Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmɔdenbɔ—Bere Bɛn na Yehowa De Ho Akatua Ma?

Mmɔdenbɔ—Bere Bɛn na Yehowa De Ho Akatua Ma?

Mmɔdenbɔ—Bere Bɛn na Yehowa De Ho Akatua Ma?

“MA MENKƆ, na ade rekye.”

“Meremma wonkɔ gye sɛ wuhyira me.”

“Wo din de dɛn?”

“Yakob.”

“Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ no Israel, efisɛ wo ne Nyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi.”—Genesis 32:26-28.

Saa nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye no na efi agumadi mu ahoɔden a ɛyɛ nwonwa a Yakob a na wadi mfirihyia 97 daa no adi mu na ɛbae. Ɛwom sɛ Bible nka ne ho asɛm sɛ agumadifo de, nanso ɔne ɔbɔfo bi dii atentam anaa apere anadwo mũ nyinaa. Dɛn ntia? Na Yakob dwen bɔ a Yehowa hyɛɛ n’agyanom—n’agyapade—ho kɛse.

Mfirihyia pii ansa na asɛm yi resi no, ná Yakob nua Esau adan abakan hokwan a ɔwɔ no ama no de agye abom ayowa biako. Afei Yakob tee nkra sɛ Esau ne mmarima 400 rehyia no. Ntease wom sɛ Yakob ho yeraw no, na ɔhwehwɛe sɛ wobesi Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ n’abusua bedi yiye wɔ asase a ɛda Yordan Asubɔnten no agya so no so dua ama no. Yakob yɛɛ ade ntɛm so ma ɛne ne mpaebɔ hyiae. Ɔsoma de akyɛde ahorow kɔmaa Esau a na ɔreba no. Ɔpɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so abɔ nea ɔwɔ ho ban nso, na ɔkyɛɛ ne nneɛma mu akuw abien, na ɔde ne yerenom ne ne mma twaa Yabok asutwaree. Afei ɔde mmɔdenbɔ kɛse ne nusu pii yeree ne ho bio ne ɔbɔfo bi dii apere anadwo mũ nyinaa ma ‘ɔpaa no kyɛw sɛ onhyira no.’—Hosea 12:4; Genesis 32:1-32.

Susuw nhwɛso bi a edi kan, Rahel, Yakob yere a ɔto so abien, nea ɔdɔ no sen biara no ho hwɛ. Na Rahel nim bɔ a Yehowa ahyɛ sɛ obehyira Yakob no yiye. Ne nuabea Lea, Yakob yere a odi kan no, woo mmabarima baanan, a na Rahel da so yɛ obonin. (Genesis 29:31-35) Sɛ́ anka obesu ne ho mmɔbɔ no, ɔkɔɔ so srɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu, na ɔyɛɛ biribi a ɛne ne mpaebɔ no hyia. Sɛnea Rahel nanabea Sara yɛɛ Hagar no, ɔde n’afenaa Bilha maa Yakob aware sɛ ɔyere a otia abien, na sɛnea Rahel kae no, “na me nso minnya ne ho mma.” * Bilha woo mmabanin baanu maa Yakob—Dan ne Naftali. Bere a wɔwoo Naftali no, Rahel fii nkate mu kaa mmɔden kɛse a na wabɔ no ho asɛm sɛ: “Ako akɛse na me ne me nuabea adi, nso matumi no.” Afei nso wohyiraa Rahel maa n’ankasa woo mmabarima baanu, Yosef ne Benyamin.—Genesis 30:1-8; 35:24.

Dɛn nti na Yehowa hyiraa honam fam ne nkate fam mmɔden a Yakob ne Rahel bɔe no so? Wɔde Yehowa apɛde sii wɔn ani so, na wɔkyerɛɛ wɔn agyapade ho anisɔ. Wofii komam bɔɔ mpae hwehwɛɛ ne nhyira wɔ wɔn asetram, na wɔyɛɛ nneɛma a ɛho hia a na ɛne Onyankopɔn apɛde ne wɔn ankasa adesrɛ ahorow hyia.

Te sɛ Yakob ne Rahel no, nnipa pii betumi adi adanse sɛ egye mmɔdenbɔ kɛse na ama obi anya Yehowa nhyira. Nusu ne abasamtu taa ka wɔn mmɔdenbɔ no ho. Kristoni bi a ɔwɔ mma, Elizabeth, ka mmɔden kɛse a ɔbɔe ansa na ɔretumi asan akɔ Kristofo nhyiam ahorow bere nyinaa, bere a na wagyae kɔ bere tenten bi akyi, no ho asɛm. Bere a na ɔwɔ mmabarima nkumaa baanum, okunu a onnye nni, ne kilomita 30 a ɛsɛ sɛ otwa ansa na wadu Ahenni Asa a ɛbɛn so no, na ɛyɛ asɛnnennen. “Na ɛsɛ sɛ meteɛ me ho so kɛse ansa na matumi akɔ asafo nhyiam ahorow no daa, na na minim sɛ eye ma me mmabarima no. Ɛboaa wɔn ma wohui sɛ na eyi yɛ ɔkwan pa a wɔredi akyi.” Yehowa hyiraa ne mmɔdenbɔ no so. Ne mmabarima no mu baasa a wɔyɛ hyew wɔ Kristofo asafo no mu no baanu yɛ bere nyinaa asomfo. Bere a ɔredi wɔn honhom fam nkɔso no ho ahurusi no, ɔka sɛ: “Wɔanya honhom fam nkɔso asen me.” Hwɛ nhyira a wɔanya wɔ ne mmɔdenbɔ no so!

Mmɔdenbɔ a Yehowa Hyira So

Akyinnye biara nni ho sɛ yebenya akatua wɔ yɛn mmɔdenbɔ ne adwumaden a yɛbɛyɛ so. Dodow a yɛbɔ mmɔden wɔ adwuma bi ho no, dodow no ara na yenya mu abotɔyam. Saa na Yehowa yɛɛ yɛn. Salomo kyerɛwee sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ onipa biara didi na ɔnom hu adepa ne brɛ nyinaa mu. Onyankopɔn akyɛde ne no.’ (Ɔsɛnkafo 3:13; 5:18, 19) Nanso, sɛ yebenya Onyankopɔn nhyira a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛrebɔ mmɔden wɔ nneɛma a ɛfata ho. Sɛ nhwɛso no, so ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ Yehowa behyira asetra kwan bi a ɛma honhom fam nneɛma bɛyɛ ade a ɛho nhia titiriw so? Sɛ Kristoni a wahyira ne ho so kɔyɛ adwuma bi anaasɛ ogye abasobɔ bi tom bere a ɛno bɛma wahwere fekubɔ a ɛhyɛ gyidi den ne nkyerɛkyerɛ a wonya wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase daa a, so obetumi ahwɛ kwan sɛ obenya Yehowa anim dom?—Hebrifo 10:23-25.

Sɛ obi bɔ mmɔden wɔ honam fam adwuma mu anaa honam fam yiyedi ho ne nkwa nna nyinaa mu, na sɛ wamfa honhom fam nneɛma anka ho a, ɛnkyerɛ sɛ obehu “adepa.” Yesu kaa nea efi mmɔden a wɔmmɔ no ɔkwan pa so mu ba ho asɛm wɔ ne bɛ a ɛfa ogufo ho no mu. Ɛdefa aba a “woguu no nsɔe mu no” ho no, Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “ɔne nea ɔte asɛm no, na wiase asetra yi mu dadwen ne haw ne ahonyade nnaadaa mia asɛm no, na ɛnsow aba.” (Mateo 13:22) Paulo nso bɔɔ kɔkɔ wɔ afiri a ɛte saa ara ho, na ɔde kaa ho sɛ wɔn a wodi honam fam ade dodowpɛ akyi no “hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu.” Dɛn ne asetra kwan a ɛde honhom fam ɔsɛe a ɛte saa ba no ano aduru? Paulo toaa so sɛ: ‘Guan eyinom, na mfa w’ani nto ahonyade a enni hɔ daa so, na fa w’ani to Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so.’—1 Timoteo 6:9, 11, 17.

Ɛmfa ho mfe a yɛadi anaa bere tenten a yɛde asom Yehowa no, yɛn nyinaa betumi anya mfaso ahorow wɔ sua a yebesuasua Yakob ne Rahel mmɔdenbɔ no so. Wɔ mmɔden a na wɔrebɔ sɛ wobenya Onyankopɔn anim dom mu no, wɔn ani ampa wɔn agyapade no so da, ɛmfa ho sɛnea na wɔn tebea no yɛ hu anaasɛ ɛhaw adwene fa no. Ɛnnɛ, nhyɛso ne ɔhaw ahorow a yehyia no betumi ayɛ nea ɛyɛ hu, ɛhaw adwene, anaasɛ ɛma yenya adwenemhaw mpo. Sɔhwɛ a ɛwɔ hɔ ne sɛ yebegyae apereperedi no na yɛabɛyɛ nkurɔfo a Satan ntua no adi yɛn so nkonim no bi. Obetumi afa ɔkwan biara a obenya so, sɛ́ ɛyɛ anigyede anaa ahomegye, agumadi anaa nnwuma a yɛyɛ de gyigye yɛn ani, adwuma anaa honam fam yiyedi, de adi n’atirimpɔw ahorow ho dwuma. Wɔtaa hyehyɛ bɔ a ɛyɛ anigye, nanso ɛntaa mma mu. Wɔn a wɔdaadaa wɔn ma wɔde wɔn ho kɔhyɛ nneɛma a ɛtete saa mu no taa hu sɛ edi wɔn huammɔ kɛse. Te sɛ Yakob ne Rahel a wɔtraa ase tete no, momma yɛnyɛ mmɔdenbɔfo wɔ akodi no mu na yenni Satan mfiri no so.

Biribiara renyɛ Ɔbonsam anigye sɛ obehu sɛ yɛapa abaw, na yɛate nka sɛ ‘anidaso biara nni yɛn asetra mu. Biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ. Mfaso biara nni so.’ Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛbɛbɔ yɛn ho ban afi su a ɛyɛ hu saa a yebenya ho, asusuw sɛ ‘obiara nnɔ me’ na ‘Yehowa werɛ afi me.’ Sɛ yegyae yɛn ho mu ma nsusuwii a ɛte saa a, yɛbɛbɔ yɛn ho aborɔ. So ebetumi akyerɛ sɛ yɛapa abaw, a yenni apere bio kosi sɛ yebenya nhyira? Kae sɛ, Yehowa hyira yɛn mmɔdenbɔ so.

Kɔ so Pere Hwehwɛ Yehowa Nhyira

Yɛn honhom fam yiyedi gyina yɛn asetra sɛ Yehowa asomfo no ho nokwasɛm atitiriw abien a yɛbɛte ase so kɛse. (1) Obiara nni hɔ a ne nkutoo wɔ ɔhaw ahorow, nyarewa, anaa asetram nsɛnnennen ano aduru (2) Yehowa tie wɔn a wofi komam hwehwɛ ne mmoa no sufrɛ na ohyira wɔn.—Exodus 3:7-10; Yakobo 4:8, 10; 1 Petro 5:8, 9.

Ɛmfa ho sɛnea wo nsɛm tebea yɛ den anaa sɛnea wobɛte nka sɛ w’ahoɔden sua no, nnyae wo ho mu mma ‘bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho hyia’ no—gyidi a wonni. (Hebrifo 12:1) Kɔ so di apere kosi sɛ wubenya nhyira. Nya boasetɔ, na kae Yakob a na ne mfe akɔ anim a odii apere anadwo mũ nyinaa de hwehwɛɛ nhyira no. Te sɛ okuafo a ogu aba fefɛw bere mu na ɔtwɛn kosi twabere no, fa boasetɔ hwɛ kwan sɛ Yehowa behyira wo honhom fam adwuma so, ɛmfa ho sɛnea ebia wote nka sɛ nea wutumi yɛ sua no. (Yakobo 5:7, 8) Na kae odwontofo no nsɛm yi bere nyinaa: “Wɔn a wɔde nusu gu de ahurusi betwa.” (Dwom 126:5; Galatifo 6:9) Gyina pintinn, na kɔ so ka wɔn a wɔredi apere no ho.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Na ayefam aware wɔ hɔ ansa na Mmara apam no reba, na wogye toom, na Mmara no siesiee no. Onyankopɔn ansusuw sɛ ɛfata sɛ ɔsan de mfitiase gyinapɛn a na ɛyɛ ɔyere biako aware a na ɔde asi hɔ wɔ Eden turom no besi hɔ kosii sɛ Yesu Kristo bae, nanso ɔyɛɛ mmara de bɔɔ ayefamnom no ho ban. Ɛda adi sɛ ayefam aware no maa Israelfo dodow yɛɛ kɛse ntɛmntɛm.