Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asukɔnkɔn Ho Asuade

Asukɔnkɔn Ho Asuade

Asukɔnkɔn Ho Asuade

“ASUKƆNKƆN a ɔwɔ wim po nim ne bere, . . . Nanso me man nnim [Yehowa, NW] ahyɛde.” (Yeremia 8:7) Nsɛm yi na odiyifo Yeremia de kaa Yehowa atemmusɛm tiaa Yudafo awaefo a na wɔagyaw wɔn Nyankopɔn akɔsom ananafo anyame no. (Yeremia 7:18, 31) Dɛn nti na Yeremia paw asukɔnkɔn sɛ nhwɛsode maa Yudafo a na wonni nokware no?

Israelfo fam no, na asukɔnkɔn, ne titiriw no, asukɔnkɔn fitaa yɛ nnomaa a na wɔtaa hu wɔn esiane sɛ na wodi akɔneaba wɔ Bible nsase so nti. Hebri din a ɛda anomaa kɛse a ne nan yɛ atenten a odi nsu mu akɔneaba yi so no wɔ ɔbea kabeam, na ɛyɛ asɛmfua a ɛkyerɛ “ɔnokwafo; ɔyamyefo.” Eyi fata, efisɛ nea ɛnte sɛ nnomaa dodow a aka no, asukɔnkɔn fitaa nini ne ɔbere bɔ wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu. Sɛ asukɔnkɔn kodi awɔw bere wɔ mmeae a ɛhɔ yɛ hyew wie a, wɔn mu dodow no ara san ba afe biara, na mpɛn pii no wɔsan bɛda buw koro no ara a na wɔda mu no mu.

Nkate mu a asukɔnkɔn fi yɛ ade no kyerɛkyerɛ nokwaredi mu wɔ akwan foforo so ma ɛyɛ nwonwa. Onini ne ɔbere no nyinaa da nkesua so na wɔn nyinaa na wɔma wɔn mma aduan. Our Magnificent Wildlife nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ́ awofo no, asukɔnkɔn di wɔn ho nokware ma ɛyɛ nwonwa. Asukɔnkɔnnini bi tu kɔbɔɔ anyinam ahoɔden nhama a emu ahoɔden ano yɛ den mu ma ekum no wɔ Germany. Ɔbere no nkutoo kɔɔ so butuu nkesua no so nna 3, a ɔsɔre fii so pɛnkoro pɛ bere tiaa bi mu kɔhwehwɛɛ aduan. . . . Asɛm foforo mu no, bere a obi de tuo kum asukɔnkɔnbere no, onini no yɛn wɔn mma no.”

Nokwarem no, asukɔnkɔn nam nkate mu a ofi di nokware ma ne hokafo a ɔne no tra ne nkwa nna nyinaa ne ne mma a ɔhwɛ wɔn yiye no so yɛ ade ma ɛne ne din—“ɔnokwafo”—no hyia. Enti, asukɔnkɔn yɛɛ asuade kɛse maa Israelfo asoɔdenfo a na wonni nokware no.

Wɔ nnipa pii fam nnɛ no, nokwaredi yɛ nsusuwii a ne bere atwam—ɛyɛ su a ɛfata nkamfo nanso ɛnyɛ nea wobetumi de ayɛ adwuma. Awaregu, guan a woguan gya afoforo, sikadi, ne nnaadaa foforo a abu so no da no adi sɛ wommu nokwaredi bio. Nea ɛne no bɔ abira no, Bible bu nokwaredi a efi ɔdɔ ne ayamye mu no kɛse. Ɛhyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wɔnhyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn suban so, nokware trenee ne ahotew mu no.’ (Efesofo 4:24) Yiw, nipasu foforo boa yɛn ma yedi nokware, nanso yebetumi nso anya nokwaredi ho asuade bi afi asukɔnkɔn ho.