu no, na kurow kɛse biara mu agodibea ne beae a nkurɔfo kogye wɔn ani; na bere a na wɔn a wogye nkurɔfo ani no mu dodow no ara bra asɛe koraa no, na wɔn agodie a ɛyɛ anigye no twetwe adwene kɔ nneɛma funu a na saa bere no sofo no ani gye ho so bere nyinaa. . . . Nokware Kristofo nyinaa buu agodibea hɔ sɛ atantanne bi. . . . Wɔtwee wɔn ho fii nneɛma a ɛho ntew a wɔyɛe wɔ hɔ no ho; abosonsomfo anyame ne anyamewa hɔ ade a na wɔsrɛ bere nyinaa no yɛ nea na etia wɔn nyamesom mu gyidi.” (The Ancient Church, nkratafa 318-19) Yesu nokware akyidifo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso kwati anigyede a adapaade ne aniwusɛm wom nyinaa.—Efesofo 5:3-5.

Nokware no ne ‘Atumfoɔ a Wɔkorɔn No’

15, 16. Henanom ne ‘atumfoɔ a wɔkorɔn’ no, na wɔn a wɔnam nokware no mu abu wɔn dɛn?

15 Tete Kristofo no abrabɔ pa nyinaa akyi no, Roma ahempɔn dodow no ara nyaa wɔn ho adwemmɔne. Abakɔsɛm kyerɛwfo E. G. Hardy ka sɛ ahempɔn no buu wɔn sɛ “nnipa bi a wodi adehunu akyi.” Nkitahodi bi a ɛkɔɔ so wɔ Amrado Pliny Akumaa a ofi Bitinia ne Ɔhempɔn Trajan ntam no da no adi sɛ na tumidifo dodow no ara nnim sɛnea Kristosom te ankasa. Kristofo bu ɔman dɛn?

16 Te sɛ Yesu tete akyidifo no, Yehowa Adansefo de ahobrɛase a anohyeto wom ma ‘atumfoɔ a wɔkorɔn’ no tumidi. (Romafo 13:1-7) Sɛ ntawntawdi bi ba nea nnipa hwehwɛ ne Onyankopɔn apɛde mu a, wogyina ɔfã yi: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” (Asomafo no Nnwuma 5:29) After Jesus—The Triumph of Christianity nhoma no ka sɛ: “Bere a na Kristofo ntumi mfa wɔn ho nhyɛ ɔhempɔn som mu no, na wɔnyɛ nnipa a wɔkanyan basabasayɛ, na bere a na wɔn nyamesom yɛ soronko na ɛtɔ da bi a ɛhyɛ abosonsomfo abufuw no, na ɛnyɛ asiane bi mma ahemman no.”

17. (a) Nniso bɛn na na tete Kristofo no ka ho asɛm kyerɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristo akyidifo anokwafo de nsɛm a ɛwɔ Yesaia 2:4 no adi dwuma wɔ wɔn asetra mu?

17 Ná tete Kristofo no yɛ Onyankopɔn Ahenni ho adawurubɔfo sɛnea tete agyanom Abraham, Isak, ne Yakob kyerɛɛ saa ‘kurow a ne kyekyefo ne Nyankopɔn’ no mu gyidi no. (Hebrifo 11:8-10) Te sɛ wɔn Wura no, na Yesu asuafo no “nyɛ wiase no fã.” (Yohane 17:14-16, NW) Ɛdefa nnipa akodi ne nitan ho no, na wɔadi asomdwoe akyi denam ‘wɔn nkrante a wɔde abobɔ nsɔw’ so. (Yesaia 2:4) Bere a asɔre abakɔsɛm ho kyerɛkyerɛfo Geoffrey F. Nuttall, reyɛ ntotoho bi a ɛyɛ anigye no, ɔkae sɛ: “Su a na tete Kristofo da no adi wɔ akodi ho no te sɛ nkurɔfo a wɔfrɛ wɔn ho Yehowa Adansefo no pɛpɛɛpɛ, na ɛyɛ den paa sɛ yebegye nokwasɛm a ɛte saa no atom.”

18. Dɛn nti na nniso biara nni biribi a wobegyina so asuro Yehowa Adansefo?

18 Sɛ́ nnipa a wonni afã biara a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ ‘atumfoɔ a wɔkorɔn’ ase no, na tete Kristofo no ho nyɛ hu mma amammui mu atumfoɔ biara, na saa ara na Yehowa Adansefo nso te. Amerika Atifi fam samufo bi kyerɛwee sɛ: “Obi a onni ntease na onnye afoforo nni na obetumi asusuw sɛ Yehowa Adansefo ho yɛ hu ma amammui nniso bi. Wɔyɛ nkurɔfokuw a wontutu ɔman ase na wɔpɛ asomdwoe sɛnea wɔhwehwɛ sɛ nyamesomfo yɛ no.” Atumfoɔ a wɔwɔ nimdeɛ nim sɛ Yehowa Adansefo yɛ nkurɔfo a wɔn ho nyɛ hu.

19. Ɛdefa towtua ho no, dɛn na yebetumi aka afa tete Kristofo no ne Yehowa Adansefo ho?

19 Ɔkwan koro a tete Kristofo no faa so daa obu adi kyerɛɛ ‘atumfoɔ a wɔkorɔn no’ ne tow a na wotua. Bere a Justin Martyr rekyerɛw krataa akɔma Roma ɔhempɔn Antoninus Pius (138-161 Y.B.) no, ɔkae sɛ Kristofo tua wɔn tow “ntɛm sen nnipa nyinaa.” (First Apology, ti 17) Na Tertullian ka kyerɛɛ Roma atumfoɔ no sɛ wɔn nkurɔfo a wogyigye tow no de “Kristofo aseda ka” efisɛ wofi ahonim pa mu tua wɔn tow ahorow. (Apology, ti 42) Kristofo nyaa Pax Romana, anaa Romafo Asomdwoe, ne wɔn mmara ne nhyehyɛe pa, akwan pa, ne po so akwantu a na ɛnyɛ hu pii no so mfaso pii. Esiane sɛ wohuu sɛ wɔde ɔmanfo ka nti, wotiee Yesu nsɛm no: “Momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn!” (Marko 12:17) Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ di afotu yi akyi, na wɔakamfo wɔn wɔ wɔn nokwaredi ho wɔ tow ahorow tua ho.—Hebrifo 13:18.

Nokware No—Ɛde Biakoyɛ Ba

20, 21. Ɛdefa onuayɛ kuw a asomdwoe wom ho no, dɛn na akɔ so wɔ tete Kristofo no ne Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa mu?

20 Esiane sɛ tete Kristofo no nantew nokware no mu nti, wɔyɛɛ biako wɔ onuayɛ kuw no mu asomdwoe mu, sɛnea Yehowa Adansefo te nnɛ no. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Krataa bi a wotintimii wɔ The Moscow Times mu kae sɛ: “Wonim [Yehowa Adansefo] yiye sɛ nkurɔfo a wɔpɛ nnipa, wɔn yam ye, na wodwo a ɛnyɛ den sɛ wo ne wɔn bɛbɔ, wɔnhyɛ nnipa so, na wɔhwehwɛ asomdwoe wɔ wɔne afoforo ntam abusuabɔ mu bere nyinaa . . . Wɔn a wogye adanmude, asabofo anaa wɔn a wɔnom nnubɔne nni wɔn mu, na nea enti a ɛte saa no yɛ tiawa: Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn gyidi ahorow a egyina Bible so no akyerɛ wɔn kwan wɔ biribiara a wɔyɛ anaasɛ wɔka mu. Sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa bɔ mmɔden tra ase sɛnea Bible kyerɛ, ne sɛnea Yehowa Adansefo yɛ wɔn ade no a, anyɛ yiye koraa no, anka yɛn wiase a atirimɔdensɛm ahyɛ mu ma yi bɛyɛ soronko koraa.”

21 Encyclopedia of Early Christianity no ka sɛ: “Tete asɔre no hui sɛ ɛyɛ abusuakuw foforo biako a nnipakuw a na wɔne wɔn ho wɔn ho nka, Yudafo ne Amanaman mufo, nyinaa tumi bom tra sɛ nnipa a wɔayɛ biako a wɔwɔ asomdwoe.” Yehowa Adansefo nso yɛ amanaman ntam onuayɛ kuw a wɔpɛ asomdwoe—wiase foforo abusua ankasa. (Efesofo 2:11-18; 1 Petro 5:9; 2 Petro 3:13) Bere a awɛmfo panyin a ɔwɔ Pretoria Adehwɛbea a ɛwɔ South Africa no huu sɛnea Adansefo a wofi mmusua nyinaa mu hyiae asomdwoe mu sɛ nhyiamfo no, ɔkae sɛ: “Ná obiara bu ade, wɔkasa kyerɛ wɔn ho wɔn ho kama, wɔada su ahorow adi nna kakra a atwam ni—ne nyinaa di mo kuw no mufo su ho adanse, na mo nyinaa bom tra ase sɛ abusua biako wɔ anigye mu.”

Wɔahyira Wɔn sɛ Wɔnkyerɛkyerɛ Nokware No

22. Esiane sɛ Kristofo ada nokware no adi nti, dɛn na akɔ so?

22 Paulo ne Kristofo foforo nam wɔn abrabɔ ne wɔn asɛnka so ‘yii nokware no kyerɛe.’ (2 Korintofo 4:2) So wunnye ntom sɛ Yehowa Adansefo reyɛ adwuma koro no ara, na wɔrekyerɛkyerɛ amanaman nyinaa nokware no? Nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa regye nokware som atom, na wɔresen yuu akɔ ‘Yehowa fie bepɔw so’ a wɔn dodow renya nkɔanim bere nyinaa. (Yesaia 2:2, 3) Afe biara wɔbɔ nnipa mpempem pii asu de yɛ wɔn ahosohyira ma Nyankopɔn ho sɛnkyerɛnne, na ɛma wɔhyehyɛ asafo foforo pii.

23. Wubu wɔn a wɔrekyerɛkyerɛ amanaman nyinaa nokware no dɛn?

23 Ɛwom sɛ Yehowa nkurɔfo fi mmusuakuw ahorow mu de, nanso wɔayɛ biako wɔ nokware som mu. Ɔdɔ a wɔda no adi no di wɔn ho adanse sɛ wɔne Yesu asuafo no. (Yohane 13:35) So wutumi hu sɛ ‘Onyankopɔn wɔ wɔn mu ampa’? (1 Korintofo 14:25) So woagyina wɔn a wɔrekyerɛkyerɛ amanaman nyinaa nokware no afã? Sɛ ɛte saa a, ɛmmra sɛ wobɛkyerɛ nokware no ho anisɔ daa na woanya hokwan anantew mu daa.

Wubebua Dɛn?

• Wɔ ɔsom mu no, nsɛdi bɛn na ɛwɔ tete Kristofo no ne Yehowa Adansefo mu?

• Nyamesom mu afahyɛ bɛn nkutoo na wɔn a wɔnam nokware no mu no di?

• Henanom ne ‘atumfoɔ a wɔkorɔn’ no, na Kristofo bu wɔn dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na nokware no de biakoyɛ ba?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Kristofo nhyiam ahorow ayɛ nhyira ama wɔn a wɔnam nokware no mu bere nyinaa

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wonni n’afɔrebɔ wu no ho Nkae no

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Te sɛ tete Kristofo no, Yehowa Adansefo kyerɛ obu ma ‘atumfoɔ a wɔkorɔn’ no