Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi’

‘Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi’

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

‘Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi’

NNIPA pii nim Bible no wɔ Jamaica a ɛwɔ Caribbean supɔw a awia bɔ wɔ hɔ kɛse no so. Nokwasɛm no ne sɛ, ɛkame ayɛ sɛ wotumi hu King James Version wɔ ofie biara mu, na nnipa binom anya osuahu a ɛkyerɛ sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) Saa ahoɔden yi tumi sakra asetra kwan, sɛnea nhwɛso a edi so yi da no adi no.

Yehowa Adansefo mu biako kɔsraa ɔbarima bi a ne din de Cleveland bere a na ofii adwuma bae nkyɛe no. Wɔ bere a ɔne no susuw Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm bi ho wiei no, Ɔdansefo no gyaw nhoma a wɔde sua Bible a ɛyɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu maa no. Ná Cleveland nnim sɛnea Onyankopɔn Asɛm benya tumi wɔ n’asetra so.

Na Cleveland taa bɔ mpae mprɛnsa da koro, srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa no ma onhu kwan a ɛteɛ mfa so nsom No. Na Cleveland gye di sɛ n’awofo nsom wɔ ɔkwan a ɛteɛ so, nanso n’abam bui wɔ bere a ɔhwehwɛɛ ɔsom afoforo mu akyi no. Ɛwom sɛ na wate Yehowa Adansefo nka de, nso wannye anni sɛ wɔwɔ nokware no. Ɛmfa ho ahotoso a na Cleveland nni no ɔpenee so sɛ ɔne Ɔdansefo a ɔbaa ne pon ano no besua Bible no. Adɛn ntia? Efisɛ na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ Adansefo no sɛ wonni nokware no!

Ankyɛ na Cleveland suae sɛ ɔbrasɛe a ɔne mmea abien de wɔn ho ahyem no nsɔ Onyankopɔn ani. (1 Korintofo 6:9, 10) Wɔ adesua abien pɛ akyi no, onyaa akokoduru twaa ɔne mmea no abusuabɔ no mu. Ofii ase nso kɔɔ Kristofo nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so. Nanso eyi bɛyɛɛ sɔhwɛ foforo.

Na Cleveland de ne ho ahyɛ ne mpɔtam hɔnom bɔɔlbɔ kuw mu denneennen, na wɔn agodie no twitwaree n’adesua kɔ mu. Na ɔbɛyɛ dɛn? Ɛmfa ho sɛ Cleveland mfɛfo a ɔne wɔn bɔ bɔɔl, agumadi kyerɛfo, ne ne nnamfo de ɔhyɛ a ano yɛ den baa no so no, osii gyinae twee ne ho fii bɔɔlbɔ kuw no ho. Yiw, na Onyankopɔn Asɛm refi ase anya tumi, nkɛntɛnso pa wɔ ne so!

Tumi a Onyankopɔn Asɛm wɔ daa adi bio bere a Cleveland fii ase kaa ne Bible ho nimdeɛ a wanya ho asɛm kyerɛɛ afoforo no. (Asomafo no Nnwuma 1:8) Nea efii mu bae ne sɛ ne mfɛfo a na ɔne wɔn bɔ bɔɔl no mu baanu fii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow. Bere a Cleveland fatae sɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo no, onyaa anigye kɛse wɔ ɔsom adwuma no mu, na ɔde Onyankopɔn Asɛm boa afoforo.

Onyankopɔn Asɛm kɔɔ so nyaa Cleveland so tumi no, ohyiraa ne ho so gyee asubɔ bere bi akyi maa Yehowa na wanya hokwan resom sɛ bere nyinaa somfo ne asafo mu ɔsomfo wɔ asafo no mu.

Wɔ Jamaica ne wiase afanan nyinaa no, nnipa mpempem pii abesua sɛ, nokwarem no, “Onyankopɔn Asɛm wɔ nkwa na tumi wom.”

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 8]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

JAMAICA

[Asɛm Fibea]

Map and globe: Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.