Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Gyidihunu Ahorow Di W’asetra So?

So Gyidihunu Ahorow Di W’asetra So?

So Gyidihunu Ahorow Di W’asetra So?

GYIDIHUNU ahorow wɔ wiase baabiara. Ɛtɔ mmere bi a wobu no sɛ ɛka amammerɛ a wɔn nananom de gyaw wɔn no ho. Anaasɛ wobetumi abu no sɛ nneɛma nketenkete a wɔde gyigye wɔn ani kɛkɛ—nea ɛma wɔn ani gye wɔn asetra mu. Wɔ Atɔe fam aman mu no, wɔntaa mmu gyidihunu ahorow sɛ aniberesɛm biara. Wɔ mmeae bi—sɛ nhwɛso no, wɔ Afrika—no, gyidihunu ahorow betumi anya nnipa asetra so nkɛntɛnso a ɛyɛ hu.

Afrikafo amammerɛ dodow no ara gyina gyidihunu so. Sini ahorow, radio so dwumadi, ne nhoma ahorow a wɔyɛ wɔ Afrika no taa si gyidihunu ne ahonhonsɛmdi te sɛ, ntafowayi, nananom som, ne nsɛbɛ so dua. Dɛn nti na gyidihunu ahorow wɔ nnipa so nkɛntɛnso saa, na ɛhe na gyidihunu ahorow fi bae?

Dɛn na Ɛde Gyidihunu Ahorow Ba?

Gyidihunu ahorow pii fi suro a wosuro awufo ahonhom ne ahonhom foforo mu. Wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a esisi mu sɛ ɛyɛ mmɔden a saa ahonhom yi bɔ sɛ wɔne ateasefo bedi nkitaho ahunahuna wɔn, abɔ wɔn kɔkɔ, anaasɛ wɔahyira wɔn.

Gyidihunu ahorow taa fa ayaresa ne aduruyɛ ho nso. Nnɛyi aduruyɛ ho ka sõ dodo ma aman a ennyaa nkɔso pii mufo, na mpɛn pii no ɛnyɛ ade a wobetumi anya ho sika. Enti, nnipa pii hwehwɛ ayaresa anaa ahobammɔ denam nananom amammerɛ, ahonhonsɛmdi, ne gyidihunu ahorow so a wɔdan kɔ so. Afei nso wonya abotɔyam kɛse bere a wɔne ɔkɔmfo a onim wɔn amammerɛ na ɔka wɔn kasa no redi nkitaho no sen sɛ wɔbɛkɔ oduruyɛfo a wɔde atɔe fam aman nimdeɛ atete no nkyɛn. Enti gyidihunu ahorow nya nkɔso.

Gyidihunu ahorow kyerɛ sɛ nyarewa ne asiane ahorow nyɛ nea ɛba ara kwa, na mmom atumfoɔ a wɔwɔ ahonhom wiase no na ɛde ba. Akɔmfo betumi aka sɛ biribi haw nana bi a wawu no. Anaasɛ adebisafo betumi akyerɛ sɛ obi akɔkyekyere nea asɛm ato no no wɔ ɔkɔmfo foforo hɔ, na ɛno nti na yare anaasɛ asiane ato no no.

Gyidihunu gu ahorow wɔ wiase nyinaa, na anansesɛm, atetesɛm, ne tebea horow a ɛkɔ so wɔ mmeae bi no na ɛma ɛtrɛw. Nanso, nea egyina so titiriw ne gyidi a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wɔpata obi, anaa biribi a efi ahonhom wiase a aniwa nhu no.

So Asɛm Biara Nni Ho Anaasɛ Ɛyɛ Hu?

Mmusua pii fam no, ntaafo awo yɛ ade soronko na ɛyɛ anigye. Nanso, wɔ wɔn a wokura gyidihunu fam de, wobetumi afa no sɛ ɛyɛ biribi ho sɛnkyerɛnne. Wɔ Afrika Atɔe fam amantam bi mu no, nnipa pii bu no sɛ wɔawo anyame, na wɔsom ntaafo no. Sɛ ntaafo no biako anaa baanu no nyinaa wu mpo a, wɔyɛ ntaafo no ahoni nketewa abien, na ɛsɛ sɛ abusua no ma saa ahoni yi nnuan. Wɔ mmeae bi no, nnipa bu ntaafo awo sɛ nnome araa ma anyɛ yiye koraa no, awofo binom kum wɔn mu biako. Dɛn ntia? Wogye di sɛ sɛ ntaafo baanu no nyinaa tra ase a, wobekunkum wɔn awofo da bi.

Nhwɛso ahorow a ɛtete sɛɛ da no adi sɛ ɛwom sɛ gyidihunu ahorow betumi ayɛ sɛ nea ɛyɛ anigye na asɛm biara nni ho de, nanso afoforo betumi ayɛ hu—na adi awu mpo. Sɛ wɔde nkyerɛase bɔne a ɛte saa ma a, biribi a asɛm biara nni ho betumi abɛyɛ nea ɛyɛ hu.

Yiw, nokwarem no, gyidihunu yɛ gyidi, ɛyɛ ɔsom bi. Sɛ yesusuw gyidihunu ho nneɛma a ɛyɛ hu yi ho a, ɛfata sɛ yebisa sɛ: Hena ankasa na onya gyidihunu ne emu nneyɛe so mfaso?

Gyidihunu Ahorow Fibea

Ɛmfa ho adanse a ɛwɔ hɔ no, ɛnnɛ nnipa binom nnye nni sɛ Satan anaa ahonhommɔne wɔ hɔ. Nanso, wɔ ɔko mu no, gye a wonnye nni sɛ atamfo a wɔn ho yɛ hu wɔ hɔ no betumi akowie asiane mu. Saa ara na ebetumi aba wɔ ɔko a yɛne ahonhom abɔde a wɔwɔ tumi sen nnipa reko no mu, efisɛ Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Yɛne ahonhommɔne na ɛreko.’Efesofo 6:12.

Ɛwom sɛ yentumi nhu ahonhommɔne de, nanso wɔwɔ hɔ. Bible ka sɛ honhom nipa bi a aniwa nhu no de ɔwɔ dii dwuma sɛnea obi a ɔkasa fa abaduaba so yɛ no, ne ɔbea a odi kan, Hawa, kasae, na ɛnam so ma ɔtew atua tiaa Onyankopɔn. (Genesis 3:1-5) Bible ka honhom mu nipa yi ho asɛm sɛ “ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no.” (Adiyisɛm 12:9) Saa Satan no, tumi daadaa abɔfo foforo ma wɔtew atua. (Yuda 6) Abɔfo bɔne yi na wɔbɛyɛɛ adaemone, Onyankopɔn atamfo no.

Yesu tuu ahonhommɔne fii nnipa mu, na n’asuafo no nso yɛɛ saa ara. (Marko 1:34; Asomafo no Nnwuma 16:18) Saa ahonhom yi nyɛ nananom a wɔawuwu, efisɛ awufo ‘nnim biribiara.’ (Ɔsɛnkafo 9:5) Mmom no, wɔyɛ ahonhom a Satan daadaa wɔn ma wɔtew atua no. Ɛnsɛ sɛ yebu nkitaho a yɛne wɔn bedi anaa yɛn ho a yɛde bɛhyɛ wɔn ase no adewa, efisɛ te sɛ wɔn kannifo Satan Bonsam no, wɔbɛpɛ sɛ wɔmene yɛn. (1 Petro 5:8) Wɔn botae ne sɛ wɔbɛtwe yɛn afi adesamma anidaso koro pɛ—Onyankopɔn Ahenni—no ho.

Bible da akwan a Satan ne n’adaemone de di dwuma no mu biako adi sɛ: “Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo.” (2 Korintofo 11:14) Satan bɛpɛ sɛ ɔdaadaa yɛn ma yegye di sɛ obetumi ama yɛanya asetra pa. Enti, ebetumi ayɛ sɛ nea ahonhommɔne de bere tiaa mu mfaso bi ba. Nanso, wontumi mma yennya yɛn haw ahorow ano aduru a ɛtra hɔ daa. (2 Petro 2:4) Wɔrentumi mma obiara nnya daa nkwa, na wɔbɛsɛe wɔn nnansa yi ara. (Romafo 16:20) Yɛn Bɔfo no nkutoo na obetumi ama yɛanya daa nkwa, nokware anigye, ne ahobammɔ a edi mu sen biara afi ahonhommɔne ho.—Yakobo 4:7.

Onyankopɔn kasa tia ahonhonsɛmdi so a yɛbɛfa ahwehwɛ mmoa no. (Deuteronomium 18:10-12; 2 Ahene 21:6) Ɛno yɛ nkitaho a wɔne atamfo di, biako a wɔne wɔn a wɔapa Onyankopɔn akyi yɛ! Awo nsoromma mu a wobɛhwɛ, adebisafo nkyɛn abisa a wobɛkɔ, anaa gyidihunu ho ade biara mu a wode wo ho bɛhyɛ no bɛkyerɛ sɛ worema ahonhommɔne kwan ma wɔadi gyinae ahorow a wusisi wɔ w’asetram no so. Ɛte sɛ nea wode wo ho rehyɛ atua a wɔtew tia Onyankopɔn no mu.

Ahobammɔ a Yebenya Afi Adebɔne Ho—Ebetumi Ayɛ Yiye?

Ná Ade, * ɔbarima bi a ɔte Niger, ne Yehowa Dansefo bere nyinaa ɔsɛnkafo bi resua Bible no. Ade kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔwɔ sɛbɛ bi sɛn n’adwumayɛbea dan mu no mu: “Atamfo dɔɔso.” Ade Bible kyerɛkyerɛfo no kyerɛɛ no sɛ Yehowa nkutoo na yebetumi de yɛn ho ato no so anya ahobammɔ ankasa. Ɔkenkanee Dwom 34:7 kyerɛɛ Ade sɛ: “[Yehowa, NW] bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia, na ogye wɔn.” Ade kae sɛ: “Sɛ Yehowa betumi abɔ me ho ban ankasa a, ɛnde meyi sɛbɛ no afi hɔ.” Mprempren, mfirihyia pii akyi no, ɔsom sɛ ɔpanyin ne bere nyinaa somfo. N’atamfo no mu biako mpo nhaw no.

Bible kyerɛ sɛ ɛbere ne asiane to yɛn nyinaa, ɛmfa ho sɛ yekura gyidihunu mu anaa ɛnte saa no. (Ɔsɛnkafo 9:11) Yehowa mfa nneɛma bɔne nsɔ yɛn nhwɛ. (Yakobo 1:13) Owu ne sintɔ fi bɔne a yenya fii Adam mu no mu. (Romafo 5:12) Eyi nti, obiara yare bere ne bere mu, na yetumi di mfomso ahorow a ebetumi ama asiane ato yɛn. Enti, ɛbɛyɛ mfomso sɛ yebesusuw sɛ ahonhommɔne na wɔde nyarewa anaa ɔhaw ahorow nyinaa ba. Gyidi a ɛte saa bɛsɔ yɛn ahwɛ ma yɛayɛ sɛ yɛbɛpata ahonhom no ɔkwan bi so. * Sɛ yɛyare a, ɛsɛ sɛ yekohu oduruyɛfo a ɔfata, na ɛnsɛ sɛ yegye afotu a efi “ɔtorofo ne atoro agya,” Satan Bonsam hɔ. (Yohane 8:44) Akontaabu kyerɛ sɛ nnipa a wɔte aman a nananom a wɔawuwu ho gyidihunu ahorow abu so wom no ntra ase nkyɛ anaasɛ wɔn asetra nyɛ papa nkyɛn nnipa a wɔte aman foforo so no. Enti, ɛda adi pefee sɛ, ayaresa so mfaso biara nni gyidihunu ahorow mu.

Onyankopɔn wɔ tumi koraa sen honhommɔne biara, na yɛn yiyedi ho hia No. “[Yehowa, NW] ani wɔ wɔn a wɔteɛ so, na n’aso abue ama wɔn adesrɛ.” (1 Petro 3:12) Bɔ no mpae hwehwɛ ahobammɔ ne nyansa. (Mmebusɛm 15:29; 18:10) Bɔ mmɔden sɛ wobɛte N’asɛm Kronkron Bible no ase. Ahobammɔ a ɛsen biara a yebetumi anya ne Bible mu nokware nimdeɛ. Ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nea enti a nneɛma bɔne sisi, ne ɔkwan a yɛbɛfa so anya Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn anim dom.

Onyankopɔn Ho Nimdeɛ So Mfaso Ahorow

Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow ho nokware nimdeɛ—ade a ɛbɔ nimdeɛ a wonni ne gyidihunu abira—ne ade a ɛma yenya nokware ahobammɔ. Jean, ɔbarima bi a ofi Benin, asɛm no da eyi adi. Ná gyidihunu ahorow agye ntini kɛse wɔ Jean abusua mu. Sɛnea wɔn amammerɛ bi a ɛyɛ gyidihunu kyerɛ no, na ɛsɛ sɛ ɔbea a wawo ɔbabarima foforo tra ɔsese soronko bi mu nnankron. Sɛ ɔwo ɔbabea a, na ɔbɛtra ɔsese no mu nnanson.

Wɔ afe 1975 mu no, Jean yere woo ɔbabarima bi a ne ho yɛ fɛ a wɔtoo ne din Marc. Esiane Bible mu nimdeɛ a na Jean ne ne yere wɔ nti wɔampɛ sɛ wɔne ahonhommɔne benya ayɔnkofa biara. Na so na ehu ne nhyɛso bɛma wɔadi gyidihunu akyi na wɔama ɛna no akɔtra ɔsese no mu? Dabi—wɔpoo abusua gyidihunu yi.—Romafo 6:16; 2 Korintofo 6:14, 15.

So adebɔne bi too Jean abusua no? Mfirihyia pii atwam, na Marc resom mprempren sɛ asafo mu ɔsomfo wɔ hɔnom Yehowa Adansefo asafo mu. Abusua mũ no nyinaa ani agye sɛ wɔamma gyidihunu annya wɔn asetra so nkɛntɛnso, na wɔansɛe wɔn honhom fam yiyedi.—1 Korintofo 10:21, 22.

Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo yi esum mu nnwuma fi wɔn asetram, na wogye honhom fam hann a wɔn Bɔfo, Yehowa, ne ne Ba, Yesu Kristo de ma no. Wɔnam saayɛ so betumi anya nokware asomdwoe afi nim a wonim sɛ wɔreyɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim no mu.—Yohane 8:32.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 20 Wɔasesa edin ahorow no.

^ nky. 21 Hwɛ asɛm “So Ɔbonsam na Ɔma Yɛyare?” a ɛwɔ September 1, 1999, Ɔwɛn-Aban mu no.

[Adaka/Mfonini ahorow wɔ kratafa 5

Gyidihunu Ahorow Bi a Ɛwɔ Wiase Nyinaa

• Nnua a wɔde didi a wɔde sisi ntenten wɔ kyɛnsee a ɛmo wom mu yɛ owu ho sɛnkyerɛnne

• Sɛ wuhu ɔpatu awiabere a, ɛde mmusu ba

• Sɛ kyɛnerɛ dum bere a adeyɛ bi rekɔ so a, ɛkyerɛ sɛ ahonhommɔne bɛn hɔ

• Sɛ kyinii fi wo nsam tɔ fam a, ɛkyerɛ sɛ obi bedi awu wɔ ofie no mu

• Sɛ wode kyɛw to mpa so a, ɛde mmusu ba

• Adɔmma nnyigyei pam adaemone

• Sɛ obi huw kyɛnerɛ a esisi awodadi keeki so ma ne nyinaa dum prɛko pɛ a, ɛma ne nsa ka nea ɔhwehwɛ

• Sɛ wɔde prae tweri mpa a, ɛma ahonhommɔne a wɔwɔ prae no mu de mmusu ba mpa no so

• Sɛ agyinamoa tuntum twam w’anim a, ɛyɛ mmusu

• Sɛ adinam fi wo nsam tɔ fam a, ɛkyerɛ sɛ ɔbarima bi rebɛsra wo

• Sɛ asono mfonini hwɛ ɔpon ano a, ɛde asɛm papa ba

• Ɔpɔnkɔ mpaboa a wɔde sɛn ɔpon ano de asɛm papa ba

• Sɛ wura bi a wɔfrɛ no ivy foro dan a, ɛbɔ ofie no ho ban fi ahonhommɔne ho

• Ɛyɛ mmusu sɛ wobɛnantew afa antweri a ɛtweri hɔ ase

• Sɛ wobɔ ahwehwɛ a, ɛkyerɛ sɛ mmusu bɛba wo so mfirihyia ason

• Sɛ wutu mako pete a, ɛkyerɛ sɛ wo ne w’adamfo paa begye akyinnye

• Nkyene a wobɛtow apete de mmusu ba gye sɛ wotow nkyene kakra fa wo nsa benkum bati so

• Sɛ woma akongua a ehinhim kɔ so hinhim bere a obiara nte so a, ɛfrɛfrɛ adaemone bɛtra so

• Sɛ wode wo mpaboa butubutuw hɔ a, ɛde mmusu ba

• Sɛ obi wu a, ɛsɛ sɛ wobuebue mfɛnsere ma ɔkra no fi adi

[Adaka wɔ kratafa 6

Onyaa Ahofadi Fii Gyidihunu Nkɛntɛnso Ase

Ná Yehowa Adansefo reka asɛm wɔ beae bi wɔ South Africa. Bere a Adansefo no bɔɔ ɔpon bi mu na wobuei no, wohuu ɔbea bi a ɔhyɛ Sangoma (ɔkɔmfo) atade. Anka wɔpɛ sɛ wɔsan wɔn akyi, nanso ɔbea no kae sɛ wɔnka wɔn asɛm no. Adansefo no mu biako kenkan Deuteronomium 18:10-12 de kyerɛɛ no adwene a Onyankopɔn kura wɔ ahonhonsɛmdi ho. Ɔkɔmfo no gyee asɛm no toom, na ɔpenee so sɛ obesua Bible no. Ɔkae sɛ sɛ ɔnam Bible adesua no so bɛte ase sɛ Sangoma a ɔyɛ no tia Yehowa apɛde a, obegyae.

Bere a wɔde Bible no suaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no ti 10 wiei no, ɔhyew ne nneɛma a na ɔde yɛ akɔmfosɛm no nyinaa, na ofii ase kɔɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so. Afei nso, osiesiee n’awaresɛm, ɛwom mpo sɛ na ɔne ne kunu atetew mu mfirihyia 17 de. Mprempren, wɔn baanu nyinaa yɛ Yehowa Adansefo a wɔagye asubɔ.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

“Sangoma” tow nnompe de ma suman a ɛde ɔyarefo no haw ahorow aba ne so no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ de ahobammɔ ne anigye a edi mũ na ɛba