Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fi Nokwaredi Mu Brɛ Wo Ho Ase Hyɛ Onyankopɔn Tumi ase

Fi Nokwaredi Mu Brɛ Wo Ho Ase Hyɛ Onyankopɔn Tumi ase

Fi Nokwaredi Mu Brɛ Wo Ho Ase Hyɛ Onyankopɔn Tumi ase

“[Yehowa, “NW”] ne yɛn temmufo, [Yehowa, “NW”] ne yɛn mmarahyɛfo, [Yehowa, “NW”] ne yɛn hene, ɔno na obegye yɛn nkwa.”—YESAIA 33:22.

1. Nneɛma bɛn na ɛmaa tete Israel daa nsow wɔ aman afoforo ho?

WƆKYEKYEE ɔman Israel wɔ afe 1513 A.Y.B. mu. Saa bere no na enni ahenkurow, asase, ne onipa a odi wɔn so hene. Ná ɔman no mufo yɛ nnipa a bere bi na wɔyɛ nkoa. Nanso na saa ɔman foforo no yɛ soronko wɔ ɔkwan foforo so. Ná Yehowa Nyankopɔn ne ɔman no Temmufo, Mmarahyɛfo, ne Ɔhene a wontumi mfa aniwa nhu no. (Exodus 19:5, 6; Yesaia 33:22) Ná ɔman foforo biara ntumi nka sɛ wɔte saa!

2. Nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre wɔ ɔkwan a wɔhyehyɛɛ Israel no ho, na dɛn nti na ɛho mmuae no ho hia yɛn?

2 Esiane sɛ Yehowa nyɛ sakasaka Nyankopɔn, na ɔsan yɛ asomdwoe Nyankopɔn nti, yɛbɛhwɛ kwan sɛ ɔman biara a obedi so no bɛyɛ ɔman a wɔwɔ nhyehyɛe pa. (1 Korintofo 14:33) Akyinnye biara nni ho sɛ saa na na Israel te. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn a wontumi nhu no no de akwankyerɛ ama asase so ahyehyɛde a aniwa hu? Ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw ɔkwan a Yehowa faa so dii saa tete man no so no ho, na yɛahyɛ sɛnea ɔne Israel dii nsɛm sii hia a ehia sɛ yefi nokwaredi mu brɛ yɛn ho ase hyɛ Onyankopɔn tumi ase so dua no nsow.

Sɛnea Wodii Tete Israel so Tumi

3. Nhyehyɛe pa bɛn na Yehowa yɛe na wɔde akyerɛ ne nkurɔfo kwan?

3 Ɛwom sɛ na Yehowa ne Israel Hene a wontumi nhu no de, nanso ɔpaw mmarima anokwafo sɛ n’ananmusifo a aniwa hu wɔn. Na wɔwɔ mmapɔmma, mmusua so mpanyimfo, mpanyimfo a na wɔbɛsom sɛ afotufo ne atemmufo ama ɔman no. (Exodus 18:25, 26; Deuteronomium 1:15) Nanso ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ɔkwan bi so no, saa mmarima a na asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa no betumi de nhumu ne ntease a edi mu adi nsɛm bere a Onyankopɔn akwankyerɛ nka ho. Ná wɔnyɛ pɛ, na na wontumi nhu wɔn mfɛfo asomfo koma mu. Nanso, na atemmufo a wosuro Nyankopɔn no betumi de afotu pa ama wɔn mfɛfo gyidifo efisɛ na egyina Yehowa Mmara so.—Deuteronomium 19:15; Dwom 119:97-100.

4. Su horow bɛn na na Israel atemmufo anokwafo no pɛ sɛ wɔkwati, na dɛn ntia?

4 Nanso na ɛnyɛ nea ɔtemmufo a obi bɛyɛ hwehwɛ ara ne sɛ obehu Mmara no. Esiane sɛ na mpanyimfo no tɔ sin nti, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye sɛ wobedi wɔn ankasa sintɔ ahorow—te sɛ pɛsɛmenkominya, animhwɛ, ne adifudepɛ—a na ebetumi ama wɔabu ntɛnkyea no so. Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monnhwɛ nnipa anim atemmu mu, muntie aketewa sɛ ɔkɛse, munnsuro onipa anim, efisɛ atemmu yɛ Onyankopɔn dea.’ Yiw, na Israel atemmufo redi asɛm ama Onyankopɔn. Hwɛ sɛnea na ɛyɛ hokwan a nidi wom!—Deuteronomium 1:16, 17.

5. Atemmufo a na wɔpaw akyi no, nsiesiei foforo bɛn na Yehowa yɛe a na ɔde bɛhwɛ ne man so?

5 Yehowa yɛɛ nsiesiei afoforo a na ɔnam so bedi ne nkurɔfo no honhom fam ahiade ho dwuma. Ansa na wɔredu Bɔhyɛ Asase so no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wonsi ntamadan, beae titiriw a na wobefi de nokware som ama. Afei nso ɔhyehyɛɛ asɔfokuw a wɔbɛkyerɛkyerɛ Mmara, wɔde mmoa bɛbɔ afɔre, na wɔahyew aduhuam anɔpa ne anwummere. Onyankopɔn sii Mose nua panyin, Aaron, sɛ Israel ɔsɔfo panyin a odi kan, na ɔpaw Aaron mma sɛ wɔmmoa wɔn agya wɔ ne nnwuma mu.—Exodus 28:1; Numeri 3:10; 2 Beresosɛm 13:10, 11.

6, 7. (a) Abusuabɔ bɛn na na ɛda Lewifo a wɔyɛ asɔfo ne wɔn a wɔnyɛ asɔfo no ntam? (b) Asuade bɛn na yebetumi anya afi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na Lewifo no yɛ nnwuma a egu ahorow no mu? (Kolosefo 3:23)

6 Nnipa ɔpepem pii ahiade a na wobedi ho dwuma no nna fam, nanso na asɔfo no nnɔɔso koraa. Enti wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛma Lewi abusua no mufo afoforo aboa wɔn. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa Lewifo no ma Aaron ne ne mma no, wɔde wɔn ama no koraa afi Israelfo mu.”—Numeri 3:9, 39.

7 Ná wɔahyehyɛ Lewifo no yiye. Wɔkyekyɛɛ wɔn mu sɛnea mmusua abiɛsa no te—Gersonfo, Kehatfo ne Merarifo—a na wɔn mu biara wɔ adwuma a wɔbɛyɛ. (Numeri 3:14-17, 23-37) Ná ɛte sɛ nea nnwuma no bi yɛ atitiriw sen afoforo, nanso na ne nyinaa ho hia. Ná Kehat Lewifo no adwuma ma wɔbɛn apam adaka kronkron no ne ntamadan no mu nneɛma no. Nanso, ɛmfa ho sɛ na Lewini bi yɛ Kehatni anaa ɔfoforo no, wɔn nyinaa nyaa hokwan a na ɛyɛ anigye. (Numeri 1:51, 53) Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔn mu binom ani ansɔ hokwan a na wɔwɔ no. Sɛ́ anka wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ Onyankopɔn tumi ase no, wɔankyerɛ anisɔ na wɔmaa kwan ma ahantan, anuonyampɛ, ne anibere nyaa wɔn so nkɛntɛnso. Lewini bi a na wɔfrɛ no Kora ka saafo no ho.

“Morepɛ Asɔfodi Nso?”

8. (a) Ná hena ne Kora? (b) Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛkaa Kora ma ɔde nnipa adwene susuw asɔfo no ho?

8 Ná Kora nyɛ Lewi abusua no so panyin, na saa ara nso na na ɔnyɛ Kehat mmusua no ti. (Numeri 3:30, 32) Nanso na ɔyɛ ɔbapɔmma a wobu no wɔ Israel. Ɛbɛyɛ sɛ adwuma a na Kora yɛ no ma ɔbɛnee Aaron ne ne mma no. (Numeri 4:18, 19) Ɛbɛyɛ sɛ saa mmarima yi sintɔ ahorow a Kora hui no ma osusuwii sɛ: ‘Asɔfo yi tɔ sin ankasa, nanso wɔhwɛ kwan sɛ mɛbrɛ me ho ase ahyɛ wɔn ase! Ɛnkyɛe koraa na Aaron yɛɛ nantwi ba honi. Saa honi no a yɛn nkurɔfo somee no ma wɔyɛɛ abosonsomfo. Seesei, Mose nua Aaron, resom sɛ ɔsɔfo panyin! Animhwɛ bɛn ara ni! Na Aaron mma, Nadab ne Abihu nso ɛ? Hwɛ, wɔdaa animtiaabu a ɛkɔ akyiri adi wɔ ɔsom hokwan a na wɔwɔ no ho ma Yehowa kum wɔn!’ * (Exodus 32:1-5; Leviticus 10:1, 2) Sɛnea na Kora nsusuwii te biara no, ɛda adi sɛ ofii ase de nnipa adwene susuw asɔfodi no ho. Ɛno na ɛma ɔtew atua tiaa Mose ne Aaron, na awiei koraa no, ɔtew atua tiaa Yehowa no.—1 Samuel 15:23; Yakobo 1:14, 15.

9, 10. Sobo bɛn na Kora ne ne mfɛfo atuatewfo no de bɔɔ Mose, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ anka wogyina so susuw nneɛma ho yiye?

9 Esiane sɛ na Kora yɛ ɔbarima a ɔwɔ nkɛntɛnso nti, na ɛnyɛ den sɛ obenya nkurɔfo a wɔne no bɛyɛ adwene. Ɔne Datan ne Abiram nyaa nnipa a na wɔne wɔn yɛ adwene 250—na wɔn nyinaa yɛ bagua no so mmapɔmma. Wɔn nyinaa kɔɔ Mose ne Aaron anim kɔkae sɛ: “Asafo mu yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, obiara biara, na [Yehowa, NW] wɔ wɔn mu; na ɛdɛn nti na moma mo ho so [Yehowa, NW] bagua so?”—Numeri 16:1-3.

10 Esiane nea na atuatewfo no nim nti, na anka ɛnsɛ sɛ wɔkasa tia Mose tumi. Ná Aaron ne Miriam ayɛ saa a ɛnkyɛe koraa. Hwɛ, na wɔde nsusuwii a ɛte sɛ Kora de no ara na adi dwuma! Sɛnea Numeri 12:1, 2 kyerɛ no, wobisae sɛ: “So Mose nko so na [Yehowa, NW] nam kasa, na ɔmfa yɛn so nso nkasa?” Na Yehowa retie. Ɔhyɛɛ Mose, Aaron, ne Miriam sɛ wonhyiam wɔ ahyiae ntamadan no anim sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbɛkyerɛ nea wapaw no sɛ kannifo. Afei Yehowa kaa no pefee sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] diyifo bi wɔ mo mu a, adehu mu na mema ohu me, ɔdae mu na mekasa mekyerɛ no: Ɛnyɛ sɛ m’akoa Mose te ne no, wɔde me fi nyinaa ahyɛ ne nsa.” Ɛno akyi no, Yehowa maa Miriam yaree kwata bere tiaa bi mu.—Numeri 12:4-7, 10.

11. Mose yɛɛ n’ade dɛn wɔ Kora asɛm no ho?

11 Ɛda adi sɛ na Kora ne n’aboafo no nim saa asɛm no. Enti na wɔrentumi nyi wɔn ho ano wɔ wɔn atuatew no ho. Ne nyinaa akyi no, Mose bɔɔ mmɔden sɛ ɔne wɔn besusuw nsɛm ho bɔkɔɔ. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmma wɔn ani nsɔ hokwan ahorow a na wɔwɔ no, bere a ɔkae sɛ: “So ɛyɛ mo ade ketewa sɛ Israel Nyankopɔn no atew mo afi Israel asafo ho sɛ ɔde mo rebɛn ne ho?” Dabi, na ɛnyɛ “ade ketewa”! Na nea Lewifo no wɔ no ara ye. Dɛn bio na na wɔhwehwɛ? Mose nsɛm a edi so no daa wɔn komam nsusuwii adi: “Morepɛ asɔfodi nso?” * (Numeri 12:3; 16:9, 10) Nanso, ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛɛ n’ade wɔ atua a wɔtew tiaa Onyankopɔn tumi yi ho?

Israel Temmufo no De Ne Ho Gye Mu

12. Sɛ na Israel bɛkɔ so ne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa a, na egyina dɛn so?

12 Bere a Yehowa de Mmara no maa Israel no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ sɛ wotie no a, wɔbɛyɛ “ɔman kronkron” ne sɛ, bere tenten a ɔman no bɛkɔ so agye Yehowa nhyehyɛe atom no, wɔbɛyɛ kronkron. (Exodus 19:5, 6) Nanso afei a wɔrebɛtew atua pefee yi, na bere aso sɛ Israel Temmufo ne Mmarahyɛfo yi de ne ho gye asɛm no mu! Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: “Wo ne w’asafo no nyinaa mmra [Yehowa, NW] anim, wo ne wɔn ne Aaron mmra ɔkyena; na mo mu biara mfa ne kukuwa, na ɔmfa aduhuam ngu so, na obiara mfa ne kukuwa mmra [Yehowa, NW] anim, nkukuwa ahanu aduonum; na wo nso, ne Aaron, obiara mfa ne kukuwa mmra.”—Numeri 16:16, 17.

13. (a) Dɛn nti na na ɛyɛ aniammɔnho sɛ atuatewfo no bɛhyew aduhuam wɔ Yehowa anim? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne atuatewfo no dii?

13 Sɛnea Onyankopɔn Mmara kyerɛ no, asɔfo nkutoo na na wɔhyew aduhuam. Enti ɛsɛ sɛ anka Lewifo a wɔnyɛ asɔfo a wɔrebɛhyew aduhuam Yehowa anim no ma atuatewfo no adwene ba wɔn ho so. (Exodus 30:7; Numeri 4:16) Nanso Kora ne n’akyitaafo no ante nka saa! Ade kyee no, ‘ɔmaa asafo mũ no nyinaa bɔɔ Mose ne Aaron so gua hyiae ntamadan no ano.’ Kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “[Yehowa, NW] kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Montwe mo ho mfi asafo yi mu, na memmene wɔn afrɛso.” Nanso Mose ne Aaron srɛe sɛ ɔmfa ɔman no ho nkyɛ wɔn. Yehowa tiee wɔn adesrɛ no. Nanso Kora ne ne dɔm no de, “ogya fii [Yehowa, NW] nkyɛn bɛhyew mmarima ahanu aduonum a wɔde aduhuam no bae no.”—Numeri 16:19-22, 35. *

14. Dɛn nti na Yehowa de asotwe a emu yɛ den baa Israel asafo no so?

14 Anwonwasɛm ne sɛ, Israelfo a wohuu sɛnea Yehowa ne atuatewfo yi dii no ansua biribi amfi mu. “N’adekyee no Israel asafo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Mo na moakum [Yehowa, NW] man.” Ná Israelfo no regyina atirisopamfo no akyi! Awiei koraa no, Yehowa abodwokyɛre sae. Ná obiara—Mose anaa Aaron mpo—ntumi nsrɛ mma ɔman no afei. Yehowa maa ɔyaredɔm sii asoɔdenfo no mu, “na nnipa a wowuwui ɔyaredɔm no mu ano si mpem dunnan ne ahanson, ɛsono wɔn a Kora asɛm no nti wowuwui no.”—Numeri 16:41-49.

15. (a) Nneɛma bɛn na na ɛsɛ sɛ anka ɛma Israelfo no gye Mose ne Aaron akanni no tom koraa? (b) Dɛn na asɛm yi ama woasua wɔ Yehowa ho?

15 Na ɛho nhia koraa sɛ nnipa a wɔte saa nyinaa bɛhwere wɔn nkwa. Sɛ anka wosusuwii nsɛm ho yiye a, anka wobetumi abisa wɔn ho nsɛm te sɛ: ‘Henanom na wɔde wɔn nkwa too asiane mu kogyinaa Farao anim? Henanom na wɔkae sɛ wonnyae Israelfo mma wɔn? Bere a wogyee Israel akyi no, hena nkutoo na wɔfrɛɛ no ma ɔforoo Bepɔw Horeb ma ɔne Onyankopɔn bɔfo kɔkasae ano ne ano?’ Akyinnye biara nni ho sɛ, Mose ne Aaron ho adanse soronko no daa wɔn nokwaredi ma Yehowa ne ɔdɔ a na wɔwɔ ma ɔman no adi. (Exodus 10:28; 19:24; 24:12-15) Ná ɛnyɛ Yehowa dɛ sɛ obekum atuatewfo no. Nanso bere a ɛbɛdaa adi sɛ nkurɔfo no rennyae wɔn atuatew no, ɔyɛɛ ade ntɛm so. (Hesekiel 33:11) Eyinom nyinaa yɛ asuade titiriw ma yɛn nnɛ. Dɛn ntia?

Hu a Yebehu Wɔn a Wɔde Wɔn Di Dwuma Nnɛ

16. (a) Adanse bɛn na ɛsɛ sɛ anka ɛma afeha a edi kan mu Yudafo no gye di sɛ Yesu yɛ Yehowa nanmusifo? (b) Dɛn nti na Yehowa sesaa Lewi asɔfokuw no, na dɛn na ɔde sii ananmu?

16 Ɛnnɛ, “ɔman” foforo bi wɔ hɔ a Yehowa na ɛyɛ ɛso Temmufo, Mmarahyɛfo, ne Ɔhene a aniwa nhu no. (Mateo 21:43) Wɔwoo “ɔman” no wɔ afeha a edi kan Y.B. mu. Eduu saa bere no, na wɔde asɔrefie fɛfɛ a na ɛwɔ Yerusalem no asi Mose bere so ntamadan no ananmu, faako a na Lewifo da so ara som. (Luka 1:5, 8, 9) Nanso, wɔ afe 29 Y.B. mu no, asɔrefie foforo, honhom fam de, bae a na Yesu Kristo na odi so Ɔsɔfo Panyin. (Hebrifo 9:9, 11) Onyankopɔn tumi ho asɛm sɔree bio. Hena na na Yehowa de no rebedi dwuma ma wadi “ɔman” foforo yi anim? Yesu daa ne ho adi sɛ obi a ofi ne koma nyinaa mu di Onyankopɔn nokware. Ná ɔdɔ ɔmanfo no. Afei nso ɔyɛɛ anwonwade pii. Nanso, te sɛ wɔn nananom a na wɔasen wɔn kɔn no, Lewifo no mu dodow no ara annye Yesu antom. (Mateo 26:63-68; Asomafo no Nnwuma 4:5, 6, 18; 5:17) Awiei koraa no, Yehowa de asɔfokuw a ɛyɛ soronko koraa—ahene asɔfokuw—sii Lewifo asɔfokuw no ananmu. Ahene asɔfokuw no yɛ adwuma de besi nnɛ.

17. (a) Nnipakuw bɛn na wɔbom yɛ ahene asɔfokuw no nnɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa de ahene asɔfokuw no di dwuma?

17 Henanom na wɔbom yɛ ahene asɔfokuw yi nnɛ? Ɔsomafo Petro bua saa asɛmmisa no wɔ ne krataa a edi kan a efi honhom mu no mu. Petro kyerɛwee Kristo nipadua mufo a wɔasra wɔn no sɛ: “Moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu [no] mmaninyɛ nkyerɛ.” (1 Petro 2:9) Yehu fi nsɛm yi mu pefee sɛ, sɛ kuw no, Yesu anammɔn akyidifo a wɔasra wɔn yi na wɔbom yɛ “ahene asɔfokuw” yi a Petro san frɛɛ wɔn “ɔman kronkron” no. Wɔn na wɔbom yɛ nkurɔfo a Yehowa nam wɔn so de honhom fam akwankyerɛ ma ne man no.—Mateo 24:45-47.

18. Abusuabɔ bɛn na ɛda mpanyimfo no ne ahene asɔfokuw no ntam?

18 Mpanyimfo a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa wɔ Yehowa nkurɔfo asafo horow mu wɔ wiase nyinaa no na wɔyɛ ahene asɔfokuw no ananmusifo. Ɛfata sɛ yɛkyerɛ obu ma saa mmarima yi na yɛboa wɔn, ɛmfa ho sɛ ebia wɔasra wɔn anaasɛ wɔnsraa wɔn. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa nam ne honhom kronkron no so na apaw mpanyimfo yi de dwumadi ahyehyɛ wɔn nsa. (Hebrifo 13:7, 17) Ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ yiye saa?

19. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron paw mpanyimfo?

19 Mpanyimfo yi du ahwehwɛde a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm, a efi Onyankopɔn honhom mu no ho. (1 Timoteo 3:1-7; Tito 1:5-9) Ne saa nti, yebetumi aka sɛ honhom kronkron no na ɛpaw wɔn. (Asomafo no Nnwuma 20:28) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo yi hu Onyankopɔn Asɛm no yiye. Te sɛ Ɔtemmufo Pumpuni a ɔpaw wɔn no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo yi kyi biribiara a ɛte sɛ animhwɛ wɔ atemmu mu.—Deuteronomium 10:17, 18.

20. Dɛn na w’ani gye ho wɔ mpanyimfo a wɔyɛ adwumaden no ho?

20 Sɛ́ anka yɛbɛkasa atia yɛn mpanyimfo no tumi no, yefi komam kyerɛ wɔn adwumaden no ho anisɔ! Mpɛn pii no, nokwaredi a wɔde asom mfe pii no ma yenya wɔn mu ahotoso. Wofi nokwaredi mu siesie wɔn ho ma asafo nhyiam ahorow na wɔhwɛ so, wɔne yɛn bom yɛ “ahenni ho asɛmpaka” adwuma no, na sɛ yehia Kyerɛwnsɛm mu afotu a, wɔde ma yɛn. (Mateo 24:14; Hebrifo 10:23, 25; 1 Petro 5:2) Sɛ yɛyare a, wɔba bɛsra yɛn, na sɛ yedi awerɛhow a, wɔbɛkyekye yɛn werɛ. Wofi nokwaredi ne ayamye mu boa ma Ahenni nneɛma nya nkɔso. Yehowa honhom wɔ wɔn so; wɔwɔ n’anim dom.—Galatifo 5:22, 23.

21. Dɛn na ɛnsɛ sɛ mpanyimfo ma wɔn ani pa so, na dɛn ntia?

21 Ɛwom, mpanyimfo no nyɛ pɛ. Esiane sɛ wonim sɛ wɔtɔ sin nti, wɔmmɔ mmɔden sɛ wobedi nguankuw, ‘Onyankopɔn agyapade’ no so bakoma. Mmom no, wobu wɔn ho sɛ ‘wɔyɛ anuanom no anigye ho yɔnko adwumayɛfo.’ (1 Petro 5:3; 2 Korintofo 1:24) Mpanyimfo ahobrɛasefo a wɔyɛ adwumaden no dɔ Yehowa, na wonim sɛ dodow a wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua no no, dodow no ara na wɔn so ba asafo no mfaso. Bere a eyi wɔ wɔn adwenem no, wɔbɔ mmɔden daa sɛ wobenya su horow a eye te sɛ ɔdɔ, ayamhyehye, ne abodwokyɛre.

22. Ɔkwan bɛn so na Kora asɛm a yɛasusuw ho no ahyɛ wo gyidi wɔ Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no mu den?

22 Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ Yehowa yɛ yɛn Sodifo a aniwa ntumi nhu no, Yesu Kristo sɛ yɛn Sɔfo Panyin, ahene asɔfokuw a wɔasra wɔn no mufo sɛ yɛn akyerɛkyerɛfo, ne Kristofo mpanyimfo anokwafo sɛ yɛn afotufo! Ɛwom sɛ ahyehyɛde a nnipa di anim biara ntumi nyɛ pɛ de, nanso yɛn ani gye sɛ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo a wofi anigye mu brɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn tumi ase no tumi som Nyankopɔn!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Aaron mma baanu, Eleasar ne Itamar, daa nhwɛso pa adi wɔ ɔsom a wɔde maa Yehowa no mu.—Leviticus 10:6.

^ nky. 11 Ná Kora mfɛfo atirisopamfo no, Datan ne Abiram, yɛ Rubenfo. Enti ɛda adi sɛ, na wɔn ani mmere asɔfodi no. Wɔn fam no, Mose akanni no na na ɛyɛ wɔn ahi, ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛde bedu saa bere no, na wontumi nuu Bɔhyɛ Asase no so no.—Numeri 16:12-14.

^ nky. 13 Wɔ tete agyanom bere so no, na abusua ti biara gyina ne yere ne ne mma ananmu wɔ Onyankopɔn anim, na mpo ogyina wɔn ananmu bɔ afɔre ma wɔn. (Genesis 8:20; 46:1; Hiob 1:5) Nanso, bere a wɔhyehyɛɛ Mmara no, Yehowa paw Aaron abusua no mu mmarima sɛ asɔfo a wɔnam wɔn so de afɔrebɔ bɛma. Ɛda adi sɛ na atuatewfo 250 no mpene nsakrae yi so.

Dɛn na Woasua?

•Nsiesiei a ɔdɔ wom bɛn na Yehowa yɛe a na ɔde bɛhwɛ Israelfo so?

•Dɛn nti na atua a Kora tew tiaa Mose ne Aaron no nni anoyi biara?

•Asuade bɛn na yenya fi ɔkwan a Yehowa faa so ne atuatewfo no dii no mu?

•Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa nhyehyɛe ahorow nnɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

So wubu Yehowa som mu dwumadi biara sɛ hokwan?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

“Ɛdɛn nti na moma mo ho so [Yehowa, “NW”] bagua so?”

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Mpanyimfo a wɔapaw wɔn no gyina ahene asɔfokuw no ananmu