Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So na Habel nim sɛ mmoa afɔrebɔ ho hia na ama wɔanya Onyankopɔn anim dom?

Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Kain ne Habel afɔrebɔ ho no yɛ tiawa. Wɔ Genesis 4:3-5 no, yɛkenkan sɛ: “Ɛbae sɛ nna bi akyi no, Kain de afum nneɛma bɛyɛɛ [Yehowa, NW] ayɛ. Na Habel nso de ne nguan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔ no bi bɛmae. Na [Yehowa, NW] ani sɔɔ Habel ne n’ayɛyɛde no, nanso Kain ne n’ayɛyɛde de, n’ani ansɔ.”

Bible no nka biribiara sɛ ansa na saa adeyɛ yi resi no na Yehowa de amanneɛbɔ pɔtee bi a ɛfa afɔrebɔ anaa dekode a n’ani bɛsɔ ho ama. Enti, ɛda adi sɛ Kain ne Habel fii wɔn ankasa pɛ mu na wɔde ayɛyɛde mae. Na wɔasiw hokwan a wobenya akɔ wɔn awofo mfitiase Paradise fie no mu; wofii ase tee ɔhaw a bɔne de ba no nka; na wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho. Wɔ wɔn bɔne ne awerɛhow tebea yi mu no, ɛbɛyɛ sɛ wɔtee nka denneennen sɛ ehia sɛ wɔdan kɔ Onyankopɔn hɔ kogye mmoa. Ɛda adi sɛ wofii wɔn pɛ mu na wɔkyɛɛ Onyankopɔn ade de hwehwɛɛ Onyankopɔn anim dom.

Nea efii mu bae ne sɛ, Onyankopɔn ani sɔɔ Habel ayɛyɛde no, nanso n’ani ansɔ Kain de no. Adɛn ntia? So esiane sɛ Habel de nneɛma a ɛfata na ɛbɔɔ afɔre na Kain anyɛ saa nti? Yentumi nka sɛ ayɛyɛde ko no ho nhia wɔ asɛm no mu, esiane sɛ na wɔnkyerɛɛ wɔn mu biara nea wogye tom ne nea wonnye ntom nti. Nanso, ebetumi aba sɛ na wogye emu biara tom. Wɔ Mmara a Yehowa de maa Israel bere bi akyi mu no, na afɔrebɔ a wogye tom nyɛ mmoa ne mmoa akwaa bi nko na mmom awi a wɔatoto, atoko, asikresiam, nneɛma a wɔato, ne bobesa nso. (Leviticus 6:19-23; 7:11-13; 23:10-13) Ɛda adi sɛ, ɛnyɛ nneɛma a Kain ne Habel de bɔɔ afɔre no nkutoo ne ade a ɛmaa Onyankopɔn gyee biako na ɔpoo ɔfoforo no.—Fa toto Yesaia 1:11; Amos 5:22 ho.

Mfehaha pii akyi no, ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Gyidi na Habel de bɔɔ afɔre a ɛso kyɛn Kain de maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanse sɛ ɔteɛ, efisɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛde ho adanse.” (Hebrifo 11:4) Enti, ɛyɛ gyidi na ɛmaa Onyankopɔn buu Habel sɛ ɔteɛ. Na dɛn mu gyidi na ɔwɔ? Ná ɔwɔ gyidi wɔ Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛma Aseni, a ‘ɔbɛbɔ ɔwɔ no ti’ na wasan de asomdwoe ne pɛyɛ a na adesamma wom bere bi no asan abrɛ wɔn no mu. Ebia Habel susuw sɛ esiane sɛ na wɔaka Aseni no ho asɛm sɛ ‘wɔbɛka ne nantin’ nti na afɔre a mogya wom ho behia. (Genesis 3:15) Nanso, nokwasɛm ne sɛ ɛyɛ Habel gyidi a ɔdaa no adi no na ɛmaa ne de no yɛɛ “afɔre a ɛso kyɛn Kain de” no.

Saa ara nso na wɔpoo Kain, a ɛnyɛ sɛ ɔde afɔrebɔde a ɛmfata na ɛmae, na mmom sɛ na onni gyidi, sɛnea ne nnwuma daa no adi no. Na Yehowa ada no adi pefee akyerɛ Kain sɛ: “Sɛ woyɛ yiye a, anka w’anim rentew anaa?” (Genesis 4:7) Onyankopɔn ampo Kain esiane sɛ na ɔmpɛ n’ayɛyɛde no nti. Mmom no na, “n’ankasa nnwuma yɛ bɔne”—ɔdaa no adi wɔ ahoɔyaw, nitan, ne awiei koraa no awudi mu—nti na Onyankopɔn poo Kain.—1 Yohane 3:12.