Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Manyin Na Nna Amee Me

Manyin Na Nna Amee Me

Asetram Nsɛm

Manyin Na Nna Amee Me

SƐNEA MURIEL SMITH KA KYERƐE

Wɔbɔɔ m’abɔnten pon mu denneennen ma ɛwosowee. Ná afei ara na mafi anɔpa asɛnka a adagyew nnim aba fie sɛ merebedidi. Sɛnea metaa yɛ no, na merenoa nsu ayɛ tii na magye m’ahome dɔnhwerew fã. Wɔkɔɔ so bɔɔ ɔpon no mu denneennen, na bere a merekɔ ɔpon no ano no, na mintumi nhu onii a na ɔreba me nkyɛn saa bere yi. Ankyɛ na mihui. Mmarima baanu a na wogyina me pon ano no daa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ polisifo. Wɔkae sɛ wɔaba hɔ rebɛhwehwɛ me fie hɔ sɛ wobehu nhoma a Yehowa Adansefo—ahyehyɛde a wɔabara no—ayɛ anaa.

Adɛn nti na na wɔabara Yehowa Adansefo wɔ Australia, na ɛyɛɛ dɛn na mebɛyɛɛ wɔn mu biako? Ne nyinaa fii ase fi akyɛde bi a me maame de maa me wɔ afe 1910 mu, bere a na madi mfe du no.

NA M’ABUSUA no te nnuadan bi mu wɔ North Sydney a ɛwɔ Crows Nest kurotia no. Da bi mifi sukuu bɛtoo me maame sɛ ɔne ɔbarima bi rekasa wɔ yɛn abɔnten pon ano. Na mepɛ sɛ mihu onii ko a saa ɔbarima hɔho a ɔhyɛ akrakyefo atade na okura bag a nhoma ayɛ mu ma yi yɛ. Mede fɛre srɛɛ kwan kɔɔ fie. Nanso simma kakra bi akyi no, Maame frɛ me. Ɔkae sɛ: “Saa ɔbarima yi wɔ nhoma a emu yɛ anigye, na ne nyinaa fa Kyerɛwnsɛm no ho. Seesei, esiane sɛ ɛrenkyɛ na woasan adi w’awoda bio nti, wubetumi apaw atade foforo anaa saa nhoma yi mu nea wopɛ. Emu nea ɛwɔ he na wopɛ?”

Mekae sɛ: “Oo, Maame, mepɛ nhoma no, meda wo ase.”

Enti mibenyaa Studies in the Scriptures, a Charles Taze Russell kyerɛwee no po abiɛsa a edi kan no bi bere a na madi mfe du no. Ɔbarima a na ɔwɔ pon no ano no kyerɛkyerɛ mu kyerɛɛ me maame sɛ ebehia sɛ ɔboa me ma mete nhoma no ase, esiane sɛ emu betumi ayɛ den ama me nti. Maame kae sɛ n’ani begye ho sɛ ɔbɛyɛ saa. Awerɛhosɛm ne sɛ Maame wui wɔ asɛm yi akyi bere tiaa bi. Paapa bɔɔ mmɔden hwɛɛ me ne me nuabarima, ne me nuabea no, nanso na afei asɛyɛde afoforo abɛda me so a ɛsɛ sɛ midi ho dwuma, na ɛte sɛ nea ɛboro me so. Nanso, na awerɛhosɛm foforo nam kwan so reba.

Wiase ko a edi kan no fii ase wɔ afe 1914 mu, na afe biako pɛ akyi no, wokum yɛn papa a yɛdɔ no no. Afei yɛayɛ nyisaa, wɔde me nuabarima ne me nuabea kɔtraa abusuafo nkyɛn, na wɔde me kɔɔ Katolek kɔlege a wɔda hɔ mu. Ɛtɔ da bi a na ankonamyɛ ma me werɛ how. Nanso, na m’ani sɔ hokwan a wɔde ama me sɛ mentoa anigye a mewɔ wɔ nnwom ho, ne titiriw adakabɛn so no. Mfe no twaam, na miwiee adesua wɔ kɔlege a wɔda hɔ no. Wɔ 1919 mu no, mewaree Roy Smith, obi a na ɔtɔn nnwinnade a wɔde bɔ nnwom. Wɔ 1920 mu no, yɛwoe, na asetram dadwen san bɛhyɛɛ me so bio. Na saa nhoma no nso ɛ?

Ofipamfo Bi Ka Honhom Fam Nokware Ho Asɛm

Mede “Bible ho nhoma” no kaa me ho kɔɔ baabiara saa mfe no nyinaa mu. Ɛwom sɛ na menkenkan nhoma no ankasa da de, nanso na minim wɔ me komam sɛ nkrasɛm a ɛwɔ mu no ho hia. Afei, da bi wɔ afe 1920 awiei no, Lil Bimson, yɛn afipamfo no mu biako, baa nsrahwɛ. Yɛkɔɔ asa no so kɔtraa hɔ nom tii.

Ɔteɛɛm prɛko pɛ sɛ: “Oo, wowɔ saa nhoma no bi!”

Mede ahodwiriw bisae sɛ: “Nhoma bɛn?”

Ɔde ne nsa kyerɛɛ Studies in the Scriptures a na ɛhyɛ nhomakorabea hɔ no. Lil fɛm nhoma no de kɔɔ fie saa da no na ɔde anigye kenkanee. Ankyɛ na ahurusi a odii wɔ nea wakenkan ho no daa adi. Lil kogyee nhoma pii fii Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, nkyɛn. Bio nso, na ontumi nkwati sɛ ɔbɛka nneɛma a ɔresua no nyinaa akyerɛ yɛn. Nhoma a ogyee no mu biako ne The Harp of God, a ankyɛ ɛbɛdaa yɛn fie no. Afei m’asetra wɔ Yehowa som mu fii ase bere a meyɛɛ bere nhyehyɛe kenkan saa Bible nhoma yi no. Awiei koraa no, minyaa nsɛmmisa atitiriw a m’asɔre antumi amma me ho mmuae no ho mmuae.

Anigyesɛm ne sɛ Roy de n’adwene sii Bible nkrasɛm no so titiriw, na yɛn baanu nyinaa bɛyɛɛ Bible adesuafo a yɛwɔ anigye. Bere a atwam no, na Roy yɛ Lɔɔgyefo Kuw no muni. Afei ná yɛn abusua no ayɛ biako wɔ ɔsom kronn mu, na na anuanom no mu biako ne abusua mũ no bɛyɛ Bible adesua mprenu wɔ dapɛn mu. Yenyaa nkuranhyɛ foforo bere a yefii ase kɔɔ Bible Asuafo no nhyiam ahorow a wɔyɛ no. Wɔ Sydney no, na beae a wohyia no yɛ asa ketewa bi a wotua ho ka a ɛwɔ Newtown kurotia no so. Saa bere no, na Adansefo a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa nnu 400 ma enti, na ɛsɛ sɛ anuanom dodow no ara twa kwan tenten ansa na wɔakɔ asafo nhyiam ahorow.

Wɔ yɛn abusua no fam no, na ɛsɛ sɛ yetwa Sydney Harbour daa ansa na yɛakɔ asafo nhyiam ahorow. Ansa na wɔreyɛ Sydney Harbour Twene no wɔ afe 1932 mu no, na ɛsɛ sɛ yɛde ahyɛmma twa bere biara. Ɛmfa ho ɛbere ne sika a yɛsɛee wɔ saa kwan yi twa ho no, yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛrenhwere honhom fam nnuan a Yehowa de rema no. Na mfaso wɔ mmɔden a yɛbɔe sɛ yɛn ase betim nokware no mu denneennen no so, efisɛ na wiase ko a ɛto so abien refi ase, na na ɔfã biara a wonni ho asɛm bɛka yɛn abusua no tẽẽ.

Sɔhwɛ ne Nhyira Horow Bere

Na 1930 mfiase yɛ anigye bere ma me ne m’abusua. Wɔbɔɔ me asu wɔ 1930 mu, na wɔ 1931 mu no, na mewɔ ɔmantam nhyiam a me werɛ remfi da ase bere a yɛn nyinaa sɔre gyinae penee so sɛ yɛbɛfa din a anuonyam wom, Yehowa Adansefo, ato yɛn ho so no. Me ne Roy de nsi bɔɔ mmɔden yɛɛ yɛn ade ma ɛne edin no hyiae denam akwan a wɔde ka asɛm ne ɔsatu nyinaa a asafo no hyɛ ho nkuran a yɛde yɛn ho hyɛɛ mu no so. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1932 mu no, yɛde yɛn ho hyɛɛ nhomawa ho ɔsatu titiriw mu a na n’atirimpɔw ne sɛ nnipadɔm a wɔrebɛhwɛ Sydney Harbour Twene no ano bue no nsa bɛka bi. Ade a ɛyɛɛ titiriw maa yɛn ne kar a akasam afiri si so a yɛde dii dwuma no, na yenyaa hokwan ma wɔde akasam afiri sii yɛn abusua kar no so. Bere a yekura saa mfiridwuma mu adwinnade yi no, yɛbɔɔ Bible mu kasa horow a Onua Rutherford mae a wɔakyere agu hama so no wɔ Sydney mmɔnten so baabiara.

Nanso, na tebea no resesa bio na na emu rekɔ so yɛ den. Eduu 1932 mu no, na Sikasɛm mu Ahokyere no mu ayɛ den wɔ Australia, enti me ne Roy sii gyinae sɛ yebetwitwa yɛn asetra mu nneɛma so. Ɔkwan biako a yɛfaa so yɛɛ eyi ne sɛ yetu kɔtraa baabi a ɛbɛn asafo no, na ɛno ma yɛtew ɛka a na yɛbɔ wɔ kwan a na yetwa ho no so yiye. Nanso sika fam ahokyere bɛyɛɛ ade ketewaa bi bere a Wiase Ko II ho hu hyɛɛ wiase so no.

Esiane Yesu ahyɛde a ɛne sɛ wɔnnyɛ wiase no fá a Yehowa Adansefo di so no nti, wɔde ani sii wɔn so taa wɔn wɔ wiase afanan nyinaa a na Australia ka ho. Esiane ɔko bere mu anikrakra nti ebinom susuwii sɛ yɛyɛ Komunisfo. Saa asɔretiafo yi dii mfomso kae sɛ Yehowa Adansefo de radio dwumadibea anan a wɔwɔ wɔ Australia no di dwuma de nkrasɛm kɔma Japanfo asraafo no.

Anuanom mmerante a wɔfrɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ asraafo no hyiaa nhyɛso a emu yɛ den a ɛne sɛ wonnyae wɔn gyidi mu nsiesie. Ɛyɛ me anigye sɛ mɛka sɛ yɛn mmabarima baasa no nyinaa kuraa wɔn gyidi mu pintinn na wɔannyina afã biara. Wɔde yɛn babarima panyin, Richard, too afiase asram 18. Kevin, yɛn babarima a ɔto so abien no, tumi daa ne ho adi sɛ obi a ɔpo biribi esiane ahonim pa a ɔwɔ nti. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ yɛn babarima kumaa, Stuart, wui wɔ moto akwanhyia mu wɔ bere a ɔrekowie ne nsɛm a ɛfa ɔfã biara a onni no ho wɔ asɛnnibea no. Saa asiane yi haw yɛn yiye. Nanso, yɛn adwene a yɛde sii Ahenni no ne Yehowa bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ho so no boaa yɛn ma yegyinaa ano.

Wɔn Nsa Anka Botae no Ankasa

Wɔ January 1941 no, wɔbaraa Yehowa Adansefo a wɔwɔ Australia no. Nanso, sɛnea Yesu asomafo no yɛe no, me ne Roy tiee Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa, na yɛkɔɔ so yɛɛ adwuma mfe abien ne fã wɔ sum ase. Ɛyɛ saa bere yi mu na polisifo baanu a wɔnhyɛ polisifo ntade a mekaa wɔn ho asɛm mfiase no bɔɔ me pon mu no. Dɛn na esii?

Wiɛ, memaa wɔbaa mu. Wɔhyɛn mu no, mibisae sɛ, “So ɛrenhaw mo sɛ mɛnom me tii yi awie ansa na moahwehwɛ fie no mu?” Anwonwasɛm ne sɛ, wɔpenee so, na mekɔɔ mukaase kɔbɔɔ Yehowa mpae na mede ntoboase susuw nneɛma ho. Bere a mesan bae no, polisini biako hyɛn beae a yesua ade hɔ faa biribiara a obehu a Ɔwɛn-Aban ahyɛnsode wɔ so, a nhoma a ɛwɔ m’asɛnka bag mu ne me Bible ka ho.

Afei obisae sɛ: “So wugye di sɛ womfaa nhoma afoforo nhintawee wɔ nnaka mu anaa? Yɛanya amanneɛbɔ sɛ mokɔ nhyiam dapɛn biara wɔ asa bi so wɔ ɔkwan yi so na mode nhoma pii kɔ hɔ.”

Mibuae sɛ: “Ɛyɛ nokware, nanso enni hɔ seesei.”

Ɔkae sɛ: “Yiw, Owurayere Smith, yenim saa. Yenim nso sɛ mode nhoma no sie wɔ nnipa a wɔwɔ ɔmantam no mu afie mu.”

Wohuu nnaka anum a nhomawa Freedom or Romanism gu mu wɔ yɛn babarima no pia mu.

Obisae sɛ: “So wugye di sɛ wunni biribi foforo bio wɔ ɔdan a wɔde kar si mu no mu?”

Mekae sɛ: “Dabi, biribiara nni hɔ.”

Afei obuee adaka bi a esi yɛn adidibea hɔ no so. Ohuu nkrataa a wɔnkyerɛw hwee wɔ so a wɔde hyehyɛ asafo no kyerɛwtohɔ no. Ɔfae na ɔhyɛɛ ketee sɛ ɔbɛhwɛ ɔdan a wɔde kar si mu no mu.

Mekae sɛ: “Ɛnde bra ha ɛ.”

Wodii m’akyi kɔɔ ɔdan a wɔde kar si mu no mu, na wɔhwehwɛɛ mu wiei no, afei wɔkɔe.

Wiɛ, saa polisifo no susuwii sɛ wɔadu wɔn botae ho denam saa nnaka anum no a wɔn nsa kae no so! Nanso, wogyaw nkonim bo no ankasa hɔ. Nea ɛte ne sɛ, saa mmere no mu no, na meresom sɛ asafo mu kyerɛwfo, na ná mewɔ asafo adawurubɔfo no din ne nneɛma foforo a ɛho hia wɔ fie hɔ. Anigyesɛm ne sɛ, na anuanom abɔ yɛn kɔkɔ sɛ yensiesie yɛn ho mma saa nhwehwɛmu no, na na mede saa kyerɛwtohɔ yi asie yiye. Mede hyehyɛɛ nhoma nkotoku mu de guguu me tii, asikre, ne asikresiam nkankyee ase. Na mede bi nso siee berebuw a ɛbɛn ɔdan a wɔde kar si mu no ho. Enti na polisifo no asian nkrataa pɔtee a na wɔrehwehwɛ no ho.

Me Ho a Mede Hyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma Mu

Ebeduu 1947 mu no, na yɛn mma a wɔanyinyin no afi ase ahyehyɛ wɔn ankasa mmusua. Saa bere no, me ne Roy sii gyinae sɛ yebetumi afi bere nyinaa som adwuma no ase. Na mmoa ho ahia wɔ Australia Kesee fam asasesin no mu ma enti yɛtɔn yɛn fie na yɛtɔɔ kar a ɔdan si so, anaa kar a ɔdan sa so, na yɛtoo din Mizpah, a asekyerɛ ne “Ɔwɛn Aban.” Saa asetra kwan yi maa yɛn kwan ma yɛkaa asɛm no wɔ mmeae a atew ne ho. Mpɛn pii no, yɛyɛɛ adwuma wɔ nkuraase asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu. Mede anigye kae nneɛma pii a yɛyɛe saa bere no. Me ne ababaa bi a ne din de Beverly yɛɛ adesua ahorow a meyɛe no mu biako. Ansa na ɔrenya nkɔanim akodu asubɔ ho no, otu fii beae hɔ. Susuw anigye a minyae ho hwɛ bere a mfe bi akyi no onuawa bi daa ne ho adi wɔ ɔmantam nhyiam bi ase sɛ ɔno ne Beverly no! Hwɛ anigye ara a minyae sɛ mfe yi nyinaa akyi no mihui sɛ ɔne ne kunu ne ne mma resom Yehowa no.

Wɔ 1979 mu no, minyaa hokwan kɔɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu. Nneɛma a wosii so dua wɔ saa sukuu no mu no biako ne sɛ sɛ obi betumi akɔ so ayɛ akwampaefo ɔsom adwuma no a na ɛsɛ sɛ onya kokoam adesua ho nhyehyɛe pa. Mibehui sɛ ɛte saa ankasa. Adesua, asafo nhyiam ahorow, ne asɛnka adwuma ayɛ m’asetra kwan. Mibu no sɛ ɛyɛ hokwan a manya sɛ masom sɛ daa kwampaefo bɛboro mfe 50 ni.

Nyarewa Ano a Migyina

Nanso, mahyia nsɛnnennen soronko bi mfe kakra a atwam ni. Wɔ 1962 mu no, wohui sɛ manya aniyare a wɔfrɛ no glaucoma no. Saa bere no mu no, na ɛho ayaresa nkɔ anim ɔkwan bi so, na m’aniwa kɔɔ so sɛee ntɛmntɛm. Roy akwahosan nso sɛee, na wɔ 1983 mu no ne fã dwudwoe a na emu yɛ den na na ontumi nkasa. Owui wɔ 1986 mu. Na wɔama me mmoa ankasa pii wɔ me bere nyinaa som adwuma no mu, na m’ani gyina no yiye.

Ɛmfa ho saa huammɔdi yi, mebɔɔ mmɔden kuraa honhom fam nhyehyɛe pa mu. Metɔɔ kar a ɛwɔ ahoɔden, nea eye ma asɛnka wɔ yɛn beae a ɛyɛ akuraase kakra no, na me ba Joyce boaa me ma metoaa m’akwampae adwuma no so. M’aniwa kɔɔ so sɛee nkakrankakra kosii sɛ biako furae. Aduruyɛfo de ahwehwɛ aniwa hyɛɛ ananmu. Ɛdenam ahwehwɛ a ɛyɛ nneɛma akɛse ne nhoma a n’akyerɛw yɛ akɛse so no, mekɔɔ so ara tumi de m’aniwa biako a na ehu ade kakra no suaa ade nnɔnhwerew abiɛsa kosi anum da biara.

Adesua bere ayɛ nea ɛsom bo ma me bere nyinaa. Enti wubetumi de w’adwene abu sɛnea me ho dwiriw me sɛ awiabere bi a meresua ade no, prɛko pɛ no, mantumi anhu hwee no. Na ɛte sɛ nea obi adum kanea no. Afei de na m’ani afura koraa. Ɔkwan bɛn so na makɔ so asua ade? Wiɛ, ɛwom sɛ seesei mayɛ asotiw de, nanso mede me ho to kasɛt a wɔbɔ tie ne mmoa a m’abusua fi ɔdɔ mu de ma so na ama mayɛ den honhom fam.

Megyina Mu Akodu Awiei

Seesei, sɛ́ obi a madi mfe ɔha no, nneɛma kakraa bi atɔ sin wɔ m’akwahosan ho, na ɛho behiae sɛ mebrɛ m’adeyɛ ase kakra. Ɛtɔ da bi a, mete nka kakra sɛ m’adwene atu afra. Nokwasɛm ne sɛ, seesei a minhu ade koraa yi de, nokwarem no, ɛtɔ da bi a minhu nea menyɛ! M’ani begye ho sɛ menya Bible adesua ahorow pii bio, nanso sɛnea m’akwahosan te mprempren no, mintumi mpue nkɔhwehwɛ bi. Mfiase no, eyi haw me. Na ɛsɛ sɛ misua sɛ megye m’akwanside ahorow atom na mapene nea metumi ayɛ so. Eyi nyɛɛ mmerɛw. Nanso, hwɛ hokwan a minya ɔsram biara sɛ mitumi bu bere a mede ka yɛn Nyankopɔn kɛse, Yehowa, ho asɛm no ho akontaa. Sɛ minya hokwan ahorow sɛ mɛka Bible no ho asɛm, te sɛ bere a ayarehwɛfo, adwumayɛfo, ne afoforo aba me fie no a, mesom ne wɔn kasa—wɔ anifere kwan so.

Nhyira ahorow a ɛma minya abotɔyam sen biara no mu biako ne sɛ mahu m’abusua awo ntoatoaso anan sɛ wɔde nokwaredi resom Yehowa. Eyi mu binom resom sɛ akwampaefo asomfo wɔ mmeae a mmoa ho hia kɛse, sɛ mpanyimfo, anaa asafo mu asomfo, na ebi resom wɔ Betel. Nokwarem no, te sɛ m’awo ntoatoaso mufo pii no, mehwɛɛ kwan sɛ saa nhyehyɛe yi awiei bɛba ntɛm asen sɛnea yesusuw. Nanso hwɛ nkɔanim dodow ara a mahu wɔ me mfe aduɔson a mede asom mu! Ɛma me abotɔyam kɛse sɛ minyaa adeyɛ kɛse a ɛte saa mu kyɛfa.

Ayarehwɛfo a wɔsra me no ka sɛ ɛbɛyɛ sɛ me gyidi na ɛma mekɔ so te ase. Me ne wɔn yɛ adwene. Nnam a yɛde yɛ Yehowa som adwuma no ne asetra a eye sen biara a yebetumi anya. Te sɛ Ɔhene Dawid no, metumi aka nokwarem sɛ, manyin na nna amee me.—1 Beresosɛm 29:28.

(Onuawa Muriel Smith wui April 1, 2002, bere a na wɔrewie saa nsɛm yi no. Ɛkaa ɔsram biako ma anka wanya mfe 102, na ɔyɛ gyidi ne boasetɔ ho nhwɛso ankasa.)

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24]

Bere a na madi bɛyɛ mfe anum ne bere a mihyiaa me kunu Roy, a na madi mfe 19 no

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Yɛn kar ne nea ɔdan si so a yɛtoo ne din Mizpah no

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Me ne me kunu Roy, wɔ 1971 mu