Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mama Mo Sɛnnahɔ”

“Mama Mo Sɛnnahɔ”

“Mama Mo Sɛnnahɔ”

‘Ɛbere no nti ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo.’—HEBRIFO 5:12.

1. Dɛn nti na nsɛm a ɛwɔ Hebrifo 5:12 no betumi ahaw Kristoni bi ɔkwan bi so?

BERE a wokenkan kyerɛwsɛm a efi honhom mu a yɛn asɛmti no gyina so no, so ɛhaw wo ɔkwan bi so? Sɛ ɛte saa a, ɛnyɛ wo nkutoo. Sɛ́ Kristo akyidifo no, yenim sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ akyerɛkyerɛfo. (Mateo 28:19, 20) Yenim sɛ ɛbere a yɛte mu yi ma ɛyɛ asɛnhia sɛ yɛde ahokokwaw bɛkyerɛkyerɛ yiye sɛnea yebetumi. Na yenim sɛ yɛn nkyerɛkyerɛ betumi akyerɛ owu ne nkwa ama wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no! (1 Timoteo 4:16) Ɛnde, yebetumi abisa yɛn ho ma afata sɛ: ‘So meyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɛsɛ sɛ meyɛ no? Mɛyɛ dɛn atumi atu mpɔn?’

2, 3. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔkyerɛkyerɛfo bi kyerɛkyerɛɛ ade a nkyerɛkyerɛ pa gyina so mu? (b) Adekyerɛ ho sɛnnahɔ bɛn na Yesu yɛ maa yɛn?

2 Ɛnsɛ sɛ nsɛm a ɛtete saa bu yɛn abam. Sɛ yesusuw adekyerɛ ho sɛ ɛyɛ adeyɛ a egye nimdeɛ soronko bi a, ebetumi ama nkɔso a ɛsɛ sɛ yenya no ayɛ asɛnnennen ama yɛn. Nanso, nkyerɛkyerɛ pa nnyina nimdeɛ soronko bi so, na mmom biribi a ɛho hia sen saa koraa. Hyɛ nea ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ osuahu kyerɛw faa asɛm yi ho wɔ nhoma bi mu no nsow: “Nkyerɛkyerɛ pa nnyina nimdeɛ anaa akwan, nhyehyɛe anaa nneyɛe pɔtee bi so. . . . Adekyerɛ gyina ɔdɔ so titiriw.” Ɛwom sɛ na ne nsusuwii no fa wiase kyerɛkyerɛfo ho de. Nanso, n’asɛm no betumi afa ɔkyerɛkyerɛ adwuma a yɛyɛ sɛ Kristofo no ho kɛse. Ɔkwan bɛn so?

3 Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔyɛ yɛn Nhwɛsofo no nyɛ obiara sɛ Yesu Kristo, a ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Mama mo sɛnnahɔ” no. (Yohane 13:15) Ná Yesu retwe adwene asi ahobrɛase ho nhwɛso a ɔyɛe no so, nanso akyinnye biara nni ho sɛ n’adwuma titiriw a ɔyɛe sɛ onipa wɔ asase so—Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo—no ka sɛnnahɔ a ɔyɛ maa yɛn no ho. (Luka 4:43) Afei, sɛ ɛsɛ sɛ wopaw asɛmfua biako de ka Yesu som adwuma no ho asɛm a, ɛda adi sɛ anka wobɛfa “ɔdɔ,” ɛnte saa? (Kolosefo 1:15; 1 Yohane 4:8) Ná ɔdɔ a Yesu wɔ ma ne soro Agya, Yehowa no, ho hia no titiriw. (Yohane 14:31) Nanso, sɛ́ ɔkyerɛkyerɛfo no, Yesu daa ɔdɔ adi wɔ akwan foforo abien so. Ɔdɔɔ nokware ahorow a ɔkyerɛkyerɛe no, na ɔdɔɔ nnipa a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no. Ma yɛmfa yɛn adwene nsi sɛnnahɔ abien a ɔyɛ maa yɛn yi so kɛse.

Onyankopɔn Nokware Ahorow Ho Dɔ a Akyɛ

4. Ɔkwan bɛn so na Yesu nyaa Yehowa nkyerɛkyerɛ ho anigye?

4 Su a ɔkyerɛkyerɛfo da no adi wɔ ade a ɔkyerɛ ho no nya nkɛntɛnso kɛse wɔ sɛnea ne nkyerɛkyerɛ tu mpɔn no so. Anibiannaso biara a ɔbɛyɛ no bɛda adi, na ɛbɛka n’adesuafo no. Yesu anyɛ anibiannaso biara wɔ Yehowa ne N’ahenni ho nokware ahorow a ɛsom bo a ɔkyerɛkyerɛe no ho. Ná anigye a Yesu wɔ ma asɛm yi no mu dɔ yiye. Onyaa saa anigye yi bere a na ɔyɛ osuani no. Ná Ɔba a wɔwoo no koro no yɛ osuani a ɔntoto n’adesua ase koraa mfirihyia pii wɔ asetra a na ɔwom ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no mu. Yesaia 50:4, 5 yɛɛ nsɛm a ɛfata yi ho kyerɛwtohɔ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn ama me asuafo tɛkrɛma, sɛ minhu sɛnea mede asɛm mɛwaw nea wabrɛ; onyan me daa anɔpa, onyan m’aso ma me, sɛ memfa mintie sɛ asuafo. [Yehowa, NW] Nyankopɔn abue m’aso, na me nso mantew atua mansan m’akyi.”

5, 6. (a) Osuahu bɛn na ɛda adi sɛ Yesu nyae bere a wɔbɔɔ no asu no, na nkɛntɛnso bɛn na enyae wɔ ne so? (b) Nsonsonoe bɛn na yehu wɔ dwuma a Yesu ne Satan de Onyankopɔn Asɛm dii no mu?

5 Bere a na Yesu renyin sɛ onipa wɔ asase so no, ɔkɔɔ so nyaa Onyankopɔn nyansa ho anigye. (Luka 2:52) Afei, bere a na wɔrebɔ no asu no, onyaa osuahu soronko bi. Luka 3:21 ka sɛ: “Ɔsoro buei.” Ɛda adi sɛ, Yesu tumi kaee n’asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no saa bere no. Ɛno akyi no, odii mmuada adaduanan wɔ sare so. Ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei kɛse wɔ nkyerɛkyerɛ ahorow a na wanya afi Yehowa hɔ wɔ soro a odwennwen ho no ho. Nanso, ankyɛ na wɔsɔɔ anigye a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn nokware ahorow ho no hwɛe.

6 Bere a na Yesu abrɛ na ɔkɔm de no no, Satan sɔɔ no hwɛe. Hwɛ nsonsonoe ara a yehu wɔ Onyankopɔn mma baanu yi mu! Wɔn baanu nyinaa faa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm kae—nanso ɛsono su a wɔn mu biara daa no adi. Satan kyinkyim Onyankopɔn Asɛm, na ofi animtiaabu mu de dii n’ankasa pɛsɛmenkominya ho dwuma. Nokwarem no, animtiaa nkutoo na na saa otuatewfo no bu Onyankopɔn nokware ahorow no. Nanso, Yesu de ɔdɔ na ɛfaa Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm kae pefee, na ɔde Onyankopɔn Asɛm dii dwuma yiye wɔ mmuae a ɔmae no biara mu. Na Yesu atra ase bere tenten ansa na wɔredi kan akyerɛw saa nsɛm a efi honhom mu no, nanso ɔkyerɛɛ obu wɔ ho yiye. Na ɛyɛ nokware ahorow a ɛsom bo a efi ne soro Agya hɔ! Ɔka kyerɛɛ Satan sɛ nsɛm a ɛtete saa a efi Yehowa hɔ no ho hia sen aduan. (Mateo 4:1-11) Yiw, na Yesu dɔ nokware ahorow a Yehowa akyerɛkyerɛ no no nyinaa. Nanso, ɔkwan bɛn so na ɔdaa saa ɔdɔ no adi sɛ ɔkyerɛkyerɛfo?

Ɔdɔ Ma Nokware Ahorow a Ɔkyerɛkyerɛe

7. Dɛn nti na Yesu ankyerɛkyerɛ n’ankasa nsɛm?

7 Ɔdɔ a Yesu wɔ ma nokware ahorow a ɔkyerɛkyerɛe no daa adi bere nyinaa. Sɛnea ɛte no, na ɛnyɛ den koraa sɛ anka obetumi ada n’ankasa nsusuwii adi. Na ɔwɔ nimdeɛ ne nyansa pii. (Kolosefo 2:3) Nanso, ɔkaee n’atiefo mpɛn pii sɛ, biribiara a ɔkyerɛkyerɛe no mfi n’ankasa mu, na mmom efi ne soro Agya hɔ. (Yohane 7:16; 8:28; 12:49; 14:10) Ná ɔdɔ Onyankopɔn nokware ahorow no araa ma na ɛyɛ den sɛ ɔde n’ankasa nsusuwii besi ananmu.

8. Wɔ Yesu som adwuma mfiase no, ɔkwan bɛn so na ɔyɛɛ sɛnnahɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm a ɔde ne ho too so no mu?

8 Bere a Yesu fii ne baguam adwuma no ase no, ɔyɛɛ ho sɛnnahɔ ntɛm ara. Susuw ɔkwan a ɔfaa so dii kan ka kyerɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo sɛ ɔne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no ho hwɛ. So ogyinaa nkurɔfo akuwakuw anim kɛkɛ kae sɛ ɔne Kristo no, ɛnna afei ɔyɛɛ anwonwade ahorow de dii n’asɛm no ho adanse? Dabi. Ɔkɔɔ hyiadan mu, baabi a Onyankopɔn nkurɔfo taa kenkan Kyerɛwnsɛm no. Ɛhɔ na ɔkenkan nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 61:1, 2 no den, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nkɔmhyɛ mu nokware ahorow yi fa ne ho. (Luka 4:16-22) N’anwonwade ahorow a ɔyɛe no boa dii adanse sɛ na Yehowa gyina n’akyi. Ne nyinaa akyi no, ɔde ne ho too Onyankopɔn Asɛm so bere nyinaa wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu.

9. Wɔ Yesu ne Farisifo no nsɛnnii mu no, ɔkwan bɛn so na ɔdaa no adi sɛ ɔwɔ Onyankopɔn Asɛm ho nokware dɔ?

9 Bere a nyamesom mu asɔretiafo ne Yesu dii asi no, wamfi ne nyansa mu ne wɔn anni anobaabae sɛnea ɛbɛyɛ a obedi wɔn so nkonim, ɛwom sɛ anka ɛrenyɛ den koraa sɛ obedi wɔn so nkonim wɔ biribi a ɛte saa mu de. Mmom no, ɔmaa Onyankopɔn Asɛm bɔɔ wɔn gui. Sɛ nhwɛso no, kae bere a Farisifo no bɔɔ Yesu sobo sɛ n’akyidifo abu Homedadi ho mmara so denam aburow mmɛtem kakraa bi a wɔpempan wee bere a na wɔretwam wɔ afuw bi mu no. Yesu buae sɛ: “Monkan nea Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no?” (Mateo 12:1-5) Nokwarem no, ebetumi aba sɛ na saa mmarima a wobu wɔn ho treneefo no akenkan kyerɛwtohɔ a efi honhom mu a ɛwɔ 1 Samuel 21:1-6 no. Sɛ saa a, ɛnde na wɔanhu asuade titiriw a ɛwom no. Nanso, na Yesu ayɛ ade akɔ akyiri sen kenkan a ɔkenkanee ara kwa. Ná wasusuw ho de emu nsɛm no asie. N’ani gyee nnyinasosɛm ahorow a Yehowa nam saa asɛm no so kyerɛkyerɛe no ho. Enti ɔde saa kyerɛwtohɔ no ne nea ɛwɔ Mose Mmara no mu nhwɛso bi dii dwuma kyerɛkyerɛɛ sɛnea na Mmara no kari pɛ no mu. Saa ara na nokware dɔ a na Yesu wɔ no kanyan no ma ogyinaa Onyankopɔn Asɛm akyi tiaa mmɔden a nyamesom akannifo no bɔe sɛ wobekyinkyim no de apɛ wɔn ankasa mfaso anaasɛ wɔbɛma nnipa atetesɛm akata so no.

10. Ɔkwan bɛn so na Yesu maa nkɔmhyɛ ahorow nyaa mmamu wɔ sɛnea na ne nkyerɛkyerɛ te no ho?

10 Na ɔdɔ a Yesu wɔ ma asɛm a ɔka no remma ne nkyerɛkyerɛ nyɛ ɔkasa kɛkɛ, wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma ne tie ayɛ anihaw anaa ɛbɛyɛ nea emfi koma mu. Na nkɔmhyɛ ahorow a efi honhom mu no akyerɛ sɛ Mesia no ‘ano bɛka ɔdom nsɛm,’ na waka “adɛdɛsɛm.” (Dwom 45:2; Genesis 49:21) Yesu maa saa nkɔmhyɛ ahorow no baa mu denam n’asɛm no a ɔma ɛyɛɛ anigye na emu daa hɔ, bere a ɔde “ɔdom nsɛm” kyerɛkyerɛɛ nokware ahorow a na n’ani gye ho kɛse no so. (Luka 4:22) Akyinnye biara nni ho sɛ anigye a na ɔwɔ no maa n’anim tewee, na anigye kɛse a na ɔwɔ wɔ asɛm a ɔka ho no maa n’anim hyerɛnee. Hwɛ sɛnea na ɛbɛyɛ anigye sɛ wubetie no, na hwɛ sɛnnahɔ pa ara a ɔyɛ maa yɛn a ɛsɛ sɛ yedi akyi bere a yɛka nea yɛasua ho asɛm kyerɛ afoforo no!

11. Dɛn nti na mmɔden a na Yesu bɔ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no amma wanyɛ ahantan?

11 So Onyankopɔn nokware ahorow ho nimdeɛ pii ne kasadɛ a na Yesu wɔ no ma ɔyɛɛ ahantan? Ɛtaa ba saa wɔ akyerɛkyerɛfo a wɔyɛ nnipa fam. Nanso, kae sɛ, na Yesu yɛ onyansafo wɔ Onyankopɔn suro mu. Nyansa a ɛte saa no amma wanyɛ ahantan, efisɛ “ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” (Mmebusɛm 11:2) Biribi foforo wɔ hɔ a amma Yesu anyɛ ahantan anaa ahomaso.

Yesu Dɔɔ Nnipa a Ɔkyerɛkyerɛɛ Wɔn No

12. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ na ɔmpɛ sɛ n’akyidifo no suro no?

12 Ɔdɔ kɛse a na Yesu wɔ ma nnipa no daa adi bere nyinaa wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. Esiane sɛ ɔnte sɛ nnipa a wɔyɛ ahantan nti, ne nkyerɛkyerɛ no anhunahuna nnipa da. (Ɔsɛnkafo 8:9) Bere a Petro huu Yesu anwonwade ahorow no mu biako no, ne ho dwiriw no kɛse, na ɔkotow Yesu. Nanso, na Yesu mpɛ sɛ n’akyidifo no nya ne ho suro bɔne biara. Ofii ayamye mu kae sɛ, “Nsuro!” na afei ɔkaa asuafoyɛ adwuma a ɛyɛ anigye a na Petro bɛyɛ bi no ho asɛm kyerɛɛ no. (Luka 5:8-10) Yesu hwehwɛe sɛ anigye a n’asuafo no wɔ wɔ Onyankopɔn nokware ahorow a ɛsom bo ho no bɛkanyan wɔn, na ɛnyɛ wɔn kyerɛkyerɛfo no ho suro.

13, 14. Akwan bɛn so na Yesu nyaa tema maa nkurɔfo?

13 Ɔdɔ a na Yesu wɔ ma nnipa a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no daa adi nso wɔ tema a onya maa wɔn no mu. “Ohuu nkurɔfo akuwakuw no, ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:36) Wɔn tebea a na ɛyɛ awerɛhow no maa ne yam hyehyee no, na ɛkanyan no ma ɔboaa wɔn.

14 Hyɛ tema a Yesu daa no adi bere foforo no nsow. Bere a ɔbea bi a mogya retu no baa ne nkyɛn wɔ nkurɔfokuw mu bɛkaa n’atade ano no, ɔbea no nyaa ayaresa anwonwakwan so. Yesu tee sɛ tumi bi afi ne mu, nanso wanhu onipa a na wanya ayaresa no. Ɔpɛe sɛ ohu ɔbea no. Dɛn ntia? Na ɛnyɛ sɛ ɔrebɛkasa atia no sɛ wabu Mmara no anaa kyerɛwfo ne Farisifo no akwankyerɛ so, sɛnea ɛbɛyɛ sɛ na ɔbea no suro no. Mmom no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi agye wo; kɔ asomdwoe mu, wo yare no nnyae, na wo ho nyɛ wo den!” (Marko 5:25-34) Hwɛ sɛnea saa nsɛm no da tema adi. Wanka kɛkɛ sɛ, “Wo ho ntɔ wo.” Mmom no ɔkae sɛ: “Wo yare no nnyae, na wo ho nyɛ wo den!” Ɛha no, Marko de asɛmfua a ebetumi akyerɛ ‘mpireka,’ ɔhwe ankasa a wɔtaa de yɛ nkurɔfo ayayade na edii dwuma. Enti, Yesu gye toom sɛ na ɔbea no yare no ama wahu amane, ebia na wahu amane kɛse wɔ nipaduam ne nkate fam. Onyaa tema maa no.

15, 16. Nsɛm bɛn na esisii wɔ Yesu som adwuma mu a ɛda adi sɛ na ɔhwehwɛ su pa a ɛwɔ nkurɔfo ho?

15 Yesu daa ɔdɔ adi nso maa nnipa denam nneɛma pa a ɛwɔ wɔn mu a ɔhwehwɛe so. Susuw nea esii bere a ohyiaa Natanael a akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔsomafo no ho hwɛ. “Yesu huu Natanael sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔkae wɔ ne ho sɛ: Hwɛ, nokware Israelni a nnaadaa nni ne mu ni!” Na Yesu nam anwonwakwan so ahwɛ Natanael komam nam so ahu ne ho nsɛm pii. Ɛwom, na Natanael mmɛn pɛyɛ ho koraa. Na ɔwɔ n’ankasa mfomso ahorow, sɛnea yɛn nyinaa nso wɔ bi no. Nokwarem no, bere a ɔtee Yesu ho asɛm no, ɔkaa asɛm bi a ɛte sɛ nea wansusuw ho koraa: “So biribi pa bi betumi afi Nasaret da?” (Yohane 1:45-51) Nanso, nsɛm a na Yesu betumi aka afa Natanael ho nyinaa mu no, ɔpaw biribi a na ɛhyɛ nkuran, ɔtwee adwene sii ɔbarima no nokwaredi so.

16 Saa ara na bere a ɔsraani panyin bi—ebetumi aba sɛ na ɔyɛ Amanaman muni, Romani—baa Yesu nkyɛn bɛsrɛɛ no sɛ ɔnsa n’akoa bi a ɔyare yare no, na Yesu nim sɛ mfomso wɔ ɔsraani no ho. Ɛda adi sɛ na obi a ɔyɛ ɔsraani panyin saa bere no ayɛ nkurɔfo basabasa, ahwie mogya agu, asom atoro som wɔ bere bi a atwam mu. Nanso, Yesu twee adwene sii biribi pa so—ɔbarima no gyidi a ɛda nsow no. (Mateo 8:5-13) Akyiri yi, bere a Yesu kasa kyerɛɛ ɔdebɔneyɛfo a na ɔsɛn dua so wɔ ne nkyɛn no, Yesu anka ɔbarima no anim wɔ ne nsɛmmɔne a na wadi wɔ bere a atwam no ho, na mmom ɔhyɛɛ no nkuran denam daakye ho anidaso a ɔma onyae so. (Luka 23:43) Na Yesu nim no yiye sɛ sɛ ɔka afoforo ho nsɛmmɔne kasa tia wɔn a, wɔn abam ara na obebu. Akyinnye biara nni ho sɛ mmɔden a ɔbɔe hwehwɛɛ su pa a ɛwɔ afoforo ho no hyɛɛ nkurɔfo nkuran ma wɔyɛɛ adepa.

Ɔpɛ a na Ɔwɔ sɛ Ɔbɛsom Nnipa

17, 18. Bere a Yesu gyee asɛyɛde toom baa asase so no, ɔkwan bɛn so na ɔdaa no adi sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛsom afoforo?

17 Ɔdɔ a na Yesu wɔ ma nnipa ho adanse foforo a emu yɛ den ne ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛsom wɔn no. Onyankopɔn Ba no akyerɛ adesamma ho anigye bere nyinaa, wɔ asetra a na ɔwom ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no mu mpo. (Mmebusɛm 8:30, 31) Sɛ́ Yehowa “Asɛm” anaa ɔkasamafo no, ebetumi aba sɛ na ɔne nnipa adi wɔ nsɛm pii mu. (Yohane 1:1) Nanso, nea ɛbɛyɛ na wakyerɛkyerɛ adesamma tẽẽ aka nnwuma foforo ho no, “oyii ne mu guu hɔ faa akoa tebea too ne ho so” gyaw ne gyinabea a ɛkorɔn wɔ soro no. (Filipifo 2:7; 2 Korintofo 8:9) Bere a na Yesu wɔ asase so no, wanhwehwɛ sɛ wɔnsom no. Mmom no, ɔkae sɛ: “Onipa ba no amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.” (Mateo 20:28) Yesu traa ase ma ɛne saa nsɛm no hyiae.

18 Yesu fi ahobrɛase mu dii nkurɔfo a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no ahiade ho dwuma maa wɔn, na wantwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛsom wɔn. Ɔnantew kyinkyin Bɔhyɛ Asase no so, twaa kilomita ɔhaha pii kaa asɛm no bɔɔ mmɔden sɛ obedu nnipa dodow biara a obetumi nkyɛn. Esiane sɛ na ɔnte sɛ Farisifo ne kyerɛwfo ahantanfo no nti, ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase, na na nkurɔfo tumi bɛn no. Nnipa ahorow nyinaa—nnipa atitiriw, asraafo, mmaranimfo, mmea, mmofra, ahiafo, ayarefo, nnipa a na ɔmanfo apa wɔn mpo—de anigye baa ne nkyɛn a na wonsuro. Ɛwom sɛ na Yesu yɛ pɛ de, nanso na ɔyɛ onipa, ɔbrɛe na ɔkɔm dee no. Nanso, bere a na wabrɛ, na ehia sɛ ogye n’ahome, anaasɛ onya baabi a ɛhɔ yɛ komm bɔ mpae mpo no, ɔde afoforo ahiade dii n’ankasa de anim.—Marko 1:35-39.

19. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ sɛnnahɔ wɔ sɛnea ɔne n’asuafo dii wɔ ahobrɛase, boasetɔ, ne ayamye mu no mu?

19 Na Yesu wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛsom n’ankasa asuafo nso. Ɔyɛɛ saa denam ayamye ne boasetɔ mu a ofi kyerɛkyerɛɛ wɔn no so. Bere a na wɔnte nneɛma bi ase ntɛm no, wampa abaw, ne bo amfuw wɔn, anaasɛ wankasa antia wɔn. Ɔkɔɔ so hwehwɛɛ akwan foforo a ɔbɛfa so ma wɔate n’asɛm no ase. Sɛ nhwɛso no, susuw mpɛn dodow a asuafo no kasakasae wɔ nea ɔyɛ wɔn mu kɛse no ho hwɛ. Ɛde kosi anadwo a wokum Yesu no, onyaa akwan foforo faa so kyerɛkyerɛɛ wɔn mpɛn pii wɔ sɛnea wɔne wɔn ho wɔn ho bedi wɔ ahobrɛase mu no ho. Wɔ ahobrɛase ho asɛm yi ne nneɛma foforo nyinaa mu no, Yesu tumi ka ma ɛfatae sɛ: “Mama mo sɛnnahɔ.”—Yohane 13:5-15; Mateo 20:25; Marko 9:34-37.

20. Ɔkwan bɛn na Yesu faa so kyerɛkyerɛe a ɛmaa nsonsonoe baa ɔne Farisifo no ntam, na dɛn nti na saa kwan no tu mpɔn?

20 Hyɛ no nsow sɛ Yesu anka sɛnnahɔ no ho asɛm ankyerɛ asuafo no kɛkɛ; ɔno na ‘ɔyɛɛ sɛnnahɔ’ no. Ɔde ne nhwɛso na ɛkyerɛkyerɛɛ wɔn. Wanyɛ ne ho ɔkɛseɛ ankasa ankyerɛ wɔn ammu wɔn animtiaa, te sɛ nea na obu ne ho sɛ ɔsen obi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ nneɛma a na ɔreka ho asɛm akyerɛ wɔn no. Saa na na Farisifo no te. Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Wɔka, nanso wɔnyɛ.” (Mateo 23:3) Yesu fi ahobrɛase mu kyerɛɛ nkurɔfo a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no nea na ne nkyerɛkyerɛ no kyerɛ pɔtee denam bɔ a ɔbɔɔ ne bra ma ɛne no hyiae no so. Enti bere a ɔhyɛɛ n’akyidifo no nkuran sɛ wɔnkwati akɛsesɛm wɔ wɔn asetra mu, na wonnni ade dodowpɛ akyi no, na enhia sɛ wodwennwen ansa na wɔahu nea na ɔrekyerɛ no. Wotumi huu nea na ne nsɛm yi kyerɛ no: “Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.” (Mateo 8:20) Yesu som n’asuafo no denam ahobrɛase mu a ofi yɛɛ sɛnnahɔ maa wɔn no so.

21. Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

21 Akyinnye biara nni ho sɛ, Yesu ne Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara a watra ase pɛn! Nnipa komapafo a wohuu no na wotiee no no nyinaa huu anigye a ɔwɔ wɔ ne nkyerɛkyerɛ ho ne ɔdɔ a na ɔwɔ ma nnipa a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no. Saa ara na yɛn a yesua sɛnnahɔ a ɔyɛe no ho ade nnɛ no nso hu. Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi adi Kristo nhwɛso a ɛyɛ pɛ no akyi? Asɛm a edi hɔ no besusuw saa asɛmmisa no ho.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn ne nkyerɛkyerɛ pa nnyinaso, sɛnea hena yɛɛ ho nhwɛso?

• Akwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ na n’ani gye nokware ahorow a ɔkyerɛkyerɛe no ho?

• Ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ na ɔdɔ nnipa a ɔkyerɛkyerɛ wɔn no?

• Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu wɔ ɔpɛ sɛ obefi ahobrɛase mu asom nkurɔfo a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ na n’ani gye Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm ho?