Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yoga—So Ɛyɛ Apɔw-mu-Teɛteɛ Kɛkɛ Anaasɛ Ɛsen Saa?

Yoga—So Ɛyɛ Apɔw-mu-Teɛteɛ Kɛkɛ Anaasɛ Ɛsen Saa?

Yoga—So Ɛyɛ Apɔw-mu-Teɛteɛ Kɛkɛ Anaasɛ Ɛsen Saa?

NEA agye nnipa adwene kɛse nnɛ ne sɛ wɔbɛyɛ teateaa na wɔate apɔw. Eyi ama nnipa pii kɔ adan a wɔteɛteɛ apɔw mu wom mu, na wɔde wɔn ho ahyɛ akwahosan akuw mu rehwehwɛ mmoa. Eyi nti, nnipa mpempem pii a wɔwɔ Atɔe fam aman mu de wɔn ho ahyɛ Apuei famfo adeyɛ a ɛne yoga no mu.

Nnipa a wɔahaw, wɔwɔ adwenemhaw, na wɔn abam abu nso de wɔn ho ahyɛ yoga mu rehwehwɛ awerɛkyekye ne wɔn haw ahorow no ano aduru. Efi 1960 mfe no mu, asoroboakwafo ne asoroboakwafo a wɔhwehwɛ ɔdɔ, afɛfɛde, ne asomdwoe bere so reba titiriw na nkurɔfo akyerɛ Apuei famfo nyamesom ho anigye, na wɔn anwonwade atrɛw wɔ Atɔe fam nyinaa. Siniyɛfo ne rock nnwontofo ama bere tenten a wɔde tra faako susuw nneɛma ho a wɔde bata yoga ho no agye din. Esiane sɛnea nkurɔfo rekyerɛ yoga ho anigye kɛse nti, yebetumi abisa sɛ: ‘So yoga yɛ apɔw-mu-teɛteɛ kɛkɛ a wɔyɛ no daa sɛnea ɛbɛma nea ɔde ne ho hyem no anya apɔwmuden, wayɛ teateaa, na wanya asomdwoe bi? So obi betumi de ne ho ahyɛ yoga mu a nyamesom ho asɛm biara remma mu? So ɛfata sɛ Kristofo de wɔn ho hyɛ yoga mu?’

Yoga Ho Abakɔsɛm

Asɛmfua yoga no fibea ne Twi asɛmfua “twaka” wɔ abusuabɔ. Ebetumi akyerɛ sɛ́ wɔreka biribi abom anaasɛ wɔde biribi rehyɛ kɔndua ase, wɔde yɛ adwuma anaasɛ wodi so. Wɔ Hinduni fam no, yoga yɛ nyansakwan anaa ɔkwan bi a wɔfa so ne tumi kɛse bi a ɛboro nnipa de so anaa honhom bi nya abusuabɔ. Wɔaka ho asɛm sɛ “nipadua no tumi, adwene, ne ɔkra nyinaa a wɔde hyɛ Onyankopɔn ase.”

Yebetumi ahwehwɛ yoga ho abakɔsɛm mu akodu he? Nipadua mfonini a esisi hɔ sɛnea ɛreyɛ yoga nneyɛe ahorow wɔ nsɔano bi a wohui wɔ Indus Bon mu so, wɔ nnɛyi Pakistan. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu kyerɛ sɛ Indus Bon mu anibue kɔɔ so wɔ mfirihyia mpem abiɛsa ne mpem abien A.Y.B. mu, na ɛbɛn bere a na Mesopotamia anibue wɔ so no paa. Adwinni ahorow a efi mmeae abien no de onipa mfonini gyina hɔ ma onyame bi a ɔhyɛ ahemmotiri a aboa mmɛn tuatua ne ti ho, na mmoa atwa ne ho ahyia, a ɛkae yɛn Nimrod, “ɔbɔmmɔfo a ɔwɔ tumi” no. (Genesis 10:8, 9) Hindufo kyerɛ sɛ mfonini a esisi hɔ sɛnea ɛreyɛ yoga nneyɛe ahorow no yɛ nyame Siva, mmoa ne yoga wura, a wɔtaa nam lingam, ɔbarima bɔbeasu, so som no no. Enti, Hindu World nhoma no frɛ yoga “ahotuafo nneyɛe ho akwankyerɛ a na ɛwɔ hɔ ansa na Aryanfo mmere reba titiriw, a tete ɔsom ho adwene ne amanne ahorow pii ho nkaede wom.”

Mfiase no na wɔde ano na ɛka akwan a wɔfa so yɛ yoga mu nneyɛe no ho asɛm kyerɛ. Afei India yoga nyansafo Patañjali kyerɛw hyehyɛɛ no kama a wɔfrɛ no Yoga Sutra, a ɛno na ɛda so ara yɛ yoga akwankyerɛ nhoma titiriw. Sɛnea Patañjali kyerɛ no, yoga yɛ “ɔkwan a wɔfa so de nkakrankakra du pɛyɛ ho denam nipasu ahorow, honam fam de ne honhom fam de a obedi so no so.” Efi yoga mfiase de besi nnɛ no, ayɛ Apuei famfo som fã, na ɛyɛ Hindusom, Jainsom, ne Buddhasom fã mprempren. Wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ yoga mu no bi susuw sɛ ɛbɛma wɔanya moksha, anaa ahofadi, denam honhom a ɛwɔ mmaa nyinaa no a wɔne no bɛyɛ biako so.

Enti yebisa bio sɛ: ‘So obi betumi de ne ho ahyɛ yoga mu sɛ nea ɔde reteɛteɛ n’apɔw mu ma wanya nipadua a ɛte apɔw ne adwene a emu dwo a nyamesom ho nsɛm mma mu?’ Esiane ɛho abakɔsɛm a yɛasusuw ho yi nti, mmuae no bɛyɛ dabi.

Yoga Betumi De Wo Akodu He?

Yoga botae ne sɛ ɛde obi bɛkɔ honhom mu ma ɔne honhom bi a ɔwɔ tumi kɛse akonya “twaka” anaa akɔyɛ biako. Nanso, ɛno bɛyɛ honhom bɛn?

Hindu World mu no, nhoma kyerɛwfo Benjamin Walker ka yoga ho asɛm sɛ: “Ebetumi ayɛ tete kwan a na wɔfa so yɛ nkonyaayi ho amanne, na asumansɛm ne abayisɛm da so ara wɔ yoga mu.” Hindu nyansapɛfo gye tom sɛ obi nam yoga so betumi anya tumi a ɛboro nnipa de so, ɛwom sɛ wɔtaa kyerɛ sɛ ɛnyɛ ɛno ne yoga botae titiriw de. Sɛ nhwɛso no, wɔ Indian Philosophy nhoma mu no, kan India ɔmampanyin, Ɔbenfo S. Radhakrishnan, ka yogi ho asɛm sɛ “ɔnam sɛnea ogyina hɔ anaa ɔtra hɔ so di nipadua no so ma ɔnte ɔhyew anaa awɔw a ano yɛ den nka. . . . Yogi no tumi hu ade na ɔte asɛm wɔ akyirikyiri . . . Etumi ba sɛ obiako tumi hu asɛm a ɛwɔ obiako tirim bere a wɔnkasa. . . . Yogi tumi tu yera.”

Yogi betumi ada mpa a nnadewa tintim so so anaa ɔbɛnantew nnyasramma a adɔ so na ɛno betumi akyerɛ nnaadaasɛm ama ebinom, anaa aseresɛm ama afoforo. Nanso eyinom yɛ nsɛm a ɛtaa sisi wɔ India, te sɛ nea wogyina nan biako so hwɛ owia tẽẽ nnɔnhwerew pii ne home a obi tumi tua ma wɔde no hyɛ anhwea mu bere tenten no. Wɔ June 1995 no, The Times of India bɔɔ amanneɛ sɛ wɔmaa kar bi a emu duru boro kilogram 750 faa abeawa bi a wadi mfirihyia abiɛsa ne fã yafunu so bere a na ɔda hɔ dinn a ɔnkeka ne ho no. Bere a ɔsɔree no na hwee nyɛɛ no, na nnipadɔm no ho dwiriw wɔn. Amanneɛbɔ no de kaa ho sɛ: “Ná ɛyɛ yogi tumi ankasa.”

Akyinnye biara nni ho sɛ, nipa biara nni hɔ a onni tumi biara a obetumi ayɛ eyinom mu biara. Enti, ɛsɛ sɛ Kristoni bisa sɛ: Saa adeyɛ yi yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne? So efi Yehowa Nyankopɔn, ‘nea ɔyɛ ɔsorosoroni, asase nyinaa so’ no hɔ? (Dwom 83:18) Bible ma asɛm yi mu da hɔ pefee. Bere a na Israelfo rehyɛn Bɔhyɛ Asase no a na Kanaanfo te so no so no, Yehowa nam Mose so ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Nsua amanaman no akyide no yɛ.” “Akyide” bɛn? Mose bɔɔ kɔkɔ wɔ ‘ɔkɔmfo a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafoayifo’ ho. (Deuteronomium 18:9, 10) Saa nneɛma yi yɛ Onyankopɔn akyide efisɛ ɛyɛ adaemone ne ɔhonam nnwuma.—Galatifo 5:19-21.

Ɛnyɛ Ade a Ɛsɛ sɛ Kristofo Yɛ

Ɛmfa ho nea akwahosan ho akyerɛkyerɛfo bɛka a ɛne eyi bɔ abira no, yoga nyɛ apɔw-mu-teɛteɛ ara kwa. Hindu Manners, Customs and Ceremonies nhoma no ka nnipa baanu bi a wɔde wɔn ho hyɛɛ yoga mu a na Hindufo panyin rekyerɛ wɔn ade no suahu ahorow ho asɛm. Wɔkyerɛ sɛ, obiako kae sɛ: “Mebɔɔ mmɔden a ɛsen biara tuaa ahome bere tenten sɛnea metumi, na mehomee bere a na mereyɛ atɔ piti no. Da koro awia, misusuw sɛ mihuu ɔsram a ɛhyerɛn a ɛte sɛ nea ɛrekɔ ɔfã ne fã. Bere foforo no, ɛyɛɛ me sɛ nea esum kabii atwa me ho ahyia owigyinae. Bere a mekaa anisoade ahorow yi kyerɛɛ me kyerɛkyerɛfo no . . . n’ani gyei kɛse. . . . Ɔmaa me awerɛhyem sɛ, aka kakraa bi na manya m’ahohiahia no so mfaso horow pii a ɛyɛ nwonwa.” Ɔbarima a ɔto so abien no ka sɛ: “Ɔhyɛɛ me sɛ minnyina faako na menhwɛ wim da biara a mimmu m’ani. . . . Mmere bi wɔ hɔ a ɛyɛɛ me sɛ nea mihui sɛ ogya nturuturuwii wɔ wim; mmere foforo nso ɛyɛɛ me sɛ nea mihuu ogya nkuruwankuruwa ne wim-apa-yerɛw foforo. Me kyerɛkyerɛfo no ani gyee nea mitumi yɛe no ho yiye.”

Ɛda adi sɛ ahude ahorow a ɛyɛ nwonwa a wohui no na ɛmaa nyamekyerɛfo no susuwii sɛ ɛyɛ adepa a ɛbɛma wɔadu yoga apɔw-mu-teɛteɛ no botae ankasa ho. Yiw, yoga botae titiriw ne moksha, a wɔkyerɛkyerɛ mu sɛ biako a wɔne honhom kɛse yɛ no. Wɔka ho asɛm sɛ “adwene no (a wɔhyɛ da) ma egyae adwuma yɛ mpofirim.” Ɛda adi pefee sɛ eyi ne botae a wɔde ama Kristofo a wɔatu wɔn fo sɛnea edi hɔ yi no nhyia: “Momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no. Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.”—Romafo 12:1, 2.

Apɔw-mu-teɛteɛ kõ a obi bɛpaw no yɛ n’ankasa asɛm. Nanso, Kristofo remma biribiara—sɛ́ ɛyɛ honam mu mmɔdenbɔ, adidi, ɔnom, ntadehyɛ, anigyede, anaa biribi foforo biara—nsɛe wɔne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ. (1 Korintofo 10:31) Wɔ wɔn a wɔn akwahosan nti na wɔreteɛteɛ wɔn apɔw mu fam no, akwan pii wɔ hɔ a ɛremma wɔmfa wɔn ho nhyɛ ahonhonsɛmdi ne asumansɛm mu a wobetumi afa so. Sɛ yɛtwe yɛn ho fi nneyɛe ne gyidi ahorow a agye ntini wɔ atoro som mu ho a, yebetumi ahwɛ Onyankopɔn nhyira wɔ trenee nneɛma nhyehyɛe foforo a emu na yebetumi anya honam fam ne adwenem akwahosan a edi mu daa no kwan.—2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 22]

Nnipa pii yɛ nneɛma a ɛma akwahosan a ɛmma wɔmfa wɔn ho nhyɛ ahonhonsɛmdi mu