Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Gyidihunu Nkɛntɛnso Asetra Te

Sɛnea Gyidihunu Nkɛntɛnso Asetra Te

Sɛnea Gyidihunu Nkɛntɛnso Asetra Te

WO NE obi bɔ mpunempu bere a worefi fie. Wuhintiw ɔbo bi. Anomaa pɔtee bi su anadwo. Wotaa sõ dae koro no ara mpɛn pii. Wɔ nnipa pii fam no, eyinom yɛ nneɛma a ɛnkyerɛ hwee. Nanso, wɔ nnipa bi a wɔwɔ Afrika Atɔe fam de, wobetumi abu eyinom sɛ nneɛma bi ho nsɛnkyerɛnne, anaa nsɛm a efi ahonhom wiase. Wogyina sɛnkyerɛnne no ne ne nkyerɛase so kyerɛ sɛ yiyedi anaa amanehunu reba.

Nokwarem no, wɔ Afrika akyi no, gyidihunu wɔ mmeae foforo nso. Ɛmfa ho sɛ Chinafo ne kan Soviet Union adehyeman ahorow no mufo atra nkurɔfo a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ mu mfirihyia pii no, wɔn mu bebree da so ara kura gyidihunu ahorow mu ma ɛyɛ nwonwa. Wɔ Atɔe fam aman mu no, nnipa pii nam wɔn awo nsoromma so hwehwɛ nea ɛbɛba wɔn so, a pii suro ɔsram da a ɛto so 13 a esi Fida, na wɔtwe wɔn ho fi agyinamoa tuntum ho. Nnipa bi a wɔte Atifi fam Akyirikyiri no bu nsoromma soronko bi a epue wɔ atifi fam no sɛ ɛyɛ ɔko ne ɔyaredɔm ho sɛnkyerɛnne. Wɔ India no, wɔn a wɔka lɔre akɛse a wogye di sɛ ɛsɛ sɛ wonya nna mu nkitahodi na ama wɔn ho adwo wɔn wɔ nna a ewim yɛ hyew mu no na wɔretrɛw AIDS yare no mu. Wɔ Japan no, adwumayɛfo a wotwa kwan fa asase ase no gye di sɛ sɛ ɔbea bi kɔfa mu ansa na wɔawie a, ɛde mmusu ba. Gyidihunu nya nkɔso wɔ agokansi mu nso. Obi a ɔbɔ volibɔɔl mpo kyerɛe sɛ nkonim pii a odii no fi sɔks fitaa a wanhyɛ na ɔhyɛɛ tuntum no nti. Nsɛm no dodow nni ano.

Na wo nso ɛ? So ebia ehu bi wɔ wo mu a wuntumi nkyerɛkyerɛ nea ɛde ba mu? So “gyidi, gyidi fã anaa amanne bi a enni nnyinaso anya wo so nkɛntɛnso”? Wo mmuae betumi akyerɛ sɛ ebia ɛte saa, efisɛ saa na nhoma bi kyerɛ “gyidihunu” ase.

Obi a ɔma gyidihunu nya ne gyinaesi ahorow ne ne da biara da adeyɛ so nkɛntɛnso no rema biribi a ɔnte ase ankasa adi ne so. So nyansa wɔ eyi mu? So ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ gyidihunu ne ebia nkɛntɛnso bɔne a ɛte saa ase? So gyidihunu yɛ mmerɛwyɛ a asɛm biara nni ho anaasɛ ɛyɛ asiane a ɛyɛ hu?