Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Onyankopɔn Ade Kɛse” Na Ɛkanyan wɔn

“Onyankopɔn Ade Kɛse” Na Ɛkanyan wɔn

“Onyankopɔn Ade Kɛse” Na Ɛkanyan wɔn

“Yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Onyankopɔn ade kɛse.”—ASOMAFO NO NNWUMA 2:11.

1, 2. Ade a ɛyɛ nwonwa bɛn na esii wɔ Yerusalem wɔ Pentekoste 33 Y.B.?

AFE 33 Y.B. mu fɛfɛw bere awiei anɔpa bi, anwonwade bi sii wɔ Yesu Kristo asuafo mmarima ne mmea a na wɔahyiam wɔ ofie bi mu wɔ Yerusalem no mu. “Mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ fi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ ofi a wɔte mu no ma. Na tɛkrɛma a wɔapaapae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn . . . . Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wofii ase kasaa kasa foforo.”—Asomafo no Nnwuma 2:2-4, 15.

2 Nnipadɔm behyiae ofie no anim. Wɔn mu binom yɛ Yudafo a wɔawo wɔn amannɔne, “adefɛrefo” a wɔaba Yerusalem rebedi Pentekoste afahyɛ. Wɔn ho dwiriw wɔn efisɛ wɔn mu biara tee sɛ asuafo no de ne kasa ka “Onyankopɔn ade kɛse” ho asɛm. Ɛyɛɛ dɛn na etumi yɛɛ yiye saa bere a na wɔn a wɔrekasa no nyinaa yɛ Galileafo?—Asomafo no Nnwuma 2:5-8, 11.

3. Asɛm bɛn na ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ nnipadɔm no wɔ Pentekoste?

3 Ná saa Galileafo no mu biako ne ɔsomafo Petro. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, adapɛn kakraa a atwam mu no, na mmarima a wɔnteɛ akum Yesu Kristo. Nanso na Onyankopɔn anyan ne Ba no afi awufo mu. Ɛno akyi no Yesu maa asuafo no pii huu no, a Petro ne afoforo a wɔwɔ hɔ nso ka ho. Ná Yesu aforo kɔ soro dadu a atwam yi ara. Ɔno na na wahwie honhom kronkron agu n’asuafo no so no. So na eyi ne wɔn a na wɔrehyɛ Pentekoste ho fa no wɔ abusuabɔ bi? Yiw ɛte saa. Yesu wu no too fapem a wɔnam so benya wɔn bɔne ho fafiri, na sɛ wɔkyerɛ ne mu gyidi a, wɔanya ‘honhom kronkron akyɛde’ no. (Asomafo no Nnwuma 2:22-24, 32, 33, 38) Enti ɔkwan bɛn so na wɔn a na wɔrehwɛ nea ɛrekɔ so no yɛɛ wɔn ade wɔ “Onyankopɔn ade kɛse” a wɔtee no ho? Na ɔkwan bɛn so na asɛm yi betumi aboa yɛn ma yɛasusuw yɛn ankasa som a yɛde ma Yehowa no ho?

Ɛkanyan Wɔn Ma Wɔyɛɛ Ade!

4. Yoel nkɔmhyɛ bɛn na enyaa mmamu wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu?

4 Bere a asuafo a wɔwɔ Yerusalem nyaa honhom kronkron no, wɔantwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛka nkwagye asɛmpa no akyerɛ afoforo, na wɔde nnipadɔm a na wɔahyiam saa fefɛw bere anɔpa yi na efii ase. Wɔn asɛnka no maa nkɔmhyɛ titiriw bi a Yoel, Petuel ba no, yɛɛ ho kyerɛwtohɔ mfeha awotwe a na atwam no nyaa mmamu: “Mehwie me honhom magu ɔhonam nyinaa so, na mo mmabanin ne mo mmabea ahyɛ nkɔm, na mo mpanyin asosõ adae, na mo mmerante ahuhu anisoade, na nkoa ne mfenaa nso so na nna no mu mehwie me honhom magu. . . . Ansa na [Yehowa, NW] da kɛse a ɛyɛ hu no aba.”—Yoel 1:1; 2:28, 29, 31; Asomafo no Nnwuma 2:17, 18, 20.

5. Ntease bɛn mu na afeha a edi kan no mu Kristofo no hyɛɛ nkɔm? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

5 So na eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn rebɛma awo ntoatoaso a wɔn nyinaa yɛ adiyifo, mmea ne mmarima a wɔn nyinaa te sɛ Dawid, Yoel, ne Debora asɔre, na ɔde wɔn adi dwuma ma wɔahyɛ nsɛm a ebesisi daakye ho nkɔm? Dabi. Kristofo, ‘mmabanin ne mmabea, nkoa ne mfenaa’ bɛhyɛ nkɔm wɔ ntease a ɛne sɛ Yehowa honhom bɛka wɔn ma wɔaka “ade kɛse” a Yehowa ayɛ na ɔbɛkɔ so ara ayɛ no akyerɛ mu. Enti wɔbɛsom sɛ Ɔsorosoroni no kasamafo. * Nanso nnipadɔm no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?—Hebrifo 1:1, 2.

6. Bere a nnipadɔm no tee Petro kasa no, dɛn na ɛkanyan wɔn mu pii ma wɔyɛe?

6 Bere a nnipadɔm no tee Petro nkyerɛkyerɛmu no akyi no, ɛkanyan wɔn ma wɔyɛɛ ho biribi. “Wɔde fɛw gyee n’asɛm no” na “wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho.” (Asomafo no Nnwuma 2:41) Sɛ́ Yudafo ankasa ne wɔn a na wɔasakra abɛyɛ Yudafo no, na wɔwɔ Kyerɛwnsɛm mu mfitiase nimdeɛ dedaw. Saa nimdeɛ no ne gyidi a na wɔanya afi Petro nsɛm no mu no, maa wonyaa nea wobegyina so abɔ wɔn asu wɔ “Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu.” (Mateo 28:19) Wɔn asubɔ akyi no, ‘wɔkɔɔ so ara kuraa asomafo no nkyerɛkyerɛ mu.’ Bere koro no ara wofii ase kaa wɔn gyidi foforo no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Nokwarem no, “na daa wɔde koma koro hyiam asɔrefi, . . . na woyii Nyankopɔn ayɛ, na wɔwɔ anuonyam ɔman no nyinaa anim.” Esiane adansedi adwuma yi nti, “[Yehowa, NW] de wɔn a wogye wɔn nkwa kaa asafo no ho daa.” (Asomafo no Nnwuma 2:42, 46, 47) Wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo ahorow wɔ nsase a na gyidifo a wɔyɛ foforo yi te so pii so. Akyinnye biara nni ho sɛ, anyɛ yiye koraa no, nnam a wɔde kaa “asɛmpa” no bere a wɔsan kɔɔ wɔn kurom no na ɛde nkɔso yi bae.—Kolosefo 1:23.

Ahoɔden Wɔ Onyankopɔn Asɛm Mu

7. (a) Dɛn na ɛtwetwe nnipa a wofi aman nyinaa mu ma wɔba Yehowa ahyehyɛde mu nnɛ? (b) Nkɔso a ɛbɛba daakye bɛn na wuhu wɔ wiase nyinaa adwuma no mu ne faako a wowɔ no? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

7 Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo nnɛ no nso ɛ? Ehia sɛ wɔn nso, wɔtɔ wɔn bo ase sua Onyankopɔn Asɛm. Bere a wɔyɛ saa no, wobehu Yehowa sɛ Onyankopɔn a ɔyɛ “mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii.” (Exodus 34:6; Asomafo no Nnwuma 13:48) Wohu ayamye mu a Yehowa nam de agyede nsiesiei ma, denam Yesu Kristo, a ne mogya a ohwie gui no betumi ahohoro wɔn ho afi bɔne nyinaa ho no so. (1 Yohane 1:7) Afei nso wobehu Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ‘obenyan wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ afi awufo mu no.’ (Asomafo no Nnwuma 24:15) Ɔdɔ a wɔwɔ ma “ade kɛse” yi Fibea no hyɛ wɔn koma ma, na ɛka wɔn ma wɔka nokware a ɛsom bo yi ho asɛm kyerɛ. Wɔnam so bɛyɛ Onyankopɔn asomfo a wɔabɔ asu na wɔkɔ so ‘nyin wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.’ *Kolosefo 1:10b; 2 Korintofo 5:14.

8-10. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristoni bea bi suahu ma ɛda adi sɛ “ahoɔden wɔ” Onyankopɔn Asɛm “mu”? (b) Dɛn na osuahu yi ama woasua wɔ ɔkwan a Yehowa ne n’asomfo di nsɛm no ho? (Exodus 4:12)

8 Nimdeɛ a Onyankopɔn asomfo nya fi wɔn Bible adesua mu no nyɛ aniani de. Nimdeɛ a ɛte saa kanyan wɔn koma, ɛsakra wɔn nsusuwii, na ɛtra wɔn adwene mu. (Hebrifo 4:12) Sɛ nhwɛso no, wɔmaa ɔbea bi a wɔfrɛ no Camille adwuma sɛ obi a ɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Na nkurɔfo a ɔhwɛ wɔn no mu biako, Martha, yɛ Yehowa Dansefo. Esiane sɛ na Martha anya adwenemyare a emu yɛ den nti, na ehia sɛ wɔma ani ku ne ho bere nyinaa. Ná ɛsɛ sɛ wɔkae no ansa na wadidi—aduan a ɔbɛmene mpo. Nanso na ade biako aka Martha adwenem, sɛnea yebehu no.

9 Da bi, Martha hui sɛ Camille resu esiane ne haw bi nti. Martha de ne nsa guu Camille kɔn mu ka kyerɛɛ no sɛ ɔne no besua Bible. Nanso, so obi a ɔwɔ Martha tebea mu betumi ayɛ Bible adesua? Yiw, na obetumi ayɛ! Ɛwom sɛ na Martha werɛ afi nneɛma pii de, nanso na ne werɛ mfii ne Nyankopɔn a Ɔkorɔn sen biara no; saa ara na na ne werɛ mfii nokware a ɛsom bo a wasua afi Bible mu no. Bere a wɔreyɛ adesua no, Martha ka kyerɛɛ Camille sɛ ɔnkenkan nkyekyɛm biara, nhwɛ kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu, ɔnkenkan nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa no ase hɔ no na ɔmma ho mmuae. Eyi kɔɔ so bere kakra, na ɛmfa ho nneɛma bi a na Martha tɔ sin wom no, Camille nyaa nkɔso wɔ Bible mu nimdeɛ mu. Martha hui sɛ ehia sɛ Camille ne afoforo a wɔn ani gye Onyankopɔn som ho bɛbɔ fekuw. Bere a ɛno wɔ n’adwenem no, ɔmaa ne suani no atade ne mpaboa, sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ Camille kɔ ne nhyiam a edi kan wɔ Ahenni Asa so a, obenya atade a ɛfata ahyɛ.

10 Ɔdɔ mu a Martha fi nyaa Camille ho anigye, ne nhwɛso, ne ne gyidi no kaa no paa. Onyaa adwene sɛ na nea Martha rebɔ mmɔden sɛ obefi Bible mu akyerɛkyerɛ no no ho hia paa, efisɛ na Martha werɛ afi biribiara, gye nea na wasua afi Kyerɛwnsɛm no mu nkutoo. Bere a akyiri yi woyii Camille kɔɔ beae foforo no, ohui sɛ bere aso sɛ ɔyɛ ho biribi. Bere a onyaa hokwan a edi kan no ara pɛ, ɔkɔɔ Ahenni Asa so a na ɔhyɛ atade ne mpaboa a Martha de ama no no, na ɔsrɛe sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua. Camille nyaa nkɔso ntɛmntɛm na wɔbɔɔ no asu.

Wɔakanyan Yɛn sɛ Yɛnna Yehowa Gyinapɛn Ahorow Adi

11. Nsi a yɛde yɛ asɛnka adwuma no akyi no, ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ Ahenni asɛm no akanyan yɛn?

11 Ɛnnɛ, te sɛ Martha ne afei Camille no, Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem asia na wɔreka “ahenni ho asɛmpa” no wɔ wiase nyinaa. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Te sɛ afeha a edi kan no mu Kristofo no, “Onyankopɔn ade kɛse” no akanyan wɔn kɛse. Wonim sɛ wɔanya hokwan sɛ Yehowa din da wɔn so, ne sɛ wahwie ne honhom no agu wɔn so. Ne saa nti, wɔbɔ mmɔden biara sɛ ‘wɔbɛnantew sɛnea ɛfata Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa’ na wɔde ne gyinapɛn ahorow adi dwuma wɔ wɔn asetram biribiara mu. Nea ɛka eyi ho ne Onyankopɔn gyinapɛn a ɛfa ntadehyɛ ne ahosiesie ho a yebedi so no.—Kolosefo 1:10a; Tito 2:10.

12. Ntadehyɛ ne ahosiesie ho afotu pɔtee bɛn na wɔakyerɛw wɔ 1 Timoteo 2:9, 10?

12 Yiw, Yehowa ahyehyɛ ahosiesie ho gyinapɛn ama yɛn. Ɔsomafo Paulo kaa Onyankopɔn ahwehwɛde a ɛfa eyi ho no bi ho asɛm. “Mmea nhyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho, ɛnyɛ mmɛsawɔw anaa sika anaa nhene pa anaa ntade a ɛwɔ bo mu, na mmom nnwuma pa a ɛsɛ mmea a woyi onyamesom kyerɛ mu.” * Dɛn na yesua fi nsɛm yi mu?—1 Timoteo 2:9, 10.

13. (a) Dɛn na asɛm ‘ntade a ɛsɛ’ kyerɛ? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ntease wɔ Yehowa gyinapɛn ahorow mu?

13 Paulo nsɛm no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ‘hyɛ ntade a ɛsɛ.’ Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ ntade a ɛma wɔn ho gu hɔ, ayɛ fĩ, anaa amoamoa. Ɛkame ayɛ sɛ, obiara, a wɔn a wonni bi po ka ho betumi adu gyinapɛn a ɛfata yi ho denam hwɛ a wɔbɛhwɛ ahu sɛ wɔn ntade ani tew, ɛfata na asɛm biara nni ho so. Sɛ nhwɛso no, afe biara, Adansefo a wɔwɔ Amerika Anafo fam man bi mu nantew kilomita pii fa kwae mu na afei wɔakɔfa ɔkorow atoa so nnɔnhwerew pii sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ wɔn ɔmantam nhyiam. Ɛtaa ba sɛ, bere a wɔrekɔ no, wɔn mu bi tɔ nsu no mu anaasɛ nwura no bi so n’atade mu ma ɛtew. Enti nhyiamfo no bedu beae a wɔbɛyɛ nhyiam no, na wɔn ho ayɛ basaa. Ne saa nti wogye bere de sisi wɔn ntade pɔtwom, ne wɔn sip, na wɔhoro wɔn ntade a wɔbɛhyɛ akɔ nhyiam no tow so. Wɔkyerɛ nsa a wɔato afrɛ wɔn sɛ wommedidi wɔ Yehowa pon so no ho anisɔ, na wɔpɛ sɛ wosiesie wɔn ho sɛnea ɛsɛ.

14. (a) Dɛn na “ani a ewu ade ne adwenemtew” a yɛde besiesie yɛn ho no kyerɛ? (b) Yɛn ho a yebesiesie sɛ ‘nkurɔfo a yedi Onyankopɔn ni’ no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?

14 Bio nso Paulo kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛde “ani a ewu ade ne adwenemtew” siesie yɛn ho. Eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛn ahosiesie yɛ kyenkyerenn, huhuuhu, ɛkanyan nna ho akɔnnɔ, ɛma yɛn ho gu hɔ, anaa ɛyɛ ntade a aba so denneennen. Bio nso, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ ‘yedi Onyankopɔn ni’ so. Eyi yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ yesusuw ho, anaa ɛnte saa? Ɛnyɛ asɛm no ara ne sɛ yebesiesie yɛn ho yiye bere a yɛrekɔ asafo nhyiam ahorow ase na ɛno akyi no, yɛahyɛ ntade biara a yɛpɛ wɔ bere foforo mu. Ɛsɛ sɛ bere nyinaa yɛn ahosiesie da nidi ne animduru adi efisɛ yɛyɛ Kristofo ne asomfo nnɔnhwerew 24 da biara. Ɛda adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ ntade a yɛhyɛ de yɛ adwuma ne nea yɛde kɔ sukuu no fata dekode a yɛreyɛ no. Ne nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛnea ɛsɛ na ɛda nidi adi. Sɛ bere nyinaa yɛn ahosiesie da gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu adi a, yɛrentwentwɛn yɛn nan ase sɛ yebedi adanse bɔnnɔ so esiane sɛ yɛn ahosiesie ma yɛn ani wu nti.—1 Petro 3:15.

“Monnnɔ Wiase”

15, 16. (a) Dɛn nti na ehia sɛ yɛkwati sɛ yebesuasua wiase no wɔ ntadehyɛ ne ahosiesie mu? (1 Yohane 5:19) (b) Ntease pa bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati ntadehyɛ ne ahosiesie a aba so foforo denneennen no?

15 Afotusɛm a wɔakyerɛw wɔ 1 Yohane 2:15, 16 no nso de ntadehyɛ ne ahosiesie a yɛbɛpaw ho akwankyerɛ ma. Yɛkenkan sɛ: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, agya no dɔ no nni ne mu. Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase.”

16 Hwɛ sɛnea saa afotu no yɛ ne bere mu de! Wɔ bere a atipɛnfo nhyɛso mu ayɛ den sen biara yi mu no, ɛnsɛ sɛ yɛma wiase no kyerɛ yɛn ntade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ. Sɛnea wɔpam ntade ne ahosiesie asɛe nnansa yi. Ɛnyɛ bere nyinaa na Kristofo betumi de wɔn ho ato ntade a wɔhyɛ kɔ adwuma anaa nea wɔn a wɔyɛ wɔn ankasa adwuma hyehyɛ no so sɛ gyinapɛn a ɛfata sɛ wosuasua. Eyi yɛ ade foforo a enti ɛsɛ sɛ bere nyinaa yehu hia a ehia sɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛtra ase ma ɛne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow hyia a, ‘yɛnyɛ yɛn ho sɛ wiase yi’ na mmom ‘yɛde yɛn Agyenkwa Nyankopɔn kyerɛ hyehyɛ yɛn ho, ade nyinaa mu.’—Romafo 12:2; Tito 2:10.

17. (a) Nsɛmmisa bɛn na yebetumi asusuw ho bere a yɛretɔ ntade anaa yɛrepaw sɛnea wɔapam atade bi no? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mmusua ti ma wɔn ani ku sɛnea wɔn abusua mufo siesie wɔn ho no ho?

17 Ansa na wubesi gyinae sɛ wobɛtɔ atade bi no, nyansa wom sɛ wubebisa wo ho sɛ: ‘Dɛn nti na atade yi yɛ me fɛ? So ɔgodifo bi a wagye din na ɔtaa hyɛ—obi a m’ani gye ne ho? So akobɔfo anaa atuatewfo kuw bi a wɔmfa biribiara nyɛ hwee agye afa?’ Ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase hwɛ atade no yiye. Sɛ ɛyɛ atade a ɛbom biako anaa ɛsoro ne fam de a, ne tenten te dɛn? Wɔatwitwa no ɔkwan bɛn so? So atade no ho tew, ɛfata, na ɛda animduru adi, anaasɛ ɛkyekyere yɛn, ɛkanyan nna ho akɔnnɔ, anaa ayɛ basaa? Bisa wo ho sɛ, ‘So atade yi a mɛhyɛ no bɛto obi hintidua?’ (2 Korintofo 6:3, 4) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛno ho hia yɛn? Efisɛ Bible ka sɛ: “Kristo nso ansɔ ne ho ani.” (Romafo 15:3) Ɛsɛ sɛ Kristofo mmusua ti ma wɔn ani ku abusua no mufo ahosiesie ho. Ɛsɛ sɛ mmusua ti gyina obu a wɔwɔ ma Onyankopɔn a wɔsom no no so fi ɔdɔ mu de afotu pintinn ma ntɛm bere a ebehia sɛ wɔyɛ saa no.—Yakobo 3:13.

18. Dɛn na ɛkanyan wo ma wususuw w’atadehyɛ ne w’ahosiesie ho?

18 Asɛm a yɛka no fi Yehowa a nidi ne kronkronyɛ nyinaa sɛ no no. (Yesaia 6:3) Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yensua no sɛ “mma adɔfo.” (Efesofo 5:1) Yɛn ntadehyɛ ne ahosiesie betumi akamfo yɛn soro Agya no akyerɛ anaa asɛe ne din. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛpɛ sɛ yɛma ne koma ani gye!—Mmebusɛm 27:11.

19. Mfaso bɛn na efi “Onyankopɔn ade kɛse” a yɛbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo no mu ba?

19 Wote nka dɛn wɔ “Onyankopɔn ade kɛse” ho ade a woasua no ho? Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ wɔ nokware no a yɛasua no ho! Esiane sɛ yɛkyerɛ Yesu Kristo mogya a ohwie gui no mu gyidi nti, wɔde yɛn bɔne afiri yɛn. (Asomafo no Nnwuma 2:38) Ne saa nti, yetumi de nnam kasa wɔ Onyankopɔn anim. Yensuro owu sɛnea wɔn a wonni anidaso no suro no. Mmom no, yɛwɔ Yesu bɔhyɛ a ɛne sɛ da bi bɛba a, “wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi” no mu awerɛhyem. (Yohane 5:28, 29) Yehowa ada ayamye kɛse adi sɛ wabue nneɛma a ɛte sɛɛ nyinaa so akyerɛ yɛn. Bio nso, wahwie ne honhom agu yɛn so. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ anisɔ a yɛkyerɛ ma nneɛma pa a ɛte sɛɛ nyinaa no ka yɛn ma yɛkyerɛ obu ma ne gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn no na yɛde nnamyɛ kamfo no, na yɛka “ade kɛse” yi nyinaa ho asɛm kyerɛ afoforo.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Bere a Yehowa paw Mose ne Aaron sɛ wonnyina ne nkurɔfo ananmu nkasa nkyerɛ Farao no, Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Hwɛ, madan wo Onyankopɔn mama Farao, na wo nua Aaron bɛyɛ wo diyifo.’ (Exodus 7:1) Aaron somee sɛ odiyifo, ɛnyɛ sɛ na ɔbɛhyɛ nneɛma a ɛbɛba daakye ho nkɔm, na mmom sɛ ɔbɛyɛ Mose kasamafo.

^ nky. 7 Nnipadɔm a wɔbaa Awurade Anwummeduan ho afahyɛ ase wɔ March 28, 2002 no mu ɔpepem pii mmɛyɛɛ nnipa a wɔsom Yehowa. Yɛn mpaebɔ ne sɛ anigyefo yi mu pii koma bɛka wɔn ma wɔapere adu hokwan a ɛne sɛ wɔbɛyɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo ho.

^ nky. 12 Ɛwom sɛ wɔkaa Paulo nsɛm no kyerɛɛ Kristofo mmea de, nanso nnyinasosɛm koro no ara fa Kristofo mmarima ne mmofra ho.

Wubebua Dɛn?

•“Ade kɛse” bɛn ho asɛm na nkurɔfo tee wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu, na wɔyɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

•Ɛyɛ dɛn na obi bɛyɛ Yesu Kristo suani, na dɛn na osuani a obi bɛyɛ no hwehwɛ?

•Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛma yɛn ani ku yɛn ntadehyɛ ne ahosiesie ho?

•Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho bere a yɛresusuw ho sɛ ebia atade anaa sɛnea wɔapam atade bi no fata anaa ɛmfata no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Petro kae sɛ wɔanyan Yesu afi awufo mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

So w’ahosiesie ka Onyankopɔn a wosom no no ho asɛmpa?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo ma wɔn ani ku wɔn abusua mufo ahosiesie ho